< San Mateo 24 >
1 Saliendo Jesús del Templo, íbase de allí, y sus discípulos se le acercaron para hacerle contemplar las construcciones, del Templo.
Yesu refi faako a asɔredan no si hɔ akɔ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn pɛɛ sɛ wɔtwe nʼadwene kɔ adan ahorow a ɛwɔ asɔredan no mu no so.
2 Entonces Él les respondió y dijo: “¿Veis todo esto? En verdad, os digo, no quedará aquí piedra sobre piedra que no sea derribada”.
Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wobedwiriw saa dan yi agu pasaa!”
3 Después, habiendo ido a sentarse en el Monte de los Olivos, se acercaron a Él sus discípulos en particular, y le dijeron: “Dinos cuándo sucederá esto, y cuál será la señal de tu advenimiento y de la consumación del siglo”. (aiōn )
Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Bere bɛn na nea woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahu wo ba a wobɛsan aba bio no ne wiase awiei a ɛbɛba no?” (aiōn )
4 Jesús les respondió diciendo: “Cuidaos que nadie os engañe.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ na obi annaadaa mo.
5 Porque muchos vendrán bajo mi nombre, diciendo: “Yo soy el Cristo”, y a muchos engañarán.
Nnipa bebree de me din bɛba abɛka se, wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii.
6 Oiréis también hablar de guerras y rumores de guerras. ¡Mirad que no os turbéis! Esto, en efecto, debe suceder, pero no es todavía el fin.
Sɛ mote sɛ wɔafi akodi ase a, ɛnkyerɛ me ba a mɛsan aba no ho nsɛnkyerɛnne. Ɛsɛ sɛ eyinom ba, nanso awiei no de, ennya mmae.
7 Porque se levantará pueblo contra pueblo, reino contra reino, y habrá en diversos lugares hambres y pestes y terremotos.
Aman bɛsɔre wɔ aman so, na ahenni asɔre wɔ ahenni so, na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.
8 Todo esto es el comienzo de los dolores”.
Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfiase.
9 “Después os entregarán a la tribulación y os matarán y seréis odiados de todos los pueblos por causa de mi nombre.
“Sɛ moyɛ me de nti, wɔbɛyɛ mo ayayade, na wɔakunkum mo wɔ wiase afanan nyinaa,
10 Entonces se escandalizarán muchos, y mutuamente se traicionarán y se odiarán.
na mo mu pii bɛsan akɔ bɔne mu, na moayiyi mo ho mo ho ama, na moatentan mo ho mo ho.
11 Surgirán numerosos falsos profetas, que arrastrarán a muchos al error;
Atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔadaadaa mo mu pii.
12 y por efecto de los excesos de la iniquidad, la caridad de los más se enfriará.
Bɔne bɛdɔɔso wɔ wiase, na abrɛ nnipa dɔ a wɔwɔ no ase.
13 Mas el que perseverare hasta el fin, ese será salvo.
Nanso wɔn a wobegyina pintinn akodu awiei no, wobegye wɔn nkwa.
14 Y esta Buena Nueva del Reino será proclamada en el mundo entero, en testimonio a todos los pueblos. Entonces vendrá el fin.
Na wɔbɛka asɛmpa a ɛfa Ahenni no ho no wɔ wiase mmaa nyinaa, na wɔate. Ɛno akyi ansa na awiei no bɛba.”
15 Cuando veáis, pues, la abominación de la desolación, predicha por el profeta Daniel, instalada en el lugar santo —el que lee, entiéndalo—,
“Enti sɛ muhu ‘abusude a ɛde ɔsɛe ba’ a Odiyifo Daniel kaa ho asɛm sɛ egyina kronkronbea hɔ no a, ma nea ɔkenkan no nte ase,
16 entonces los que estén en Judea, huyan a las montañas;
na wɔn a wɔte Yudea no nguan nkɔ Yuda mmepɔw so.
