< 1 Reyes 20 >
1 Ben-hadad, rey de Siria, reunió todo su ejército, y acompañado por 32 reyes que dependían de él, marchó contra Samaria con caballería y carruajes. La sitió y la atacó.
Yeinom akyi, Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakodɔm ano, a nteaseɛnam ne apɔnkɔ a wɔyɛ ahemfo aboafoɔ aduasa mmienu dea ka ne ho. Wɔkɔtuaa Israel kuropɔn Samaria, to hyɛɛ so.
2 Envió mensajeros a la ciudad, a Acab, rey de Israel, para decirle:
Ben-Hadad somaa abɔfoɔ kɔɔ kuro no mu sɛ wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Ahab sɛ, “Ben-Hadad se,
3 Así dijo Ben-hadad: Tu plata y oro son míos. Tus mujeres y los mejores de tus hijos son míos.
‘Mo dwetɛ ne mo sikakɔkɔɔ yɛ me dea. Saa ara na mo yerenom ne mo mma mu papa no nso yɛ me dea.’”
4 Y el rey de Israel respondió: Como tú dices, oh mi ʼadón el rey, yo soy tuyo con todo lo que tengo.
Ahab buaa sɛ, “Mate, me wura! Deɛ mewɔ nyinaa yɛ wo dea.”
5 Los mensajeros volvieron otra vez y dijeron: Ben-hadad habló esto: Por cierto, envié a decirte: Tu plata y tu oro, también tus mujeres y tus hijos me los darás.
Ankyɛre biara Ben-Hadad abɔfoɔ sane baa bio bɛkaa sɛ, “Ben-Hadad se, ‘Maka dada sɛ momfa mo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, mo yerenom ne mo mma mma me.
6 Además, mañana a esta hora te enviaré mis esclavos, los cuales registrarán tu casa y las casas de tus esclavos. Tomarán y se llevarán todo lo agradable a tus ojos.
Ɔkyena sɛsɛɛ, mɛsoma me mpanimfoɔ, na wɔabɛhwehwɛ mo ahemfie ne mo nkurɔfoɔ afie. Na biribiara a ɛsom bo ma mo no, wɔbɛfa de akɔ.’”
7 El rey de Israel llamó a todos los ancianos del país y les dijo: Reconozcan ahora y vean cómo éste no busca sino hacer daño, porque exige mis mujeres e hijos, y mi plata y oro, aunque yo no se los negué.
Na Ahab frɛɛ asase no so ntuanofoɔ no nyinaa, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ sɛdeɛ saa ɔbarima yi pɛ sɛ ɔde ɔhaw ba. Mapene so dada sɛ mede me yerenom, me mma, me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ bɛma no.”
8 Todos los ancianos y todo el pueblo respondieron: No lo escuches ni accedas.
Ntuanofoɔ ne nnipa no nyinaa kaa sɛ, “Sɛ ɔbisaa biribi foforɔ biara bio a, mfa mma no.”
9 Entonces él respondió a los mensajeros de Ben-hadad: Digan a mi ʼadón el rey: Haré todo lo que mandaste a tu esclavo al principio, pero esto no lo puedo hacer. Los mensajeros fueron y le dieron la respuesta.
Enti, Ahab ka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔfiri Ben-Hadad nkyɛn baeɛ no sɛ, “Monkɔka saa asɛm yi nkyerɛ me wura ɔhene sɛ, ‘Biribiara a ɔbisaa kane no deɛ, mede bɛma no. Na deɛ ɔbisaa no akyire no deɛ, merentumi mfa mma no.’” Enti, Ben-Hadad abɔfoɔ no sane kɔbɔɔ no amaneɛ.
10 Y Ben-hadad envió a decirle: ¡Así me hagan los ʼelohim y aun me añadan, que el polvo de Samaria no bastará para llenar las manos de todo el pueblo que me sigue!
