< Génesis 32 >
1 Jacob siguió su camino y unos ángeles de Dios vinieron a su encuentro.
Yakob ne ne fiefoɔ toaa nʼakwantuo no so. Onyankopɔn abɔfoɔ bɛhyiaa no.
2 Cuando los vio dijo: “¡Este debe ser el campamento de Dios!” Y llamó al lugar “Dos campamentos”.
Yakob hunuu wɔn no, ɔkaa sɛ, “Ɛha yɛ Onyankopɔn fie!” Enti ɔtoo saa beaeɛ hɔ edin “Mahanaim,” a asekyerɛ ne Onyankopɔn asase.
3 Entonces envió mensajeros a su hermano Esaú, que vivía en la región de Seír, en el país de Edom.
Yakob somaa abɔfoɔ dii nʼanim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir a ɛwɔ Edom asase so.
4 Y les dijo: “Esto es lo que deben decirle a mi señor Esaú: Tu siervo Jacob te envía este mensaje. He estado con Labán hasta ahora,
Nkra a ɔde maa wɔn nie: “Monka nkyerɛ me wura Esau sɛ, ‘Wʼakoa Yakob se, yɛn wɔfa Laban nkyɛn na makɔtena sɛ ɔhɔhoɔ ara de bɛsi ɛnnɛ yi.
5 y tengo ganado, asnos, ovejas y cabras, así como esclavos y esclavas. He enviado a estos mensajeros para explicarte esto, mi señor, esperando que te alegresde verme”.
Ɛnnɛ deɛ, mewɔ anantwie ne mfunumu, nnwan ne mmirekyie, nkoa ne mfenaa bebree. Masoma mʼabɔfoɔ yi aba wo, me wura nkyɛn, sɛ wɔmmɛka nkyerɛ wo sɛ, mereba. Mewɔ anidasoɔ nso sɛ, mɛnya wʼanim animuonyam ama woagye me fɛ so.’”
6 Los mensajeros volvieron a Jacob y le dijeron: “¡Su hermano Esaú viene a recibirle con 400 hombres armados!”
Asomafoɔ no sane baa Yakob nkyɛn no, wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛkɔɔ wo nua Esau nkyɛn kɔkaa wo nkra no kyerɛɛ no, na ɔse ɔreba abɛhyia wo, na mmarima ahanan na wɔka ne ho reba.”
7 Cuando Jacob escuchó esto, estaba absolutamente aterrorizado. Dividió a toda la gente con él, junto con las ovejas, las cabras, el ganado y los camellos, en dos grupos,
Yakob de ehu ne awerɛhoɔ kyekyɛɛ nnipa a ɔne wɔn nam no ne mmoa no mu akuo mmienu.
8 diciéndose a sí mismo: “Si Esaú viene y destruye un grupo, el otro puede escapar”.
Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ ɛba sɛ, Esau ne ne dɔm no ba bɛto hyɛ ekuo baako so a, ekuo a ɛtɔ so mmienu no bɛdwane.”
9 Entonces Jacob oró: “¡Dios de mi abuelo Abraham, Dios de mi padre Isaac! Señor, tú fuiste quien me dijo: ‘Vuelve a tu país y a la casa de tu familia, y te trataré bien’
Afei, Yakob bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade Onyankopɔn a mʼagya Abraham ne mʼagya Isak somm wo, Ao, Awurade a woka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sane kɔ wʼasase so ne wʼabusua mu, na mɛma woayɛ ɔdefoɔ.’
10 No merezco todo el amor y la fidelidad que has mostrado a tu siervo. Crucé el Jordán hace años con sólo mi bastón, y ahora tengo dos grandes campamentos.
Wʼadɔeɛ a wode ayɛ me ne nokorɛ a woadi wʼakoa no mu kakra bi mpo, mfata me. Ɛda a mefirii fie kɔtwaa Asubɔnten Yordan no, na me poma nko ara na ɛkura me, nanso ɛnnɛ, me na mekura ɛdɔm ahodoɔ mmienu yi.
