< Génesis 31 >
1 Pero [Jacob] escuchaba las palabras de los hijos de Labán, que decían: Jacob tomó todo lo que era de nuestro padre. Toda esta riqueza la adquirió con lo que era de nuestro padre.
Yakob tee sɛ Laban mmammarima no reka sɛ, “Yakob afa yɛn agya ho nneɛma nyinaa. Nʼahonya nyinaa firi yɛn agya nneɛma a wafa no.”
2 Jacob observaba el semblante de Labán, y miraba que no era hacia él como antes.
Yakob hunuu sɛ, afei deɛ, Laban nte nʼanim nkyerɛ no sɛ kane no.
3 Entonces Yavé dijo a Jacob: Regresa a la tierra de tus antepasados y a tu parentela, y Yo estaré contigo.
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Sane kɔ wʼabusuafoɔ ne wo nkurɔfoɔ asase so, na mɛdi wʼakyi.”
4 Luego Jacob mandó llamar a Raquel y a Lea al campo, donde tenía su rebaño,
Enti, Yakob soma ma wɔkɔfrɛɛ ne yerenom Rahel ne Lea sɛ, wɔmmra ne nkyɛn wɔ ɛserɛ no so, faako a ɔne ne nnwankuo no wɔ no.
5 y les dijo: Observo que el semblante del padre de ustedes hacia mí no es como antes, pero el ʼElohim de mi padre estuvo conmigo.
Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mahunu sɛ, afei deɛ, mo agya Laban anim nyɛ me fɛ sɛ kane no, nanso Onyankopɔn a mʼagya Isak somm no no ka me ho.
6 Ustedes saben también que con toda mi fuerza he servido a su padre,
Monim sɛ, mayi me yam, de mʼahoɔden nyinaa ayɛ adwuma, ama mo agya;
7 pero su padre me engañó, y cambió mi salario diez veces. Sin embargo, ʼElohim no le permitió hacerme mal.
nanso mo agya nam nsisie kwan so, asesa mʼakatua mu mprɛdu. Nanso, yei nyinaa akyiri, Onyankopɔn amma no ɛkwan amma wanyɛ me bɔne.
8 Si él decía así: Los moteados serán tu salario, entonces todas las ovejas parían moteados. Y si decía: Los listados serán tu salario, entonces todas las ovejas parían listados.
Sɛ ɔka sɛ, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ ntokontrama no bɛyɛ wʼakatua,’ na sɛ mmoa no wo a, na wɔawo mma a wɔn ho yɛ ntokontrama. Sɛ ɔka sɛ, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ nsensaneɛ no bɛyɛ wʼakatua’ a, na wɔawowo mma a wɔn ho yɛ nsensaneɛ.
9 Así ʼElohim despojó del ganado a su padre, y me lo dio a mí.
Ɛkwan a Onyankopɔn nam so agye mo agya nsam nyɛmmoa no de wɔn ama me ama mayɛ ɔdefoɔ no ne no.
10 Sucedió que en un sueño, en el tiempo cuando las ovejas se apareaban, levanté mis ojos y miré que los machos que montaban a las ovejas eran listados, moteados y manchados.
“Ɛduruu ɛberɛ a mmoa no hyiam no, mesoo daeɛ hunuu sɛ, nnwennini a wɔforo nnwammedeɛ no ho yɛ ntokontrama, nsensaneɛ anaa nsisimu.
11 Y el Ángel de ʼElohim me dijo en el sueño: Jacob. Y yo dije: Aquí estoy.
Onyankopɔn ɔbɔfoɔ frɛɛ me wɔ daeɛ no mu ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yakob!’ Ɛnna megyee so sɛ, ‘Me nie!’
12 Y Él dijo: Levanta ahora tus ojos y verás que todos los machos que montan a las ovejas son listados, moteados y manchados, porque Yo veo todo lo que Labán te hace.
Ɛnna ɔsoro abɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ na hunu sɛ, nnwennini a wɔforo nnwammedeɛ no nyinaa ho yɛ nsensaneɛ, ntokontrama anaa nsisimu, na mahunu ɛkwan a Laban de wo fa so no nyinaa.
