< Génesis 5 >
1 Este es el rollo de las generaciones de Adán. El día cuando ʼElohim creó al hombre, lo hizo a imagen de ʼElohim.
Sɛnea Adam asefo nnidiso te ni. Bere a Onyankopɔn nwen onipa no, ɔnwen no sɛ ɔno ara ne sɛso.
2 Varón y hembra los creó, y los bendijo. El día cuando fueron creados los llamó Adán.
Ɔbɔɔ ɔbea ne ɔbarima, na ohyiraa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn wiee no, ɔtoo wɔn din onipa.
3 Adán vivió 130 años y engendró [un hijo] a su semejanza, conforme a su imagen, y lo llamó Set.
Adam dii mfe ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo ne din Set.
4 Después de engendrar a Set, los días de Adán fueron 800 años, y engendró hijos e hijas.
Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfe ahanwɔtwe a ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
5 Fueron todos los días que vivió Adán 930 años, y murió.
Sɛ wɔka Adam mfe nyinaa bɔ mu a, odii mfe ahankron aduasa, ansa na ɔrewu.
6 Set vivió 105 años y engendró a Enós.
Set dii mfe ɔha ne anum no, ɔwoo Enos.
7 Set vivió después de engendrar a Enós 807 años, y engendró hijos e hijas.
Set woo Enos akyi no, ɔtenaa ase, dii mfe ahanwɔtwe ne ason, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
8 Los días de Set fueron 912 años, y murió.
Sɛ wɔka Set mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne dumien, ansa na ɔrewu.
9 Enós vivió 90 años y engendró a Cainán.
Enos dii mfe aduɔkron no, ɔwoo Kenan.
10 Después de engendrar a Cainán, Enós vivió 815 años, y engendró hijos e hijas.
Enos woo Kenan akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe ne dunum, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
11 Los días de Enós fueron 905 años, y murió.
Sɛ wɔka Enos mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne anum, ansa na ɔrewu.
12 Cainán vivió 70 años y engendró a Mahalaleel.
Kenan dii mfe aduɔson no, ɔwoo Mahalalel.
13 Después de engendrar a Mahalaleel, Cainán vivió 840 años, y engendró hijos e hijas.
Kenan woo Mahalalel akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe aduanan, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
14 Los días de Cainán fueron 910 años, y murió.
Sɛ wɔka Kenan mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne du, ansa na ɔrewu.
15 Mahalaleel vivió 65 años y engendró a Jared.
Mahalalel dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Yared.
16 Después de engendrar a Jared, Mahalaleel vivió 830 años, y engendró hijos e hijas.
Mahalalel woo Yared akyi no, ɔtenaa ase, dii mfe ahanwɔtwe aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
17 Los días de Mahalaleel fueron 895 años, y murió.
Sɛ wɔka Mahalalel mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahanwɔtwe aduɔkron anum, ansa na ɔrewu.
18 Jared vivió 162 años y engendró a Enoc.
Yared dii mfe ɔha aduosia abien no, ɔwoo Henok.
19 Después de engendrar a Enoc, Jared vivió 800 años, y engendró hijos e hijas.
Yared woo Henok akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
20 Los días de Jared fueron 962 años, y murió.
Sɛ wɔka Yared mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron aduosia abien, ansa na ɔrewu.
21 Enoc vivió 65 años y engendró a Matusalén.
Henok dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Metusela.
22 Enoc anduvo con ʼElohim 300 años después de engendrar a Matusalén, y engendró hijos e hijas.
Henok woo Metusela akyi no, Henok de ne ho bataa Awurade ho mfe ahaasa, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
23 Los días de Enoc fueron 365 años.
Sɛ wɔka Henok mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahaasa aduosia anum.
24 Enoc anduvo con ʼElohim, y desapareció, porque ʼElohim lo arrebató.
Henok de ne ho bataa Onyankopɔn; afei, obi anhu no bio, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.
25 Matusalén vivió 187 años y engendró a Lamec.
Metusela dii mfe ɔha aduɔwɔtwe ason no, ɔwoo Lamek.
26 Después de engendrar a Lamec, Matusalén vivió 782 años, y engendró hijos e hijas.
Metusela woo Lamek akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanson aduɔwɔtwe abien, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
27 Los días de Matusalén fueron 969 años, y murió.
Sɛ wɔka Metusela mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron aduosia akron, ansa na ɔrewu.
28 Lamec vivió 182 años y engendró un hijo.
Lamek dii mfe ɔha ne aduɔwɔtwe abien no, ɔwoo ɔbabarima.
29 Lo llamó Noé, y dijo: Éste nos aliviará de nuestras obras, de la fatiga de nuestras manos y de la tierra que Yavé maldijo.
Ɔtoo no din Noa, na ɔkae se, “Ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegye afi kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so.”
30 Después de engendrar a Noé, Lamec vivió 595 años, y engendró hijos e hijas.
Lamek woo Noa akyi no, ɔtenaa ase mfe ahannum aduɔkron anum, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
31 Los días de Lamec fueron 777 años, y murió.
Sɛ wɔka Lamek mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahanson aduɔson ason, ansa na ɔrewu.
32 Cuando Noé tenía 500 años había engendrado a Sem, Cam y Jafet.
Noa dii mfe ahannum no, ɔwoo mmabarima baasa a wɔfrɛ wɔn Sem, Ham ne Yafet.