< 1 Crónicas 20 >

1 A la vuelta del año, en la época en que salen los reyes, Joab sacó el ejército y asoló el país de los hijos de Amón, y llegó a sitiar Rabá. Pero David se quedó en Jerusalén. Joab atacó a Rabá y la derrocó.
Asusɔ berɛ, afe mu ɛberɛ a ahemfo kɔ ɔko no, Yoab dii Israel akodɔm anim, kɔto hyɛɛ Amonfoɔ nkuro ne nkuraa so, dii wɔn so nkonim. Akodie no mu no, wɔtuaa Raba kuropɔn no, sɛee no. Saa ɛberɛ no, na Dawid te akyire wɔ Yerusalem.
2 David se quitó la corona de su rey de la cabeza, y encontró que pesaba un talento de oro, y que había piedras preciosas en ella. La puso en la cabeza de David, y sacó mucho botín de la ciudad.
Ɛberɛ a Dawid duruu Raba no, ɔtuu ɔhene no ahenkyɛ, na wɔde hyɛɛ Dawid. Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ahenkyɛ no na wɔde aboɔdemmoɔ abobɔ mu. Na emu duru bɛyɛ kilogram aduasa ɛnan. Dawid faa asadeɛ bebree firii kuro no mu.
3 Sacó a la gente que estaba en ella y la hizo cortar con sierras, con picos de hierro y con hachas. Así hizo David con todas las ciudades de los hijos de Amón. Luego David y todo el pueblo regresaron a Jerusalén.
Ɔde Rabafoɔ no yɛɛ nkoa, hyɛɛ wɔn ma wɔde ɛwan, fatudadeɛ ne mmonnua yɛɛ adwuma. Saa ara na ɔhyɛɛ nnipa a wɔwɔ Amon nkuropɔn nyinaa so. Na Dawid ne nʼakodɔm sane kɔɔ Yerusalem.
4 Después de esto, surgió la guerra en Gezer con los filisteos. Entonces Sibecai el husatita mató a Sippai, de los hijos del gigante, y fueron sometidos.
Yei akyi, ɔko sii wɔne Filistifoɔ ntam wɔ Geser. Ɔko no mu, Sibekai a ɔfiri Husa kumm Sipai a ɔyɛ ɔbrane no aseni. Enti wɔkaa Filistifoɔ no hyɛeɛ.
5 Nuevamente hubo guerra con los filisteos, y Elhanán, hijo de Jair, mató a Lahmi, hermano de Goliat, el giteo, cuyo asta de lanza era como una viga de tejedor.
Ɔko foforɔ bi a wɔne Filistifoɔ koeɛ mu no, Yair babarima Elhanan kumm Gatni Goliat nuabarima Lahmi. Na Lahmi pea nsa mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.
6 Volvió a haber guerra en Gat, donde había un hombre de gran estatura que tenía veinticuatro dedos en las manos y en los pies, seis en cada mano y seis en cada pie.
Ɔko foforɔ bi nso a wɔne Filistifoɔ koo wɔ Gat no, ɔbrane bi a ɔyɛ abrane asefoɔ no bi a ɔyɛ nsansia yɛ nansia wɔ ne nsa ne ne nan biara so no
7 Cuando desafió a Israel, lo mató Jonatán, hijo de Simea, hermano de David.
buu Israel animtia, twitwaa mpoa. Na Dawid nuabarima Simea babarima Yonatan kumm no.
8 Estos le nacieron al gigante en Gat; y cayeron por mano de David y por mano de sus siervos.
Na saa Filistifoɔ yi yɛ Gat abrane no asefoɔ nanso Dawid ne nʼakofoɔ kunkumm wɔn.

< 1 Crónicas 20 >