13 Yo soy el ʼEL de Bet-ʼEl, donde ungiste la estela y donde me hiciste un voto. Levántate ahora, sal de esta tierra y regresa a la tierra de tu nacimiento.
Mene Onyankopɔn a meyii me ho adi kyerɛɛ wo wɔ Bet-El, beaeɛ a wode ɛboɔ sii hɔ, hwiee ngo guu so, somm me, hyɛɛ me bɔ sɛ, wobɛsom me no. Afei, tu firi saa asase yi so ntɛm ara, na sane kɔ asase a wɔwoo wo wɔ so no so.’”
14 Al responder Raquel y Lea, le preguntaron: ¿Tenemos parte o herencia en la casa de nuestro padre?
Na Rahel ne Lea bisaa sɛ, “Enti, saa tebea a yɛwɔ mu yi, yɛwɔ kyɛfa bi wɔ yɛn agya agyapadeɛ mu anaa?
15 ¿No nos consideraba ya como extrañas, pues nos vendió y consumió también nuestro dinero?
Yɛn agya mfa yɛn sɛ yɛyɛ ahɔhoɔ? Watɔn yɛn, na yɛn tiri sika a ɔgyeeɛ no nso, wadi.
16 Porque toda la riqueza que ʼElohim despojó a nuestro padre es nuestra y de nuestros hijos. Ahora pues, haz todo lo que ʼElohim te dijo.
Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, yɛn agya ahodeɛ a Onyankopɔn gyeeɛ no nyinaa yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti, biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ yɛ no, yɛ.”
17 Entonces Jacob se levantó y montó a sus hijos y a sus esposas en los camellos,
Ɛda bi, Yakob de ne mma ne ne yerenom tenatenaa nyoma so.
18 y condujo todo su ganado y toda su ganancia que acumuló, el ganado que le pertenecía que adquirió en Padan-aram, para ir a [la casa de] Isaac su padre, a la tierra de Canaán.
Ɔkaa ne mmoa nyinaa, agyapadeɛ a wanya nyinaa ne mmoa a ɔnyaa wɔ Paddan-Aram nyinaa dii nʼanim sɛ, ɔrekɔ nʼagya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so.
19 Mientras tanto, Labán fue a trasquilar sus ovejas. Raquel hurtó los ídolos domésticos de su padre.
Ɛberɛ a Laban kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔtwitwa ne nnwan ho nwi no, Rahel faa nʼakyi kɔwiaa nʼagya fie abosom.
20 Jacob engañó a Labán el arameo al no avisarle que se iba.
Yakob daadaa Aramni Laban a wamma wanhunu sɛ, ɔredwane.
21 Él huyó con todo lo que tenía. Y al levantarse, vadeó el río y se dirigió hacia la montaña de Galaad.
Yakob de nʼahodeɛ nyinaa dwaneeɛ. Ɔtwaa Asubɔnten Eufrate, de nʼani kyerɛɛ bepɔ asase Gilead no so.
22 Al tercer día le informaron a Labán que Jacob huyó.
Yakob ne nʼabusuafoɔ dwaneeɛ no, nnansa akyiri ansa na Laban tee sɛ wɔkɔ.
23 Entonces tomó a sus parientes consigo, lo persiguió durante siete días y lo alcanzó en la montaña de Galaad.
Laban faa ne fiefoɔ, kaa ne ho, de anibereɛ tii Yakob. Nnanson akyiri ansa na ɔkɔtoo Yakob ne ne nkurɔfoɔ no wɔ bepɔ Gilead so.
24 Pero en el sueño de la noche, ʼElohim llegó a Labán el arameo y le dijo: ¡Ten cuidado de no hablar a Jacob bien ni mal!
Saa ɛda no ara anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ daeɛ mu kyerɛɛ Aramni Laban. Ɔka kyerɛɛ no wɔ daeɛ no mu sɛ, “Hwɛ yie na woankɔka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.”
25 Labán alcanzó a Jacob, quien ya había plantado sus tiendas en la montaña. Labán acampó con sus parientes en la misma montaña de Galaad.
Ɛberɛ a Laban ne ne fiefoɔ kɔtoo Yakob no, na Yakob asisi ne ntomadan wɔ bepɔ Gilead atifi. Laban ne ne fiefoɔ no nso sisii wɔn ntomadan wɔ bepɔ no ayaase.
