< Hechos 4 >

1 Mientras estaban hablando al pueblo, vinieron sobre ellos los sacerdotes, con el capitán del Templo, y los saduceos,
Bere a Petro ne Yohane gu so rekasa akyerɛ nkurɔfo no, asɔfo ne ɔpanyin a ɔhwɛ awɛmfo a wɔhwɛ asɔredan no so no ne Sadukifo baa wɔn nkyɛn.
2 indignados de que enseñasen al pueblo y predicasen en Jesús la resurrección de entre los muertos.
Wɔn bo fuw yiye, efisɛ na saa asomafo yi rekyerɛkyerɛ nnipa no sɛ Yesu asɔre afi owu mu a ɛkyerɛ sɛ awufo tumi nyan ba nkwa mu.
3 Les echaron mano y los metieron en la cárcel hasta el día siguiente, porque ya era tarde.
Wɔkyeree asomafo no, nanso esiane sɛ na ade asa nti, wɔde wɔn guu afiase kosii adekyee.
4 Muchos, sin embargo, de los que habían oído la Palabra creyeron, y el número de los varones llegó a cerca de cinco mil.
Nanso nnipa a wɔtee asɛm no mu dodow no ara bɛyɛ sɛ mpem anum gyee asɛm no dii.
5 Y acaeció que al día siguiente se congregaron en Jerusalén los jefes de ellos, los ancianos y los escribas,
Ade kyee no, Yudafo mpanyin, mpanyimfo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo hyiaa wɔ Yerusalem.
6 y el Sumo Sacerdote Anás, y Caifás, Juan y Alejandro y los que eran del linaje de los príncipes de los sacerdotes.
Wohyiaa Ɔsɔfopanyin Anas ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne afoforo a wofi Ɔsɔfopanyin no abusua mu.
7 Los pusieron en medio y les preguntaron: “¿Con qué poder o en qué nombre habéis hecho vosotros esto?”
Wɔma wɔde asomafo baanu yi baa wɔn anim bisaa wɔn se, “Tumi bɛn anaa hena din na mode yɛɛ eyi?”
8 Entonces Pedro, lleno del Espíritu Santo, les respondió: “Príncipes del pueblo y ancianos,
Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no buae se, “Ɔman mpanyimfo ne atitiriw.
9 si nosotros hoy somos interrogados acerca del bien hecho a un hombre enfermo, por virtud de quién este haya sido sanado,
Sɛ nnɛ mugyina ha bisa yɛn ade pa a yɛyɛ maa obubuafo no maa ne ho tɔɔ no no a,
10 sea notorio a todos vosotros y a todo el pueblo de Israel, que en nombre de Jesucristo el Nazareno, a quien vosotros crucificasteis y a quien Dios ha resucitado de entre los muertos, por Él se presenta sano este hombre delante de vosotros.
ɛno de ɛsɛ sɛ mo ne Israelfo nyinaa hu sɛ saa onipa a ogyina ha yi, ɛnam Yesu Kristo a ofi Nasaret a mobɔɔ no asennua mu na Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no tumi mu na ne ho ayɛ no den.”
11 Esta es la piedra que fue desechada por vosotros los edificadores, la cual ha venido a ser cabeza del ángulo;
Yesu ne onipa a Kyerɛwsɛm ka fa ne ho se, “‘Ɔbo a mo adansifo poe no na abɛyɛ tweatibo.’
12 y no hay salvación en ningún otro. Pues debajo del cielo no hay otro nombre dado a los hombres, por medio del cual podemos salvarnos”.
Ɔno nko ara mu na nkwagye wɔ; efisɛ din biara nni wiase ha a nnipa nam so benya nkwagye.”
13 Viendo ellos el denuedo de Pedro y Juan, y sabiendo que eran hombres sin letras e incultos, se admiraron y cayeron en la cuenta de que habían estado con Jesús;
Ɛyɛɛ agyinatufo no ahodwiriw sɛ Petro ne Yohane a wonsuaa nhoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasaa akokoduru so saa. Wohuu sɛ saa asomafo yi ne Yesu nantewee.
