< Isaías 12 >

1 Aquel día dirás: Te doy las gracias, oh Yavé, porque aunque estuviste airado contra mí, la ira se apartó y me consolaste.
Saa ɛda no, wobɛka sɛ: “Mɛkamfo wo Ao Awurade! Ɛwom sɛ wo bo fuu me deɛ, nanso afei wʼabofuo ano adwo. Na woakyekyere me werɛ.
2 Ciertamente ʼEL es mi salvación. Confiaré y no temeré, porque mi fortaleza y mi cántico es YA Yavé, quien es mi salvación.
Nokorɛ, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa; mede me ho bɛto ne so, na merensuro. Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom; na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.”
3 Sacarán agua con alegría de las fuentes de la salvación.
Wode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura mu.
4 Y dirán aquel día: Den gracias a Yavé. Invoquen su Nombre. Proclamen entre los pueblos sus proezas. Que reconozcan que su Nombre es excelso.
Saa ɛda no wobɛka sɛ, “Ɛda Awurade ase, bɔ ne din Ma amanaman nhunu deɛ wayɛ, na pae mu ka sɛ wɔama ne din so.
5 ¡Canten salmos a Yavé, porque hizo proezas! ¡Sea conocido esto en toda la tierra!
To dwom ma Awurade, ɛfiri sɛ, wayɛ deɛ ɛwɔ animuonyam bebree. Da yei adi kyerɛ ewiase nyinaa.
6 ¡Regocíjate y canta, oh habitante de Sion, porque el Santo de Israel es grande en medio de ti!
Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a mowɔ Sion, ɛfiri sɛ, Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ kokuroko.”

< Isaías 12 >