26 Y Labán preguntó a Jacob: ¿Qué hiciste? ¡Me engañaste y te trajiste a mis hijas como prisioneras de guerra!
Afei, Laban kɔɔ Yakob nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Woadaadaa me. Asɛm bɛn na wode adi me yi? Woakyekyere me mmammaa de wɔn redwane te sɛ nnommumfoɔ.
27 ¿Por qué te escondiste para huir? Me engañaste y no me avisaste para despedirte con festejos y cantares, con tamboril y arpa.
Adɛn enti na wodaadaa me, na wodwane firii me nkyɛn a woankra? Sɛ wokraa me a, anka mɛto wo ɛpono, na mama nnipa abɛbɔ sankuo, ato nnwom wɔ apontoɔ no ase, de agya wo kwan.
28 Ni siquiera me dejaste besar a mis nietos ni a mis hijas. ¡Actuaste de manera insensata!
Woamma mankyeakyea me nananom ne me mmammaa yi nsam mpo, amfa annya wɔn kwan. Woadi nkwaseasɛm.
29 Hay poder en mi mano para hacerles mal, pero el ʼElohim de tu padre me habló anoche: Ten cuidado de no hablar bien ni mal a Jacob.
Mewɔ tumi sɛ anka meyɛ wo bɔne, nanso, nnora anadwo, Onyankopɔn a wo agya somm no no ka kyerɛɛ me wɔ daeɛ mu sɛ, ‘Hwɛ yie na woanka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne, ankyerɛ Yakob.’
30 Y ahora, si decidiste irte por la nostalgia que tenías por la casa de tu padre, ¿por qué robaste mis ídolos caseros?
Esiane sɛ wʼani agyina wo agya fie enti, na ɛsɛ sɛ wokɔ ara, na adɛn enti na wowiaa mʼabosom, de kaa wo nneɛma ho?”
31 Jacob respondió a Labán: Porque tuve miedo, pues pensé que me quitarías por fuerza a tus hijas,
Yakob buaa Laban sɛ, “Na mesuro. Na ɛyɛ me sɛ wode tumi bɛgye wo mmammaa no afiri me nsam.
32 pero aquél con quien halles tus ídolos caseros, ¡que no viva! Delante de nuestros hermanos examina qué tengo de lo tuyo y tómalo contigo, porque Jacob no sabía que Raquel los hurtó.
Nanso, obiara a wobɛhunu wʼabosom no wɔ ne nkyɛn no, ɔsɛ owuo. Wʼankasa hwehwɛ, sɛ wobɛhunu biribiara a ɛyɛ wo dea wɔ me nneɛma yi mu wɔ yɛn nuanom yi anim. Sɛ wohunu biribiara a ɛyɛ wo dea a, fa wʼadeɛ.” Ɛberɛ a Yakob kaa saa asɛm yi no, na ɔnnim sɛ Rahel na wawia nʼagya Laban abosom no.
33 Por tanto Labán entró en la tienda de Jacob, en la tienda de Lea, y en la tienda de las dos esclavas, pero no los halló. Al salir de la tienda de Lea entró en la tienda de Raquel.
Ɛno enti, Laban kɔɔ Yakob, Lea, ne nʼasomfoɔ Bilha ne Silpa ntomadan mu kɔhwehwɛɛ hɔ, nanso wanhunu biribiara. Afei, ɔkɔwuraa Rahel ntomadan mu.
34 Pero Raquel ya había tomado los ídolos y los metió debajo de la pieza principal del aparejo que sirve para montar sobre el camello, y se sentó encima de ellos. Labán rebuscó por toda la tienda, pero no los halló.
Ɛfiri sɛ, na Rahel awia abosom no de ahyehyɛ ne yoma no atɛ ase, atena so. Enti, Laban kɔhwehwɛɛ nneɛma a ɛwɔ Rahel ntomadan no nyinaa mu, nanso wanhunu abosom no.
35 Entonces ella dijo a su padre: No se enciendan de enojo los ojos de mi ʼadón porque no me puedo levantar ante ti, pues estoy en el período de las mujeres. Y él buscó, pero no halló los ídolos.
