< Псалтирь 111 >
1 Исповемся Тебе, Господи, всем сердцем моим в совете правых и сонме.
Monkamfo Awurade! Mefi me koma nyinaa mu ama Awurade so wɔ atreneefo aguabɔ ne asafo no mu.
2 Велия дела Господня, изыскана во всех волях его:
Awurade nnwuma yɛ akɛse; wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susuw ho.
3 исповедание и великолепие дело Его, и правда Его пребывает в век века.
Ne nnwuma yɛ tumi ne anuonyam, na ne trenee wɔ hɔ daa.
4 Память сотворил есть чудес Своих: милостив и щедр Господь.
Ɔma yɛkae nʼanwonwade; Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo.
5 Пищу даде боящымся Его: помянет в век завет Свой.
Ɔma wɔn a wosuro no no aduan; ɔkae nʼapam no daa.
6 Крепость дел Своих возвести людем Своим, дати им достояние язык.
Wakyerɛ ne nkurɔfo tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu, sɛ ɔde aman afoforo nsase ama wɔn.
7 Дела рук Его истина и суд, верны вся заповеди Его,
Ne nsa ano nnwuma yɛ nokware na ɛteɛ; nʼahyɛde nyinaa mu wɔ ahotoso.
8 утвержены в век века, сотворены во истине и правоте.
Etim hɔ daa daa, nokware ne trenee mu na ɔyɛe.
9 Избавление посла людем Своим: заповеда в век завет Свой: свято и страшно имя Его.
Ɔde ogye maa ne nkurɔfo; ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ, ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.
10 Начало премудрости страх Господень, разум же благ всем творящым и: хвала Его пребывает в век века.
Awurade suro yɛ nyansa mfiase; wɔn a wodi nʼahyɛde so nyinaa wɔ nhumu pa. Ɔno na daa ayeyi wɔ no.