Na Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Sɛ mansɛe Samaria pasaa, na emu mfuturo dodoɔ bi ka a ɛbɛboro asraafoɔ no mu biara nsabuo ma a, anyame no ntwe mʼaso denden so.”
11 Pero el rey de Israel respondió: Díganle: No se jacte tanto el que se ata las armas como el que se las desata.
Israelhene nso soma ma wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a ɔrefa nʼakofena akɔ akono, tu ne ho sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a wadi nkonim dada.”
12 Sucedió que él oyó estas palabras mientras bebía con los reyes en el puesto de comando, y dijo a sus esclavos: ¡Alístense! Y ellos se alistaron para atacar la ciudad.
Ahab mmuaeɛ yi duruu Ben-Hadad ne ahemfo a wɔaka no asom ɛberɛ a na wɔrenom nsã wɔ wɔn ntomadan mu. Ɔhyɛɛ ne mmarima no sɛ, “Monsiesie mo ho nkɔko.” Enti, wɔsiesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔto ahyɛ kuropɔn no so.
13 Ciertamente un profeta se acercó a Acab, rey de Israel, y le dijo: Yavé dice: ¿Ves todo ese inmenso ejército? Mira, Yo lo entrego hoy en tu mano para que reconozcas que Yo soy Yavé.
Na odiyifoɔ bi bɛhunuu ɔhene Ahab ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ‘Wohunu saa atamfoɔ dɔm yi? Ɛnnɛ, mede wɔn bɛhyɛ wo nsa. Na wobɛhunu sɛ mene Awurade.’”
14 Acab preguntó: ¿Por medio de quién? Y él dijo: Yavé dice: Por medio de los esclavos de los jefes de las provincias. Y Acab preguntó: ¿Quién comenzará la batalla? Y él respondió: Tú.
Ahab bisaa sɛ, “Na sɛn na ɔbɛyɛ no?” Na odiyifoɔ no buaa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ‘Akodɔm asahene a wɔtuatua amansini ano no na wɔbɛyɛ.’” Ahab bisaa sɛ, “Enti, yɛnni ɛkan nto nhyɛ wɔn so?” Odiyifoɔ no buaa sɛ, “Aane.”
15 Entonces pasó revista a los esclavos de los jefes de las provincias, y eran 232. Después de ellos pasó revista a todo el pueblo, a todos los hijos de Israel, y eran 7.000.
Enti, Ahab boaboaa ɔmansin no asahene ahanu aduasa mmienu akodɔm ano. Afei, ɔfrɛɛ nʼakodɔm a wɔaka a wɔn dodoɔ yɛ mpem nson no.
16 Éstos salieron al mediodía, mientras Ben-hadad estaba bebiendo hasta embriagarse en las cabañas con los reyes, los 32 reyes que fueron a ayudarlo.
Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ a Ben-Hadad ne nʼapamfoɔ ahemfo aduasa mmienu gu so reboro nsã wɔ wɔn ntomadan mu no,
17 Los esclavos de los jefes de las provincias salieron primero. Ben-hadad envió a algunos, quienes le informaron y dijeron: Unos hombres salieron de Samaria.
amansini asahene akodɔm no tuu nten, firii kuro no mu. Wɔrebɛn no, Ben-Hadad akwansrafoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Akodɔm bi firi Samaria reba.”
18 Y él ordenó: Si salieron en son de paz, agárrenlos vivos, y si salieron a combatir, también agárrenlos vivos.
Ben-Hadad hyɛɛ sɛ, “Sɛ wɔbaa asomdwoeɛ anaa ɔko so a, monkyere wɔn anikann.”
19 Los esclavos de los jefes de las provincias salieron de la ciudad, y el ejército, tras ellos.
Nanso, saa ɛberɛ no, na Ahab amansini asahene no adi akodɔm no anim, kɔ ɔko no.
20 Cada cual mató al que iba contra él. Los sirios huyeron, e Israel los persiguió. Pero Ben-hadad, rey de Siria, escapó a caballo con algunos jinetes.