14 por otra parte, viendo al hombre que había sido sanado, de pie en medio de ellos, nada podían decir en contra.
Nnipa no antumi anka asɛm biara bio, efisɛ wohuu sɛ ɔbarima a na ne ho atɔ no no ne Petro ne Yohane gyina hɔ.
15 Mandaron entonces que saliesen del Sinedrio, y deliberaron entre sí,
Wɔma wofii asennii hɔ ma wodwinnwen asɛm no ho.
16 diciendo: “¿Qué haremos con estos hombres? Pues se ha hecho por ellos un milagro evidente, notorio a todos los habitantes de Jerusalén, y no lo podemos negar.
Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Dɛn na yɛnyɛ saa nnipa yi? Obiara a ɔwɔ Yerusalem ha ate sɛ saa nnipa yi ayɛ anwonwade a yɛrentumi ntwa ho nkontompo.
17 Pero a fin de que no se divulgue más en el pueblo, amenacémoslos para que en adelante no hablen más en este nombre a persona alguna”.
Sɛnea ɛbɛyɛ a saa nnipa yi remma saa asɛm yi ntrɛw nkɔ afoforo nkyɛn no, momma yɛmfrɛ wɔn, mmɔ wɔn kɔkɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmɔ Yesu din nkyerɛ obiara bio.”
18 Los llamaron, pues, y les intimaron que de ninguna manera hablasen ni enseñasen en el nombre de Jesús.
Wɔfrɛɛ asomafo baanu yi bae, hyɛɛ wɔn sɛ wonni ho kwan biara sɛ wɔbɔ Yesu Kristo din anaa wɔkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu.
19 Mas Pedro y Juan respondieron diciéndoles: “Juzgad vosotros si es justo delante de Dios obedeceros a vosotros más que a Dios.
Petro ne Yohane buaa wɔn se, “Sɛ yebetie Onyankopɔn anaa yebetie mo no, emu nea ɛwɔ he na eye? Mo ara mummua mfa.
20 Porque nosotros no podemos dejar de hablar lo que hemos visto y oído”.
Nea yɛahu ne nea yɛate de, yɛrentumi nnyae ho asɛnka.”
21 Y así los despacharon amenazándoles, mas no hallando cómo castigarlos, por temor del pueblo; porque todos glorificaban a Dios por lo sucedido.
Agyinatufo no bɔɔ wɔn kɔkɔ bio gyaa wɔn, efisɛ wɔannya biribiara annyina so antwe wɔn aso; afei nso na nnipa no nyinaa rekamfo Onyankopɔn wɔ asɛm a asi no ho.
22 Pues era de más de cuarenta años el hombre en quien se había obrado esta curación milagrosa.
Na ɔbarima a wɔnam anwonwakwan so saa no yare no adi boro mfe aduanan.
23 Puestos en libertad, llegaron a los suyos y les contaron cuantas cosas les habían dicho los sumos sacerdotes y los ancianos.
Wogyaa Petro ne Yohane pɛ na wɔkɔɔ agyidifo a wɔaka no nkyɛn kɔkaa nea asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no kae no kyerɛɛ wɔn.
24 Ellos al oírlo, levantaron unánimes la voz a Dios y dijeron: “Señor, Tú eres el que hiciste el cielo y la tierra y el mar y todo cuanto en ellos se contiene;
Bere a wɔtee saa asɛm no, wɔn nyinaa bɔɔ mu bɔɔ mpae se, “Owura, Ɔbɔade a wobɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ mu,
25 Tú el que mediante el Espíritu Santo, por boca de David, nuestro padre y siervo tuyo, dijiste: «¿Por qué se han alborotado las naciones, y los pueblos han forjado cosas vanas?
wonam Honhom Kronkron so nam yɛn nena Dawid a ɔyɛ wʼakoa no so ma ɔkae se, “Adɛn nti na amanaman no hyehyɛ bɔne ho, na nnipa no bɔ pɔw hunu yi?
