< Levítico 16 >

1 El Señor habló a Moisés después de la muerte de dos de los hijos de Aarón cuando fueron a la presencia del Señor.
Aaron mmabarima baanu a wowuwuu wɔ Awurade anim no wu akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 El Señor le dijo a Moisés: “Adviértele a tu hermano Aarón que no venga al Lugar Santísimo en cualquier momento que lo desee, de lo contrario morirá. Porque ahí es donde aparezco en la nube sobre la cubierta de expiación del Arca, detrás del velo.
“Bɔ wo nua Aaron kɔkɔ sɛ, ɔnnkɔ kronkronbea hɔ wɔ ntwamtam no akyi; beae a apam adaka no si ne mmɔborɔhunu beae hɔ kwa. Ɔkɔ hɔ a obewu, efisɛ mʼankasa mewɔ omununkum a ɛkata mpata beae so no mu.
3 “Estas son las instrucciones para que Aarón entre en el santuario. Debe venir con un toro joven para una ofrenda por el pecado y con un carnero para una ofrenda quemada.
“Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ni: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔre na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyew afɔre.
4 Debe llevar la túnica de lino sagrada, con ropa interior de lino. Tiene que atar una faja de lino a su alrededor y ponerse el turbante de lino. Estas son ropas sagradas. Debe lavarse con agua antes de ponérsela.
Ɛsɛ sɛ oguare na ɔhyɛ atade hanahana ne ne nhyɛase na ɔbɔ nkyekyeremu ne abotiri.
5 Del pueblo de Israel debe traer dos machos cabríos para la ofrenda por el pecado, y un carnero para el holocausto.
Afei, Israelfo bɛbrɛ no mmirekyi abien a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔre ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyew afɔre.
6 Aarón presentará el toro como su propia ofrenda por el pecado para hacerse a sí mismo y a su familia.
“Ɛsɛ sɛ Aaron de nantwi ba no bɛma Awurade sɛ bɔne ho afɔre a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpata ama ne ho ne ne fifo.
7 Luego traerá los dos machos cabríos y los presentará ante el Señor a la entrada del Tabernáculo de Reunión.
Afei, ɔde mmirekyi abien no bɛba Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no ano.
8 Aarón echará suertes para elegir entre los cabritos, uno para el Señor y otro para el chivo expiatorio.
Ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmirekyi no so ntonto hu Awurade de, ne nea ɛsɛ sɛ wɔsan de no kɔ.
9 Presentará el macho cabrío elegido por sorteo para el Señor y lo sacrificará como ofrenda por el pecado.
Aaron de abirekyi a wɔde no rebɛbɔ Awurade afɔre no bɛbɔ bɔne ho afɔre.
10 El macho cabrío elegido por sorteo como chivo expiatorio será presentado vivo ante el Señor para arreglar las cosas enviándolo al desierto como chivo expiatorio.
Wɔrenkum abirekyi baako a waka no na wɔde no aba Awurade anim. Wɔbɛyɛ mpata ho dwumadi bi agu ne so na wɔde no akɔ sare so akogyaw no wɔ hɔ sɛ mpata guan.
11 “Aarón debe presentar el toro para su ofrenda por el pecado para hacer las cosas bien para él y su casa matando el toro como su propia ofrenda por el pecado.
“Aaron de nantwinini ba no bɛbɔ bɔne ho afɔre ama ne ho ne ne fifo.
12 Luego llenará un quemador de incienso con carbones encendidos del altar que está ante el Señor, y con sus manos llenas de incienso de olor dulce finamente molido, los llevará detrás del velo.
Ɛsɛ sɛ ɔfa ade a wɔhyew aduhuam wɔ mu a nnyansramma a wɔfaa wɔ Awurade afɔremuka no so ayɛ no ma. Afei ɔde aduhuam a wɔayam no muhumuhu bɛyɛ ne nsam na ɔde akɔ ntwamtam no akyi.
13 Pondrá el incienso en presencia del Señor, sobre las brasas, y el humo del incienso cubrirá la tapa de la expiación sobre el Testimonio, para que no muera.
Ɛhɔ na ɔde aduhuam no begu ogya no so wɔ Awurade anim na ayɛ wusiw kumɔnn wɔ mpata beae apam ne adaka (a abo apon a wɔakyerɛw Mmaransɛm Du agu so wɔ mu) no so nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenwu.