17 quien se encuentre en la terraza, no baje a recoger las cosas de la casa;
Mma obiara a ɔwɔ ne fi dan atifi no nsian nkɔfa biribiara mfi ne fi hɔ.
18 quien se encuentre en el campo, no vuelva atrás para tomar su manto.
Wɔn a wɔwɔ mfuw so no nso nnsan wɔn akyi mmɛfa wɔn ntama.
19 ¡Ay de las que estén encintas y de las que críen en aquel tiempo!
Ɛbɛyɛ hu ama wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a woturu mma saa bere no mu!
20 Rogad, pues, para que vuestra huida no acontezca en invierno ni en día de sábado.
Na mommɔ mpae na bere a ɛsɛ sɛ muguan no anyɛ awɔwbere anaa Homeda.
21 Porque habrá, entonces, grande tribulación, cual no la hubo desde el principio del mundo hasta ahora, ni la habrá más.
Efisɛ awerɛhowdi a ɛbɛba no, bi nsii wɔ wiase abakɔsɛm mu da, na bi nso rensi da.
22 Y si aquellos días no fueran acortados, nadie se salvaría; mas por razón de los elegidos serán acortados esos días.
“Nokware, sɛ wɔantwa saa nna no so a, ɛrenka obi.
23 Si entonces os dicen: “Ved, el Cristo está aquí o allá”, no lo creáis.
Sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaasɛ ɔwɔ nohɔ anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, munnnye nni.
24 Porque surgirán falsos cristos y falsos profetas, y harán cosas estupendas y prodigios, hasta el punto de desviar, si fuera posible, aún a los elegidos.
Atoro agyenkwanom ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔayɛ anwonwade ahorow na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no mpo.
25 ¡Mirad que os lo he predicho!
Monhwɛ yiye, efisɛ maka biribiara akyerɛ mo!
26 Por tanto, si os dicen: “Está en el desierto”, no salgáis; “está en las bodegas”, no lo creáis.
“Enti sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no asan aba na ɔwɔ sare so a,’ monnhaw mo ho sɛ mobɛkɔ hɔ akɔhwehwɛ no. Anaasɛ nso wose, ‘Ɔde ne ho asie baabi a,’ munnnye nni!
27 Porque, así como el relámpago sale del Oriente y brilla hasta el Poniente, así será la Parusía del Hijo del Hombre.
Na sɛnea anyinam twa fi apuei kɔ atɔe no, saa ara na sɛ Onipa Ba no reba a, ɛbɛyɛ ne no.
28 Allí donde esté el cuerpo, allí se juntarán las águilas”.
Na nea funu wɔ no, ɛhɔ na apete bɛboaboa wɔn ho ano.
29 “Inmediatamente después de la tribulación de aquellos días el sol se oscurecerá, y la luna no dará más su fulgor, los astros caerán del cielo, y las potencias de los cielos serán conmovidas.
“Saa mmere no awerɛhowdi no akyi pɛ “‘owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn; na nsoromma befi wim atetew ahwe, na wim abɔde behinhim.’
30 Entonces aparecerá en el cielo la señal del Hijo del Hombre, y entonces se lamentarán todas las tribus de la tierra, y verán al Hijo del Hombre viniendo sobre las nubes del cielo con Poder y gloria grande.
“Afei Onipa Ba no ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi wɔ ɔsoro. Na asase sofo nyinaa betwa agyaadwo bere a wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam nam ɔsoro omununkum mu reba.
31 Y enviará sus ángeles con trompeta de sonido grande, y juntarán a los elegidos de Él de los cuatro vientos, de una extremidad del cielo hasta la otra”.
Na mɛsoma mʼabɔfo na wɔde torobɛnto a ano yɛ den aba abɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano fi ɔsoro ano akɔka asase ano.
32 “De la higuera aprended esta semejanza: cuando ya sus ramas se ponen tiernas, y sus hojas brotan, conocéis que está cerca el verano.
“Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ eyi mman foforo, san yi nhaban foforo a, na ɛkyerɛ sɛ asusow abɛn.
