< Apocalipsis 14 >

1 Luego miré, y vi al Cordero en pie sobre el Monte de Sión. Y con él había 144:000 que tenían en sus frentes su nombre, y el nombre de su Padre.
Afei mehwɛe, na mihuu sɛ Oguamma no gyina Sion bepɔw so. Na nnipa mpem ɔha aduanan anan ka ne ho a wɔakyerɛw ne din ne nʼAgya din wɔ wɔn moma so.
2 Y escuché una voz que procedía del cielo y que sonaba como torrentes de agua y fuertes truenos, y se oían tocar muchas arpas.
Na metee nne bi fii ɔsoro a na ɛworo so te sɛ asuworoe a ano yɛ den, na ɛte sɛ aprannaa. Nne a metee no te sɛ dwom a sankubɔfo bi rebɔ wɔ ne sanku so.
3 Y cantaban un cántico nuevo frente al trono, así como de las cuatro criaturas vivientes y los ancianos. Y nadie más conocía el cántico, excepto los 144:000, los que habían sido redimidos de la tierra.
Wɔtoo dwom foforo bi wɔ ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no anim. Nnipa mpem ɔha aduanan anan a wɔagye wɔn afi asase so no nko ara na wotumi suae.
4 Ellos no se habían contaminado al pecar con mujeres. Eran espiritualmente vírgenes. Son los que siguen al Cordero dondequiera que él va. Fueron redimidos de la humanidad como primicias para Dios y el Cordero.
Wɔyɛ mmarima bi a wɔamfa mmea angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabun. Baabiara a Oguamma no bɛkɔ no na wodi nʼakyi. Wɔagye wɔn nkwa afi nnipa mu na wɔne nnipa a wodi kan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Oguamma no.
5 Ellos no dicen mentiras y en ellos no hay defecto.
Wɔnka atosɛm, na mfomso nni wɔn ho.
6 Entonces vi a otro ángel que volaba por en medio del cielo. Tenía el evangelio eterno para que se anunciara a los habitantes de la tierra, a cada nación, tribu, lengua y pueblo. (aiōnios g166)
Afei mihuu ɔbɔfo foforo sɛ watu nam sorosoro a ɔrekɔka asɛmpa a entwa mu da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuw ne ɔkasa ne nkurɔfo nyinaa ka ho. (aiōnios g166)
7 Y clamaba a gran voz, diciendo: “La reverencia y la gloria sean dadas a Dios, pues ha llegado la hora de su juicio. Adoren a Aquél que hizo el cielo, la tierra, el mar, y las fuentes de agua”.
Ɔteɛɛ mu se, “Munsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Efisɛ bere no adu sɛ obu adesamma atɛn. Monsom nea ɔbɔɔ ɔsoro, asase, po ne asuti no!”
8 Y le siguió un segundo ángel, gritando: “¡Babilonia, la grande, ha colapsado y ha quedado en ruinas! Ella hizo beber a todas las naciones del vino de su inmoralidad sexual que Dios aborrece con ira”.
Ɔbɔfo a ɔto so abien dii nea odi kan no akyi kae se. “Wahwe ase! Babilonia kɛse ahwe ase! Efisɛ wama amanaman nyinaa anom nʼaguamammɔ nsa no bi.”
9 Y un tercer ángel le siguió, diciendo a gran voz: “Si alguno adora a la bestia y a su imagen, y recibe marca sobre su frente o su mano,
Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa a odi baanu a wodi kan no akyi no teɛɛ mu kae se, “Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso honi a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyirae
10 beberá también del vino del aborrecimiento de Dios que se derrama puro en la copa de su ira, y sufrirán angustia en fuego y azufre ardiente ante los ángeles santos y el Cordero.
no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsa, nʼabufuw nsa a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuw kuruwa mu no. Wɔbɛhyɛ wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa ahoyeraw wɔ ogya ne sufre mu wɔ abɔfo ne Oguamma no anim.
