< Jueces 6 >

1 Los hijos de Israel hicieron lo que era malo a los ojos de Yahvé, por lo que Yahvé los entregó a la mano de Madián durante siete años.
Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne bio. Ɛno enti, Awurade de wɔn hyɛɛ Midianfoɔ nsa mfeɛ nson.
2 La mano de Madián prevaleció contra Israel, y a causa de Madián los hijos de Israel se hicieron las guaridas que hay en las montañas, las cuevas y las fortalezas.
Esiane sɛ na Midianfoɔ no yɛ atirimuɔdenfoɔ enti, Israelfoɔ no dwane kɔɔ mmepɔ so kɔpɛɛ ahintaeɛ wɔ abodan ne atu mu.
3 Y cuando Israel hubo sembrado, subieron contra ellos los madianitas, los amalecitas y los hijos del oriente.
Ɛberɛ biara a Israelfoɔ duaa wɔn nnɔbaeɛ no, Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa a wɔte apueeɛ fam no kɔto hyɛ wɔn so.
4 Acamparon contra ellos y destruyeron el producto de la tierra, hasta llegar a Gaza. No dejaron sustento en Israel, ni ovejas, ni bueyes, ni asnos.
Wɔbɛyɛ atenaeɛ wɔ wɔn asase no so sɛe mfudeɛ no firi Gasa a wɔnnya Israelfoɔ aduane biribiara. Wɔfa nnwan, anantwie ne mfunumu.
5 Porque subieron con su ganado y sus tiendas. Entraron como langostas por la multitud. Tanto ellos como sus camellos eran innumerables; y entraron en la tierra para destruirla.
Saa atamfoɔ dɔm yi de wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntomadan foro ba te sɛ ntutummɛ. Wɔtete nyoma a wɔntumi nkane wɔn dodoɔ so na wɔba. Na wɔtena asase no so kɔsi ɛso nneɛma nyinaa bɛsa.
6 Israel quedó muy abatido a causa de Madián, y los hijos de Israel clamaron a Yahvé.
Enti Midianfoɔ no maa ɛkɔm baa Israel. Afei Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa.
7 Cuando los hijos de Israel clamaron a Yahvé a causa de Madián,
Ɛberɛ a Midianfoɔ enti, Israelfoɔ su frɛɛ Awurade no,
8 Yahvé envió un profeta a los hijos de Israel, y les dijo: “Yahvé, el Dios de Israel, dice: ‘Yo os hice subir de Egipto y os saqué de la casa de servidumbre.
Awurade somaa odiyifoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔkaa sɛ, “Asɛm a Awurade, Israel Onyankopɔn, ka nie: Meyii mo firii Misraim nkoasom mu
9 Os libré de la mano de los egipcios y de la mano de todos los que os oprimían, y los eché de delante de vosotros, y os di su tierra.
Meyii mo firii Misraim tumi ne wɔn a wɔhyɛ mo so nyinaa ase. Mepamoo mo atamfoɔ de wɔn asase maa mo.
10 Yo te dije: “Yo soy Yahvé, tu Dios. No temerás a los dioses de los amorreos, en cuya tierra habitas”. Pero no habéis escuchado mi voz”.
Meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mene Awurade, mo Onyankopɔn. Monnsom Amorifoɔ a mote wɔn asase so no anyame.’ Nanso moantie me.”
11 El ángel del Señor vino y se sentó bajo la encina que estaba en Ofra, que pertenecía a Joás el abiezerita. Su hijo Gedeón estaba batiendo trigo en el lagar, para ocultarlo de los madianitas.
Na Awurade ɔbɔfoɔ bɛtenaa odupɔn a ɛsi Ofra a ɛyɛ Yoas a ɔfiri Abieser abusua mu dea no ase. Na Yoas babarima Gideon reporo ayuo wɔ nsakyiamena ase sɛ ɔde resie Midianfoɔ no.
12 El ángel de Yahvé se le apareció y le dijo: “¡Yahvé está contigo, valiente!”
Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Gideon, kaa sɛ, “Dɔmmarima, Awurade ka wo ho.”
