< Deuteronomio 13 >

1 Cuando se levantare en medio de ti profeta, o soñador de sueños, y te diere señal o milagro,
Sɛ odiyifoɔ anaa obi a ɔnam daeɛso so ka ahintasɛm sɔre wɔ mo mu na ɔka nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwasɛm kyerɛ mo,
2 y acaeciere la señal o milagro que él te dijo, diciendo: Vamos en pos de dioses ajenos, que no conociste, y sirvámosles;
na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwasɛm no ba mu na ɔka sɛ, “Momma yɛnni anyame foforɔ akyi (anyame a monnim wɔn) na yɛnsom wɔn” a,
3 no darás oído a las palabras de tal profeta, ni al tal soñador de sueños; porque el SEÑOR vuestro Dios os prueba, para saber si amáis al SEÑOR vuestro Dios con todo vuestro corazón, y con toda vuestra alma.
monntie saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no nsɛm. Awurade, mo Onyankopɔn, resɔ mo ahwɛ sɛ modɔ no firi mo akoma ne mo kra mu nyinaa anaa.
4 En pos del SEÑOR vuestro Dios andaréis, y a él temeréis, y guardaréis sus mandamientos, y escucharéis su voz, y a él serviréis, y a él os allegaréis.
Awurade, mo Onyankopɔn, na ɛsɛ sɛ modi nʼakyi na ɔno na ɛsɛ sɛ mode obuo ne anidie ma no. Monni ne mmara so na monyɛ ɔsetie mma no; monsom no na momfam ne ho den.
5 Y el tal profeta o soñador de sueños, morirá; por cuanto habló rebelión contra el SEÑOR vuestro Dios, que te sacó de tierra de Egipto, y te rescató de casa de servidumbre, para echarte del camino por el que el SEÑOR tu Dios te mandó que anduvieses; y quitarás el mal de en medio de ti.
Ɛsɛ sɛ wɔkum saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no, ɛfiri sɛ, ɔkasa tia Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase no so no; wayere ne ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe mo firi ɛkwan a Awurade, mo Onyankopɔn, ahyɛ sɛ momfa so no so. Ɛsɛ sɛ motutu abɔnefoɔ nyinaa firi mo mu.
6 Cuando te incitare tu hermano, hijo de tu madre, o tu hijo, o tu hija, o la mujer de tu seno, o tu amigo que sea como tu alma, diciendo en secreto: Vamos y sirvamos a dioses ajenos, que ni tú ni tus padres conocisteis,
Sɛ wo nuabarima, wo babarima, wo babaa, wo yere a wodɔ no anaa wʼadamfo pa bi fa sum ase ba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ, “Momma yɛnkɔsom anyame foforɔ, anyame a wo anaa wʼagyanom nhunuu bi da,”
7 de los dioses de los pueblos que están en vuestros alrededores cercanos a ti, o lejos de ti, desde un extremo de la tierra hasta el otro extremo de ella;
anyame a ɛyɛ nnipa a atwa wo ho ahyia dea, sɛ wɔbɛn anaa wɔwɔ akyiri firi asase ano kɔsi ano no a,
8 no consentirás con él, ni le darás oído; ni tu ojo le perdonará, ni tendrás compasión, ni lo encubrirás;
mfa wo ho mma no, anaasɛ ntie no. Nhunu no mmɔbɔ. Mfa ne ho nkyɛ no na mmɔ ne ho ban nso.
9 antes tienes que matarlo; tu mano será primero sobre él para matarle, y después la mano de todo el pueblo.
Kum na ɛsɛ sɛ wokum no. Fa wo nsa di ɛkan kum no ansa na nnipa nyinaa de wɔn nsa abɛka ho.
10 Y has de apedrearlo con piedras, y morirá; por cuanto procuró echarte del SEÑOR tu Dios, que te sacó de tierra de Egipto, de casa de servidumbre;
Monsi no aboɔ nku no, ɛfiri sɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔtwe wo firi Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase so no ho.
11 para que todo Israel oiga, y tema, y no vuelva a hacer semejante maldad en medio de ti.
Afei, Israel nyinaa bɛte na wɔasuro na obiara nni hɔ a ɔbɛfiri mo mu a, ɔbɛyɛ saa adeɛ no bio.
12 Cuando oyeres de alguna de tus ciudades que el SEÑOR tu Dios te da para que mores en ellas, que se dice:
Sɛ ɛba sɛ mote wɔ nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no baako so sɛ
13 Hombres, hijos de impiedad, han salido de en medio de ti, que han instigado a los moradores de su ciudad, diciendo: Vamos y sirvamos a dioses ajenos, que vosotros no conocisteis;
nnipa bɔnefoɔ bi asɔre wɔ wɔn mu adi nnipa a wɔwɔ kuro no mu anim de wɔn akɔsi bɔne mu aka sɛ, “Momma yɛnkɔsom anyame foforɔ,” anyame a monhunuu bi da a,
14 tú inquirirás, y buscarás, y preguntarás con diligencia; y si pareciere verdad, cosa cierta, que tal abominación se hizo en medio de ti,
ɛsɛ sɛ mobisa mu, hwehwɛ mu yie. Na sɛ ɛyɛ nokorɛ na sɛ nhwehwɛmu ada no adi sɛ nnebɔneyɛ bi akɔ so wɔ mo mu a,
15 irremisiblemente herirás a filo de espada a los moradores de aquella ciudad, destruyéndola con todo lo que en ella hubiere, y también sus bestias a filo de espada.
ɛsɛ sɛ wɔde akofena kunkum wɔn a wɔwɔ kuro no mu nyinaa. Monsɛe kuro no pasapasa, emu nnipa ne afieboa.
16 Y juntarás todo el despojo de ella en medio de su plaza, y consumirás con fuego la ciudad y todo su despojo, todo ello, al SEÑOR tu Dios: y será un montón para siempre; nunca más se edificará.
Afei, mommoaboa asadeɛ no nyinaa ano wɔ kuro no adwabɔeɛ na monhye no. Monhye kuro mu no ne emu nneɛma nyinaa mma ɛnyɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Saa kuro no nyɛ amamfo daa; ɛnsɛ sɛ wɔsane kyekyere bio.
17 Y no se pegará algo a tu mano del anatema; para que el SEÑOR se aparte del furor de su ira, y te dé mercedes, y tenga misericordia de ti, y te multiplique, como lo juró a tus padres,
Asadeɛ a wɔde agu nkyɛn sɛ wɔbɛsɛe no no, mommfa bi. Sɛ moyɛ saa a, Awurade bɛdane afiri nʼabufuhyeɛ no ho na wahunu mo mmɔbɔ. Ne yam bɛhyehye no ama mo na wama mo adɔre sɛdeɛ ɔkaa ntam hyɛɛ mo agyanom bɔ no,
18 Cuando escuchares a la voz del SEÑOR tu Dios, guardando todos sus mandamientos que yo te mando hoy, para hacer lo que es recto en ojos del SEÑOR tu Dios.
ɛfiri sɛ, moyɛ ɔsetie ma Awurade mo Onyankopɔn, na modi ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so, na moyɛ deɛ ɛsɔ nʼani.

< Deuteronomio 13 >