Na Israel ɔsraani biara kumm ne ɔtamfoɔ Aram ɔsraani a ɔne no dii asie. Ɛno enti, amonom hɔ ara, Aram asraafoɔ no bɔɔ hu, dwaneeɛ. Israelfoɔ no taa wɔn, nanso ɔhene Ben-Hadad ne ne nkurɔfoɔ kakra bi deɛ, wɔtenaa apɔnkɔ so dwaneeɛ.
21 El rey de Israel salió y atacó a la caballería y a los carruajes, y derrotó a los sirios con una gran matanza.
Nanso wɔsɛee apɔnkɔ ne nteaseɛnam a ɛkaa hɔ no nyinaa, kunkumm Aramfoɔ no.
22 Luego el profeta fue al rey de Israel y le dijo: Vé, fortalécete. Considera y mira lo que tienes que hacer, porque el rey de Siria volverá contra ti en la primavera del próximo año.
Akyire yi, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Siesie wo ho ma ɔko foforɔ na Aramhene bɛba osutɔberɛ mu.”
23 Y los esclavos del rey de Siria le dijeron: Sus ʼelohim son ʼelohim de las montañas. Por eso fueron más fuertes que nosotros, pero si combatimos contra ellos en la llanura, sin duda seremos más fuertes que ellos.
Wɔdii Ben-Hadad so no, ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Israel anyame no yɛ mmepɔ anyame, na ɛno enti na ɛma wɔdii nkonim no. Na sɛ wɔduru tata so a, yɛbɛdi wɔn so nkonim a yɛremmrɛ ho koraa.
24 Haz esto: Saca a cada uno de los reyes de su puesto, y coloca capitanes en su lugar.
Deɛ ɛho hia ara ne sɛ, saa ɛberɛ yi, ɛsɛ sɛ wode akono asahene sisi ahemfo no ananmu.
25 Organiza otro ejército para ti, como el que perdiste, caballo por caballo y carruaje por carruaje. Pelearemos contra ellos en la llanura, y sin duda seremos más fuertes que ellos. Escuchó la voz de ellos, y lo hizo así.
Momfa asraafoɔ foforɔ a wɔn dodoɔ te sɛ wɔn a wohweree wɔn no ara. Ma yɛn apɔnkɔ no dodoɔ, nteaseɛnam ne mmarima dodoɔ saa ara, na yɛbɛtumi ne wɔn adi asie wɔ tata so. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ yɛbɛdi wɔn so.” Enti, ɔhene Ben-Hadad yɛɛ wɔn abisadeɛ maa wɔn.
26 Aconteció el año siguiente que Ben-hadad pasó revista a los sirios, y fue a Afec para combatir contra Israel.
Na afe so no, ɔfrɛɛ Aram asraafoɔ, tuu nten kɔɔ Israelfoɔ so wɔ Afek sɛ wɔne wɔn rekɔko.
27 Los hijos de Israel fueron convocados, provistos de raciones, y salieron a encontrarlos. Pero cuando acamparon frente a ellos, los hijos de Israel eran como dos pequeños rebaños de cabras, mientras que los sirios llenaban el campo.
Israel boaboaa nʼasraafoɔ ano, twaa sa, de wɔn ho hyɛɛ ɔko no mu. Na sɛ wɔde Israel akodɔm no toto Aram akodɔm no dodoɔ a wɔahyɛ hɔ ma no ho a, na Israel akodɔm no dodoɔ te sɛ mmirekyikuo nketewa mmienu bi.
28 Entonces el varón de ʼElohim se acercó y habló al rey de Israel: Yavé dice: Por cuanto los sirios dijeron: Yavé es ʼElohim de las montañas y no ʼElohim de los valles, Yo entregué esa gran multitud en tu mano, para que reconozcas que Yo soy Yavé.