33 Así también vosotros cuando veáis todo esto, sabed que está cerca, a las puertas.
Saa ara nso na sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi nyinaa afi ase resisi a, mubehu sɛ me ba a mɛsan aba no abɛn, adu ɔpon ano.
34 En verdad, os digo, que no pasará la generación esta hasta que todo esto suceda.
Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.
35 El cielo y la tierra pasarán, pero las palabras mías no pasarán ciertamente”.
Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛbɛtena hɔ daa.
36 “Mas en cuanto al día aquel y a la hora, nadie sabe, ni los ángeles del cielo, sino el Padre solo.
“Nanso da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne Onyankopɔn Ba no mpo nnim. Agya no nko na onim.
37 Y como sucedió en tiempo de Noé, así será la Parusía del Hijo del Hombre.
Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛnea Noa bere so ɛyɛɛ no ara pɛ.
38 Porque así como en el tiempo que precedió al diluvio, comían, bebían, tomaban en matrimonio y daban en matrimonio, hasta el día en que entró Noé en el arca,
Na sɛnea nna a edi nsuyiri no anim no nnipa didii, na wɔnomee, warewaree, de kosii da a Noa kɔɔ hyɛn no mu,
39 y no conocieron hasta que vino el diluvio y se los llevó a todos, así será también la Parusía del Hijo del Hombre.
na nnipa annye nea ɛbɛba anni, kosii sɛ nsuyiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ.
40 Entonces, estarán dos en el campo, el uno será tomado, y el otro dejado;
Saa bere no, wɔbɛfa mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afum no mu baako akɔ, na wɔagyaw ɔbaako.
41 dos estarán moliendo en el molino, la una será tomada y la otra dejada”.
Saa ara nso na mmea baanu a wɔwɔ fie renoa aduan no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako.
42 “Velad, pues, porque no sabéis en qué día vendrá vuestro Señor.
“Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a Awurade bɛba.
43 Comprended bien esto, porque si supiera el amo de casa a qué hora de la noche el ladrón había de venir, velaría ciertamente y no dejaría horadar su casa.
Sɛnea sɛ ofiwura nim bere a owifo bɛba a anka ɔbɛwɛn de abɔ ne ho ban afi akorɔmfo ho no,
44 Por eso, también vosotros estad prontos, porque a la hora que no pensáis, vendrá el Hijo del Hombre.
saa ara na ɛsɛ sɛ musiesie mo ho, efisɛ Onipa Ba no bɛba bere a mo ani nna so sɛ ɔbɛba.
45 ¿Quién es, pues, el siervo fiel y prudente, a quien puso el Señor sobre su servidumbre para darles el alimento a su tiempo?
“Hena ne ɔsomfo nokwafo nyansafo no, nea ne wura de ne fi mu asomfo ahyɛ ne nsa sɛ ɔmma wɔn aduan wɔ bere a ɛsɛ mu?
46 ¡Feliz el servidor aquel, a quien su señor al venir hallare obrando así!
Nhyira ne ɔsomfo a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ.
47 En verdad, os digo, lo pondrá sobre toda su hacienda.
Meka mo nokware se ɔde nea ɔwɔ nyinaa bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ so!
48 Pero si aquel siervo malo dice en su corazón: “Se me retrasa el señor”,
Na sɛ ɔkɔyɛ ɔsomfo tirimuɔdenfo, na ɔka kyerɛ ne ho se, ‘Me Wura nnya mmae,’
49 y se pone a golpear a sus consiervos y a comer y a beber con los borrachos;
na ofi ase boro ne mfɛfo nkoa, na ɔne akɔwensafo didi, bow nsa a,
50 volverá el señor de aquel siervo en día que no espera, y en hora que no sabe,
Ɔsomfo no wura no bɛba da a nʼani nna so.
51 y lo separará y le asignará su suerte con los hipócritas; allí será el llanto y el rechinar de dientes”.
Ɔbɛtwe nʼaso dennen, na ɔde no akɔ baabi a wobu nyaatwomfo atɛn; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.