< Isaías 65 >

1 Me dejé hallar por los que no preguntaban por Mí. Me dejé buscar por los que no me invocaban. Dije a gente que no invocaba mi Nombre: ¡Aquí estoy! ¡Aquí estoy!
“Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase; wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me. Ɔman a wɔnnsu mfrɛ me no Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Me nie, Me nie.’
2 Todo el día extendí mis manos hacia un pueblo rebelde, que no anda por buen camino. Anda tras sus propios pensamientos.
Ɛda mu nyinaa, matrɛ me nsa mu ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano, a wɔnenam akwammɔne so, na wɔdi wɔn ankasa nsusuiɛ akyi.
3 Pueblo que en mi propio rostro me provoca a ira continuamente, que sacrifica en huertos y quema incienso sobre ladrillos,
Nnipa a daa no wɔyi me ahi wɔ mʼanim pɛɛ. Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ nturo mu na wɔhye nnuhwam wɔ ntayaa afɔrebukyia so;
4 que se sientan en los sepulcros y pasan la noche en las bóvedas, que comen carne de cerdo y hay caldo de cosas repugnantes en sus ollas.
Wɔtenana adamena so na anadwo wɔsiri pɛ nkokoam; wɔwe prakonam na wɔn nkwansɛn mu nso, wɔayɛ nkwan a wɔde ɛnam a ɛho nteɛ ayɛ;
5 Ellos dicen: Quédate en tu lugar. No te acerques, porque estoy más consagrado que tú. Éstos son como el humo de mi furor, como fuego que arde todo el día.
wɔka sɛ, ‘Momfiri ha; mo mmɛn me, ɛfiri sɛ me ho te dodo ma mo!’ Saa nnipa yi yɛ wisie wɔ me hwene mu, ogya a ɛkɔ so hyeɛ da mu nyinaa.
6 En verdad está escrito delante de Mí. No callaré hasta dar retribución. No descansaré hasta retribuir su obra del pasado en su propio regazo,
“Hwɛ, wɔatwerɛ ato hɔ wɔ mʼanim sɛ, merennyɛ komm, mɛtua so ka pɛpɛɛpɛ; mɛtua so ka agu wɔn asrɛ so,
7 por sus iniquidades y las de sus antepasados juntamente, dice Yavé. Porque quemaron incienso en los lugares altos y blasfemaron en las colinas. Por tanto, mediré su obra antigua en su regazo.
mo ne mo agyanom bɔne nti,” sei na Awurade seɛ. “Esiane sɛ wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ mmepɔ so na wɔtwirii me wɔ nkokoɔ so enti mɛsusu bɔne a wɔyɛɛ kane no so akatua pɛpɛɛpɛ agu wɔn asrɛ so.”
8 Yavé dice: Como alguno que halla jugo en un racimo y dice: ¡No dejes que se pierda, porque es una bendición! Así Yo haré a causa de mis esclavos. No lo destruiré todo.
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɛdeɛ wɔnya nsuo firi bobe dontwo mu na nnipa ka sɛ, ‘Monnsɛe no, ɛfiri sɛ adepa bi da so wɔ mu’ no saa ara na mʼasomfoɔ no enti mɛyɛ. Merensɛe wɔn nyinaa.
9 Sacaré linaje de Jacob y de Judá, al heredero de mis montañas. Entonces mis escogidos poseerán la tierra, y mis esclavos vivirán allí.
Mede Yakob asefoɔ bɛba, na me mmepɔ no sodifoɔ afiri Yuda aba; me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn adeɛ, na ɛhɔ na mʼasomfoɔ bɛtena.
10 Sarón será un pastizal de ovejas, y el valle de Acor lugar de descanso para manadas de ganado vacuno y beneficio de mi pueblo que me busca.
Saron bɛyɛ nnwankuo adidibea, na Akɔr bɔnhwa no ayɛ anantwikuo homebea, ama me nkurɔfoɔ a wɔhwehwɛ me.
11 Pero ustedes, los que abandonan a Yavé y se olvidan de mi Santa Montaña, los que preparan una mesa para el ʼelohim Fortuna y hacen libaciones al ʼelohim Destino,
“Na mo a mogya Awurade na mo werɛ firi ne bepɔ kronkron no, mo a moto ɛpono ma Ahonya bosom no na mohyɛ afransa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea bosom no,
12 Todos ustedes se encorvarán para la matanza. Yo también los destino a la espada. Porque llamé y no respondieron. Hablé y no escucharon. Hicieron lo malo ante mis ojos, escogieron lo que no me deleita.
mede mo bɛto akofena ano, na mo nyinaa akoto ama wɔakum mo; ɛfiri sɛ mefrɛeɛ nanso moannye so, mekasaeɛ nanso moantie. Moyɛɛ deɛ ɛyɛ mʼani so bɔne na moyɛɛ deɛ mempɛ.”