13 Gedeón le dijo: “Oh, señor mío, si Yahvé está con nosotros, ¿por qué entonces nos ha sucedido todo esto? ¿Dónde están todas sus maravillas, de las que nos hablaron nuestros padres, diciendo: ‘No nos sacó Yahvé de Egipto’? Pero ahora el Señor nos ha desechado y nos ha entregado en manos de Madián”.
Gideon buaa sɛ, “Owura, sɛ Awurade ka yɛn ho a, adɛn enti na saa nsɛm yi nyinaa aba yɛn so? Na anwanwadeɛ a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn no nso wɔ he? Wɔanka sɛ, ‘Awurade yii yɛn firii Misraim anaa?’ Nanso, seesei deɛ, Awurade agyaa yɛn de yɛn ahyɛ Midianfoɔ nsam.”
14 El Señor lo miró y le dijo: “Ve con esta tu fuerza y salva a Israel de la mano de Madián. ¿No te he enviado yo?”
Na Awurade danee ne ho ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa ahoɔden a wowɔ no kɔ na kɔgye Israelfoɔ firi Midianfoɔ no nsam. Me na meresoma wo.”
15 Le dijo: “Señor, ¿cómo salvaré a Israel? He aquí que mi familia es la más pobre de Manasés, y yo soy el más pequeño en la casa de mi padre”.
Gideon buaa sɛ, “Na Awurade, mɛyɛ dɛn magye Israelfoɔ? Mʼabusua na ɛyɛ mmerɛ koraa wɔ Manase abusuakuo mu na me na mesua koraa wɔ me fiefoɔ nyinaa mu.”
16 Yahvé le dijo: “Ciertamente, yo estaré contigo, y herirás a los madianitas como a un solo hombre”.
Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Mɛka wo ho. Wobɛsɛe Midianfoɔ no sɛdeɛ woresɛe onipa fua.”
17 Le dijo: “Si ahora he hallado gracia ante tus ojos, muéstrame una señal de que eres tú quien habla conmigo.
Gideon buaa sɛ, “Sɛ wobɛboa me ampa ara deɛ a, yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi ma menhunu sɛ, nokorɛm, ɛyɛ wo Awurade na worekasa kyerɛ me yi.
18 Por favor, no te vayas hasta que venga a ti, y saque mi regalo y lo ponga delante de ti.” Dijo: “Esperaré hasta que vuelvas”.
Nkɔ, kɔsi sɛ mɛsane mʼakyi aba de mʼafɔrebɔdeɛ abrɛ wo.” Awurade buaa sɛ, “Mɛtena ha atwɛn kɔsi sɛ wobɛba.”
19 Gedeón entró y preparó un cabrito y tortas sin levadura de un efa de harina. Puso la carne en un cesto y el caldo en una olla, y se lo llevó debajo de la encina, y lo presentó.
Gideon yɛɛ ntɛm kɔɔ efie. Ɔkɔsiesie abirekyie ba, too burodo asikyiresiam lita aduonu mmienu a mmɔreka nni mu. Afei, ɔsoaa ɛnam no wɔ kɛntɛn mu a nkwan no nso wɔ ɛsɛn bi mu de baeɛ. Ɔde brɛɛ ɔbɔfoɔ no wɔ odupɔn no ase.
20 El ángel de Dios le dijo: “Toma la carne y las tortas sin levadura, ponlas sobre esta roca y vierte el caldo”. Así lo hizo.
Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa ɛnam no ne burodo a ɛnkaeɛ no gu ɔbotan yi so na hwie nkwan no gu so.” Na Gideon yɛɛ deɛ ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
21 Entonces el ángel de Yahvé extendió la punta del bastón que tenía en la mano y tocó la carne y las tortas sin levadura; y subió fuego de la roca y consumió la carne y las tortas sin levadura. Entonces el ángel de Yahvé se alejó de su vista.
Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no de poma a ɛkura no no kaa ɛnam ne burodo no, na ogya pue firii ɔbotan no mu hyee deɛ ɔde baeɛ no nyinaa. Na ɔbɔfoɔ no yeraeɛ.