Afei, Rahel ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Agya, mma wo bo mfu me sɛ mete hɔ wɔ wʼanim na mensɔre nnyina hɔ, ɛfiri sɛ, makɔ afikyire.” Enti, Laban toaa so hwehwɛɛ abosom no ara, nanso wanhunu.
36 Entonces Jacob se encolerizó y recriminó a Labán. Jacob tomó la palabra y preguntó a Labán: ¿Cuál es mi transgresión o cuál mi pecado para que me persigas con tal ardor?
Ɛyɛɛ saa no, Yakob bo fuu Laban yie, bisaa no sɛ, “Bɔne bɛn na mayɛ? Amumuyɛsɛm bɛn na madi a ɛno enti, woataa me ara yi?”
37 ¿Qué hallaste de todos los objetos de tu casa? Porque rebuscaste todos mis enseres. Ponlo aquí delante de mis parientes y tus parientes, y juzguen entre nosotros dos.
Wohwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, ɛdeɛn adeɛ na wohunuiɛ a ɛyɛ wo ne wo fiefoɔ dea? Deɛ wohunuiɛ biara no, fa bɛto dwa wɔ me nuanom ne wo nuanom a wɔahyia ha yi nyinaa anim, na wɔnkyerɛ deɛ ɛyɛ ne dea.
38 En estos 20 años que estuve contigo, tus ovejas y tus cabras nunca abortaron, ni yo comí carneros de tu rebaño.
“Mfirinhyia aduonu a wo ne me tenaeɛ, wo nnwan ne wo mmirekyie abereɛ no ampompɔn, na mankum wo nnwennini yi bi amfiri wo nnwankuo yi mu, anwe da.
39 Lo desgarrado por fieras no te lo traía; yo pagaba el daño. Lo hurtado, tanto de día como de noche, me lo cobrabas.
Mamfa wʼaboa biara a akekaboa bi atete ne mu ammrɛ wo; wɔn a mmoa kumm wɔn no, mʼankasa mehyɛɛ anan mu. Afei sɛ ɛba sɛ wɔwia wo mmoa no bi, anadwo anaa awia a, woma metua ka.
40 De día me consumía el calor y de noche la helada, y el sueño huía de mis ojos.
Saa na asetena a me ne wo teɛ no teɛ. Meyɛɛ wʼadwuma awia maa owia hyee me. Meyɛɛ wʼadwuma anadwo maa awɔ dee me, maa sɛ, mekɔ kɛtɛ so koraa a, mentumi nna.
41 Así estuve 20 años en tu casa: 14 años te serví por tus dos hijas, y seis años por tu ganado, y has cambiado mi salario diez veces.
Mfirinhyia aduonu a metenaa wo nkyɛn nyinaa, na saa na mʼasetena teɛ. Mede mfirinhyia dunan na ɛyɛɛ adwuma maa wo, de waree wo mmammaa baanu no. Ɛnna mede mfirinhyia nsia nso hwɛɛ wo nnwan. Deɛ ɛtwa toɔ koraa ne sɛ, wosesaa mʼakatua mpɛn edu.
42 Si el ʼElohim de mi padre, el ʼElohim de Abraham y el Temor de Isaac no hubiera estado conmigo, de cierto me despedirías ahora vacío. ʼElohim vio mi aflicción y la fatiga de mis manos, y te reprendió anoche.
Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn a mʼagya somm no, Onyankopɔn a Abraham somm no a ɔwɔ mafa ne suro a mesuro mʼagya Isak a, anka nokorɛm nie, wopamoo me, maa mede me nsapan kɔeɛ. Nanso Onyankopɔn hunuu mʼamanehunu ne me nsa ano adwuma enti na nnora anadwo ɔkaa wʼanim no.”
43 Entonces Labán respondió a Jacob: Las hijas son mías, los hijos son míos, las ovejas son mías, y todo lo que tú ves es mío. Así pues, ¿qué puedo hacer hoy a estas hijas mías, o a los hijos que ellas dieron a luz?
Laban buaa Yakob sɛ, “Mmaa no yɛ me mmammaa, mmɔfra no nso yɛ me nananom, ɛnna nnwankuo no nso yɛ me nnwankuo. Nneɛma a wohunu yi nyinaa yɛ me dea. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ mʼankasa me mmammaa ne me nananom bɔne?
