< Isaías 59 >

1 He aquí que no es acortada la mano del SEÑOR para salvar, ni es agravado su oído para oír;
Ampa ara Awurade nsa nyɛ tiaa sɛ ɛrennye nkwa, na nʼasom nyɛ den sɛ ɛrente asɛm.
2 pero vuestras iniquidades han hecho división entre vosotros y vuestro Dios, y vuestros pecados han hecho cubrir su rostro de vosotros, para no oiros.
Nanso, mo amumuyɛ na atete mo ne mo Onyankopɔn ntam; mo bɔne ama nʼanim ahinta mo, a enti ɔrente.
3 Porque vuestras manos están contaminadas de sangre, y vuestros dedos, de iniquidad; vuestros labios pronuncian mentira, y vuestra lengua habla maldad.
Na mogya akeka mo nsa ho, afɔdie afɔre mo nsateaa. Mo ano akeka atorɔsɛm, mo tɛkrɛma de amumuyɛsɛm di nsekuro.
4 No hay quien clame por la justicia, ni quien juzgue por la verdad; confían en vanidad, y hablan vanidades; conciben trabajo, y dan a luz iniquidad.
Obiara nhwehwɛ atɛntenee; obiara mfa nokorɛdie mmɔ ne nkuro. Wɔde wɔn ho to nsɛmhuhuo so na wɔtwa nkontonpo; wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.
5 Ponen huevos de áspides, y tejen telas de arañas; el que comiere de sus huevos, morirá; y si se lo apretaren, saldrá un basilisco.
Wɔhwane ananka nkosua na wɔnwono ananse ntontan. Deɛ ɔdi wɔn nkosua biara bɛwu, emu baako nso bɔ a, ɛpae ahuritia.
6 Sus telas no servirán para vestir, ni de sus obras serán cubiertos; sus obras son obras de iniquidad, y obra de iniquidad está en sus manos.
Wɔn ntontan nyɛ mma aduradeɛ; wɔrentumi mfa deɛ wɔyɛ nkata wɔn ho. Wɔn nneyɛɛ yɛ nneyɛɛ bɔne, na wɔdi akakabensɛm.
7 Sus pies corren al mal, y se apresuran para derramar sangre inocente; sus pensamientos, pensamientos de iniquidad; destrucción y quebrantamiento son sus caminos.
Wɔtu mmirika kɔyɛ bɔne; wɔnkyɛre opira ne awudie ho. Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa.
8 No conocieron camino de paz; ni hay derecho en sus caminos; sus veredas torcieron a sabiendas, cualquiera que por ellas fuere, no conocerá paz.
Asomdwoeɛ kwan no, wɔnnim; atɛntenenee nni wɔn akwan so. Wɔadane wɔn akwan nkontonkyi. Obiara a ɔnante soɔ no rennya asomdwoeɛ.
9 Por esto se alejó de nosotros el juicio, y justicia nunca nos alcanzó, esperamos luz, y he aquí tinieblas, resplandores y andamos en oscuridad.
Enti atɛntenenee ne yɛn ntam aware, na adetenenee mmɛn yɛn. Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ esum; deɛ ɛhyerɛn, nanso yɛnam esum kabii mu.
10 Tentamos como ciegos la pared, y como sin ojos andamos a tiento; tropezamos en el mediodía como de noche; en sepulcros como muertos.
Yɛayɛ te sɛ anifirafoɔ. Yɛkeka afasuo ho hwehwɛ kwan te sɛ nnipa a wɔnni ani. Owigyinaeɛ no, yɛsuntisunti sɛdeɛ onwunu adwoɔ; yɛduru ahoɔdenfoɔ mu a, yɛte sɛ awufoɔ.
11 Aullamos, como osos todos nosotros, y gemimos lastimeramente como palomas; esperamos juicio, y no lo hay; salud, y se alejó de nosotros.
Yɛn nyinaa pɔ so te sɛ sisire; yɛde awerɛhoɔ kurum sɛ mmorɔnoma. Yɛhwehwɛ atɛntenenee nso yɛnhunu bi; ɔgyeɛ nanso ɛwɔ akyirikyiri.
