< Книга Иисуса Навина 20 >

1 И рече Господь ко Иисусу, глаголя:
Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ,
2 рцы сыном Израилевым, глаголя: дадите грады убежений, яже рекох к вам Моисеом:
“Afei, ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔnyiyi dwanekɔbea nkuropɔn no sɛdeɛ mehyɛɛ Mose no.
3 убежище убийце поразившему душу неволею: и будут вам грады убежище, и не умрет убийца от ужика крове, дондеже предстанет пред сонмом на суд.
Obiara a wanhyɛ da na ɔbɛkum obi no tumi dwane kɔ nkuropɔn yi bi so, kɔbɔ ne ho adwaa, sɛdeɛ owufoɔ no abusuafoɔ no ntumi ntɔ okum no so were.
4 И (аще кто) убегнет во един от градов сих, и станет во вратех града, и исповесть во уши старцем града того словеса своя: и приимут его сонм к себе, и дадят ему место жити с ними:
Sɛ onipa a wanhyɛ da na ɔkum obi no duru kuropɔn no bi so a, ɔnkɔhunu kuropɔn no mu mpanimfoɔ wɔ kuropɔn no ɛpono ano na ɔnkyerɛ wɔn deɛ ɛsiiɛ. Ɛsɛ sɛ wɔma ho kwan ma ɔwura kuropɔn no mu, na wɔne no tena.
5 и егда поженет ужик крове вслед его, и не дадут убившаго в руце его: яко не ведый уби ближняго своего и не ненавидя той его от вчера и третияго дне:
Sɛ owufoɔ no abusuafoɔ ba sɛ wɔrebɛtɔ okum no so were a, ɛnsɛ sɛ mpanimfoɔ no yi okumfoɔ no ma, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɛsiane.
6 и да вселится в той град, дондеже станет пред лицем сонма на суд, и дондеже умрет жрец великий, иже будет в тыя дни: тогда да обратится убийца, и внидет во град свой и в дом свой, и во град, отнюдуже избеже.
Nanso, ɛsɛ sɛ okumfoɔ no tena kuropɔn no mu na ɔmanfoɔ di nʼasɛm bu no bem. Na ɛsɛ sɛ okumfoɔ no kɔ so tena kuro no mu, ɛfiri sɛ, owuo no yɛ asiane. Ɔbɛtena hɔ akɔsi sɛ ɔsɔfopanin a ɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no a asɛm no siiɛ no bɛwu. Ɛno akyi, okumfoɔ no wɔ ho kwan sɛ ɔsane kɔ ne kurom.”
7 И отделиша Кедес в Галилеи, в горе Неффалимли, и Сихем в горе Ефремли, и Град Арво (сей есть Хеврон) в горе Иуде:
Nkuropɔn a ɛdidi so yi na wɔyiyi yɛɛ hɔ dwanekɔbea nkuropɔn: Kedes a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali bepɔ asase so, Sekem a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so, Kiriat-Arba a wɔfrɛ no Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔ asase so.
8 и об ону страну Иордана ко Иерихону на восток, даша Восор в пустыни в поли от племене Рувимля, и Рамоф в Галааде от племене Гадова, и Голан в Васанитиде от племене Манассиина:
Na Asubɔnten Yordan apueeɛ fam nso a ɛtwam firi Yeriko no, saa nkuropɔn a ɛdidi soɔ yi na wɔyiyii sɛ dwanekɔbea nkuropɔn: Beser a ɛwɔ ɛserɛ pradada so a ɛyɛ Ruben abusuakuo dea no, Ramot a ɛwɔ Gilead a ɛwɔ Gad abusuakuo asase so ne Golan a ɛwɔ Basan a ɛyɛ Manase abusuakuo no asase.
9 сии грады избраны быша всем сыном Израилевым и пришелцу прилежащему в них, еже убежати тамо всякому убивающему душу неволею, да не умрет от руку ужика крове, дондеже станет пред сонмом на суд.
Yeinom ne nkuropɔn a wɔyiyi maa Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne wɔn teɛ no. Obiara a wanfiri boapayɛ mu ankum ɔfoforɔ no, ɔtumi kɔpɛ dwanekɔbea wɔ saa nkuropɔn yi mu biara so. Sɛ wɔfa saa ɛkwan yi so a wɔn a wɔrepɛ aweretɔ nsa renka awudifoɔ no nkum wɔn ansa na wɔaba ɔmanfoɔ asɛnniiɛ abɛyi wɔn ho ano.

< Книга Иисуса Навина 20 >