13 Por eso ʼAdonay Yavé dice: Ciertamente mis esclavos comerán, pero ustedes tendrán hambre. Miren, mis esclavos beberán, y ustedes tendrán sed. Ciertamente mis esclavos estarán alegres, pero ustedes avergonzados.
Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Mʼasomfoɔ bɛdidi, nanso ɛkɔm bɛde wɔn, mʼasomfoɔ bɛnom, nanso osukɔm bɛde wɔn; mʼasomfoɔ ani bɛgye, nanso wɔn anim bɛgu ase.
14 En verdad mis esclavos cantarán por el júbilo del corazón, pero ustedes clamarán por el dolor del corazón y gemirán por el quebrantamiento de espíritu.
Mʼasomfoɔ bɛto nnwom afiri akoma mu anigyeɛ mu na wɔbɛteam asu afiri wɔn akoma ahoyera mu na wɔbɛtwa adwo afiri honhom a ayɛ mmrɛ mu.
15 Su nombre será dejado para que reciba maldición de mis escogidos, cuando digan: ¡Que ʼAdonay Yavé te mate, pero que a sus esclavos llame por otro nombre!
Mo din bɛyɛ mmusuo ama wɔn a mapa wɔn; Otumfoɔ Awurade bɛkum mo na nʼasomfoɔ deɛ, ɔbɛma wɔn edin foforɔ.
16 Porque el que sea bendecido en la tierra será bendecido por el ʼElohim de la verdad, y el que jure en la tierra jurará por el ʼElohim de la verdad. Porque las angustias del pasado serán olvidadas. En verdad, quedarán ocultas ante mis ojos.
Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so bɛyɛ wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu; obiara a ɔka ntam wɔ asase no so bɛka no wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu. Na ɔhaw a atwam no, wɔn werɛ bɛfiri na me nso, me werɛ bɛfiri.
17 Porque en verdad, Yo creo nuevos cielos y nueva tierra. No habrá recuerdo de las primeras cosas, ni llegarán más al pensamiento.
“Hwɛ! Mɛbɔ ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ. Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio, na ɛremma adwene mu nso.
18 Pero se gozarán y se alegrarán para siempre en las cosas que Yo crearé. Ciertamente transformo a Jerusalén en regocijo y a su pueblo en alegría.
Nanso momma mo ani nnye na monni ahurisie afebɔɔ wɔ deɛ merebɛbɔ ho, ɛfiri sɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anika na emu nnipa ayɛ anigyeɛ farebae.
19 Me gozaré por Jerusalén y me regocijaré por mi pueblo. Nunca jamás se oirá voz de lamento ni sonido de llanto en ella.
Mɛsɛpɛ me ho wɔ Yerusalem mu, na madi ahurisie wɔ me nkurɔfoɔ ho. Na wɔrente agyaadwoɔ ne osu nnyegyeeɛ wɔ mu bio.
20 No habrá allí bebés que vivan pocos días, ni ancianos que no cumplan sus años, porque el niño morirá de 100 años y el pecador de 100 años será maldito.
“Ɛrensi bio wɔ mu. Abɔfra a ne nkwa nna yɛ kakraa bi, anaa akɔkoraa a ɔnni ne mfeɛ nwieeɛ, deɛ ɔdi mfeɛ ɔha na ɔwu no wɔbɛfa no sɛ ɔbabunu bi kɛkɛ; na deɛ wannya mfeɛ ɔha no wɔbɛfa no sɛ wɔadome no.
21 Edificarán casas y vivirán en ellas. Plantarán viñas y comerán sus frutos.
Wɔbɛsisi afie na wɔatena mu, wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba.
22 No edificarán para que otro habite, ni plantarán para que otro coma, porque los años de mi pueblo serán los años de un árbol, y mis escogidos disfrutarán plenamente la obra de sus manos.
Wɔrensisi afie mma afoforɔ mmɛtena mu bio, na wɔrennua mma afoforɔ mmɛdi. Na nna a nnua di no, saa ara na me nkurɔfoɔ nna bɛyɛ; me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛre.
23 No trabajarán en vano, ni darán a luz hijos para el terror, porque son la descendencia bendita de Yavé, y también sus descendientes.
Wɔremmrɛ nnwu na wɔrenwo mma a wɔn hyɛberɛ nnyɛ; ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn, wɔne wɔn asefoɔ.
24 Acontecerá que antes que clamen, Yo responderé. Mientras hablan, Yo los escucharé.
Mɛbua wɔn ansa na wɔafrɛ me. Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, mɛtie.
25 El lobo y el cordero serán apacentados juntos, el león comerá paja como el buey, y el polvo será el alimento de la serpiente. No harán daño ni destruirán en toda mi Santa Montaña, dice Yavé.
Pataku ne odwammaa bɛdidi abɔ mu; gyata bɛwe ɛserɛ sɛ ɔnantwie, nanso mfuturo bɛyɛ ɔwɔ aduane. Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi wɔ me bepɔ kronkron so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

< Isaías 65 >