< Jueces 15 >

1 Y aconteció después de algunos días, que en el tiempo de la segada del trigo Samsón visitó a su mujer con un cabrito de las cabras, diciendo: Entraré a mi mujer a la cámara. Mas el padre de ella no le dejó entrar.
Akyire yi, ayuotwaberɛ mu no, Samson faa abirekyie ba sɛ ɔde rekɔkyɛ ne yere. Ɔpɛɛ sɛ anka ɔkɔda ne nkyɛn nanso, ɔbaa no agya amma no mu ɛkwan.
2 Y dijo el padre de ella: Yo he dicho que tú la aborrecías; y díla a tu compañero. Mas su hermana menor ¿no es más hermosa que ella? Tómala pues en su lugar.
Ɔbaa no agya no kaa sɛ, “Medwenee sɛ na wotan no, ɛno enti, mede no ama ɔbarima a na ɔdi wʼanan ase wɔ mo ayeforɔhyia mu no. Nanso, hwɛ ne nuabaa ho yɛ fɛ sen no. Ware no si anan.”
3 Y Samsón les respondió: yo seré sin culpa de esta vez para con los Filisteos, si mal les hiciere.
Samson kaa sɛ, “Saa ɛberɛ yi, obiara rentumi mmɔ me soboɔ wɔ biribiara a merebɛyɛ mo Filistifoɔ ho.”
4 Y fue Samsón, y tomó trescientas zorras, y tomando tizones y juntándolas por las colas, puso entre cada dos colas un tizón.
Afei ɔfiri hɔ kɔeɛ, kɔkyeree asakraman ahasa. Ɔkyekyeree sakraman mmienu mmienu dua bɔɔ ho. Mmienu biara nso, ɔkyekyeree ogyatɛn fam ho.
5 Y encendiendo los tizones echólas en los panes de los Filisteos, y quemó montones y mieses, y viñas y olivares.
Ɔsɔɔ ogyatɛn no na ɔmaa asakraman no tuu mmirika faa Filistifoɔ mfuo mu. Ɔhyee wɔn ayuo nyinaa pasaa; deɛ wɔahyehyɛ no apa so ne deɛ wɔnntwaeɛ nyinaa. Ɔsɛee wɔn bobefuo ne ngo nnua nyinaa.
6 Y dijeron los Filisteos: ¿Quién hizo esto? Y fuéles dicho: Samsón el yerno del Tamnateo, porque le quitó su mujer, y la dio a su compañero. Y vinieron los Filisteos, y quemaron a fuego a ella y a su padre.
Filistifoɔ no bisaa sɛ, “Na hwan na ɔyɛɛ saa amumuyɛ yi?” Wɔn ara buaa sɛ, “Ɛyɛ Samson ɛfiri sɛ, nʼase barima a ɔfiri Timna de Samson yere ama ɔbarima a na ɔdi ne nan ase wɔ wɔn ayeforɔhyia mu no awadeɛ.” Enti, Filistifoɔ kɔkyeree ɔbaa no ne nʼagya hyee wɔn ma wɔwuiɛ.
7 Entonces Samsón les dijo: ¿Así lo habíais de hacer? mas yo me vengaré de vosotros, y después cesaré.
Samson suaee sɛ, “Esiane deɛ moayɛ yi enti, mɛtua mo so ka na merennyae ara da kɔsi sɛ me bo bɛtɔ me yam!”
8 E hiriólos de gran mortandad pierna y muslo: y descendió, y asentó en la cueva de la peña de Etam.
Enti, ɔde abufuo kɔto hyɛɛ Filistifoɔ no so kunkumm wɔn mu bebree. Afei, ɔkɔtenaa ɔbodan bi a ɛwɔ ɔbotan bi mu wɔ Etam.
9 Y los Filisteos subieron y pusieron campo en Judá, y tendiéronse por Lequi.
Filistifoɔ no nso kyeree sraban wɔ Yuda sɛee Lehi kuro no de tuaa ne so ka.
10 Y los varones de Judá les dijeron: ¿Por qué habéis subido contra nosotros? Y ellos respondieron: Para prender a Samsón hemos subido: para hacerle como él nos ha hecho.
