< Éxodo 22 >

1 Cuando alguno hurtare buey, u oveja, y lo degollare, o vendiere, por aquel buey pagará cinco bueyes, y por aquella oveja cuatro ovejas.
“Sɛ obi kɔwia nantwie anaa odwan na ɔkum no anaa ɔtɔn no a, ɔde anantwie enum bɛsi nantwie baako ananmu. Na ɔde nnwan ɛnan asi odwan baako biara ananmu.
2 Si el ladrón fuere hallado en la mina, y fuere herido, y muriere, el que le hirió no será culpado de su muerte.
“Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ sɛ ɔrebu efie bi awura mu na wɔkum no a, deɛ ɔkumm no no nni fɔ.
3 Si el sol hubiere salido sobre él, él será reo de muerte, pagando pagará: si no tuviere, será vendido por su hurto.
Na sɛ asɛm no si awia deɛ a, wɔmfa no sɛ ɛyɛ awudie enti onipa a ɔkumm ɔkorɔmfoɔ no di fɔ. “Sɛ mokyere ɔkorɔmfoɔ bi a, momma ɔntua nneɛma a wawia no nyinaa ho ka na sɛ wantumi antua a, montɔn no sɛ akoa mfa no ntua ɛka no.
4 Si fuere hallado con el hurto en la mano, buey, o asno, u oveja, vivos, pagará dos.
Sɛ mokyere no sɛ ɔrewia nantwie anaa afunumu anaa odwan a ɔnwuiɛ anaa biribi foforɔ bi a, mommɔ no dekodeɛ a ɔwiaeɛ no ho ka mpemanim.
5 Si alguno paciere tierra o viña, y metiere su bestia, y comiere la tierra de otro, lo mejor de su tierra y lo mejor de su viña pagará.
“Sɛ obi boapa gyaa nʼaboa ma ɔkɔ obi afuom kɔdidi hɔ, sɛe afudeɛ a, ɔmfa ɔno ara nʼafudeɛ mu deɛ ɛsɔ ani pa ara no mmɛtua ka.
6 Cuando saliere el fuego, y hallare espinas, y fuere quemado montón, o haza, o tierra, el que encendió el fuego pagará lo quemado.
“Sɛ obi rehye nʼafuo, na ogya no tra kɔtɔ ɔfoforɔ afuo mu, hye, sɛe nʼafudeɛ a, deɛ ɔsɔɔ ogya no bɛtua afudeɛ a asɛe no nyinaa ho ka.
7 Cuando alguno diere a su prójimo plata, o vasos a guardar, y fuere hurtado de la casa de aquel hombre, si el ladrón se hallare, pagará el doble:
“Sɛ obi ma ɔfoforɔ sika anaa ade foforɔ bi sɛ ɔmfa nsie ma no na wɔwia na sɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ no a, ɔbɛtua no mpemanim.
8 Si el ladrón no se hallare, entonces el dueño de la casa será llegado a los jueces para jurar si ha metido su mano en la hacienda de su prójimo.
Na sɛ wɔankyere ɔkorɔmfoɔ no a, wɔde onipa a wɔde agyapadeɛ no hyɛɛ ne nsa no bɛba Onyankopɔn anim abɛhwehwɛ sɛ nʼankasa na ɔwiaa ne yɔnko no anaasɛ ɛnyɛ ɔno.
9 Sobre todo negocio de fraude, sobre buey, sobre asno, sobre oveja, sobre vestido, sobre toda cosa perdida, cuando alguno dijere: Que esto es; la causa de ambos vendrá delante de los jueces, y el que los jueces condenaren, pagará el doble a su prójimo.
Sɛ ɛba sɛ nantwie, afunumu, odwan, ntoma anaa biribi foforɔ bi yera na deɛ nʼadeɛ ayera no de nʼani kari obi sɛ ɔno na wafa dekodeɛ no, na onii no sane sɛ ɛnyɛ ɔno na wafa a, ɛsɛ sɛ wɔde nnipa baanu no nyinaa ba Onyankopɔn anim ma ɔhwehwɛ mu. Ɔhwehwɛ mu na deɛ ɔbɛdi fɔ no, ɔbɛtua adeɛ a ɛyeraeɛ no ho ka mmɔho mmienu ama ɔbaako no.
10 Si alguno hubiere dado a su prójimo asno, o buey, u oveja, o cualquiera otro animal a guardar, y se muriere, o se perniquebrare, o fuere cautivado sin verlo nadie:
“Sɛ obi de afunumu, nantwie, odwan anaa aboa foforɔ bi ma ne yɔnko bi ayɛn na aboa no wu anaa ɔpira anaa ɔdwane na sɛ obi anhunu ammɛka a,
11 Juramento de Jehová será entre ambos, que no metió su mano en la hacienda de su prójimo. Y su dueño se contentará, y el otro no pagará.
ɛsɛ sɛ deɛ ɔgyee aboa no ayɛn no ka ntam wɔ Awurade anim sɛ ɛnyɛ ɔno na wawia aboa no na deɛ ne dea no gye to mu a, ɔnnye biribiara nsi ananmu.
