< Jueces 20 >

1 Entonces todos los hijos de Israel salieron desde Dan hasta Beerseba y la tierra de Galaad, y la congregación se reunió como un solo hombre ante Yavé en Mizpa.
Afei, Israelfoɔ nyinaa; ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba ne Gilead asase so bɛhyiaa Awurade anim sɛ nnipa baako wɔ Mispa.
2 Los jefes de todo el pueblo, de todas las tribus de Israel, 400.000 hombres de a pie que sacaban espada, tomaron su posición en la asamblea del pueblo de ʼElohim.
Nnipa no nyinaa ne Israel mmusuakuo no nyinaa ntuanofoɔ, akofoɔ mpem ahanan a wɔkurakura akofena kɔɔ Onyankopɔn mma dwabɔ no ase.
3 Los hijos de Benjamín oyeron que los hijos de Israel habían subido a Mizpa. Los hijos de Israel dijeron: Digan cómo fue cometida esta perversidad.
(Nkra duruu Benyamin asase so sɛ Israelfoɔ mmusuakuo a wɔaka no kɔ Mispa.) Israelfoɔ no bisaa deɛ ɛyɛeɛ a saa awudisɛm yi siiɛ.
4 Y el levita, el marido de la mujer asesinada, respondió: Yo llegué a Gabaa de Benjamín con mi concubina para pasar allí la noche.
Enti, Lewini a ɔyɛ ɔbaa a wɔkumm no no kunu no kaa sɛ, “Me ne me mpena baa Gilead a ɛwɔ Benyamin asase so bɛdaa hɔ.
5 Los hombres de Gabaa se alzaron contra mí, rodearon la casa de noche con intención de matarme, y violaron a mi concubina de tal manera que murió.
Anadwo no Gilead ntuanofoɔ no mu bi bɛtwaa fie no ho hyiaeɛ, pɛɛ sɛ wɔkum me, na wɔtoo me mpena no monnaa ma ɔwuiɛ.
6 Yo tomé a mi concubina, la corté en trozos y la envié por todo el territorio de la posesión de Israel, porque habían cometido aquella maldad e infamia en Israel.
Mefaa me mpena no twitwaa no asinasini de esini baako biara kɔɔ Israel mantam biara so. Ɛfiri sɛ, saa mmarima yi ayɛ atantansɛm ne aniwusɛm wɔ Israel.
7 Miren, todos ustedes los hijos de Israel están presentes. Den aquí su parecer y consejo.
Enti, seesei, ɛsɛ sɛ Israelfoɔ nyinaa fa adwene wɔ yei ho.”
8 Entonces todo el pueblo se levantó como un solo hombre y dijeron: Ninguno de nosotros irá a su tienda, ni volverá a su casa.
Nnipa no nyinaa sɔre buaa sɛ, “Yɛn mu biara rensane nkɔ fie.
9 Esto es lo que ahora haremos en Gabaa: Iremos contra ella por sorteo.
Mmom, yɛbɛbɔ ntonto na yɛahunu wɔn a wɔbɛkɔ akɔto ahyɛ Gibea so.
10 Tomaremos diez hombres de cada centenar de todas las tribus de Israel, y 100 de cada 1.000, y 1.000 de cada 10.000, para que lleven provisiones al pueblo, a fin de que vayan a Gabaa de Benjamín y le hagan según toda la repugnancia que cometió en Israel.
Abusuakuo biara mu mmarima nkyɛmu edu mu baako na wɔbɛyi wɔn ama wɔama yɛn akofoɔ no nnuane, na yɛn a yɛaka no nso atɔ Geba so wereɛ wɔ animguasedeɛ a wɔayɛ wɔ Israel no.”
11 Así todos los hombres de Israel unidos se juntaron contra la ciudad como un solo hombre.
Enti, Israelfoɔ nyinaa ano kɔɔ bɛnkorɔ mu boaa wɔn ho ano sɛ wɔbɛkɔ akɔto ahyɛ kuro no so.
12 Y las tribus de Israel enviaron hombres por toda la tribu de Benjamín para decir: ¿Qué maldad es esta que cometieron ustedes?
Israelfoɔ no somaa abɔfoɔ kɔɔ Benyamin abusuakuo no mu kɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn awurukasɛm na moayɛ wɔ mo mu yi?
13 Ahora pues, entreguen a los hombres, aquellos perversos que están en Gabaa, para que los matemos y quitemos esta infamia de Israel. Pero los hijos de Benjamín no quisieron escuchar la voz de sus hermanos, los hijos de Israel.
