< 1 Reyes 13 >
1 Ciertamente un varón de ʼElohim, por revelación de Yavé fue desde Judá a Bet-ʼEl [y llegó] cuando Jeroboam estaba junto al altar para quemar incienso.
Awurade hyɛɛ Onyame nipa bi ma ɔkɔɔ Bet-El, na oduu hɔ bere a na Yeroboam rekɔ afɔremuka no ho akɔbɔ afɔre.
2 Por mandato de Yavé clamó contra el altar: ¡Altar, altar! Yavé dice: Mira, le nacerá un hijo a la casa de David que se llamará Josías, quien sacrificará sobre ti a los sacerdotes de los lugares altos que queman incienso, y quemarán huesos de hombres.
Na ɔde Awurade nsɛm mu teɛɛ mu guu afɔremuka no so se, “Afɔremuka! Afɔremuka! Sɛnea Awurade se ni: ‘Wɔbɛwo ɔbabarima bi a wɔbɛto no din Yosia ato Dawid fi, na wo so na ɔde asɔfo a wofi nsɔree so ha a wɔhyew aduhuam ne nnipa nnompe no bɛbɔ afɔre!’”
3 Aquel mismo día dio una señal: Esta es la señal que Yavé dio: ¡Ciertamente el altar se partirá, y se esparcirá la ceniza que está sobre él!
Da no ara, Onyankopɔn nipa no yɛɛ nsɛnkyerɛnne, na ɔkae se, “Eyi ne nsɛnkyerɛnne a Awurade ada no adi. Afɔremuka no mu bɛpae abien, na nsõ a egu so no ahwie agu.”
4 Sucedió que cuando el rey oyó la palabra que el varón de ʼElohim dijo contra el altar de Bet-ʼEl, Jeroboam extendió su mano desde el altar y dijo: ¡Deténganlo! Y al momento se le secó la mano que extendió contra él, y no pudo recogerla hacia él.
Ɔhene Yeroboam bo fuw Onyame nipa yi sɛ wakasa atia afɔremuka yi. Enti ɔteɛɛ ne nsa wɔ ne so, teɛɛ mu se, “Monkyere no!” Nanso ne nsa a ɔteɛɛ wɔ ɔbarima no so no sinsenii a wantumi anyɛ ho hwee.
5 Entonces el altar se partió, y la ceniza se esparció, en conformidad con la señal que el varón de ʼElohim dio por mandato de Yavé.
Na afɔremuka no mu paee abien, na nsõ a egu so no hwie gui, sɛnea nsɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nipa nam Awurade nsɛm so daa no adi kyerɛɛ no.
6 Entonces el rey tomó la palabra y dijo al varón de ʼElohim: Te ruego que implores a Yavé tu ʼElohim y ores por mí, para que sea restaurada mi mano. Por tanto el varón de ʼElohim imploró a Yavé. Le fue restaurada la mano al rey y volvió a ser como antes.
Afei, ɔhene no srɛɛ Onyankopɔn nipa no se, “Srɛ Awurade, wo Nyankopɔn, ma me na me nsa no nya ahoɔden.” Enti Onyankopɔn nipa no srɛɛ Awurade maa no, na ɔhene no nsa nyaa ahoɔden ma ɛyɛɛ sɛnea na ɛte kan no.
7 Entonces el rey dijo al varón de ʼElohim: Ven conmigo a casa y come, y te daré un presente.
Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no se, “Ma yɛnkɔ fie, na kodidi, na mɛma wo akyɛde bi.”
8 Pero el varón de ʼElohim contestó al rey: Aunque me des la mitad de tu casa, no iré contigo, ni comeré pan, ni beberé agua en este lugar,
Nanso Onyankopɔn nipa no buaa no se, “Mpo, sɛ wode wʼagyapade mu fa bɛkyɛ me koraa a, me ne wo renkɔ, na brodo nso, merenni na manom nsu wɔ ha.
9 porque por la Palabra de Yavé me fue ordenado: No comas pan, ni bebas agua, ni vuelvas por el camino que fuiste.
Awurade asɛm so na wɔnam hyɛɛ me se, ‘Ɛnsɛ sɛ wudi brodo anaa wonom nsu wɔ hɔ. Afei, nsan mfa ɔkwan a wofaa so kɔɔ Bet-El no so.’”
10 Salió por otro camino y no volvió por el camino por el cual fue a Bet-ʼEl.
Enti ofi Bet-El faa ɔkwan foforo so sɛ ɔrekɔ fie.