22 Gedeón vio que era el ángel de Yahvé, y dijo: “¡Ay, Señor Yahvé! Porque he visto al ángel de Yahvé cara a cara”.
Ɛberɛ a Gideon hunuu sɛ ɛyɛ Awurade ɔbɔfoɔ no, ɔteaam sɛ, “Asafo Awurade, mahunu Awurade ɔbɔfoɔ animu ne animu.”
23 El Señor le dijo: “¡La paz sea contigo! No tengas miedo. No morirás”.
Awurade buaa sɛ, “Nsuro na worenwu.”
24 Entonces Gedeón construyó allí un altar a Yahvé, y lo llamó “Yahvé es la Paz”. Hasta el día de hoy sigue estando en Ofra de los abiezritas.
Na Gideon sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade na ɔtoo no edin “Awurade Yɛ Asomdwoeɛ.” Afɔrebukyia no da so wɔ Ofra a ɛyɛ Abieserfoɔ abusua asase so de bɛsi ɛnnɛ.
25 Esa misma noche, Yahvé le dijo: “Toma el toro de tu padre, el segundo toro de siete años, y derriba el altar de Baal que tiene tu padre, y corta la Asera que está junto a él.
Anadwo no, Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Kyere nantwinini ɔdi mu, ɔtɔ so mmienu na wadi mfeɛ nson firi wʼagya anantwie mu. Dwiri wʼagya afɔrebukyia a ɔsi maa Baal no, na twa Asera dua a ɛsi nkyɛn no.
26 Luego construye un altar a Yahvé, tu Dios, en la cima de esta fortaleza, de manera ordenada, y toma el segundo toro, y ofrece un holocausto con la madera de la Asera que cortarás.”
Afei, si afɔrebukyia wɔ bepɔ yi so ma Awurade, wo Onyankopɔn. Hyehyɛ afɔrebukyia aboɔ no yie. Fa nantwinini bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Fa Asera dua a wotwaeɛ no yensin yɛ egya.”
27 Entonces Gedeón tomó a diez hombres de sus servidores e hizo lo que el Señor le había dicho. Como temía a la familia de su padre y a los hombres de la ciudad, no pudo hacerlo de día, sino que lo hizo de noche.
Enti, Gideon faa nʼasomfoɔ edu de wɔn yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ noɔ no. Nanso, ɔyɛɛ no anadwo, ɛfiri sɛ, na ɔsuro nʼagya fiefoɔ ne kuro mma no. Na ɔnim deɛ ɛbɛsie, sɛ wɔhunu onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ no a.
28 Cuando los hombres de la ciudad se levantaron por la mañana, he aquí que el altar de Baal había sido derribado, y el Asera que estaba junto a él había sido cortado, y el segundo toro había sido ofrecido sobre el altar que había sido construido.
Adeɛ kyee anɔpahema a kuro no mu nnipa hyɛɛ aseɛ nyanenyaneeɛ no, obi hunuu sɛ wɔadwiri Baal afɔrebukyia no agu, na Asera dua a ɛsi ho no nso, wɔatwa atwene na wɔasi afɔrebukyia foforɔ asi ananmu. Na wɔhunuu afɔrebɔdeɛ bi nkaeɛ wɔ so.
29 Se dijeron unos a otros: “¿Quién ha hecho esto?” Cuando indagaron y preguntaron, dijeron: “Gedeón, hijo de Joás, ha hecho esto”.
Ɔmanfoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Hwan na ɔyɛɛ yei?” Wɔbisabisa, too wɔn bo ase feefee mu no, wɔhunuu sɛ Yoas babarima Gideon na ɔyɛɛ saa.
30 Entonces los hombres de la ciudad dijeron a Joás: “Saca a tu hijo para que muera, porque ha derribado el altar de Baal y porque ha cortado la Asera que estaba junto a él”.
Ɔmanfoɔ no teaam guu Yoas so sɛ, “Fa wo babarima no bra. Sɛe a ɔsɛee Baal afɔrebukyia ne twa a ɔtwaa Asera dua no enti, ɛsɛ sɛ ɔwuo.”
