< Esdras 2 >
1 Estas son las personas de la provincia que subieron de la cautividad, de los deportados que Nabucodonosor, rey de Babilonia, llevó a Babilonia. Regresaron a Jerusalén y Judá, cada uno a su ciudad.
Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.
2 Los que regresaron con Zorobabel fueron: Jesuá, Nehemías, Seraías, Reelaías, Mardoqueo, Bilsán, Mispar, Bigvai, Rehum y Baana. El número de las personas del pueblo de Israel era de los hijos de:
Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie:
Dodoɔ a wɔyɛ Paros abusuafoɔ 2,172
6 Pajat-moab, Jesuá y Joab, 2.812;
Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,812
16 Ater y de Ezequías, 98;
Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ) 98
25 Quiriat-jearim, Cafira y Beerot, 743;
Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ 743
27 los hombres de Micmas, 122;
Mikmasfoɔ 122
28 los hombres de Bet-ʼEl y de Hai, 223;
Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ 223
33 Lod, Hadid y Ono, 725;
Lod, Hadid ne Ono ɔman mma 725
36 Los sacerdotes fueron los hijos de: Jedaías, la familia de Jesuá, 973;
Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yedaia abusuafoɔ (a ɛfa Yesua fiefoɔ) 973
40 Los levitas fueron los hijos de: Jesuá, Cadmiel y Hodovías, 74.
Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yesua ne Kadmiel abusuafoɔ (Hodawia asefoɔ) 74
41 Los hijos de los cantores de Asaf, 128.
Nnwontofoɔ: Asaf abusuafoɔ 128
42 Los porteros fueron los hijos de: Salum, Ater, Talmón, Acub, Hatita y Sobai; el total, 139.
Aponoanohwɛfoɔ: Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ 139
43 Los servidores del Templo fueron los hijos de: Ziha, Hasufa, Tabaot,
Asɔredan asomfoɔ: Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,
Keros, Siaha, Padon asefoɔ,
Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ,
Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ,
Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ,
Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ,
Usa, Paseah, Besai asefoɔ,
50 Asena, de los Meunim, Nefusim,
Asna, Meunim, Nefus asefoɔ,
51 Bacbuc, Hacufa, Harhur,
Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,
52 Bazlut, Mehída, Harsa,
Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,
Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,
55 Los hijos de los esclavos de Salomón fueron los hijos de: Sotai, Soferet, Peruda,
Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ: Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ,
Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,
57 Sefatías, Hatil, Poqueret-hazebaim y Ami.
Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami.
58 Todos los servidores del Templo y los hijos de los esclavos de Salomón fueron 392.
Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ 392
59 Éstos son los que subieron de Tel-mela, Tel-harsa, Querub, Addán e Imer, aunque ellos no pudieron demostrar la casa de sus antepasados ni su linaje, si eran de Israel:
Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ. Saa nnipakuo yi ne:
60 Los hijos de Delaía, Tobías, y Necoda fueron 652.
Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ 652
61 De los sacerdotes fueron los hijos de Habaía, Cos, y Barzilai, quien tomó una esposa de entre las hijas de Barzilai galaadita y fue llamado con el nombre de ellas.
Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
62 Éstos buscaron su registro entre los antepasados, pero no pudieron ser hallados, por lo cual fueron declarados impuros y excluidos del sacerdocio.
Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ.
63 El gobernador les dijo que no debían comer de las cosas más sagradas hasta que se levantara sacerdote para usar el Urim y Tumim.
Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.
64 Toda la congregación en conjunto era de 42.360,
Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia,
65 sin contar sus esclavos y esclavas, los cuales eran 7.337. Tenían 200 cantores y cantoras.
a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson nka ho, ne nnwomtofoɔ ahanu a wɔyɛ mmarima ne mmaa.
66 Sus caballos eran 736; sus mulas, 245;
Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia, mfunumu ahanu aduanan enum,
67 sus camellos, 435; asnos, 6.720.
nyoma ahanan aduasa enum ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu kaa wɔn ho kɔeɛ.
68 Cuando llegaron a la Casa de Yavé en Jerusalén, algunos de los jefes de familia dieron ofrendas voluntarias para reedificar la Casa de ʼElohim en su mismo sitio.
Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ.
69 Según sus recursos, aportaron para la obra 488 kilogramos de oro, 2.750 kilogramos de plata y 100 túnicas sacerdotales.
Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako, dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne asɔfotadeɛ ɔha a wɔde bɛma asɔfoɔ.
70 Los sacerdotes y levitas, parte del pueblo, cantores, porteros y servidores del Templo vivieron en sus ciudades, y todo Israel en sus respectivas ciudades.
Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.