< 1 Crónicas 11 >

1 Entonces todo Israel se juntó a David en Hebrón, diciendo: He aquí nosotros somos tu hueso y tu carne.
Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafoɔ.
2 Y además de esto ayer y anteayer, aun mientras Saúl reinaba, tú sacabas y metías a Israel. También el SEÑOR tu Dios te ha dicho: Tú apacentarás mi pueblo Israel, y tú serás príncipe sobre Israel mi pueblo.
Mmerɛ tenten bi a atwam, mpo ɛberɛ a Saulo di yɛn so ɔhene no, na wone obi a nokorɛm na wodi Israel anim. Na Awurade, wo Onyankopɔn, aka kyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ odwanhwɛfoɔ ama me nkurɔfoɔ Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifoɔ.’”
3 Y vinieron todos los ancianos de Israel al rey en Hebrón, y David hizo con ellos alianza delante del SEÑOR; y ungieron a David por rey sobre Israel, conforme a la palabra del SEÑOR por mano de Samuel.
Enti, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim wɔ Hebron. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛdeɛ Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no.
4 Entonces se fue David con todo Israel a Jerusalén, la cual es Jebus; porque allí el jebuseo era habitador de aquella tierra.
Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛdeɛ na wɔfrɛ hɔ kane no, ɛfiri sɛ, Yebusifoɔ na wɔkɔtenaa asase no so kane kyekyereeɛ.
5 Y los moradores de Jebus dijeron a David: No entrarás acá. Mas David tomó la fortaleza de Sion, que es la ciudad de David.
Nnipa a wɔfiri Yebus no ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso, Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kuro no.
6 Y David dijo: El que primero hiriere al jebuseo, será cabeza y príncipe. Entonces Joab hijo de Sarvia subió el primero, y fue hecho príncipe.
Dawid ka kyerɛɛ nʼakodɔm no sɛ, “Mo mu biara a ɔbɛdi anim na yɛakɔto ahyɛ Yebusifoɔ no so no, ɔno na ɔbɛyɛ mʼakodɔm so sahene.” Na Dawid nuabaa Seruia babarima Yoab dii ntohyɛsoɔ no anim, enti ɔbɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene.
7 Y David habitó en la fortaleza, y por esto la llamaron la ciudad de David.
Dawid tenaa aban no mu, na ɛno enti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid kuro no.
8 Y edificó la ciudad alrededor, desde Millo hasta la cerca; y Joab edificó el resto de la ciudad.
Dawid kyekyeree kuro no, trɛɛ mu firi Milo de twaa ho hyiaeɛ, ɛberɛ a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkaeɛ no.
9 Y David iba adelantando y creciendo, y el SEÑOR de los ejércitos era con él.
Na Dawid tumi yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, na Asafo Awurade ka ne ho.
10 Estos son los capitanes de los valientes que David tuvo, y los que le ayudaron en su reino, con todo Israel, para hacerle rey sobre Israel, conforme a la palabra del SEÑOR.
Yeinom ne Dawid nnɔmmarima ntuanofoɔ. Wɔne Israel nyinaa boom, sii gyinaeɛ sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so ɔhene sɛdeɛ Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no.
11 Y este es el número de los valientes que David tuvo: Jasobeam hijo de Hacmoni, príncipe de los treinta, el cual blandió su lanza una vez contra trescientos, a los cuales mató.
Dawid nnɔmmarima no ho nsɛm nie: Deɛ ɔdi ɛkan no ne Yasobeam, a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ nnɔmmarima akatakyie a na wɔwɔ Dawid asraafoɔ mu. Ɛberɛ bi, ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ ahasa wɔ akodie baako mu.
12 Tras de éste fue Eleazar hijo de Dodo, ahohíta, el cual era de los tres valientes.
Deɛ ɔtɔ so mmienu wɔ Baasa no mu no yɛ Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahoa aseni.
13 Este estuvo con David en Pasdamim, estando allí juntos en batalla los filisteos; y había allí una heredad de tierra llena de cebada, y huyendo el pueblo delante de los filisteos,
Ɛberɛ a Dawid sɔre tiaa Filistifoɔ wɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho. Ɔko no sii wɔ baabi a na ɛyɛ atokofuo nko, na Israel asraafoɔ no dwaneeɛ.