11 Por favor, sálvame de mi hermano; ¡defiéndeme de Esaú! Me aterra que venga a atacarme a mí, a mis mujeres y a mis hijos.
Mesrɛ wo, gye me firi me nua Esau nsam. Mesuro sɛ ɔbɛto ahyɛ me ne me yerenom ne me mma so.
12 Tú mismo me dijiste: ‘Sin duda alguna te trataré bien. Haré que tus descendientes sean tan numerosos como la arena de la playa, demasiados para contarlos’”.
Nanso, wo na woahyɛ me bɔ sɛ, ‘Nokorɛ mu, mɛma woanya wo ho, na mama wʼase afɛe ayɛ sɛ mpoano anwea a wɔntumi nkan.’”
13 Jacob pasó la noche allí. Luego escogió animales como regalo para su hermano Esaú:
Saa ɛda no, ɔdaa hɔ. Na ɔyii nʼagyapadeɛ no bi sɛ akyɛdeɛ a ɔde bɛma ne nua Esau.
14 200 cabras hembras, 20 cabras machos; 200 ovejas, 20 carneros;
Nneɛma no nie: Mmirekyibereɛ ahanu, mpapo aduonu, nnwammedeɛ ahanu, nnwennini aduonu.
15 30 camellos hembras con sus crías, 40 vacas, 10 toros; 20 burros hembras, 10 burros machos.
Nyoma bereɛ aduasa ne wɔn mma, anantwibereɛ aduanan, anantwinini edu, mfunumubereɛ aduonu, mfunumunini edu.
16 Puso a sus sirvientes a cargo de cada uno de los rebaños y les dijo: “Adelántense y mantengan una buena distancia entre los rebaños”.
Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuakuo, de maa nʼasomfoɔ a ekuo baako biara hyɛ ɔsomfoɔ baako nsa. Ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, “Monni mʼanim nkɔ, na mmom, momma akwan nneda mmoa akuakuo no ntam.”
17 A los que tenían el primer rebaño les dio estas instrucciones: “Cuando mi hermano Esaú se encuentre con ustedes y les pregunte: ‘¿Quién es su amo, a dónde van, y de quién son estos animales que vienen con ustedes’
Yakob sane ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔdi ɛkan no sɛ, “Sɛ me nua Esau hyia mo, na ɔbisa mo sɛ, ‘Hwan asomfoɔ ne mo? Mofiri he na morekɔ he na hwan mmoa na mode wɔn nam yi a,’
18 deberán decirle: ‘Tu siervo Jacob envía estos como regalo a mi señor Esaú, y viene detrás de nosotros’”.
monka nkyerɛ no sɛ, ‘Mmoa no yɛ wʼakoa Yakob dea. Ne nyinaa yɛ akyɛdeɛ a ɔde rebrɛ ne wura Esau, na nʼankasa di akyire reba.’”
19 A los que tenían el segundo, el tercero, y todos los rebaños subsiguientes lesdio las mismas instrucciones, diciéndoles: “Esto es lo que deben decirle a Esaú cuando se encuentre con ustedes.
Saa ara nso na Yakob ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔtɔ so mmienu, mmiɛnsa ne wɔn a wɔdidi so a wɔde mmoa no rekɔ no sɛ, “Sɛ mohyia Esau a, monka saa asɛm korɔ no ara nkyerɛ no. Monka nka ho sɛ,
20 Y también deben decirle: ‘Tu siervo Jacob viene justo detrás de nosotros’”.
‘Wʼakoa Yakob ankasa di yɛn akyiri reba.’” Ɛfiri sɛ, na Yakob ayɛ nʼadwene sɛ, “Mede akyɛdeɛ ahodoɔ a mede asoma adi ɛkan yi bɛpata no, na sɛ akyire no ɔhunu me a, wagye me ato mu.”
