< Книга пророка Иеремии 23 >

1 Горе пастырем, иже погубляют и расточают овцы паствы Моея, рече Господь.
“Nnome nka nguanhwɛfo a wɔsɛe na wɔhwete me nguankuw no!” Awurade na ose.
2 Сего ради сия рече Господь Бог Израилев к пасущым людий Моих: вы расточили есте овцы Моя, и отвергосте я, и не посетисте их, се, Аз посещу на вас по лукавству умышлений ваших, рече Господь:
Ɛno nti sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ ahwɛfo a wɔhwɛ me nkurɔfo so ni: “Esiane sɛ moabɔ me nguankuw ahwete, na moapam wɔn na moanhwɛ wɔn so yiye no nti, mede asotwe bɛbrɛ mo, mo bɔne a moayɛ no nti,” nea Awurade se ni.
3 и Аз соберу останки стада Моего от всех земель, в няже извергох их тамо, и возвращу их к селением их, и возрастут и умножатся.
“Mʼankasa mɛboaboa me nguan nkae no afi aman a mapam wɔn akɔ hɔ nyinaa no so na mede wɔn bɛsan aba wɔn adidibea bio, baabi wɔbɛwowo na wɔn ase atrɛw.
4 И возставлю над ними пастыри, и упасут их, и не убоятся ктому, ниже ужаснутся, и ни един погибнет от числа, рече Господь.
Na meyi nguanhwɛfo a wɔbɛhwɛ wɔn so, na wɔrensuro na wɔremmɔ hu bio na wɔn mu baako mpo renyera.” Awurade na ose.
5 Се, дние грядут, глаголет Господь, и возставлю Давиду Восток праведный, и царствовати будет Царь и премудр будет и сотворит суд и правду на земли:
“Nna bi reba,” Awurade na ose, “sɛ mɛma trenee dubaa bi so ama Dawid ɔhene bi a obedi ade nyansa mu na wayɛ nea ɛteɛ ne nea eye wɔ asase yi so.
6 во днех Его спасется Иуда, и Израиль пребудет в надежди, и сие имя Ему, имже нарекут Его: Господь праведен наш.
Ne mmere so, wobegye Yuda nkwa na Israel bɛtena ase wɔ asomdwoe mu. Eyi ne din a wɔde bɛfrɛ no: Awurade Yɛn Trenee.
7 Сего ради, се, дние грядут, рече Господь, и не рекут ктому: живет Господь, иже изведе сыны Израилевы от земли Египетския:
Na afei nna bi reba,” Awurade na ose, “a nnipa renka bio se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israelfo fii Misraim,’
8 но: живет Господь, иже изведе и преведе семя дому Израилева от земли северски и от всех земель, в няже изверже их тамо, и обитати имут в земли своей.
na mmom, wɔbɛka se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israel asefo fii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpam wɔn kɔɔ hɔ no so no.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.”
9 О пророцех сотрено есть сердце мое во мне, вострепеташа вся кости моя, бых яко муж пиян и яко человек, егоже одоле вино, от лица Господня и от лица благолепия славы Его.
Nea ɛfa adiyifo no ho no: Me koma abubu wɔ me mu; me nnompe nyinaa wosow. Mete sɛ ɔsabowfo, mete sɛ obi a nsa abow no, esiane Awurade ne ne nsɛm kronkron no nti.
10 Яко прелюбодеяньми исполнена есть земля, яко от лица их плакася земля, изсхоша пажити пустынныя: и бысть течение их лукаво, и крепость их такожде.
Aguamammɔfo ahyɛ asase no so ma; nnome no nti asase no awo wosee, adidibea a ɛwɔ nweatam no so ahyew. Adiyifo no nam ɔkwan bɔne so de wɔn tumi yɛ nea ɛnteɛ.
11 Понеже пророк и священник осквернишася, и в дому Моем обретох лукавство их, рече Господь:
“Odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa nsuro Nyankopɔn; mʼasɔredan mu mpo mihu wɔn amumɔyɛsɛm,” Awurade na ose.
12 того ради путь их будет им ползок во тме, и поткнутся и падут в нем: наведу бо на них злая в лето посещения их, рече Господь.
“Ɛno nti, wɔn kwan so bɛyɛ torotorootoro; wɔbɛpam wɔn akɔ sum mu na hɔ na wɔbɛhwehwe ase. Mede amanehunu bɛba wɔn so wɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,” Awurade na ose.