Monyi saa amumuyɛfoɔ a wɔfiri Gibea no mmra, na yɛnkum wɔn na yɛntu saa awurukasɛm yi ase mfiri Israel.” Nanso, Benyaminfoɔ no antie.
14 Mas bien, los hijos de Benjamín salieron de sus ciudades y se reunieron en Gabaa para enfrentar en batalla a los hijos de Israel.
Mmom, wɔfifiri wɔn nkuro mu boaa wɔn ho ano wɔ Gibea sɛ wɔne Israelfoɔ no rebɛko.
15 Fueron contados aquel día los hijos de Benjamín que salieron de las ciudades: 26.000 hombres que sacaban espada, además de los habitantes de Gabaa, donde se alistaron 700 hombres escogidos.
Akofoɔ mpem aduonu nsia a wɔkurakura akofena kɔduruu Gibea, kɔkaa akofoɔ ahanson a na wɔte hɔ dada no ho.
16 Entre toda esa gente estaban 700 hombres escogidos que eran zurdos. Cada uno podía tirar una piedra con la honda a un cabello y no erraba tiro.
Na Benyamin akofoɔ no mu ahanson yɛ abenkumma a wɔn mu biara yɛ toamfom wɔ ahwimmoɔ toɔ mu.
17 Los hombres de Israel, aparte de Benjamín, ascendían a 400.000 hombres que sacaban espada, todos guerreros.
Na Israelfoɔ wɔ akofoɔ mpem ahanan a wɔkurakura akofena a Benyamin akofoɔ nka ho.
18 Se levantaron los hijos de Israel y subieron a Bet-ʼEl. Consultaron a ʼElohim: ¿Quién de nosotros irá primero a combatir contra los hijos de Benjamín? Y Yavé respondió: Primero Judá.
Ansa na wɔrebɛfiri ɔko no ase no, Israelfoɔ no kɔɔ Bet-El kɔbisaa Onyankopɔn sɛ, “Abusuakuo bɛn na ɛsɛ sɛ wɔdi ɔko no anim tia Benyaminfoɔ no?” Awurade buaa sɛ, “Yuda na ɛsɛ sɛ wɔdi animu.”
19 Por la mañana se levantaron los hijos de Israel y acamparon contra Gabaa.
Enti, Israelfoɔ no siim anɔpahema kɔkyeree sraban wɔ baabi a ɛbɛn Gibea.
20 Salieron los hijos de Israel a pelear contra Benjamín, y se alinearon en orden de batalla contra ellos junto a Gabaa.
Afei, wɔtu teneeɛ de wɔn ani kyerɛɛ Gibea sɛ wɔrekɔto ahyɛ Benyamin mmarima no so.
21 Pero los hijos de Benjamín salieron de Gabaa y derribaron a tierra aquel día 22.000 hombres de Israel.
Nanso, Benyamin akofoɔ a na wɔrebɔ kuro no ho ban no pue kunkumm Israelfoɔ no ɔpeduonu mmienu wɔ akono hɔ ɛda no ara.
22 Pero el pueblo, los hombres de Israel, se reanimaron y volvieron a ordenar batalla en el mismo lugar donde la habían ordenado el día anterior.
Nanso, Israelfoɔ nyaa akokoɔduru boaa wɔn ho ano wɔ baabi a wɔkoo ɛda a ɛdi animu no.
23 Pues los hijos de Israel subieron y lloraron delante de Yavé hasta llegar la noche. Consultaron a Yavé: ¿Nos acercaremos otra vez a pelear contra los hijos de nuestro hermano Benjamín? Yavé dijo: Suban contra él.
Na wɔakɔ Bet-El akɔsu wɔ Awurade anim akɔsi anwummerɛ. Afei, wɔbisaa Awurade sɛ, “Yɛne yɛn ara abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin nko bio anaa?” Na Awurade buaa sɛ, “Monkɔ na mo ne wɔn nkɔko.”
24 Entonces los hijos de Israel llegaron contra los hijos de Benjamín el segundo día.
Enti, wɔkɔko tiaa Benyamin akofoɔ no,
25 Benjamín de Gabaa salió contra ellos el segundo día y otra vez cayeron a tierra 18.000 hombres de los hijos de Israel. Todos ellos sacaban espada.
na Benyamin mmarima no sane kumm Israelfoɔ akofoɔ a wɔnim akofena akodie yie no mpem dunwɔtwe.
26 Entonces todo el pueblo de los hijos de Israel subió, fueron a Bet-ʼEl y lloraron. Permanecieron allí delante de Yavé y ayunaron aquel día hasta llegar la noche. Sacrificaron holocaustos y ofrendas de paz delante de Yavé.
