< Josué 22 >

1 Entonces Josué convocó a las tribus de Rubén, Gad y la media tribu de Manasés.
Afei, Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no nyinaa.
2 Les dijo: “Ustedes han hecho todo lo que Moisés, el siervo del Señor, les dijo que hicieran, y han seguido todos los mandatos que les di.
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moayɛ sɛnea Mose, Awurade somfo hyɛɛ mo sɛ monyɛ no na moadi ɔhyɛ asɛm biara a mehyɛ maa mo no so.
3 En todo este tiempo, y hasta el día de hoy nunca han abandonado a sus hermanos. Han seguido cuidadosamente lo que el Señor, su Dios, les ordenó hacer.
Ɛwɔ mu sɛ dwumadi no agye bere tenten bi de, nanso moampa mmusuakuw a aka no akyi. Moatɔ mo bo ase adi mmara a Awurade, mo Nyankopɔn hyɛ maa mo no so de abesi nnɛ.
4 Ahora que el Señor su Dios le ha dado la paz a sus hermanos, como lo prometió, ustedes deben regresar a su tierra, la que Moisés el siervo del Señor, les dio al otro lado del Jordán.
Na mprempren Awurade, mo Nyankopɔn ama mmusuakuw a aka no ahomegye sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no. Enti monkɔ mo nkyi wɔ asase a Mose, Awurade somfo no de maa mo wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam no so.
5 Pero asegúrense de cumplir los mandamientos y la ley, tal como se los instruyó Moisés. Amen al Señor, su Dios, sigan todos sus caminos, guarden sus mandamientos, permanezcan junto a él y sírvanle con todo su ser”.
Monhwɛ yiye na munni mmara a Mose hyɛ maa mo no so. Monnɔ Awurade, mo Nyankopɔn. Monnantew nʼakwan nyinaa so, munni nʼahyɛde so, munni no nokware na momfa mo koma nyinaa ne mo kra nyinaa nsom no.”
6 Josué los bendijo, los despidió y se fueron a casa.
Na Yosua hyiraa wɔn, gyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ fie.
7 Moisés había dado a la media tribu de Manasés la tierra de Basán, y a la otra mitad de la tribu Josué le había dado tierras al oeste del Jordán. Así que Josué los bendijo y los envió a casa.
Mose de Basan asase a ɛwɔ Yordan apuei fam no maa Manase abusuakuw fa no. Abusuakuw no fa a aka no nso, wɔde asase no fa a ɛda Yordan atɔe fam no maa wɔn. Yosua regya wɔn kwan no, ohyiraa wɔn,
8 Les dijo: “Llévense a casa todas las riquezas que se han ganado: los grandes rebaños de ganado, los objetos de oro, plata, cobre y hierro, la gran cantidad de ropa. Compartan todo este botín con sus hermanos”.
kae se, “Agyapade bebrebe a moanya afi mo atamfo nkyɛn no, mo ne mo abusuafo a wɔwɔ fie no nkyɛ. Anantwi dodow ne nguan bebrebe no, mo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, mo kɔbere mfrafrae, dade ne adurade no nyinaa, mo ne wɔn nkyɛ.”
9 Así que las tribus de Rubén y Gad y la media tribu de Manasés dejaron al resto de los israelitas en Silo, en la tierra de Canaán, y regresaron a su tierra en Galaad, la cual habían recibido por orden del Señor a través de Moisés.
Enti Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no gyaw Israelfo nkae no hɔ wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase so. Wofitii wɔn akwantu ase sɛ wɔresan akɔ wɔn ankasa asase a ɛwɔ Gilead, asase a na ɛyɛ wɔn dea dedaw a Awurade hyɛɛ Mose ma ɔde maa wɔn no so.
10 Cuando se acercaron a la región del Jordán, todavía en la tierra de Canaán, las tribus de Rubén y Gad, y la media tribu de Manasés construyeron un altar grande e impresionante junto al río Jordán.
Wɔda so wɔ Kanaan no, ansa na wobetwa Asubɔnten Yordan no, Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no sii afɔremuka kɛse bi wɔ Asubɔnten Yordan nkyɛn, wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Gelilot no.
11 Se les dijo a los israelitas: “Miren, las tribus de Rubén y Gad, y la media tribu de Manasés han construido un altar en la región del Jordán de la tierra de Canaán, del lado que pertenece a los israelitas”.
Israelfo a wɔaka no tee sɛ wɔasi afɔremuka wɔ Gelilot wɔ Asubɔnten Yordan atɔe fam, wɔ Kanaan asase so no,
12 Los israelitas se reunieron en Silo para ir a la guerra contra ellos.
wɔn nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo, siesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔko atia wɔn nuanom.
13 Antes de hacerlo, enviaron a Finés, hijo del sacerdote Eleazar, a las tribus de Rubén y Gad, y a la media tribu de Manasés en la tierra de Galaad.
