< 2 Reyes 5 >

1 Naamán, general del ejército del rey de Siria, gran varón delante de su señor y honrado, porque Jehová había dado salud a Siria por él. Este era hombre valeroso de virtud, mas leproso.
Na Aramhene bu Naaman a ɔyɛ asraafo so sahene no yiye. Efisɛ ɛnam ne so na Awurade maa Aram dii nkonim akɛse bebree. Ɛwɔ mu sɛ na Naaman yɛ ɔkofo kɛse de, nanso na ɔyare kwata.
2 Y de Siria habían salido escuadrones, y habían llevado cautiva de la tierra de Israel una muchacha, que servía a la mujer de Naamán.
Afei, na Aram akofo adi Israel asase so, na abaawa ketewa bi ka wɔn a wɔkyeree wɔn nnommum no ho. Wɔde saa abaawa no maa Naaman yere sɛ nʼabaawa.
3 Esta dijo a su señora: Si rogase mi señor al profeta, que está en Samaria, él le sanaría de su lepra.
Da bi, abaawa no ka kyerɛɛ nʼawuraa se, “Sɛ me wura kohu odiyifo a ɔwɔ Samaria no a, anka ɔbɛsa no yare ama kwata no afi ne honam ani.”
4 Y entrando Naamán a su señor, declaróselo, diciendo: Así y así ha dicho una muchacha, que es de la tierra de Israel.
Enti Naaman kaa asɛm a abaawa a ofi Israel no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ ɔhene.
5 Y el rey de Siria le dijo: Anda, vé; y yo enviaré cartas al rey de Israel. Y él se partió llevando consigo diez talentos de plata, y seis mil ducados de oro, y diez mudas de vestidos.
Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Kɔ, na kɔsra odiyifo no. Mɛkyerɛw krataa aka wo ho, na wode akɔma Israelhene.” Enti Naaman faa dwetɛ akyɛde kilogram ahaasa aduanan, sikakɔkɔɔ kilogram aduosia nkron ne ntade mmɔho du, na osii mu kɔe.
6 Y tomó cartas para el rey de Israel, que decían así: Luego en llegando a ti estas cartas, sepas que yo envío a ti mi siervo Naamán, para que le sanes de su lepra.
Krataa a ɔde rekɔma Israelhene no mu asɛm ne sɛ, “Menam krataa yi so reda me somfo Naaman adi akyerɛ wo. Mepɛ sɛ wosa no yare ma ne kwata no fi ne honam ani.”
7 Y como el rey de Israel leyó las cartas, rompió sus vestidos, y dijo: ¿Soy yo Dios, que mate y dé vida, para que este envíe a mí, que sane un hombre de su lepra? Considerád ahora y ved, como busca ocasión contra mí.
Bere a Israelhene kenkan krataa no, ɔde ahometew sunsuan nʼatade mu, kae se, “Saa ɔbarima yi asoma ɔkwatani aba me nkyɛn, sɛ mensa no yare! Meyɛ Onyankopɔn a mitumi kum, san ma nkwa? Ɔrehwehwɛ kwan bi afa so, anya nnyinaso bi na wabɛtow ahyɛ yɛn so bio.”
8 Y como Eliseo varón de Dios oyó que el rey de Israel había rasgado sus vestidos, envió a decir al rey: ¿Por qué has desgarrado tus vestidos? Venga ahora a mí, y sabrá, que hay profeta en Israel.
Bere a Elisa, Onyankopɔn nipa, tee sɛ ɔhene no asunsuan ne ntade mu no, ɔde nkra kɔmaa no se, “Adɛn nti na woasunsuan wo ntade mu? Soma Naaman na ɔmmra me nkyɛn na obehu sɛ odiyifo papa bi wɔ Israel.”
9 Y vino Naamán con su caballería, y con su carro, y paróse a las puertas de la casa de Eliseo.
Enti Naaman faa nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam, kɔtwɛn wɔ Elisa fi pon ano.
10 Y envióle Eliseo un mensajero, diciendo: Vé, y lávate siete veces en el Jordán, y tu carne se te restaurará, y serás limpio.