12 Porque nuestras rebeliones se han multiplicado delante de ti, y nuestros pecados han atestiguado contra nosotros; porque nuestras iniquidades están con nosotros, y conocemos nuestros pecados:
Ɛfiri sɛ, yɛn mfomsoɔ adɔɔso wɔ wʼani so, na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn. Yɛn mfomsoɔ da yɛn anim daa, na yɛgye yɛn amumuyɛ to mu:
13 Rebelar, y mentir contra el SEÑOR, y tornar de en pos de nuestro Dios; el hablar calumnia, y rebelión, concebir, y hablar de corazón palabras de mentira.
atuateɛ ne afatwa a ɛtia Awurade, yɛn akyi a yɛdane kyerɛ yɛn Onyankopɔn, nhyɛsoɔ ne atuateɛ a yɛfoa soɔ, atorɔsɛm a ɛfiri akoma mu a yɛka.
14 Y el derecho se retiró, y la justicia se puso lejos; porque la verdad tropezó en la plaza, y la equidad no pudo venir.
Enti wɔapam atɛntenenee kɔ nʼakyi, na adetenenee akɔgyina baabi; nokorɛ ahwe ase wɔ mmɔntene so. Nokorɛdie ntumi mma mu.
15 Y la verdad fue detenida; y el que se apartó del mal, fue puesto en presa. Y lo vio el SEÑOR, y desagradó en sus ojos, porque pereció el derecho.
Nokorɛ nni baabiara, obiara a ɔtwe ne ho firi bɔne ho no ayɛ ɔtamfoɔ. Awurade hwɛeɛ na ansɔ nʼani sɛ atɛntenenee nni hɔ.
16 Y vio que no había hombre, y abominó que no hubiera quien se interpusiese; y lo salvó su brazo, y le afirmó su misma justicia.
Ohunuu sɛ obiara nni hɔ. Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata; enti ɔno ankasa basa dii nkwagyeɛ ho dwuma maa no, na ne tenenee wowaa no.
17 Y se vistió de justicia, como de loriga, con capacete de salud en su cabeza; y se vistió de vestido de venganza por vestidura, y se cubrió de celo como de manto,
Ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ, ne nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ wɔ ne tiri so. Ɔhyɛɛ aweretɔ ntadeɛ na ɔde mmɔdemmɔ firaa sɛ ntoma.
18 como para dar pagos, como para tornar venganza de sus enemigos, y dar el pago a sus adversarios; a las islas dará el pago.
Ɔbɛgyina deɛ wɔayɛ so atua so ka. Nʼatamfoɔ bɛnya nʼabufuhyeɛ. Wɔn a wɔne no ayɛ dɔm bɛnya so akatua; nsupɔ no nso, ɔbɛtua wɔn ka sɛdeɛ ɛsɛ wɔn.
19 Y temerán desde el occidente el nombre del SEÑOR; y desde el nacimiento del sol, su gloria; porque vendrá como río violento impelido por el aliento del SEÑOR.
Ɛfiri atɔeɛ fam, nnipa bɛsuro Awurade din na ɛfiri apueeɛ wɔde anidie bɛma nʼanimuonyam. Na ɔbɛba sɛ nsuo a ayiri tɛnn, Awurade ahomeguo de no bɛba.
20 Y vendrá el Redentor a Sion, y a los que se volvieren de la iniquidad en Jacob, dijo el SEÑOR.
“Ɔgyefoɔ no bɛba Sion, na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu,” sei na Awurade seɛ.
21 Y éste será mi Pacto con ellos, dijo el SEÑOR: el Espíritu mío que está sobre ti; y mis palabras, que puse en tu boca, no faltarán de tu boca, y de la boca de tu simiente, y de la boca de la simiente de tu simiente, dijo el SEÑOR, desde ahora y para siempre.
“Medeɛ yei yɛ me ne wɔn apam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom remfiri mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefoɔ anom, ɛfiri saa ɛberɛ yi kɔsi daa apem,” sei na Awurade seɛ.

< Isaías 59 >