< Números 18 >
1 Entonces Yavé dijo a Aarón: Tú, tus hijos y tu casa paterna llevarán las ofensas contra el Santuario y contra su sacerdocio.
Awurade kasa kyerɛɛ Aaron se, “Wo, wo mmabarima ne wʼabusuafo a wofi Lewi abusuakuw mu no, mfomso biara a ɛfa kronkronbea hɔ no ho asodi bɛda mo so. Na sɛ biribi ankɔ so yiye wɔ asɔfodwuma no mu a, wobebisa wo ne wo mmabarima ho asɛm.
2 También haz que se acerquen tus hermanos de la tribu de Leví, la tribu de tu padre, para que se reúnan contigo y te sirvan mientras tú y tus hijos ministran en el Tabernáculo del Testimonio.
Fa wo nkurɔfo a wɔwɔ Lewi abusuakuw no mu na wɔmmoa wo mmabarima no wɔ dwuma kronkron a wodi no Ahyiae Ntamadan no anim no ho.
3 Ellos acatarán tu orden y la obligación de todo el Tabernáculo. Pero no se acercarán a los utensilios sagrados ni al altar para que ellos no mueran ni ustedes.
Ɛsɛ sɛ Lewifo no hwɛ yiye na wɔammɛn biribiara a ɛyɛ kronkron wɔ afɔremuka no so. Sɛ wɔyɛ saa a, wo ne wɔn bewuwu.
4 Ellos te acompañarán y tendrán el cuidado del Tabernáculo de Reunión en todo el servicio del Tabernáculo. Ningún extraño se acercará a ustedes.
Ɛsɛ sɛ wɔka mo ho na mohwɛ Ahyiae Ntamadan mu hɔ; ɛhɔ nnwuma nyinaa. Ɛnsɛ sɛ onipa foforo biara bɛn beae a wowɔ no.
5 Ustedes serán responsables del Santuario y del cuidado del altar para que no haya más ira contra los hijos de Israel.
“Wo na ɛsɛ sɛ wohwɛ kronkronbea hɔ ne afɔremuka no so, na mʼabufuwhyew amma Israelfo no so bio.
6 Mira, Yo tomé a tus hermanos levitas de en medio de los hijos de Israel, y los entregué como un don para ustedes, dedicados a Yavé para el servicio del Tabernáculo de Reunión.
Mʼankasa na mapaw wo nkurɔfo Lewifo afi Israelfo mu sɛ akyɛde ama wo, atew wɔ ho ama Awurade sɛ wɔnyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu.
7 Por tanto, tú y tus hijos atenderán a su sacerdocio en todo lo relacionado con el altar y lo que está dentro del velo. Les concedo el servicio de su sacerdocio como don, pero el extraño que se acerque morirá.
Nanso wo ne wo mmabarima nkutoo na na mubedi dwuma sɛ asɔfo wɔ nea ɛfa afɔremuka ne nea ɛwɔ ntwamtam no mu no ho. Mede asɔfodwuma ɔsom rema mo sɛ akyɛde. Ɛsɛ sɛ wokum onipa foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no.”
8 Yavé habló a Aarón: Mira, Yo te doy la custodia de mis ofrendas alzadas. Todas las cosas que los hijos de Israel consagran te las doy a ti y a tus hijos como su porción. Es ordenanza perpetua.
Awurade san ka kyerɛɛ Aaron se: “Mʼankasa na mede akyɛde a nkurɔfo de abrɛ Awurade no ahyɛ wo nsa; afɔrebɔde a Israelfo no de ma me no nyinaa no mede ma wo ne wo mmabarima sɛ mo kyɛfa; ɛyɛ mo kyɛfa afebɔɔ.
9 De las cosas santísimas preservadas del fuego, será tuya toda ofrenda de ellos, toda ofrenda vegetal de ellos, todo sacrificio por su pecado y todo sacrificio por la culpa. Será cosa santísima para ti y para tus hijos.
Aduan afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ ne afɔbu afɔrebɔ nyinaa mowɔ mu kyɛfa. Eyinom nyinaa yɛ afɔrebɔde a ɛyɛ kronkron pa ara.
10 Las comerás en el Santuario. Todo varón comerá de ellas, y será cosa santa para ti.
Munni no sɛ ade a ɛyɛ kronkron pa ara; ɔbarima biara nni bi. Mummu no sɛ ade kronkron.