Na Elisa somaa ɔbɔfo kɔka kyerɛɛ no se, “Kɔhohoro wo ho mpɛn ason wɔ Asubɔnten Yordan mu, na wo honam bɛba mu, ama wo kwata no akɔ.”
11 Y Naamán se fue enojado, diciendo: He aquí, yo pensaba en mí: El saldrá luego, y estando en pie invocará el nombre de Jehová su Dios, y alzará su mano, y tocará el lugar, y sanará la lepra.
Na Naaman bo fuwii, ma osii kwan so. Ɔkae se, “Na minim sɛ, nea ɛbɛyɛ biara no, ɔbɛba abehyia me! Na minim sɛ ebia, ɔde ne nsa bɛfa kwata no so, na wabɔ Awurade a, ɔyɛ ne Nyankopɔn no din, nam so asa me yare.
12 Los ríos de Damasco, Abana y Farfar, ¿no son mejores que todas las aguas de Israel? ¿Si me lavare en ellos, no seré también limpio? Y volvióse y fuése enojado.
Nsubɔnten Abana ne Parpar a ɛwɔ Damasko nsen nsubɔnten a ɛwɔ Israel nyinaa? Adɛn nti na menkɔhohoro me ho wɔ mu, na minnya ayaresa?” Enti Naaman dan ne ho de abufuw sii mu.
13 Entonces sus criados se llegaron a él, y habláronle, diciendo: Padre mío, si el profeta te mandara alguna gran cosa, ¿no la hicieras? ¿cuánto más, diciéndote: Lávate, y serás limpio?
Nanso ne mpanyimfo bɔɔ mmɔden kasa kyerɛɛ no se, “Owura, sɛ odiyifo no kaa se yɛ adwuma kɛse bi a, anka worenyɛ ana? Ɛno nti, tie asɛm a waka sɛ kɔhohoro wo ho kɛkɛ, na wo ho bɛtɔ wo no, na di so.”
14 El entonces descendió, y zambullóse siete veces en el Jordán, conforme a la palabra del varón de Dios: y su carne se volvió como la carne de un niño, y fue limpio.
Enti Naaman kɔɔ Asubɔnten Yordan mu, kɔdɔɔ asukɔ mpɛn ason, sɛnea Onyankopɔn nipa no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ne honam ani daa hɔ te sɛ akokoaa, maa ne kwata no nyinaa kɔe.
15 Y volvió al varón de Dios él y toda su compañía, y púsose delante de él, y dijo: He aquí, ahora conozco, que no hay Dios en toda la tierra, sino en Israel. Ruégote que recibas algún presente de tu siervo.
Naaman ne ne dɔm no san kɔ kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nipa no akyi kwan. Wokogyinaa nʼanim, maa Naaman kae se, “Afei na mahu sɛ Onyankopɔn nni wiase ha baabiara sɛ Israel nko ara. Afei, mesrɛ wo sɛ, gye mʼakyɛde yi.”
16 Mas él dijo: Vive Jehová delante del cual estoy, que no tomaré. E importunándole que tomase, él nunca quiso.
Nanso Elisa buae se, “Mmere dodow a Onyankopɔn a mesom no te ase yi, merennye akyɛde biara.” Ɛwɔ mu sɛ Naaman hyɛɛ no biara sɛ onnye akyɛde no, nanso Elisa annye.
17 Entonces Naamán dijo: Ruégote, ¿no se dará a tu siervo una carga de un par de acémilas de aquesta tierra? porque de aquí adelante tu siervo no sacrificará holocausto ni sacrificio a otros dioses, sino a Jehová.
Afei, Naaman kae se, “Eye, ɛno de, ma me kwan na memfa ha dɔte atifi abien nsoa me furumpɔnkɔ abien, na memfa nka me ho nkɔ me kurom. Efi nnɛ, Onyankopɔn akyi no, meremmɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara mma onyame bi bio.
18 En esto perdone Jehová a tu siervo: que cuando mi señor entrare en el templo de Remmón, y para adorar en él se acostare sobre mi mano, si yo también me inclinare en el templo de Remmón, con mi inclinación en el templo de Remmón, en esto Jehová perdone a tu siervo.