26 Levantáronse los reyes de la tierra, y los príncipes se han coligado contra el Señor y contra su Ungido».
Asase so ahemfo sɔre gyina na atumfo bɔ mu tu agyina tia Awurade ne Agyenkwa no.
27 Porque verdaderamente se han juntado en esta ciudad contra Jesús su santo Siervo, a quien Tú ungiste, Herodes y Poncio Pilato, con los gentiles y los pueblos de Israel,
Ampa ara Herode ne Pontio Pilato ne amanamanmufo ne Israelfo hyiaa wɔ kurow kɛse yi mu sɔre tiaa Yesu a ɔyɛ Ɔsomfo Kronkron a woatew ne ho no.
28 para hacer lo que tu mano y tu designio había determinado que se hiciese.
Wohyia yɛɛ biribiara a wonam wo tumi ne wo pɛ so ahyɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba mu no.
29 Ahora, pues, Señor, mira las amenazas de ellos, y da a tus siervos que prediquen con toda libertad tu palabra,
Afei Awurade, hwɛ ahunahuna a wɔrehunahuna yɛn yi na ma yɛn a yɛyɛ wʼasomfo yi mfa akokoduru nka wʼasɛm yi.
30 extendiendo tu mano para que se hagan curaciones, prodigios y portentos por el nombre de Jesús el santo Siervo tuyo”.
Ma wo nsa so fa sa nyarewa, na fa wo somfo Kronkron Yesu Kristo din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade.”
31 Acabada la oración, tembló el lugar en que estaban reunidos, y todos quedaron llenos del Espíritu Santo y anunciaban con toda libertad la palabra de Dios.
Wɔbɔɔ mpae wiee no, faako a wohyiaa hɔ wosowee. Honhom Kronkron bɛhyɛɛ wɔn nyinaa ma ma na wofii ase de akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm.
32 La multitud de los fieles tenía un mismo corazón y una misma alma, y ninguno decía ser suya propia cosa alguna de las que poseía, sino que tenían todas las cosas en común.
Agyidifo no nyinaa tenaa ase sɛ nnipa koro. Wɔn mu bi anka se nʼankasa ahode bi yɛ ɔno nko ara de; biribiara a wɔwɔ no, wɔn nyinaa kyekyɛɛ mu pɛ fae.
33 Y con gran fortaleza los apóstoles daban testimonio de la resurrección del Señor Jesús y gracia abundante era sobre todos ellos.
Asomafo no nam tumi a emu yɛ den so dii Awurade Yesu wusɔre no ho adanse na Onyankopɔn hyiraa wɔn nyinaa.
34 Porque no había entre ellos persona pobre, pues todos cuantos poseían campos o casas, los vendían, traían el precio de las cosas vendidas,
Biribiara ho anhia obiara a ɔfra kuw no mu, efisɛ wɔn a na wɔwɔ nsase ne afi no tontɔnee, de sika a wonya fii mu no
35 y lo ponían a los pies de los apóstoles; y se distribuía a cada uno según la necesidad que tenía.
brɛɛ asomafo no ma wɔkyekyɛɛ sɛnea ɛho hia obiara.
36 Así también José, a quien los apóstoles pusieron por sobrenombre Bernabé, lo que significa “Hijo de consolación”, levita y natural de Chipre,
Yosef a na ɔyɛ Lewini a ofi Kipro a na asomafo no frɛ no Barnaba, a ne nkyerɛase ne “Nkuranhyɛ Ba” no,
37 tenía un campo que vendió y cuyo precio trajo poniéndolo a los pies de los apóstoles.
tɔn nʼasase de sika a onyae no brɛɛ asomafo no.

< Hechos 4 >