< Apocalipsis 20 >
1 Vi a un ángel que descendía del cielo. Tenía en su mano la llave del abismo y una gran cadena. (Abyssos )
Afei mihuu ɔbɔfo bi sɛ ofi ɔsoro reba fam a na okura bun no safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. (Abyssos )
2 Arrestó al dragón, la serpiente antigua, que es [el] diablo y Satanás, y lo ató por 1.000 años.
Ɔkyeree ɔwɔ kɛse dedaw a ɔyɛ ɔbonsam no kyekyeree no mfe apem.
3 Lo lanzó. Cerró el abismo y puso un sello encima de él para que [el dragón ]ya no engañara a las naciones hasta que se cumplieran los 1.000 años. Después de esto debe ser desatado por poco tiempo. (Abyssos )
Ɔbɔfo no tow no kyenee bun no mu, too mu safe sɔw ano sɛnea ɛbɛyɛ a mfe apem no betwa mu. Ɛno akyi na wobegyaa no kakra. (Abyssos )
4 Vi tronos. A los que se sentaron en ellos se les dio [autoridad para] juzgar. También [vi] las almas de los decapitados por causa del testimonio de Jesús y de la Palabra de Dios. Éstos no adoraron a la bestia ni a su imagen, ni recibieron la marca en la frente ni en su mano. Vivieron y reinaron con Cristo 1.000 años.
Afei mihuu nhengua ne wɔn a wɔtete so a wɔama wɔn tumi sɛ wommu atɛn. Afei mihuu wɔn a esiane sɛ wɔada nokware ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kae no adi nti, wɔatwitwa wɔn ti no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔamfa aboa no agyiraehyɛde ankeka wɔn moma so ne wɔn nsa ho. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bedii ahene mfe apem.
5 Los demás muertos no volverían a vivir hasta cuando se cumplieran los 1.000 años.
Eyi ne awufosɔre a edi kan. Awufo a wɔaka no annyan kosii mfe apem no akyi.
6 Inmensamente feliz y santo el que tiene parte en la primera resurrección. La muerte segunda no tiene poder sobre éstos, sino serán sacerdotes de Dios y de Cristo, y reinarán con Él 1.000 años.
Nhyira bebree nka wɔn a wodii kan nyan wɔn fii awufo mu no. Owu a ɛto so abien no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo. Na wɔne no bedi ahene mfe apem.
7 Cuando se cumplan los 1.000 años, Satanás será soltado de su prisión,
Mfe apem no akyi na wobeyi ɔbonsam afi afiase hɔ;
8 y saldrá para engañar a las naciones que están en los cuatro puntos [cardinales] de la tierra, a Gog y Magog, a fin de reunirlos para la batalla. El número de ellos es como la arena del mar.
na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ wiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea ano de wɔn akɔ ɔko.
9 Subieron sobre la anchura de la tierra. Rodearon el campamento de los santos y la ciudad amada, pero descendió fuego del cielo y los consumió.
Wotuu sa kɔɔ asase so nyinaa kotwaa Onyankopɔn nkurɔfo atenae a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiae. Nanso ogya fi ɔsoro bɛsɛee wɔn.
10 El diablo que los engañaba fue lanzado al lago de fuego y azufre, donde están la bestia y el falso profeta. Serán atormentados de día y de noche por los siglos de los siglos. (aiōn , Limnē Pyr )
Na wɔtow ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no nso too ogya tare ne sufre a wɔde aboa no ne atoro odiyifo no agu mu no mu. Na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa. (aiōn , Limnē Pyr )
11 Vi un gran trono blanco y al que estaba sentado en él. La tierra y el cielo huyeron de su presencia, y no se halló [el] lugar de ellos.
Afei mihuu ahengua fitaa kɛse bi ne nea ɔte so no. Asase ne ɔsoro guanee wɔ nʼanim, na wɔanhu wɔn bio.
12 Vi a los muertos, los grandes y los pequeños, en pie delante del trono. Y unos rollos fueron abiertos. También fue abierto [el rollo de ]la vida. Los muertos fueron juzgados por [las cosas ]escritas en los rollos, según sus obras.
Na mihuu awufo akɛse ne nketewa sɛ wogyinagyina ahengua no anim. Wobuebuee nhoma bebree mu, na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ ateasefo nhoma no mu. Wobuu awufo no atɛn, sɛnea wɔn nnwuma te ne sɛnea wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no.
13 El mar entregó a los muertos [que había] en él, y la muerte y el Hades entregaron los [que había ]en ellos. Fueron juzgados, cada uno según sus obras. (Hadēs )
Afei po nso dannan nʼawufo mae. Owu ne asaman nso de wɔn awufo mae. Na wobuu wɔn nyinaa atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. (Hadēs )
14 La muerte y el Hades fueron lanzados al lago de fuego. Ésta es la muerte segunda: el lago de fuego. (Hadēs , Limnē Pyr )
Na wɔtow owu ne asaman guu ogya tare no mu. Saa ogya tare yi ne owuprenu no. (Hadēs , Limnē Pyr )
15 Si alguno no se halló inscrito en el rollo de la vida, fue lanzado al lago de fuego. (Limnē Pyr )
Na wɔtow obiara a wɔankyerɛw ne din angu nkwa nhoma no mu no kyenee ogya tare no mu. (Limnē Pyr )