11 La ofrenda alzada de su donativo, incluso las ofrendas mecidas de los hijos de Israel, también serán tuyas. Las doy por estatuto perpetuo a ti, a tus hijos y a tus hijas. Todo el que esté purificado en tu casa podrá comer de ellas.
“Eyi nso yɛ mo de: nea wobeyi agu nkyɛn afi Israelfo ohim afɔrebɔde mu no. Mede ma wo ne wo mmabarima ne wo mmabea nyinaa sɛ mo kyɛfa afebɔɔ. Obiara a ɔwɔ wo fi na ne ho tew no tumi di bi.
12 Todo lo mejor del aceite nuevo, del vino nuevo y del trigo, las primicias que ofrecen a Yavé, te lo doy.
“Aba a edi kan mu akyɛde a nnipa no de bɛba sɛ afɔrebɔde a wɔde rebrɛ Awurade no a ɛyɛ ngo pa, bobesa pa, aburow ne nnɔbae biara no, mede ma mo.
13 Las primicias de todos los productos de su tierra, las cuales traen a Yavé, serán tuyas. Todo el que esté purificado en tu casa podrá comer de ellas.
Asase no so aba a edi kan a wɔde bɛbrɛ Awurade no bɛyɛ mo de. Obiara a ɔwɔ wo fi na ne ho tew no tumi di bi.
14 Todo lo consagrado por medio de voto en Israel será tuyo.
“Biribiara a ɛwɔ Israel a wɔde bɛma Awurade no yɛ mo de.
15 Todo lo que abra matriz de todo ser viviente, sea hombre o animal, que ellos presenten a Yavé, será tuyo. Sin embargo, redimirás sin falta el primogénito del hombre y de animal impuro.
Israelfo abakan ne wɔn mmoa nyinaa abakan a wɔde bɛma Awurade no yɛ mo dea. Nanso mmoa a memmaa mo kwan sɛ wɔnwe wɔn nam no de, munnnye wɔn abakan. Na mmom, ɛsɛ sɛ wotua sika kakra de si abakan biara anan.
16 De un mes efectuarás su rescate, según tu valoración, por precio de 55 gramos de plata, conforme al siclo del Santuario, que es de 20 geras.
Sɛ abakan no di ɔsram a, na ɛsɛ sɛ wɔde ogye bo a ɛyɛ dwetɛ nkaribo gram aduonum asia sɛnea kronkronbea hɔ nkaribo a ɛyɛ gram dubaako ne nkyemu anum mu baako no te no ba.
17 Pero no redimirás el primogénito de la vaca, ni de la oveja, ni de la cabra, pues son sagrados. Rociarás su sangre sobre el altar, y harás consumir su grasa como sacrificio quemado en olor que apacigua a Yavé.
“Nanso anantwi, nguan ne mmirekyi mmakan de, ɛnsɛ sɛ wogye wɔn; wɔyɛ kronkron. Fa wɔn mogya pete afɔremuka no so na hyew wɔn srade no sɛ aduan afɔre, ehua a ɛsɔ Awurade ani.
18 Su carne será para ti. También el pecho del sacrificio mecido y el muslo derecho serán para ti.
Saa mmoa yi nyinaa nam bɛyɛ mo de te sɛnea ohim afɔrebɔde koko ne ne srɛ nifa yɛ mo de no.
19 Todas las ofrendas alzadas de las cosas sagradas que los hijos de Israel presenten a Yavé, te las doy a ti, a tus hijos y a tus hijas, como estatuto perpetuo. Es pacto de sal perpetuo delante de Yavé, para ti y tu descendencia.
Biribiara a Israelfo de bɛbrɛ Awurade a wobefi afɔrebɔ kronkron mu ayi ato hɔ no, mede ma wo ne wo mmabarima ne wo mmabea sɛ mo kyɛfa afebɔɔ. Ɛyɛ ahyɛde a ɛda mo ne Awurade ne mo asefo ntam daa nyinaa.”
20 Yavé dijo a Aarón: De la tierra de ellos no heredarás, ni tendrás porción en medio de ellos. Yo soy tu parte y tu heredad en medio de los hijos de Israel.
Awurade ka kyerɛɛ Aaron se, “Morennya agyapade biara mfi wɔn asase mu, na morennya kyɛfa biara mfi wɔn mu; mene mo kyɛfa ne mo agyapade wɔ Israelfo no mu.
