< Salmos 122 >
1 Yo me alegraba cuando me decían: Vayamos a la Casa de Yavé.
Ɔsoroforo dwom. Dawid de. Me ne wɔn a wosee me sɛ, “Ma yɛnkɔ Awurade fi” no ani gyei.
2 Nuestros pies están plantados dentro de tus puertas, Oh Jerusalén.
Yegyinagyina wʼaponkɛse ano, Yerusalem.
3 Jerusalén está edificada Como una ciudad compacta,
Wɔakyekyere Yerusalem yiye sɛ kuropɔn wahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.
4 Adonde suben las tribus de YA, Según una Ordenanza para Israel, A dar gracias al Nombre de Yavé,
Ɛhɔ na mmusuakuw no kɔ, Awurade mmusuakuw no, Wɔkɔkamfo Awurade din, sɛnea nhyehyɛe a wɔde ama Israel no te.
5 Porque allá están establecidos tronos de juicio, Los tronos de la casa de David.
Ɛhɔ na atemmu nhengua no sisi, Dawid fi nhengua no.
6 Oren por la paz de Jerusalén: Que prosperen los que te aman,
Monsrɛ asomdwoe mma Yerusalem se, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya bammɔ.
7 Que haya paz dentro de tus muros Y prosperidad dentro de tus palacios.
Ma asomdwoe mmra wʼafasu mu na bammɔ mmra wʼaban mu.”
8 Por amor a mis hermanos y a mis amigos, diré ahora: Haya paz dentro de ti.
Me nuanom ne me nnamfonom nti, mɛka se, “Asomdwoe ntena wo mu.”
9 Por amor a la Casa de Yavé nuestro ʼElohim, Oraré por tu bien.
Awurade yɛn Nyankopɔn fi nti, mɛhwehwɛ wo yiyeyɛ.