Ɛnna Israelfoɔ no kɔɔ Bet-El kɔsuu wɔ Awurade anim kyenee kɔm kɔsii anwummerɛ. Wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ maa Awurade.
27 Consultaron los hijos de Israel a Yavé, pues el Arca del Pacto de ʼElohim estaba allí aquellos días,
Na Israelfoɔ kɔɔ Awurade anim kɔpɛɛ akwankyerɛ. (Saa ɛberɛ no na Onyankopɔn apam adaka no wɔ Bet-El,
28 y Finees, hijo de Eleazar, hijo de Aarón, ministraba ante ella en aquel tiempo. Preguntaron: ¿Volveremos a salir a luchar contra los hijos de nuestro hermano Benjamín, o desistiremos? Y Yavé dijo: ¡Suban, porque mañana lo entregaré en sus manos!
na Eleasa babarima Pinehas a ɔyɛ Aaron nana no na na ɔyɛ ɔsɔfoɔ). Israelfoɔ no bisaa Awurade, sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛko tia yɛn ara yɛn abusuafoɔ Benyamin bio anaasɛ yɛnnyae?” Awurade buaa sɛ, “Monkɔ! Ɔkyena mɛma moadi wɔn so nkonim.”
29 Entonces Israel tendió emboscadas alrededor de Gabaa.
Enti, Israelfoɔ de atɛfoɔ twaa Gibea ho nyinaa hyiaeɛ.
30 Al tercer día, cuando los hijos de Israel subieron contra los hijos de Benjamín, dispusieron batalla frente a Gabaa como las otras veces.
Ne nnansa so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ beaeɛ korɔ hɔ ara.
31 Los hijos de Benjamín salieron para enfrentarse al pueblo y se alejaron de la ciudad. Como las otras veces, comenzaron a matar a algunos de ellos en los caminos, uno de los cuales sube a Bet-ʼEl y otro a Gabaa. Así mataron en el campo a unos 30 hombres de Israel.
Ɛberɛ a Benyaminfoɔ akofoɔ pue baeɛ wɔ ɔko so no, wɔtwee wɔn firii kuro no mu. Na sɛdeɛ na wɔayɛ pɛn no, wɔhyɛɛ aseɛ kunkumm Israelfoɔ no. Ɛbɛyɛ Israelfoɔ aduasa na wɔwuwuiɛ wɔ akono petee mu hɔ a ebi deda akwan a ɛkɔ Bet-El ne Gibea ho.
32 Los hijos de Benjamín decían: ¡Están vencidos ante nosotros como antes! Pero los hijos de Israel se habían dicho: Huiremos para alejarlos de la ciudad hasta los caminos.
Afei Benyamin akofoɔ no teaam sɛ, “Yɛredi wɔn so sɛdeɛ yɛdii wɔn so wɔ ɔko a ɛdi ɛkan no mu no!” Na saa ɛberɛ no na Israelfoɔ no apene so dada sɛ wɔbɛdwane ama Benyamin mmarima no ataa wɔn wɔ akwan no so, na ama wɔatwe wɔn afiri kuro no mu.
33 Entonces todos los de Israel se levantaron de su posición y se dispusieron en orden de batalla en Baal-tamar, mientras que la emboscada de Israel se lanzó desde su posición al oeste de Gabaa.
Ɛberɛ a Israelfoɔ akodɔm kɛseɛ no duruu Baal-Tamar no, wɔdanee wɔn ho koeɛ. Ɛhɔ na Israelfoɔ a wɔatɛ wɔ Geba no puee prɛko pɛ firi wɔn atɛeɛm
34 10.000 hombres escogidos de todo Israel llegaron frente a Gabaa, y la batalla arreciaba, pero los benjaminitas no entendían que el desastre se les venía encima.
kɔsii Benyaminfoɔ no akyi tohyɛɛ wɔn so. Ɔko no mu yɛɛ den ara kɔsii sɛ na Benyaminfoɔ no ntumi nhunu amanehunu a ɛbɛba.
35 Aquel día Yavé derrotó a Benjamín ante Israel, y los hijos de Israel mataron a 25.100 hombres de Benjamín, todos los cuales sacaban espada.
Ɛno enti, Awurade boaa Israel ma wɔdii Benyamin so nkonim. Saa ɛda no, Israelfoɔ kunkumm Benyamin akofoɔ no mpem aduonu enum ne ɔha, a na wɔn nyinaa nim akofena ano ko yie.
36 Los hijos de Benjamín vieron que eran derrotados. Sin embargo, los hijos de Israel cedieron campo a Benjamín, pues confiaban en la emboscada que pusieron contra Gabaa.