11 Y el humo de su angustia asciende por siempre y para siempre. Los que adoran a la bestia y reciben la marca de su nombre no tienen descanso ni de día ni de noche”. (aiōn g165)
Na ogya no wusiw a ɛhyɛ wɔn ahoyeraw no kɔ soro daa daa. Awia ne anadwo, ahomegye nni hɔ ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso honi ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyirae no.” (aiōn g165)
12 Esto quiere decir que los creyentes deben perseverar con paciencia, guardando los mandamientos de Dios y confiando en Jesús.
Eyi nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so, na wogye Yesu di no nya boasetɔ no.
13 Entonces oí una voz que procedía del cielo, que me decía: “¡Escribe esto! Benditos son los que mueren en el Señor a partir de ahora. Sí, dice el Espíritu, porque ahora ellos pueden descansar de sus aflicciones. Y lo que han logrado hablará por ellos”.
Afei metee nne bi fii ɔsoro a ɛkae se, “Kyerɛw eyi. Nhyira ne awufo a wowu wɔ Awurade mu fi mprempren rekɔ yi.” Honhom no se, “Yiw, wɔbɛhome afi wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.”
14 Entonces miré y vi una nube blanca. Y sobre la nube estaba sentado uno que parecía como el Hijo de hombre, usando una corona de oro y sostenía en su mano una hoz afilada.
Mihuu omununkum fitaa bi na obi a ɔte sɛ Onipa Ba a sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyɛ no na okura kantankrankyi nnamnam bi wɔ ne nsam.
15 Y otro ángel salió del Templo y gritaba a gran voz al que estaba sentado en la nube: “Toma tu hoz y empieza a segar, porque es tiempo de la cosecha, y la cosecha de la tierra está madura”.
Afei ɔbɔfo foforo bi a ofii asɔredan no mu puei, na ɔteɛɛ mu kyerɛɛ nea ɔte omununkum no so no se, “Fa wo kantankrankyi no twa, efisɛ otwabere no adu, asase no asow aba a ɛsɛ sɛ wotwa!”
16 Y el que estaba sentado sobre la nube pasó la hoz sobre la tierra, y recogió la cosecha de la tierra.
Enti nea ɔte omununkum so no hwim ne kantankrankyi wɔ asase so ma etwaa asase so nnɔbae.
17 Y otro ángel salió del Templo en el cielo. También tenía una hoz afilada.
Afei mihuu sɛ ɔbɔfo foforo bi a ofi ɔsoro asɔredan no mu apue a ɔno nso kura kantankrankyi nnamnam bi.
18 A él le siguió un ángel que venía desde el altar que servía para el fuego, y clamó a gran voz al ángel que tenía la hoz afilada: “Toma tu hoz y recoge los racimos de uvas de la viña de la tierra, porque sus uvas están maduras”.
Ɔbɔfo foforo bi a ɔno nso hwɛ ogya no so no fi afɔremuka no mu puei. Ɔteɛɛ mu kyerɛɛ ɔbɔfo a okura kantankrankyi nnamnam no se, “Fa wo kantankrankyi nnamnam no na boaboa asase so bobe akuwakuw no ano, efisɛ nʼaba no abere.”
19 Y el ángel pasó la hoz por la tierra y recogió las uvas de la viña, y las arrojó en el enorme lagar del juicio de Dios.
Enti ɔbɔfo no hwim ne kantankrankyi no wɔ asase so de twitwaa bobe aba no na ɔde koguu Onyankopɔn abufuw nsakyiamoa kɛse no mu.
20 Y fueron pisoteadas en el lagar, afuera de la ciudad. Y del lagar brotaba sangre que llegaba hasta los frenos de un caballo, y hasta una distancia de 1.600 estadios.
Wotiatiaa bobe no so wɔ nsakyiamoa a ɛwɔ kuropɔn no mfikyiri, na mogya fii bobe no mu sen sɛ asubɔnten, akwansin ahannu na mu dɔ nso bɛyɛ anammɔn anum.

< Apocalipsis 14 >