11 Un profeta anciano vivía en Bet-ʼEl. Sus hijos le informaron todo lo que el varón de ʼElohim hizo aquel día en Bet-ʼEl. También contaron a su padre las palabras que habló al rey.
Na ɛbaa sɛ na odiyifo akwakoraa bi te Bet-El. Ne mmabarima bɛkaa nea Onyankopɔn nipa no ayɛ wɔ Bet-El da no nyinaa kyerɛɛ no. Afei, wɔkaa asɛm a waka akyerɛ ɔhene no nyinaa kyerɛɛ wɔn agya no.
12 Y su padre les preguntó: ¿Por cuál camino salió? Y sus hijos le mostraron el camino por donde salió el varón de ʼElohim que vino de Judá.
Odiyifo akwakoraa no bisaa wɔn se, “Na ɔfaa he?” Na ne mmabarima no kyerɛɛ no ɔkwan a Onyankopɔn nipa no faa so kɔe.
13 Y él dijo a sus hijos: ¡Aparéjenme el asno! Entonces le aparejaron el asno, montó sobre él
Ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Monhyehyɛ afurum no mma me ntɛm.” Na wɔhyehyɛɛ afurum no maa no no, ohuruw tenaa ne so
14 y fue tras aquel varón de ʼElohim. Al hallarlo sentado debajo de un roble, le preguntó: ¿Eres tú el varón de ʼElohim que vino de Judá? Le respondió: Sí, soy.
tiw Onyankopɔn nipa no. Ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum bi ase, na odiyifo akwakoraa no bisaa no se, “Wone Onyankopɔn nipa a wufi Yuda no ana?” Obuaa no se, “Yiw, ɛyɛ me.”
15 Entonces le dijo: Ven conmigo a casa y come pan.
Afei, odiyifo no ka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnkɔ fie, na kodidi.”
16 Pero él dijo: No puedo volver contigo, ni entrar contigo. No comeré pan, ni beberé agua contigo en este lugar,
Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no se, “Merentumi nsan mʼakyi. Minni ho kwan sɛ mididi anaa menom nsu wɔ ha.
17 porque por revelación de Yavé me fue ordenado: No comerás pan, ni beberás agua allí, ni volverás por el camino que fuiste.
Awurade hyɛɛ me se, ‘Ɛnsɛ sɛ wudi aduan biara anaa wonom nsu bere a wowɔ hɔ, anaa wofa ɔkwan a wofaa so kɔɔ hɔ no so san wʼakyi.’”
18 Pero él le dijo: Yo también soy profeta como tú. Un ángel me habló por revelación de Yavé: Hazlo volver contigo a tu casa, para que coma pan y beba agua. Pero le mintió.
Odiyifo akwakoraa no buae se, “Me nso, meyɛ odiyifo sɛ wo ara. Na ɔbɔfo bi kaa Awurade asɛm kyerɛɛ me se, ‘Fa no san bra wo fi, na ommedidi na ɔnnom nsu.’” Nanso na odiyifo akwakoraa no redaadaa no.
19 Se volvió con él, comió pan en su casa y bebió agua.
Enti Onyankopɔn nipa no ne no san kɔe, kodidi nomee wɔ ne fi.
20 Aconteció que cuando ellos estaban recostados, el profeta que lo devolvió tuvo revelación de Yavé,
Bere a wɔte didipon ho redidi no, nkra fi Awurade nkyɛn baa odiyifo akwakoraa no so.
21 clamó y le dijo al varón de ʼElohim que fue de Judá: Yavé dice: Porque fuiste rebelde a la Palabra de Yavé, y no guardaste el mandato que te impuso Yavé tu ʼElohim,
Ɔteɛɛ mu guu Onyankopɔn nipa a ofi Yuda no so se, “Sɛɛ na Awurade ka: Woabu Awurade asɛm so, na woanni ahyɛde a Awurade, wo Nyankopɔn, hyɛɛ wo no so.
22 sino regresaste, comiste pan y bebiste agua en este lugar, del cual se te dijo: No comerás pan, ni beberás agua, tu cadáver no entrará en el sepulcro de tus antepasados.
Wosan baa ha bedii aduan, nom nsu, nanso ɔka kyerɛɛ wo se nni hwee, nnom hwee. Esiane eyi nti, wɔrensie wʼamu wɔ wʼagyanom da mu.”