Nea edi kan no, wotuu nnipa a ɔsɔfo Eleasar babarima Pinehas tua wɔn ano kɔɔ Gilead. Wotwaa asubɔnten no sɛ wɔne Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no rekɔkasa.
14 Con él iban diez jefes, uno de cada una de las diez tribus de Israel, y cada uno el jefe de su familia.
Nnipa a wotuu wɔn no yɛ mpanyimfo du a obiara gyina hɔ ma Israel mmusuakuw du no mu baako, na ɔsan yɛ ɔkannifo ma Israel mmusua no mu baako.
15 Cuando llegaron, les dijeron a las tribus de Rubén y Gad, y a la media tribu de Manasés:
Na woduu Gilead asase so no, wɔka kyerɛɛ Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no se,
16 “Esto es lo que dice todo el pueblo del Señor: ‘¿Qué acto desleal es este que han cometido contra el Dios de Israel al construiros un altar? ¿Cómo pudieron apartarse de él ahora con tanta rebeldía?
“Awurade asafokuw nyinaa pɛ sɛ wohu nea enti a moredi Israel Nyankopɔn no huammɔ. Adɛn nti na mutumi dan mo ho fi Awurade ho, kosi afɔremuka de tia no?
17 ¿No fue suficiente nuestro pecado en Peors? Ni siquiera ahora estamos limpios de la plaga que atacó al pueblo del Señor.
Bɔne a yɛyɛɛ wɔ Peor no nnɔɔso mmaa yɛn ana? Ɔyaredɔm a ɛbɛtɔɔ Awurade asafokuw no nyinaa so akyi no mpo, yennwiraa yɛn ho mfii ho.
18 Entonces, ¿por qué se alejan ahora del Señor? Si hoy se rebelan contra el Señor, mañana se enfadará con todos nosotros.
Nanso nnɛ yi, moretwe mo ho afi Awurade ho, sɛ morenni nʼakyi. “Sɛ mosɔre tia Awurade nnɛ a, ɔkyena ne bo befuw yɛn nyinaa.
19 “Pero si creen que su tierra está contaminada, entonces vengan a la tierra del Señor, donde se encuentra el Tabernáculo del Señor, y compartan parte de nuestra tierra con nosotros. Pero no se rebelen contra el Señor, ni contra nosotros, construyendo para ustedes un altar distinto del altar del Señor, nuestro Dios.
Sɛ mususuw sɛ efi aka mo asase enti afɔremuka ho hia mo a, ɛno de, mommɛka yɛn ho wɔ asuogya ha wɔ faako a Awurade ne yɛn te wɔ nʼAsɔrefi na yɛne mo bɛkyɛ yɛn asase mu. Na monnsɔre ntia Awurade na mommfa afɔremuka foforo a moasi ama mo ho so ntwe yɛn nkɔ atuatew mu. Awurade, yɛn Nyankopɔn nokware afɔremuka yɛ baako pɛ.
20 Cuando Acán, hijo de Zéraj, actuó deslealmente al tomar cosas consagradas, ¿no sufrió el castigo todo Israel? No fue el único que murió a causa de su pecado’”.
Bere a Akan a ofi Serah abusua mu nam korɔn a ɔbɔɔ wɔ nneɛma a wɔayi asi hɔ ama Awurade, nam so yɛɛ bɔne no, Onyankopɔn antwe Israel manfo nyinaa aso? Ɛnyɛ ɔno nko ara na esiane bɔne no nti owui.”
21 Entonces las tribus de Rubén y Gad, y la media tribu de Manasés, respondieron a los dirigentes israelitas:
Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no buaa mpanyimfo no se,
22 “El Señor es Dios de dioses, el Señor es Dios de dioses y él lo sabe! ¡Que lo sepa Israel también! Si nos rebelamos contra Dios o le somos desleales, ¡mátennos ahora mismo!
“Awurade nko ara ne Onyankopɔn! Awurade nko ara ne Onyankopɔn! Yɛansi afɔremuka no sɛ yɛde retia Awurade. Sɛ saa na yɛayɛ a, nnɛ, momfa yɛn ho nkyɛ yɛn. Nanso Awurade nim na Israel nyinaa nso nhu sɛ,
23 Si nuestra acción de construir un altar fue para alejarnos del Señor, o para usar el altar para hacer holocaustos u ofrendas de grano o de comunión, entonces que el Señor nos castigue.
yensii afɔremuka mmaa yɛn ho sɛ yɛrefi Awurade nkyɛn. Na yɛremmɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre anaa asomdwoe afɔre wɔ so nso. Sɛ eyi nti na yesii afɔremuka no a, Awurade no ankasa ntwe yɛn aso.
24 “Lo hicimos porque nos preocupaba que en el futuro tus descendientes dijeran a los nuestros: ‘¿Qué tienes que ver con el Señor, el Dios de Israel?
“Yɛasi saa afɔremuka yi, efisɛ yesuro sɛ daakye bi mo asefo bebisa yɛn asefo sɛ, ‘Tumi bɛn na mowɔ sɛ mobɛsom Awurade, Israel Nyankopɔn?
