< Книга пророка Иеремии 26 >

1 В начале царства Иоакима сына Иосиина бысть слово сие от Господа:
Yehoiakim a ɔyɛ Yudahene Yosia babarima adedi mfiase mfe no, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn bae:
2 тако рече Господь: стани во дворе дому Господня и проповеждь всем Иудеом, входящым кланятися в дом Господень, вся словеса, яже завещах тебе проповедати им, не уйми словесе:
“Sɛɛ na Awurade se: Gyina Awurade fi mu adiwo hɔ, na ka kyerɛ nnipa a wofi Yuda nkurow mu bɛsom wɔ Awurade fi mu nyinaa. Ka nea mehyɛ wo no nyinaa kyerɛ wɔn; nyi asɛm biara mfi mu.
3 негли послушают и отвратятся кийждо от пути своего злаго, и почию от зол, яже помышляю сотворити им злых ради начинаний их.
Ebia wobetie, na wɔn mu biara asan afi nʼakwammɔne so. Sɛ ɛba saa a, mɛtwɛn, na meremfa amanehunu a wɔn bɔne nti mepɛɛ sɛ mede ba wɔn so no mma bio.
4 И речеши: тако рече Господь: аще не послушаете Мене, еже ходити в законех Моих, яже дах пред лицем вашим,
Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade se ni: Sɛ moantie me, na moanni me mmara a mahyɛ mo no so,
5 в послушание словес отрок Моих пророков, ихже Аз посылаю к вам из утра, и послах, и не послушасте Мене,
na sɛ moantie nsɛm a mʼasomfo adiyifo a mesoma wɔn mo nkyɛn bere biara no ka kyerɛ mo no a, (mpo munntiee wɔn),
6 и дам дом сей якоже Силом, и град сей дам в клятву всем языком всея земли.
ɛno de, mɛyɛ ofi yi sɛ Silo, na kuropɔn yi ayɛ nnome wɔ asase so aman nyinaa mu.’”
7 И слышаша жерцы и лжепророцы и вси людие Иеремию глаголюща словеса сия в дому Господни.
Asɔfo, adiyifo ne nnipa no nyinaa tee sɛ Yeremia reka saa nsɛm yi, wɔ Awurade fi hɔ.
8 И бысть, егда Иеремиа преста глаголати вся, елика завеща ему Господь глаголати всем людем, и яша Иеремию жерцы и лжепророцы и вси людие, глаголюще: смертию да умрет,
Na Yeremia wiee nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no se ɔnka nkyerɛ nnipa no nyinaa no ka no, asɔfo no, adiyifo ne nnipa no nyinaa tow hyɛɛ ne so kae se, “Ɛsɛ sɛ wuwu!
9 яко прорече имеием Господним, глаголя: якоже Силом будет сей дом, и град сей опустеет от живущих. И собрашася вси людие на Иеремию в дому Господни.
Adɛn na wohyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu se, ofi yi bɛyɛ sɛ Silo na kuropɔn yi bɛda mpan a obiara ntena mu ana?” Na nnipa no nyinaa betwaa Yeremia ho hyiaa wɔ Awurade fi hɔ.
10 И слышаша князи Иудины словеса сия, и взыдоша от дому царева в дом Господень и седоша во преддверии врат дому Господня новых.
Bere a Yuda adwumayɛfo tee saa nsɛm yi no, wofii ahemfi hɔ foro kɔɔ Awurade fi kɔtenaa ofi no Pon Foforo no ano.
11 И реша жерцы и лжепророцы князем и всем людем, глаголюще: суд смертный человеку сему, яко прорече на сей град, якоже слышасте во ушы ваши.
Na asɔfo no ne adiyifo no ka kyerɛɛ adwumayɛfo no ne nnipa no nyinaa se, “Ɛsɛ sɛ wobu saa ɔbarima yi kumfɔ, efisɛ wahyɛ nkɔm atia kuropɔn yi. Moate wɔ mo asom!”
12 И рече Иеремиа ко всем князем и ко всем людем, глаголя: Господь посла мя прорещи на дом сей и на град сей вся словеса, яже слышасте:
Na Yeremia kasa yii ne ho ano wɔ adwumayɛfo ne nnipa no nyinaa anim se, “Awurade somaa me se, memmɛhyɛ nkɔm ntia ofi yi ne kuropɔn yi sɛnea moate no nyinaa.