31 Joás dijo a todos los que se oponían a él: “¿Pretendéis defender a Baal? ¿O lo salvaréis? El que se enfrente a él, que muera por la mañana. Si es un dios, que se defienda, porque alguien ha derribado su altar”.
Nanso, Yoas teaam guu nnipakuo no so sɛ, “Adɛn enti na mogye Baal ti? Mobɛtumi aka nʼasɛm ama no anaa? Obiara a ɔbɛgye ne ti no, wɔbɛkum no ansa na adeɛ akye. Sɛ Baal yɛ onyame bi ampa ara a ɔno ara nni mma ne ho na ɔnkum deɛ ɔdwirii nʼafɔrebukyia no!”
32 Por eso ese día le puso el nombre de Jerub-Baal, diciendo: “Que Baal contienda por él, porque ha derribado su altar”.
Ɛfiri saa ɛberɛ no rekɔ no, wɔfrɛɛ Gideon Yerubaal a asekyerɛ ne “Baal nni mma ne ne ho,” ɛfiri sɛ, ɔno ara na ɔdwirii Baal afɔrebukyia no guiɛ.
33 Entonces se reunieron todos los madianitas y amalecitas y los hijos del oriente, y pasaron y acamparon en el valle de Jezreel.
Afei, Midianfoɔ nyinaa, Amalekfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔfifiri apueeɛ fam no kaa wɔn ho bɔɔ mu tia Israel. Wɔtwaa Yordan, kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Yesreel bɔnhwa mu.
34 Pero el Espíritu de Yahvé vino sobre Gedeón, y éste tocó la trompeta; y Abiezer se reunió para seguirlo.
Awurade honhom baa Gideon so na ɔbɔɔ totorobɛnto de frɛɛ dɔm. Mmarima a wɔfiri Abieser abusua mu no baa ne nkyɛn.
35 Envió mensajeros a todo Manasés, y también se reunieron para seguirlo. Envió mensajeros a Aser, a Zabulón y a Neftalí, y éstos subieron a su encuentro.
Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Manase, Aser, Sebulon ne Naftali nyinaa mu kɔfrɛɛ wɔn akodɔm, na wɔn nyinaa penee so.
36 Gedeón dijo a Dios: “Si salvas a Israel por mi mano, como has dicho,
Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Sɛ wonam me nsa so bɛgye Israel sɛdeɛ woahyɛ bɔ no a,
37 he aquí que pondré un vellón de lana sobre la era. Si sólo hay rocío en el vellón, y está seco en toda la tierra, entonces sabré que salvarás a Israel por mi mano, como has dicho.”
fa saa ɛkwan yi so kyerɛ me, mede odwannwi bɛkata ayuporobea hɔ anadwo yi. Sɛ obosuo fɔ odwannwi no, na sɛ ɛhɔ amfɔ a, na mahunu sɛ ampa ara, wonam me nsa so bɛgye Israel sɛdeɛ woahyɛ ho bɔ no.”
38 Así fue, pues al día siguiente se levantó temprano, apretó el vellón y escurrió el rocío del vellón, un recipiente lleno de agua.
Na saa na ɛbaeɛ. Gideon sɔree adekyeeɛ kyii odwannwi no mu nyaa nsuo adeɛ ma.
39 Gedeón le dijo a Dios: “No dejes que se encienda tu ira contra mí, y sólo hablaré esta vez. Por favor, déjame hacer una prueba sólo esta vez con el vellón. Que ahora esté seco sólo el vellón, y que en toda la tierra haya rocío”.
Afei, Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Mma wo bo mfu me. Ma memmisa adeɛ baako. Ma memfa odwannwi no nsɔ biribi nhwɛ. Saa ɛberɛ yi deɛ, ma odwannwi no nyɛ wesee na baabi a ɛda hɔ no nyinaa mfɔ.”
40 Así lo hizo Dios aquella noche, pues sólo estaba seco el vellón, y había rocío en toda la tierra.
Anadwo no, Onyankopɔn yɛɛ sɛdeɛ Gideon bisaeɛ no. Anɔpa no odwannwi yɛɛ wesee a na obosuo afɔ fam hɔ nyinaa.

< Jueces 6 >