Onyankopɔn onipa no kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Aramfoɔ no aka sɛ, ‘Awurade yɛ mmepɔ Awurade na ɔnyɛ tata so Awurade. Enti, mɛboa wo ma woadi akodɔm buburugyaa yi so. Na ɛbɛma woahunu sɛ, mene Awurade no.’”
29 Acamparon un bando contra el otro durante siete días, y sucedió que al séptimo día se dio la batalla. Los hijos de Israel mataron a 100.000 hombres de los sirios de a pie en un solo día.
Asraadɔm mmienu yi bobɔɔ wɔn atenaeɛ, ma ɛdii nhwɛanimu nnanson. Na nnanson so no, ɔko no hyɛɛ aseɛ. Ɛda no ara, Israelfoɔ no kunkumm Aram anammɔntwa asraafoɔ no ɔpeha.
30 Los demás huyeron a Afec, pero el muro de la ciudad se derrumbó sobre los 27.000 hombres que quedaban. Ben-hadad huyó, entró en la ciudad, y se escondía de aposento en aposento.
Nkaeɛ no dwane kɔtɛɛ Afek ɔfasuo akyi, nanso ɔfasuo no bu guu wɔn so, kumm ɔpeduonu nson. Ben-Hadad dwane kɔtɛɛ kɔkoam dan bi mu wɔ kuro no mu.
31 Entonces sus esclavos le dijeron: Mira, oímos que los reyes de la casa de Israel son reyes clementes. Te rogamos que nos permitas ahora atar tela áspera sobre nuestras cinturas, ponernos cuerdas gruesas al cuello y salir al rey de Israel. Quizás te conceda la vida.
Ben-Hadad mpanimfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, yɛate sɛ Israel ahemfo wɔ ahummɔborɔ. Ɛno enti, momma yɛmfira ayitoma, mfa ahoma mmɔ yɛn ti ase, mfa nkyerɛ ahobrɛaseɛ. Na ebia, ɔhene Ahab bɛma woatena ase.”
32 Se ataron tela áspera a sus cinturas y se pusieron cuerdas gruesas al cuello. Fueron al rey de Israel y dijeron: Tu esclavo Ben-hadad dice: ¡Te ruego que me dejes vivir! Y él preguntó: ¿Vive todavía? ¡Es hermano mío!
Enti, wɔfirafiraa ayitoma, de nhoma bobɔɔ wɔn ti, kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Wo ɔsomfoɔ Ben-Hadad se, ‘Mesrɛ wo, ma me ntena nkwa mu.’” Israelhene no bisaa sɛ, “Ɔda so te ase anaa? Ɔyɛ me nuabarima!”
33 Los hombres tomaron esto como buen augurio, se apresuraron a confirmarlo y exclamaron: ¡Ben-hadad es tu hermano! Él dijo: Vayan y tráiganlo. Ben-hadad se presentó ante él, quien lo subió a su carroza.
Mmarima no yɛɛ ntɛm sɔɔ anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ yi mu, buaa sɛ, “Aane, wo nua Ben-Hadad.” Israelhene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔfa no mmra.” Ɛberɛ a wɔde Ben-Hadad baeɛ no, Ahab ma ɔkɔtenaa ne teaseɛnam mu.
34 Y Ben-hadad le dijo: Las ciudades que mi padre quitó a tu padre las restituiré, y harás para ti plazas en Damasco, como mi padre las hizo en Samaria. Y con este pacto yo te dejaré ir, [dijo Acab]. E hizo un pacto con [Ben-hadad] y lo dejó ir.
Ben-Hadad ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede nkuro a mʼagya gye firii wʼagya nsam no bɛsane ama wo, na woahyehyɛ adwadie wɔ Damasko, sɛdeɛ mʼagya yɛɛ wɔ Samaria no.” Na Ahab kaa sɛ, “Saa nhyehyɛeɛ yi so na mɛgyina na magyaa wo.” Enti, wɔyɛɛ apam, na wɔgyaa Ben-Hadad.