14 Tomará un poco de sangre del toro y con su dedo la rociará en el lado este de la tapa de expiación. También rociará un poco con su dedo siete veces delante de la tapa de la expiación.
Na ɔde nantwinini ba no mogya no bi bɛba na ɔde ne nsateaa baako abɔ mu apete mpata beae hɔ apuei fam na wapete no mpɛn ason wɔ anim.
15 “Entonces Aarón sacrificará el macho cabrío para la ofrenda por el pecado del pueblo y traerá su sangre detrás del velo, y con su sangre deberá hacer lo mismo que hizo con la sangre del toro: La rociará contra el propiciatorio y delante de él.
“Afei, ɛsɛ sɛ ofi adi na ɔde abirekyi no kɔbɔ ɔmanfo no bɔne ho afɔre na wɔde ne mogya no ba ntwamtam no akyi na wɔpete gu mpata hɔ ne anim sɛnea ɔde nantwinini ba no mogya no yɛe no ara pɛ.
16 Así es como corregirá el Lugar Santísimo y lo purificará de la inmundicia de los israelitas, de sus actos de rebelión y de todos sus pecados. Hará lo mismo con el Tabernáculo de Reunión que está en medio de su campamento, rodeado de sus vidas inmundas.
Na ɛkyerɛ sɛ wayɛ mpata ama beae kronkron hɔ, efisɛ Israelfo bɔne ama efi aka beae hɔ ne Ahyiae Ntamadan no a wɔasi wɔ wɔn mfimfini hɔ no.
17 Nadie puede estar en el Tabernáculo de Reunión desde que Aarón entra para purificar el Lugar Santísimo hasta que sale, después de haber arreglado las cosas para él, su casa y todos los israelitas.
Sɛ Aaron wura Ahyiae Ntamadan no mu kɔ kronkronbea hɔ rekɔyɛ mpata adwuma no a, ɛnsɛ sɛ obiara kɔ hɔ bi, gye sɛ ɔyɛ mpata no ma ne ho ne ne fifo ne Israelfo nyinaa wie.
18 “Entonces irá al altar que está delante del Señor y lo purificará. Tomará la sangre del toro y del macho cabrío y la pondrá en todos los cuernos del altar.
“Afei, ɔbɛkɔ afɔremuka no ho wɔ Awurade anim akɔyɛ mpata ama afɔremuka no. Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba no ne abirekyi mogya no sra mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no ho.
19 Rociará con su dedo siete veces la sangre para dedicarla y purificarla de la inmundicia de los israelitas.
Na ɔde ne nsateaa baako bɛpete mogya no mpɛn ason agu afɔremuka no so de atew ho afi Israelfo bɔne no ho ayɛ no kronkron.
20 Una vez que Aarón haya terminado de purificar el Lugar Santísimo, el Tabernáculo de Reunión y el altar, presentará el macho cabrío vivo.
“Sɛ owie mpata a ɛfa kronkronbea hɔ ne Ahyiae Ntamadan no ho nsɛm nyinaa ne afɔremuka no ho a, ɔde abirekyi no bɛba anikann.
21 Luego pondrá ambas manos sobre la cabeza del macho cabrío vivo y confesará sobre él todas las faltas de los israelitas, todos sus actos de rebelión y todos sus pecados. Los pondrá sobre la cabeza del macho cabrío y lo enviará al desierto, llevado allí por un hombre elegido para hacerlo.
Na ɔde ne nsa abien agu aboa no apampam, na waka atirimɔden ne atuatew a Israelfo ayɛ, wɔn bɔne nyinaa de agu abirekyi no apampam, na obi a wɔayi no sɛ ɔnyɛ saa adwuma no de aboa no bɛkɔ sare so.
22 El macho cabrío tomará sobre sí mismo todos sus pecados y se irá a un lugar lejano, y el hombre lo enviará al desierto.
Enti abirekyi no bɛsoa nnipa no bɔne nyinaa de akɔ asase a obi nte so no so na nipa no agyaa no wɔ sare so hɔ.
23 “Aarón volverá al Tabernáculo de Reunión, se quitará las ropas de lino que se puso antes de entrar en el Lugar Santísimo, y las dejará allí.
“Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ bio akɔworɔw nʼatade hanahana a ɔhyɛɛ wɔ ntwamtam no akyi no na wagyaw wɔ hɔ.
24 Se lavará con agua en el santuario y se pondrá su propia ropa. Luego saldrá a sacrificar su holocausto y el holocausto del pueblo que le da la razón a él y al pueblo.
Ɔbɛkɔ akoguare wɔ faako a wɔatew hɔ ho na wahyɛ ne ntade no bio na wafi adi akɔbɔ ɔno ankasa ɔhyew afɔre asan abɔ ɔhyew afɔre ama nnipa no na wayɛ mpata ama ne ho ne wɔn.
25 También debe quemar la grasa de la ofrenda por el pecado en el altar.
Ɔbɛhyew srade de abɔ bɔne ho afɔre wɔ afɔremuka no so.
26 “El hombre que fue y envió al chivo expiatorio debe lavar sus ropas y lavarse con agua; entonces podrá volver al campamento.
“Akyiri no, ɔbarima a ɔde abirekyi no kɔɔ sare so kogyaa no no bɛhoro ne ntama na waguare na wasan aba beae hɔ bio.
27 “Los restos del toro usado para la ofrenda por el pecado y la cabra para la ofrenda por el pecado, cuya sangre fue traída al Lugar Santísimo para purificarla, deben ser llevados fuera del campamento. Su piel, carne y desechos deben ser quemados.
Na nantwi ba ne abirekyi a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no a Aaron de wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔyɛɛ mpata no, wɔde wɔn bɛkɔ nsraban no akyi baabi akɔhyew a wɔn ho nwoma ne wɔn ayamde ka ho.
28 La persona que los queme debe lavar sus ropas y lavarse con agua; luego puede volver al campamento.
Akyiri no, onipa a ɔrebɛhyew afɔrebɔde no bɛhoro ne ntama, aguare na wasan akɔ beae hɔ bio.
29 “Este reglamento se aplica a todos los tiempos. El décimo día del séptimo mes es un día de ayuno para ustedes. No debes hacer ningún trabajo. Esto se aplica a todos los nacidos en el país y también a cualquier extranjero que viva entre ustedes,
“Eyi yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa. Ɔsram a ɛto so ason no nnafua du so no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara, na mmom, momfa saa da no nkari mo ho nhwɛ wɔ ahobrɛase mu. Saa mmara yi ka wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so anaa ahɔho a wɔne Israelfo te;
30 porque en este día se hará el proceso de corregiros, para haceros limpios de todos sus pecados, limpios ante el Señor.
efisɛ da yi na wɔde kae mo mpata ne mo ahodwira wɔ mo bɔne ho wɔ Awurade anim.
31 Es un sábado de los sábados, un día de descanso y de ayuno. Esta regulación se aplica para todo el tiempo.
Ɛyɛ homeda a ɛsɛ sɛ mode home enti ɛsɛ sɛ mudi da no dinn wɔ ahobrɛase mu. Ɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa.
32 El sacerdote que es ungido y dedicado a suceder a su padre como sumo sacerdote llevará a cabo la ceremonia de hacer las cosas bien, y se pondrá las ropas de lino sagrado.
Saa ahyɛde yi, Ɔsɔfopanyin a wɔasra no no a obesi ne nena Aaron anan na obedi ho dwuma wɔ beae hɔ. Ɔno nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔhyɛ atade kronkron hanahana no
33 Llevará a cabo la purificación del Lugar Santísimo, el Tabernáculo de Reunión y el altar, corrigiendo también a los sacerdotes y a todo el pueblo.
na ɔyɛ mpata wɔ kronkronbea hɔ wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ, wɔ afɔremuka no so de ma asɔfo no ne nnipa no.
34 Esta regla se aplica a ustedes para siempre: una vez al año los israelitas harán expiación por todos sus pecados”. Moisés hizo todo lo que el Señor le ordenó.
“Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo, na Israelfo bɔne nti, moagyina so afe biara de ayɛ mpata ama Israelfo afi wɔn bɔne nyinaa mu.” Na Mose dii mmara a Awurade hyɛ maa no no nyinaa so.

< Levítico 16 >