44 Ven pues, concertemos ahora un pacto tú y yo, y sea testigo entre tú y yo.
Afei, bra na me ne wo nyɛ apam a ɛbɛdi me ne wo ntam adanseɛ. Saa apam no so na yɛbɛdi wɔ yɛn asetena nyinaa mu.”
45 Entonces Jacob tomó una piedra y la erigió como estela.
Enti, Yakob faa ɛboɔ de sii hɔ yɛɛ nkaeɛdum.
46 Y Jacob dijo a sus parientes: Recojan piedras. Tomaron piedras e hicieron un montón, y comieron allí sobre aquel montón.
Yakob kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montase aboɔ!” Enti, wɔtasee aboɔ boaa ano. Afei, wɔn nyinaa tenaa ho didiiɛ.
47 Labán lo llamó Yegar-sajadutah, y Jacob lo llamó Galaad.
Laban frɛɛ aboɔ kuo no Yegar-Sahaduta a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo. Yakob nso frɛɛ saa aboɔ kuo no Gal-Ed, a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo saa ara.
48 Entonces Labán dijo: Este montón es testigo hoy entre tú y yo. Por tanto fue llamado su nombre Galaad
Afei, Laban kaa sɛ, “Aboɔ Kuo yi na ɛdi me ne wo ntam adanseɛ ɛnnɛ!” Ɛno enti na wɔfrɛ no Gal-Ed no.
49 y Mizpa, por cuanto dijo: Vigile Yavé entre tú y yo cuando nos apartemos el uno del otro.
Na wɔsane frɛ aboɔ nkaeɛdum no nso bio sɛ, “Mispa” ɛfiri sɛ, Laban kaa sɛ, “Awurade mmoa yɛn, na sɛ yɛn ntam tete mpo a, yɛn mu biara bɛdi saa apam yi so.
50 Si maltratas a mis hijas, o si tomas otras mujeres además de mis hijas, mira, ʼElohim es testigo entre tú y yo. Nadie [más] está con nosotros.
Sɛ woanhwɛ me mmammaa yi yie anaasɛ woware mmaa foforɔ ka me mmammaa yi ho a, ɛwom sɛ merenhunu, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔbɛhunu.”
51 Y Labán dijo a Jacob: Aquí está este montón, y fíjate, la estela que erigí entre tú y yo.
Laban sane ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Aboɔ Kuo yi ni. Nkaeɛdum a mede asi me ne wo ntam no nso nie.
52 Sea testigo este montón y sea testigo la estela de que no pasaré de este montón hacia ti, ni tú pasarás de este montón, ni de esta estela hacia mí para mal.
Aboɔ Kuo yi ne nkaeɛdum yi nyɛ adanseɛ sɛ, me Laban, merentra saa Aboɔ Kuo yi ne nkaeɛdum yi mma baabi a wowɔ mmɛtoa wo. Na wo Yakob nso, worentra saa Aboɔ kuo yi ne nkaeɛdum yi mma baabi a mewɔ mmɛtoa me.
53 ¡El ʼElohim de Abraham, de Nacor y de sus antepasados, juzgue entre nosotros! Pero Jacob juró por el Temor de su padre Isaac.
Ma Abraham Onyankopɔn ne Nahor Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn nyɛ ɔtemmufoɔ wɔ me ne wo ntam.” Enti, Yakob de nʼagya Isak Onyankopɔn ho suro kaa ntam sɛ, ɔrentra ɛhyeɛ no.
54 Jacob ofreció un sacrificio en la montaña y llamó a sus parientes a comer pan. Ellos comieron pan y pernoctaron en la montaña.
Afei, Yakob bɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ wɔ bepɔ no atifi, na ɔhyiahyiaa ne nnamfonom bɛdidiiɛ. Ɛno akyiri no, wɔdaa ne nkyɛn wɔ bepɔ no so.
55 Temprano por la mañana Labán se levantó, besó a sus hijos y a sus hijas y los bendijo. Luego salió y regresó a su lugar.
Laban sɔree anɔpatutuutu fefee ne nananom ne ne mmammaa no ano, hyiraa wɔn. Ɛno akyiri no, ɔsane nʼakyi kɔɔ ne kurom.