35 Entonces cierto varón de los hijos de los profetas dijo a otro, por la Palabra de Yavé: ¡Te ruego que me golpees! Pero el hombre rehusó golpearlo.
Ɛberɛ no ara mu, Awurade see adiyifokuo no mu baako sɛ, ɔnka nkyerɛ ɔfoforɔ sɛ, “Fa wʼakodeɛ no bɔ me.” Nanso wanyɛ.
36 Y él le dijo: Por cuanto no obedeciste la voz de Yavé, ciertamente cuando te apartes de mí, te matará un león. Y cuando se apartó de él, un león lo encontró y lo mató.
Na saa odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ɔfoforɔ no sɛ, “Sɛ woantie Awurade nne enti, sɛ wofiri ha ara pɛ a, gyata bɛkye wo, akum wo.” Ampa ara, ɔfirii hɔ ara pɛ na gyata kyeree no kumm no.
37 Y él halló a otro hombre y le dijo: ¡Te ruego que me golpees! Y el hombre lo golpeó y le infligió una herida.
Na odiyifoɔ no kɔɔ ɔbarima foforɔ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wʼakodeɛ yi bɔ me.” Ɔno deɛ, ɔbɔɔ odiyifoɔ no, piraa no.
38 El profeta se disfrazó y se aplicó una venda sobre los ojos. Fue y se colocó delante del rey en el camino.
Odiyifoɔ no twɛn ɔhene no wɔ kwankyɛn a ɔde ntomaban akyekyere nʼani, de pɛɛ sɛ ɔsakyera ne ho.
39 Sucedió que cuando el rey pasaba, aquél gritó al rey: Tu esclavo estuvo en medio de la batalla, y ciertamente, uno se apartó y me llevó a un hombre, y dijo: Guarda a este hombre, porque si escapa, tu vida responderá por la suya, o tendrás que pagar 33 kilogramos de plata.
Ɔhene no retwam no, odiyifoɔ no frɛɛ no sɛ, “Owura, na mewɔ akono na ɔbarima bi de odeduani brɛɛ me. Ɔkaa sɛ, ‘Wɛn saa ɔbarima yi, na sɛ biribi enti ɔdwane a, wɔbɛkum wo anaasɛ wɔbɛbɔ wo ka dwetɛ kilogram aduasa nwɔtwe.’
40 Sucedió que mientras tu esclavo estaba ocupado en una y otra cosa, él desapareció. Entonces el rey de Israel le respondió: ¡Esa es tu sentencia! ¡Tú mismo la pronunciaste!
Na ɛberɛ a mʼani abere redi dwuma bi no, odeduani no dwaneeɛ. Na ɔhene no kaa sɛ, ‘Ɛyɛ wʼankasa wo mfomsoɔ. Wo ara woabu wo ho atɛn.’”
41 Él se quitó apresuradamente la venda de sus ojos, y el rey de Israel reconoció que era uno de los profetas.
Ɛhɔ ara na odiyifoɔ no sanee ntomaban no firii nʼani, na Israelhene no hunuu no sɛ ɔyɛ adiyifoɔ no mu baako.
42 Y él le dijo: Yavé dice: Porque soltaste de la mano al hombre que Yo destiné a la destrucción, ¡tu vida pagará por su vida, y tu pueblo por su pueblo!
Na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Esiane sɛ woagyaa ɔbarima a mekaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkum no no enti, ɛsɛ sɛ wɔkum wo seesei si nʼanan mu. Na anka ɛsɛ sɛ ne nkurɔfoɔ na mokunkum wɔn, na mmom, wo nkurɔfoɔ na wɔbɛkunkum wɔn.”
43 El rey de Israel fue a su casa decaído e irritado, y llegó a Samaria.
Enti, Israelhene a ne bo afu ne ho no kɔɔ Samaria.