Na mesrɛ sɛ, Awurade mfa saa bɔne yi nkyɛ me. Sɛ me wura ɔhene rekɔ Rimon abosomfi akɔsom, na misuso ne mu a, me nso mɛkotow nti, Awurade mfa eyi nkyɛ me.”
19 Y él le dijo: Vé en paz. Y como se apartó de él como una milla de tierra,
Elisa kae se, “Kɔ asomdwoe mu.” Enti Naaman san sii kwan so.
20 Giezi el criado de Eliseo varón de Dios dijo entre sí: He aquí, mi señor estorbó a este Siro Naamán, no tomando de su mano las cosas que había traído. Vive Jehová, que yo corra tras él, y tome de él alguna cosa.
Nanso Elisa somfo Gehasi kaa wɔ ne tirim se, “Anka ɛnsɛ sɛ me wura ma Aramni yi kɔ a wannye akyɛde yi. Mmere dodow a Awurade te ase yi, metiw no, na makogye biribi afi ne nkyɛn.”
21 Y siguió Giezi a Naamán, y como Naamán le vio que venía corriendo tras él, descendió del carro para venirle a recibir, diciendo: ¿No hay paz?
Enti Gehasi tiw no. Bere a Naaman huu no sɛ ɔde mmirika reba ne so no, osi fii ne teaseɛnam mu kohyiaa no. Naaman bisaa no se, “Wobaa no asomdwoe mu ana?”
22 Y él dijo: Paz. Mi señor me envía a decir: He aquí, vinieron a mí en esta hora dos mancebos del monte de Efraím, de los hijos de los profetas: ruégote que les des un talento de plata, y sendas mudas de vestidos.
Gehasi buae se, “Yiw, nanso me wura asoma me sɛ memmɛka nkyerɛ wo se, mmabun baanu bi a wɔyɛ adiyifo a wofi Efraim kurow a ɛda bepɔw so no mu abedu mprempren ara. Ose ɔrehwehwɛ dwetɛ kiliogram aduasa anan ne ntade nsakramu abien de ama wɔn.”
23 Y Naamán dijo: Ruégote que tomes dos talentos. Y él le constriñó, y ató dos talentos de plata en dos sacos, y dos mudas de vestidos, y púsolo a cuestas a dos de sus criados que lo llevasen delante de él.
Naaman kae se, “Ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ den, gye dwetɛ kilogram aduasa anan yi.” Ɔmaa no ntade nsakramu abien, kyekyeree sika no wɔ nkotoku abien mu, yii asomfo baanu soaa akyɛde no, maa Gehasi.
24 Y como vino a un lugar secreto, él lo tomó de mano de ellos, y lo guardó en casa, y envió los hombres, que se fuesen.
Nanso woduu bepɔw no so no, Gehasi gyee akyɛde no fii asomfo no nkyɛn, ma wɔsan wɔn akyi kɔe. Afei, ɔde akyɛde no kosiee ofi no mu.
25 Y él entró, y púsose delante de su señor. Y Eliseo le dijo: ¿De dónde vienes Giezi? Y él dijo: Tu siervo no ha ido a ninguna parte.
Bere a ɔkɔɔ ne wura Elisa nkyɛn no, obisaa no se, “Gehasi, wokɔɔ he?” Obuae se, “Menkɔɔ baabiara.”
26 El entonces le dijo: ¿No fue también mi corazón, cuando el hombre volvió de su carro a recibirte? ¿Es tiempo de tomar plata, y de tomar vestidos, olivares, viñas, ovejas y bueyes, siervos y siervas?
Nanso Elisa bisaa no se, “Woanhu sɛ bere a Naaman si fii ne teaseɛnam mu behyiaa wo no, na mewɔ hɔ honhom mu? Saa bere yi na ɛsɛ sɛ wugye sika ne ntade ne ngodua mfuw ne bobe mfuw ne nguan ne anantwi ne asomfo?
27 La lepra de Naamán se te pegará a ti, y a tu simiente para siempre. Y salió de delante de él leproso como la nieve.
Nea woayɛ yi nti, wo ne wo mma ne wo mma mma bɛyare Naaman kwata no bi afebɔɔ.” Bere a Gehasi fii dan no mu no, na kwata ayɛ no a ne ho ahoa ayɛ sɛ sukyerɛmma.

< 2 Reyes 5 >