21 Así que los regalos iban adelante mientras Jacob pasaba la noche en el campamento.
Enti, wɔde Yakob akyɛdeɛ ahodoɔ no dii ɛkan kɔeɛ. Na nʼankasa deɛ, ɔdaa nʼatenaeɛ hɔ anadwo no.
22 Se levantó durante la noche y tomó a sus dos esposas y a las dos criadas personales y a sus once hijos, y cruzó el río Jaboc.
Anadwo no ara, Yakob sɔre faa ne yerenom baanu ne ne mfenaa baanu no ne ne mma dubaako no, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan wɔ Yabok asutwareɛ hɔ.
23 Después de ayudarles a cruzar, también les envió todo lo que les pertenecía.
Ɔde wɔn twaa asubɔnten no wieeɛ no, ɔsane bɛfaa nʼagyapadeɛ a aka nyinaa de twaa asuo no.
24 Pero Jacob se quedó allí solo. Un hombre vino y luchó con él hasta el amanecer.
Afei, ɛkaa Yakob nko ara wɔ nʼatenaeɛ hɔ. Anadwo no, obi ne no bɛtentameeɛ ara kɔsii adekyeɛ wɛɛ.
25 Cuando el hombre se dio cuenta de que no podía vencer a Jacob, golpeó la cavidad de la cadera de Jacob y la desarticuló mientras luchaba con él.
Ɛberɛ a ɔbarima a ɔne no tentameeɛ no hunuu sɛ ɔrentumi nni Yakob so no, ɔbɔɔ Yakob dwonku, ma ɛhwaneeɛ.
26 Entonces el hombre dijo: “Déjame ir porque ya casi ha amanecido”. “No te dejaré ir a menos que me bendigas”, respondió Jacob.
Afei, ɔbarima no ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Adeɛ akye enti, gyaa me ma menkɔ.” Nanso, Yakob buaa no sɛ, “Sɛ woanhyira me a, meremma wonkɔ.”
27 “¿Cómo te llamas?” le preguntó el hombre. “Jacob”, respondió él.
Ɔbarima no bisaa Yakob sɛ, “Wo din de sɛn?” Ɔbuaa sɛ, “Me din de Yakob.”
28 “Tu nombre no será más Jacob”, dijo el hombre. “En su lugar te llamarás Israel, porque luchaste con Dios y con los hombres, y ganaste”.
Ɔbarima no kaa sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel, ɛfiri sɛ, wo ne Onyankopɔn ne nnipa atentam, na woadi nkonim.”
29 “Por favor, dime tu nombre”, preguntó Jacob. “¿Por qué me preguntas mi nombre?” respondió el hombre. Entonces bendijo a Jacob allí.
Yakob bisaa sɛ, “Mesrɛ wo, wɔfrɛ wo sɛn?” Ɔbarima no nso bisaa no sɛ, “Adɛn enti na worebisa me din?” Yei akyiri no, ɔhyiraa Yakob.
30 Jacob nombró el lugar Peniel, diciendo: “¡Vi a Dios cara a cara y todavía estoy vivo!”
Ɛmaa Yakob too beaeɛ hɔ edin Peniel, a asekyerɛ ne “Onyankopɔn Anim.” Na ɔkaa sɛ, “Mahunu Onyankopɔn animuanimu, nanso meda so te nkwa mu ara.”
31 Y cuando Jacob se fue de Peniel, ya salía el sol, e iba cojeando por su cadera fracturada.
Yakob refiri Peniel no na owia agyina. Esiane ne dwonku a na ahwan no enti, na ɔtɔ gu ne nan no so.
32 (Por eso, aún hoy, los israelitas no se comen el tendón del muslo que está unido a la cuenca de la cadera, porque ahí es donde el hombre golpeó la cuenca de la cadera de Jacob).
Ɛno enti na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Israelfoɔ nwe aboa dwonku koraa sɛ nkaedeɛ no. Saa ntini kɛseɛ a ɛwɔ Yakob dwonku no na ɔbarima a ɔne no tentameeɛ no bɔeɛ, maa Yakob dwonku hwaneeɛ no.