21 Mira, Yo di a los hijos de Leví todos los diezmos de Israel como heredad por su servicio, porque ellos sirven en el ministerio del Tabernáculo de Reunión.
“Mede Israel ntotoso du du no nyinaa ma Lewifo no sɛ wɔn agyapade de retua wɔ som a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu no so ka.
22 Los hijos de Israel no se acercarán más al Tabernáculo de Reunión, porque llevarán pecado y morirán.
Efi nnɛ rekɔ, Israelfo no nni ho kwan sɛ wɔbɛn Ahyiae Ntamadan no mu; anyɛ saa a, wobɛsoa wɔn bɔne ho asodi ama wɔawuwu.
23 Solo los levitas ejercerán el servicio del Tabernáculo de Reunión, y ellos llevarán su iniquidad. Será estatuto perpetuo para sus generaciones. Entre los hijos de Israel no tendrán heredad,
Lewifo no nko ara na wɔbɛyɛ adwuma wɔ hɔ, na wɔasoa mfomso biara a wɔbɛyɛ no ho asodi. Ɛyɛ mmara a ɛda hɔ afebɔɔ ma awo ntoatoaso a ɛbɛba no. Wɔrennya agyapade biara wɔ Israelfo no mu.
24 porque el diezmo que los hijos de Israel ofrecen a Yavé como ofrenda alzada, lo di a los levitas por heredad, por lo cual les dije: No tendrán heredad en medio de los hijos de Israel.
Mmom, ntotoso du du a Israelfo no de ba sɛ Awurade afɔrebɔde no na mede rema Lewifo no. Ɛno nti na meka faa wɔn ho se: ‘Wɔrennya agyapade wɔ Israelfo no mu no.’”
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
26 Habla a los levitas: Cuando tomen de los hijos de Israel los diezmos, los cuales les di como su heredad, ustedes presentarán como ofrenda alzada a Yavé el diezmo de los diezmos.
“Ka kyerɛ Lewifo no se, ‘Sɛ munya ntotoso du du a mede rema mo sɛ mo agyapade no fi Israelfo no nkyɛn a, momfa nkyɛmu du mu baako mmrɛ Awurade sɛ nʼafɔrebɔde.
27 Sus ofrendas alzadas se les contarán como si fueran grano de la era y producto del lagar.
Na Awurade begye no sɛ mo afɔrebɔde a efi mo awiporowbea anaa nsa a efi mo nsakyi amoa mu.
28 Así también ustedes presentarán una ofrenda alzada a Yavé de todos los diezmos que reciban de los hijos de Israel, y de ellos darán la porción reservada de Yavé al sacerdote Aarón.
Saa ɔkwan yi so na mobɛfa de mo afɔrebɔ a efi ntotoso du du a mubenya afi Israelfo no nkyɛn no abrɛ Awurade. Mumfi ntotoso du du yi mu mfa Awurade kyɛfa no mma ɔsɔfo Aaron.
29 De todos sus donativos ofrecerán toda ofrenda alzada debida a Yavé, de todo lo mejor de ellos, la parte consagrada.
Biribiara a wɔde bɛma mo no, momfa emu nea eye pa ara na ɛyɛ kronkron no mma Awurade.’
30 Y les dirás: Cuando ofrezcan lo mejor de ellos les será contado a los levitas como producto de la era, y como producto del lagar.
“Ka kyerɛ Lewifo no se: ‘Sɛ mode emu nea eye pa ara no ba a, wɔbɛfa no sɛ nea efi mo ankasa mo awiporowbea anaa mo nsakyibea hɔ.
31 Lo comerán en cualquier lugar, ustedes y sus familias, pues es su remuneración por su ministerio en el Tabernáculo de Reunión.
Mo ne mo fifo betumi adi nkae no wɔ baabiara a mopɛ, efisɛ ɛyɛ mo adwuma a moyɛ no wɔ Ahyiae Ntamadan mu no so akatua.
32 Así, cuando hayan presentado lo mejor de ello como ofrenda alzada, no llevarán pecado por ello. Así no profanarán las cosas consagradas por los hijos de Israel, y no morirán.
Sɛ mode emu nea ɛsɔ ani no ba a, munni eyi ho afɔbu; saayɛ remma mungu Israelfo no afɔrebɔ kronkron no ho fi, na morenwuwu.’”