23 Y sucedió que comió pan y bebió. El profeta que lo hizo devolver le aparejó el asno.
Na Onyankopɔn nipa no didi nom wiei no, odiyifo no hyehyɛɛ nʼafurum no maa no,
24 Cuando salió, un león lo encontró en el camino y lo mató. Su cadáver quedó tendido en el camino, y el asno parado junto a él. El león también quedó parado junto al cadáver.
na Onyankopɔn nipa no sii kwan so bio. Na ɔrekɔ no ara, gyata bi ba bekum no. Nʼamu no daa ɔkwan mu a, na afurum no ne gyata no gyinagyina ho.
25 Unos hombres pasaron y vieron el cadáver tendido en el camino y al león junto al cadáver. Fueron y lo dijeron en la ciudad donde vivía el profeta anciano.
Nnipa ba bɛtoo so sɛ amu no da ɔkwan mu a gyata no gyina ho. Enti wɔkɔbɔɔ amanneɛ wɔ Bet-El baabi a odiyifo akwakoraa no te hɔ.
26 Cuando el profeta que lo hizo devolver del camino oyó esto, dijo: Es el varón de ʼElohim que fue desobediente a la Palabra de Yavé. Por eso Yavé lo entregó al león que lo destrozó y mató, según la Palabra que Yavé le habló.
Bere a odiyifo akwakoraa no tee asɛm no, ɔkae se, “Ɛyɛ Onyankopɔn nipa no a wanni Awurade ahyɛde so no. Awurade ama nʼasɛm no aba mu sɛ ɔmaa gyata tow hyɛɛ no so, kum no.”
27 Entonces habló a sus hijos y les dijo: ¡Aparéjenme el asno! Ellos lo aparejaron,
Na odiyifo no ka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Monhyehyɛ afurum no mma me.” Na wɔhyehyɛɛ afurum no.
28 y él fue y halló el cadáver tendido en el camino. El asno y el león estaban parados junto al cadáver. El león no había devorado el cadáver, ni destrozó el asno.
Ɔkɔ kohuu sɛ amu no da ɔkwan mu. Na afurum no ne gyata no da so gyinagyina ne ho, a gyata no nwee amu no, nto nhyɛɛ afurum no nso so.
29 El profeta levantó el cadáver del varón de ʼElohim, lo colocó sobre el asno y lo llevó. Y el profeta anciano fue a la ciudad a hacer duelo por él y sepultarlo.
Enti odiyifo no faa Onyankopɔn nipa no amu no de no too nʼafurum no so, san de no kɔɔ kurom, kosuu no, siee no.
30 Depositó su cadáver en su propio sepulcro, lo endecharon y dijeron: ¡Ay, hermano mío!
Ɔde amu no too nʼankasa ne da mu, fii awerɛhow mu, suu no se, “Ao, me nua!”
31 Después de sepultarlo, sucedió que habló a sus hijos: Cuando yo muera, sepúltenme en el sepulcro en el cual está sepultado el varón de ʼElohim. Pongan mis huesos junto a los suyos,
Akyiri no, odiyifo no ka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Sɛ mewu a, munsie me wɔ ɔda a woasie Onyankopɔn nipa wɔ mu no mu. Momfa me nnompe ngu ne nnompe ho.
32 porque sin duda se cumplirá la Palabra que por revelación de Yavé él proclamó contra el altar que está en Bet-ʼEl, y contra todos los santuarios de los lugares altos que están en las ciudades de Samaria.
Na asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no se ɔnka ntia afɔremuka a ɛwɔ Bet-El ne abosomfi no a ɛwowɔ Samaria nkurow so no, ɛbɛba mu.”
33 Después de este suceso, Jeroboam no se devolvió de su mal camino, sino volvió a designar sacerdotes de entre la gente común para los lugares altos. Investía a quien deseaba, y así era sacerdote de los lugares altos.
Nanso eyi akyi koraa no, Yeroboam annan ne ho amfi nʼakwammɔne no so. Ɔkɔɔ so yii asɔfo fi nnipa no mu. Obiara a ɔpɛ no, otumi yɛɛ ɔsɔfo wɔ abosomfi hɔ.
34 Este fue el pecado de la casa de Jeroboam por el cual fue cortada y destruida de sobre la superficie de la tierra.
Eyi bɛyɛɛ bɔne kɛse, na ɛnam so sɛee Yeroboam ahemman, maa ne fifo nyinaa wuwui.