14 se pusieron ellos en medio del cultivo, y la defendieron, y vencieron a los filisteos; y los salvó el SEÑOR de gran salud.
Nanso, Eleasa ne Dawid gyinaa wɔn nan so wɔ afuo no mfimfini, bɔɔ Filistifoɔ guiɛ. Na Awurade maa wɔdii nkonim de gyee wɔn.
15 Y tres de los treinta principales descendieron a la peña a David, a la cueva de Adulam, estando el campamento de los filisteos en el valle de Rafaim.
Ɛda bi a Dawid wɔ ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifoɔ asraadɔm akyere sraban wɔ Refaim bɔnhwa mu. Baasa no a na wɔka Aduasa no a wɔagye edin wɔ Dawid akodɔm mu no siane kɔhyiaa no wɔ hɔ.
16 Y David estaba entonces en la fortaleza, y la guarnición de filisteos estaba en Belén.
Saa ɛberɛ no, na Dawid te abanbɔeɛ mu hɔ a na Filistifoɔ akodɔm kuo bi akɔtena Betlehem.
17 David deseó entonces, y dijo: ¡Quién me diera a beber de las aguas del pozo de Belén, que está a la puerta!
Dawid firi akɔnnɔ mu kaeɛ sɛ, “Ao me kɔn dɔ nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; deɛ ɛbɛn ɛpono ano no bi.”
18 Y aquellos tres rompieron por el campamento de los filisteos, y sacaron agua del pozo de Belén, que está a la puerta, y tomaron y la trajeron a David; mas él no la quiso beber, sino que la derramó al SEÑOR, y dijo:
Enti, Baasa no bɔ wuraa Filistifoɔ no mu, kɔsaa abura no mu nsuo no bi de brɛɛ Dawid. Nanso, Dawid annom. Mmom, ɔhwie guu Awurade anim
19 Guárdeme mi Dios de hacer esto. ¿Había yo de beber la sangre de estos varones con sus vidas, que con peligro de sus vidas la han traído? Y no la quiso beber. Esto hicieron aquellos tres valientes.
teaam sɛ, “Ɛmpare me sɛ mɛnom saa nsuo yi. Ɛsom bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔdeɛ kɔsa brɛɛ me no mogya.” Enti, Dawid annom. Yei yɛ Baasa no mmaninsɛm no bi nhwɛsoɔ.
20 Y Abisai, hermano de Joab, era cabeza de los tres, el cual blandió su lanza sobre trescientos, a los cuales hirió; y fue entre los tres nombrado.
Yoab nuabarima Abisai na na ɔtua Aduasa no ano. Ɔno na ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ no mu ahasa. Saa mmaninsɛm yi enti na ɔgyee edin te sɛ Baasa no.
21 Y fue el más ilustre de los tres en el segundo ternario, y fue príncipe de ellos; mas no llegó a los tres primeros.
Abisai na na ne din ahyeta yie wɔ Aduasa no mu sɛ wɔn sahene, nanso na ɔnka Baasa no ho.
22 Benaía hijo de Joiada, hijo de varón de esfuerzo, de grandes hechos, de Cabseel; él venció los dos leones de Moab; también descendió, e hirió un león en mitad de un foso en tiempo de nieve.
Na Yehoiada babarima Benaia a ɔfiri Kabseel no nso wɔ hɔ. Na ɔno nso di mmaninsɛm. Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne sɛ ɔkunkumm Moab akofoɔ akɛseɛ baanu bi. Ɛberɛ foforɔ bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amena mu. Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro, nanso, ɔkyeree gyata no kumm no.
23 El mismo venció a un egipcio, hombre de cinco codos de estatura; y el egipcio traía una lanza como un rodillo de un telar; mas él descendió a él con un bastón, y arrebató al egipcio la lanza de la mano, y lo mató con su misma lanza.
Ɛda bi a na ɔkura aporibaa nko ara no, ɔkumm Misraimni ɔkofoɔ bi a na ne tenten yɛ anammɔn nson ne fa. Na ne pea no mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, de kumm no.
24 Esto hizo Benaía hijo de Joiada, y fue nombrado entre los tres valientes.
Yeinom ne mmaninsɛm a ɛmaa Yehoiada babarima Benaia gyee edin te sɛ Baasa no.