25 El Señor puso una frontera – elrío Jordán- entre nosotros y ustedes, descendientes de Rubén y Gad. Ustedes no pertenecen al Señor’. Así tus descendientes podrían impedir que los nuestros adorasen al Señor.
Awurade de Asubɔnten Yordan ato yɛn nkurɔfo ne ne nkurɔfo ntam hye. Munni kyɛfa wɔ Awurade mu!’ Enti mo asefo bɛma yɛn asefo agyae Awurade som.
26 “Así que dijimos: ‘Construyamos un altar, no para holocaustos ni para sacrificios,
“Ɛno nti yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yebesi afɔremuka, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so,
27 sino como testimonio entre nosotros y ustedes, y para las generaciones que vengan después de nosotros, de que vendremos a adorar al Señor en su presencia con nuestros holocaustos, sacrificios y ofrendas de comunión’. Entonces tus descendientes no podrán decir a los nuestros en el futuro: ‘Tú no perteneces al Señor’.
na mmom sɛ nkaedum. Ɛbɛbɔ yɛn asefo ne mo asefo nkae sɛ, yɛn nso, yɛwɔ ho kwan sɛ yɛbɛsom Awurade wɔ ne kronkronbea, abɔ yɛn ɔhyew afɔre, aduan afɔre ne asomdwoe afɔre. Na daakye bi no, mo asefo rentumi nka nkyerɛ yɛn asefo no se, ‘Munni kyɛfa wɔ Awurade mu.’
28 “Si lo hicieran en el futuro, nuestros descendientes podrían responder: ‘Mira esta réplica del altar del Señor que hicieron nuestros antepasados, no para los holocaustos ni para los sacrificios, sino como testimonio entre nosotros y tú’.
“Sɛ wɔka sɛɛ a, yɛn asefo betumi aka se, ‘Monhwɛ Awurade afɔremuka sɛso a yɛn agyanom sii. Wɔansi amma ɔhyew afɔrebɔ anaa afɔrebɔ, na mmom, ɛyɛ nkae ade a ɛkyerɛ ayɔnkofa a yɛn nyinaa wɔ wɔ Awurade mu.’
29 “Jamás se nos ocurriría rebelarnos contra el Señor o alejarnos de él construyendo un altar para hacer holocaustos o ofrendas de grano o sacrificios. El único altar del Señor, nuestro Dios, es el que está frente a su Tabernáculo”.
“Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛsɔre atia Awurade, anaasɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi ne ho akosi yɛn ankasa afɔremuka ama ɔhyew afɔre, aduan afɔre anaa afɔrebɔ. Awurade, yɛn Nyankopɔn afɔremuka a esi nʼAhyiae Ntamadan anim no so na wodi saa dwuma no.”
30 Cuando Finés y los jefes israelitas oyeron esto de las tribus de Rubén y Gad y de la media tribu de Manasés, se alegraron.
Ɔsɔfo Pinehas ne mpanyimfo du no tee nsɛm yi fii Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa hɔ no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam.
31 Finés respondió a las tribus de Rubén y Gad y a la media tribu de Manasés: “Hoy sabemos que el Señor está con nosotros porque ustedes no han actuado deslealmente al hacer esto. Ahora han salvado a los israelitas de ser castigados por el Señor”.
Ɔsɔfo Eleasar babarima Pinehas buaa wɔn se, “Nnɛ yɛahu sɛ Awurade wɔ yɛn ntam, efisɛ monyɛɛ bɔne ntiaa Awurade sɛnea yesusuwii no, mmom moagye Israel nkwa afi ɔsɛe a anka Awurade de reba wɔn so no ho.”
32 Entonces Finés y los líderes israelitas dejaron a las tribus de Rubén y Gad y a la media tribu de Manasés en la tierra de Galaad y regresaron a la tierra de Canaán para explicar la situación a los israelitas.
Afei, Pinehas, ɔsɔfo Eleasar babarima ne mpanyimfo du no fii Ruben ne Gad mmusuakuw no nkyɛn wɔ Gilead san kɔɔ Kanaan asase so kɔbɔɔ Israelfo no amanneɛ.
33 Los israelitas se alegraron del informe y Dios los bendijo. Ya no hablaron de ir a la guerra para destruir la tierra donde vivían las tribus de Rubén y Gad.
Na Israelfo no nyinaa bo tɔɔ wɔn yam, woyii Onyankopɔn ayɛ na wɔanka ɔko a wɔbɛko atia Ruben ne Gad ho asɛm bio.
34 Las tribus de Rubén y Gad llamaron al altar “Testigo”, porque dijeron: “Es un testigo entre nosotros de que el Señor es también nuestro Dios”.
Na Rubenfo ne Gadfo too afɔremuka no din sɛ “Ɔdanseni,” ɔyɛ ɔdanseni wɔ yɛne wɔn ntam sɛ Awurade yɛ yɛn nso Nyankopɔn.

< Josué 22 >