12 Mas si le hubiere sido hurtado, pagar lo ha a su dueño.
Nanso, sɛ wia na wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no wɔ ne nkyɛn deɛ a, na ɛsɛ sɛ sohwɛfoɔ a wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no firii ne nkyɛn no tua ne wura no ka.
13 Mas si le hubiere sido arrebatado, traerle ha testimonio, y no pagará lo arrebatado.
Sɛ akekaboa na ɔkumm no a, ɛsɛ sɛ ɔde aboa no funu ba bɛkyerɛ. Ɔyɛ no saa a, ɔrentua ho ka biara.
14 Ítem, cuando alguno hubiere tomado emprestado de su prójimo, y fuere perniquebrado o muerto, ausente su dueño, pagará.
“Sɛ obi fɛm aboa bi anaa biribi foforɔ bi firi ne yɔnko nkyɛn na sɛ aboa no wu anaa ɔpira ɛberɛ a ne wura no nni hɔ a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔfɛm saa aboa no tua ka.
15 Si su dueño estaba presente, no pagará. Si era de alquiler, el vendrá por su alquile.
Na sɛ ne wura no wɔ hɔ deɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔfɛmfoɔ no tua ka, ɛfiri sɛ, wɔbuu yei nyinaa fraa ɔfɛm no ho akatua mu.
16 Ítem, cuando alguno engañare a alguna virgen que no fuere desposada, y durmiere con ella, dotarla ha por su mujer.
“Sɛ ɔbarima bi kɔdaadaa abaayewa bi a ɔnyɛɛ ne ho adeɛ na ɔne no da a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ho adeɛ na ɔware no.
17 Si su padre no quisiere dársela, él le pesará plata conforme al dote de las vírgenes.
Sɛ abaayewa no agya se ɔmpene awadeɛ no so a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua ne tiri sika.
18 A la hechicera no darás la vida.
“Monkum mmaa nkonyaayifoɔ.
19 Cualquiera que tuviere ayuntamiento con bestia, morirá.
“Ɔbarima biara a ɔbɛfa aboa bi no, wɔnkum no.
20 El que sacrificare a dioses, sino a solo Jehová, morirá.
“Obiara a ɔbɛfiri Awurade akyiri abɔ onyame foforɔ bi afɔdeɛ no, wɔnkum no.
21 Y al extranjero no engañaras, ni angustiarás, porque extranjeros fuisteis vosotros en la tierra de Egipto,
“Monnhyɛ ɔhɔhoɔ aniɛyaadeɛ ɛkwan biara so; na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so.
22 A ninguna viuda ni huérfano afligiréis.
“Monnsisi akunafoɔ anaa nwisiaa;
23 Que si tú afligiendo los afligieres, y ellos clamando clamaren a mí, yo oyendo oiré su clamor;
na sɛ moyɛ saa na wɔsu frɛ me a, mɛgye wɔn so.
24 Y mi furor se encenderá, y mataros he a cuchillo, y vuestras mujeres serán viudas, y vuestros hijos huérfanos.
Mede mʼabufuo bɛtia mo na mama atamfoɔ dɔm akum mo na mo yerenom nso adane akunafoɔ ama mo mma nso ayɛ nwisiaa bi.
25 Si dieres a mi pueblo dinero emprestado, al pobre que está contigo, no te habrás con él como usurero, no le impondréis usura.
“Sɛ wobɔ wo yɔnko Hebrini bosea a, nnye ho mfɛntom biara.
26 Si tomares en prenda el vestido de tu prójimo, a puesta del sol se lo volverás:
Sɛ wogye ne ntoma de si awowa a, anadwo no ara, fa nʼadeɛ kɔma no.
27 Porque solo aquello es su cobertura, aquel es el vestido de sus carnes en que ha de dormir: y será, que cuando él clamare a mí, yo entonces lo oiré, porque soy misericordioso.
Ɛfiri sɛ, ebia na ntoma a ɔwɔ de kata ne ho de ka ne ho hye ara ne no; woagye yi, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ada? Sɛ woamfa ankɔma no na sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie na mahunu no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, meyɛ mmɔborɔhunufoɔ.
28 A los dioses no injuriarás, ni maldecirás al príncipe en tu pueblo.
“Monnkasa ntia Onyankopɔn na monnome aban mu mpanimfoɔ anaa mo atemmufoɔ anaa wɔn a wɔdi mo so.
29 Tu plenitud, ni tu lágrima, no dilatarás, el primogénito de tus hijos me darás.
“Momfa mo nnɔbaeɛ mu nkyɛ mu edu mu baako mmrɛ me ntɛm so. “Saa ara nso na montua mo mmakan mmarima nkwagyeɛ ho ka no.
30 Así harás de tu buey, de tu oveja: siete días estará con su madre, y al octavo día me lo darás.
Ma wo nantwie anaa wo dwan abakan no ne ne maame ntena nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no brɛ me.
31 Y serme heis varones santos: y carne arrebatada en el campo no comeréis, echarla heis al perro.
“Esiane sɛ moyɛ kronkron ma me enti, monnwe aboa biara a akekaboa akyere no akum no. Monnya ne funu no ma nkraman mmɛwe.

< Éxodo 22 >