13 и ныне лучшыя сотворите пути вашя и дела ваша и послушайте гласа Господа Бога вашего, и престанет Господь от зол, яже глагола на вы:
Na afei monteɛteɛ mo akwan ne mo nneyɛe, na monyɛ osetie mma Awurade, mo Nyankopɔn. Na Awurade bɛtwɛn, na ɔremfa amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba mo so no mma bio.
14 и се, аз в руках ваших, сотворите ми якоже угодно и якоже лучше вам является:
Me de, mewɔ mo nsam; mubetumi ayɛ me sɛnea eye na ɛteɛ wɔ mo ani so.
15 но разумеюще да уразумеете, яко аще убиете мя, кровь неповинну дадите сами на ся и на град сей и на живущыя в нем: яко поистинне посла мя Господь к вам глаголати во ушы ваши вся словеса сия.
Nanso monkae se, sɛ mukum me a, moahwie mogya a edi bem agu, na so afɔdi bɛba mo so, kuropɔn yi so ne wɔn a wɔtete mu no so; na nokware Awurade na wasoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa ngu mo asom.”
16 И реша князи и вси людие ко жерцем и ко лжепророком: несть человеку сему суд смертный, яко во имя Господа нашего глагола к нам.
Na adwumayɛfo no ne nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfo no ne adiyifo no se, “Ɛnsɛ sɛ wobu saa ɔbarima yi kumfɔ! Wakasa akyerɛ yɛn wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn din mu.”
17 И восташа мужие от старейшин земских и реша всему собору людскому, глаголюще:
Na asase no so mpanyimfo no mu bi sɔree, na wɔka kyerɛɛ bagua no nyinaa se,
18 Михеа Морафитский бе пророчествуя во дни Езекии царя Иудина и рече всем людем Иудиным, глаголя: тако рече Господь: Сион яко нива изорется, и Иерусалим яко в путь непроходный будет, и гора храма будет в луг дубравный.
“Mika a ofi Moreset hyɛɛ nkɔm wɔ Yudahene Hesekia bere so ka kyerɛɛ Yudafo nyinaa se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: “‘Wobefuntum Sion te sɛ afuw. Na Yerusalem bɛyɛ mmubui na asɔredan no koko bɛyɛ sɛ nkɔ a nkyɛkyerɛ afuw wɔ so.’
19 Еда убивая уби его Езекиа царь Иудин и вси людие Иудины? Не убояшалися убо Господа? И понеже помолишася лицу Господню, и почи Господь от зол, яже глаголаше на ня: и мы сотворихом злобы велики на душы нашя.
Na Yudahene Hesekia anaa Yudani bi kum no ana? Hesekia ansuro Awurade ansrɛ ne hɔ adom? Na ɛno amma Awurade antwɛn sɛ obeyi amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba wɔn so no amfi wɔn so ana? Yɛreyɛ de amanehunu kɛse aba yɛn ankasa so!”
20 И бе человек прорицая именем Господним, Уриа сын Самеов от Кариафиарима, и прорече на град сей и о земли сей по всем словесем Иеремииным.
(Semaia babarima Uria a, ofi Kiriat-Yearim no nso yɛ ɔbarima foforo a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Awurade din mu; ɔhyɛɛ nkɔm koro yi ara tiaa saa kuropɔn yi ne saa asase yi, sɛnea Yeremia yɛe no.
21 И слыша царь Иоаким и вси князи вся словеса его и искаху убити его: и слыша Уриа и убояся, и бежа и прииде во Египет.
Bere a ɔhene Yehoiakim ne ne mpanyimfo ne nʼadwumayɛfo nyinaa tee ne nsɛm no, ɔhene no pɛɛ sɛ okum no, nanso Uria tee no, ɔde ehu guan kɔɔ Misraim.
22 И посла царь Иоаким мужы во Египет, Елдафана сына Ахорова и мужы с ним во Египет,
Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor babarima Elnatan ne mmarima bi kɔɔ Misraim.
23 и изведоша его оттуду и приведоша его ко царю, и порази его мечем и вверже его во гроб сынов людий своих.
Wɔde Uria fii Misraim bae, na wɔde no kɔmaa ɔhene Yehoiakim. Ɔma wɔde afoa kum no na wɔtow ne funu kyenee kwasafo asiei.)
24 Обаче рука Ахикама сына Сафаниина бе со Иеремиею, еже не предати его в руце людий, да не убиют его.
Afei nso, na Safan babarima Ahikam gyina Yeremia akyi, enti wɔamfa no amma dɔm no sɛ wonkum no.

< Книга пророка Иеремии 26 >