25 Y fue el más honrado de los treinta, mas no llegó a los tres primeros. A éste puso David en su consejo.
Wɔhyɛɛ no animuonyam sene nkaeɛ a wɔka Aduasa no ho no, nanso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfoɔ no so sahene.
26 Y los valientes de los ejércitos: Asael hermano de Joab, y Elhanan hijo de Dodo de Belén;
Nnipa a na wɔka Dawid nnɔmmarima no ho nie: Yoab nuabarima Asahel; Dodo babarima Elhanan a ɔfiri Betlehem;
27 Samot de Arori, Heles pelonita;
Samot a ɔfiri Harori; Heles a ɔfiri Pelon;
28 Ira hijo de Iques tecoíta, Abiezer anatotita;
Ikes babarima Ira a ɔfiri Tekoa; Abieser a ɔfiri Anatot;
29 Sibecai husatita, Ilai ahohíta;
Sibekai a ɔfiri Husa; Salmon a ɔfiri Ahoa;
30 Maharai netofatita, Heled hijo de Baana netofatita;
Maharai a ɔfiri Netofa; Baana a ɔfiri Netofa babarima Heled;
31 Itai hijo de Ribai de Gabaa de los hijos de Benjamín, Benaía piratonita;
Ribai a ɔfiri Gibea babarima Itai (wɔfiri Benyamin abusuakuo mu); Benaia a ɔfiri Piraton;
32 Hurai del río Gaas, Abiel arbatita;
Hurai a ɔfiri baabi a ɛbɛn Nahale-Gaas; Abiel a ɔfiri Araba.
33 Azmavet barhumita, Eliaba saalbonita;
Asmawet a ɔfiri Baharum; Eliahba a ɔfiri Saalbon.
34 los hijos de Hasem gizonita, Jonatán hijo de Sage ararita;
Hasem mmammarima a wɔfiri Gison; Sage babarima Yonatan a ɔfiri Harar.
35 Ahíam hijo de Sacar ararita, Elifal hijo de Ur;
Sakar babarima Ahiam a ɔfiri Harar; Ur babarima Elifar.
36 Hefer mequeratita, Ahías pelonita;
Hefer a ɔfiri Mekera; Ahiya a ɔfiri Pelon.
37 Hezro carmelita, Naarai hijo de Ezbai;
Hesro a ɔfiri Karmel; Esbai babarima Naarai.
38 Joel hermano de Natán, Mibhar hijo de Hagrai;
Natan nuabarima Yoɛl; Hagri babarima Mibhar.
39 Selec amonita, Naharai beerotita, escudero de Joab hijo de Sarvia;
Selek a ɔfiri Amon; Naharai a ɔfiri Beerot (a na ɔyɛ Yoab akodeɛkurafoɔ);
40 Ira itrita, Gareb itrita;
Ira a ɔfiri Yitri; Gareb a ɔfiri Yitri;
41 Urías heteo, Zabad hijo de Ahlai;
Hetini Uria; Ahlai babarima Sabad;
42 Adina hijo de Siza rubenita, príncipe de los rubenitas, y con él treinta;
Sisa babarima Adina a na ɔda Rubenfoɔ ano, a na mmarima aduasa ka ne ho;
43 Hanán hijo de Maaca, y Josafat mitnita;
Maaka babarima Hanan; Yosafat a ɔfiri Mitna;
44 Uzías astarotita, Sama y Jehiel hijos de Hotam aroerita;
Usia a ɔfiri Astera; Hotam a ɔfiri Aroer mmammarima Sama ne Yeiel;
45 Jediael hijo de Simri, y Joha su hermano, tizita;
Simri babarima Yediael; Yoha ne nuabarima a ɔfiri Tis;
46 Eliel de Mahavi, Jerebai y Josavía hijos de Elnaam, e Itma moabita;
Eliel a ɔfiri Mahawi; Elnaam mmammarima Yeribai ne Yosawia; Yitma a ɔfiri Moab;
47 Eliel, y Obed, y Jaasiel de Mesobia.
Eliel ne Obed; Yaasiel a ɔfiri Soba.

< 1 Crónicas 11 >