Yuda mmarima bisaa Filistifoɔ no sɛ, “Adɛn enti na moto hyɛ yɛn so saa?” Filistifoɔ no buaa sɛ, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyere Samson. Deɛ ɔyɛɛ yɛn no, yɛrebɛtua no so ka.”
11 Y vinieron tres mil hombres de Judá a la cueva de la peña de Etam, y dijeron a Samsón: ¿No sabes tú que los Filisteos dominan sobre nosotros? ¿Por qué nos has hecho esto? Y él les respondió: Yo les he hecho como ellos me hicieron.
Enti, Yudafoɔ mpensa kɔɔ ɔbodan a ɛwɔ ɔbotan mu wɔ Etam no sɛ wɔrekɔkyere Samson. Wɔka kyerɛɛ Samson sɛ, “Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn so? Ɛdeɛn na woreyɛ yɛn yi?” Nanso, Samson buaa wɔn sɛ, “Deɛ wɔyɛɛ me no na metuaa wɔn so ka.”
12 Ellos entonces le dijeron: Nosotros hemos venido para prenderte, y entregarte de mano de los Filisteos. Y Samsón les respondió: Jurádme que vosotros no me mataréis.
Nanso, Yuda mmarima ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyekyere wo na yɛde wo akɔma Filistifoɔ.” Samson kaa sɛ, “Ɛyɛ, nanso, monhyɛ me bɔ sɛ mo ankasa deɛ, morenkum me.”
13 Y ellos le respondieron, diciendo: No: solamente te prenderemos, y te entregaremos en sus manos: mas no te mataremos. Entonces atáronle con dos cuerdas nuevas, e hiciéronle venir de la peña.
Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛkyekyere wo de wo akɔma Filistifoɔ. Yɛrenkum wo.” Enti, wɔde ahoma foforɔ mmienu guu ne so kyekyeree no pampee, twee no firii ɔbotan no mu.
14 Y como vino hasta Lequi, los Filisteos le salieron a recibir con alarido: y el Espíritu de Jehová cayó sobre él, y las cuerdas que estaban en sus brazos se tornaron como lino quemado con fuego, y las ataduras se cayeron de sus manos.
Samson duruu Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ose. Na Awurade Honhom tumi mu ahoɔden baa Samson so. Ɔtetee nhoma a ɛgu ne nsa so no mu te sɛ nhoma nketewa bi a ogya aka, maa ne nyinaa tete firii nʼabakɔn guu fam.
15 Y hallando a mano una quijada de asno aun fresca, extendió la mano y tomóla, e hirió con ella mil hombres.
Afei, ɔmaa afunumu apantan bi a na ɛda fam so de kunkumm Filistifoɔ apem.
16 Entonces Samsón dijo: Con una quijada de asno, un montón, dos montones. Con una quijada de asno herí mil varones.
Na Samson kaa sɛ, “Mede afunumu apantan, Ahɔre wɔn sɛ esie! Mede afunumu apantan, akunkum mmarima apem!”
17 Y acabando de hablar, echó de su mano la quijada, y llamó a aquel lugar Ramat-lequi.
Na ɔwiee kasa no, ɔtoo apantan no tweneeɛ. Na wɔtoo beaeɛ hɔ edin Ramat-Lehi a aseɛ ne Apantan bepɔ.
18 Y teniendo gran sed, clamó a Jehová, y dijo: Tú has dado esta gran salud por la mano de tu siervo: y ahora yo moriré de sed, y caeré en la mano de los incircuncisos.
Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yie enti ɔsu frɛɛ Awurade sɛ, “Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛseɛ yi. Na enti osukɔm nku me, na mentɔ wɔ saa abosonsomfoɔ yi nsam?”
19 Entonces Dios quebró una muela que estaba en la quijada, y salieron de allí aguas, y bebió, y volvió en su espíritu, y vivió. Por tanto llamó su nombre de aquel lugar, En-haccore, el cual es en Lequi hasta hoy.
Enti, Awurade maa nsuo pue firii tokuro bi mu wɔ Lehi asase so baabi. Na Samson nom bi no, ne ho sanee no. Na ɔtoo hɔ din sɛ En-Hakore, na ɛda so wɔ Lehi de bɛsi ɛnnɛ.
20 Y juzgó a Israel en los días de los Filisteos veinte años.
Samson yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu ɛberɛ a na Filistifoɔ di Israel asase so no.

< Jueces 15 >