Afei, Benyaminfoɔ no hunuu sɛ wɔadi nkoguo. Israelfoɔ no dwane firii Benyamin akofoɔ no anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔakɔ atɛ no bɛnya ɛkwan ayɛ wɔn adwuma.
37 Entonces la gente de la emboscada se apresuró y atacó a Gabaa. Se desplegó y mataron a filo de espada a toda la ciudad.
Afei, wɔn a na wɔatɛ no firii afanan nyinaa kɔɔ Gibea, kunkumm obiara a ɔwɔ kuro no mu.
38 Era señal convenida entre los hombres de Israel y los de la emboscada, que éstos harían subir una gran humareda desde la ciudad.
Wɔtuee wisie kumɔnn wɔ kuro no so,
39 Así, cuando los hombres de Israel volvieron la espalda en el combate, y los de Benjamín comenzaron a causar bajas entre los hombres de los de Israel y mataron a unos 30 hombres, pensaron: De seguro están derrotados ante nosotros como en el primer combate.
a ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ma Israelfoɔ no sɛ wɔnsane mmra mmɛto nhyɛ Benyamin akofoɔ no so. Saa ɛberɛ no na Benyamin akofoɔ no akum Israelfoɔ no aduasa, a wɔteaam sɛ, “Yɛredi wɔn so sɛdeɛ yɛdii wɔn so ɔko a ɛdi ɛkan no mu no!”
40 Pero cuando la humareda comenzó a subir de la ciudad, los de Benjamín miraron hacia atrás y vieron que de la ciudad subía el humo al cielo.
Nanso, ɛberɛ a Benyamin akofoɔ no hwɛɛ wɔn akyi, na wɔhunuu wisie a atu nam ewiem wɔ kuro no mu baabiara no,
41 Entonces los hombres de Israel se devolvieron, mientras los de Benjamín se consternaron, pues veían que la catástrofe cayó sobre ellos.
Israelfoɔ no sane baeɛ bɛto hyɛɛ wɔn so. Afei, Benyamin akofoɔ no hunuu sɛ asɛm aba na wɔbɔɔ huboa.
42 Por ello volvieron sus espaldas ante los hombres de Israel y tomaron el camino al desierto. Pero la batalla los alcanzó, mientras que los que salían de las ciudades eran exterminados en medio de ellas.
Enti, wɔdwane de wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so. Nanso, Israelfoɔ no taa wɔn kunkumm wɔn.
43 Cercaron así a los benjamitas y los persiguieron sin tregua hasta frente a Gabaa, hacia donde nace el sol.
Israelfoɔ no twaa Benyaminfoɔ no ho hyiaeɛ, taa wɔn anibereɛ so, kɔtoo wɔn wɔ Gibea atɔeɛ fam.
44 De Benjamín cayeron 18.000 hombres, todos hombres valientes.
Ɛda no, Benyamin akofoɔ akɛseɛ mpem dunwɔtwe na wɔtotɔɔ ɔko no mu.
45 Los demás se volvieron y huyeron hacia el desierto, hasta la peña de Rimón. De ellos fueron abatidos en los caminos otros 5.000 hombres, y siguieron en la persecución hasta Gidom, donde mataron a 2.000 hombres más.
Wɔn a wɔanwuwu no dwane kɔɔ ɛserɛ so baabi a ɛbɛn Rimon botan no ho. Nanso, Israelfoɔ no kunkumm wɔn mu mpem enum wɔ ɛkwan no so. Wɔtoaa so taa wɔn, kɔsii sɛ wɔkumm mpenu wɔ baabi a ɛbɛn Gidom kaa ho.
46 De manera que los que cayeron de Benjamín aquel día fueron 25.000 hombres que sacaban espada, todos hombres valientes.
Enti, Benyamin abusuakuo no hweree akofoɔ akokoɔdurufoɔ ɔpeduonunum saa ɛda no,
47 Pero 600 hombres se volvieron y huyeron hacia el desierto, hasta la peña de Rimón, y se quedaron en la peña de Rimón cuatro meses.
ma ɛkaa mmarima ahansia pɛ a wɔdwane kɔɔ ɔbotan Rimon ho kɔtenaa hɔ abosome ɛnan no.
48 Los de Israel se volvieron contra los hijos de Benjamín y los mataron a filo de espada, tanto hombres como animales, y todo lo que fue hallado, e incendiaron las ciudades.
Afei Israelfoɔ no sane baeɛ bɛkunkumm abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu wɔ nkuro no nyinaa mu, firi nnipa so kɔsi anantwie ne biribiara so. Na kuro biara a wɔduruu so no, wɔhyee no dworobɛɛ.

< Jueces 20 >