13 И во пророцех Самарийских видех беззакония: пророчествоваху чрез Ваала и прельщаху люди Моя Израиля.
“Samaria adiyifo mu no mihuu saa atantanne yi: Wɔde Baal hyɛɛ nkɔm nam so maa me nkurɔfo Israelfo fom kwan.
14 И во пророцех Иерусалимских видех ужасная, прелюбодействующих и ходящих во лжи и скрепляющих руки строптивым, да не отвратится кийждо от пути своего лукаваго: быша Мне вси аки Содом, и обитающии в нем яко Гоморр.
Na Yerusalem adiyifo mu no mahu ade a ɛyɛ hu: Wɔsɛe aware na wodi atoro. Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no mpamuden, enti obiara ntwe ne ho mfi nʼamumɔyɛsɛm ho. Wɔn nyinaa te sɛ Sodom ma me; na Yerusalemfo te sɛ Gomora.”
15 Сего ради тако рече Господь Сил ко пророком: се, Аз напитаю их пелынем и напою их желчию, от пророков бо Иерусалимских изыде осквернение на всю землю.
Ɛno nti sɛɛ na Asafo Awurade, se fa adiyifo no ho: “Mɛma wɔadi aduan a ɛyɛ nwen na wɔanom nsu a awuduru wɔ mu, efisɛ Yerusalem adiyifo nti, bɔneyɛ ahyɛ asase yi so ma.”
16 Сия глаголет Господь Сил: не слушайте словес пророков, иже пророчествуют вам и прельщают вас: видение от сердца своего глаголют, а не от уст Господних.
Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Munntie nkɔm a adiyifo no hyɛ kyerɛ mo; wɔma mo nya anidaso a enni nnyinaso. Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehu, a emfi Awurade anom.
17 Глаголют отвергающым Мя: глагола Господь, мир будет вам: и всем, иже ходят в похотех своих, и всякому, ходящему в строптивстве сердца своего, рекоша: не приидут на вас злая.
Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wobu me animtiaa no se, ‘Awurade se: Mubenya asomdwoe.’ Na wɔn a wodi wɔn komaden akyi no nyinaa, wɔka kyerɛ wɔn se, ‘Ɔhaw biara remma mo so.’
18 Кто бо бысть в совете Господни, и виде и слыша словеса Его? Кто внят слово Его и слыша?
Na wɔn mu hena na wasɔre wɔ Awurade agyinatufo mu sɛ ɔbɛhwɛ anaa obetie nʼasɛm? Hena na wayɛ aso ate nʼasɛm?
19 Се, буря от Господа и ярость исходит в сотрясение, устремившися приидет на нечестивыя.
Hwɛ, Awurade ahum betu abufuwhyew mu, mfɛtɛ bedi kyinhyia wɔ amumɔyɛfo mpampam.
20 И ктому не возвратится ярость Господня, дондеже сотворит сие и дондеже совершит помышление сердца Своего. В последния дни уразумеете совет Его.
Awurade abufuw rensan kosi sɛ obewie ne koma mu nhyehyɛe nyinaa. Nna a ɛreba no mu no mobɛte ase yiye.
21 Не посылах пророки, а они течаху: не глаголах к ним, и тии пророчествоваху.
Mansoma saa adiyifo yi, nanso wɔde wɔn asɛm akyinkyin; mamma wɔn nkra biara, nanso wɔahyɛ nkɔm.
22 И аще бы стали в совете Моем, слышана сотворили бы словеса Моя и отвратили бы людий Моих от пути их лукаваго и от начинаний их лукавых.
Sɛ wɔkaa mʼagyinatufo ho a, anka wɔbɛpae mu aka mʼasɛm akyerɛ me nkurɔfo na ama wɔatwe wɔn ho afi wɔn akwammɔne ne wɔn nneyɛe bɔne ho.
23 Бог приближаяйся Аз есмь, глаголет Господь, а не Бог издалеча.
“Meyɛ Onyankopɔn a mebɛn nko ara anaa,” Awurade na ose, “na menyɛ Onyankopɔn a mewɔ akyirikyiri nso?
24 Аще утаится кто в сокровенных, и Аз не узрю ли его? Рече Господь. Еда небо и землю не Аз наполняю? Рече Господь.
Obi betumi de ne ho asie baabi a merentumi nhu no ana?” Awurade na ose. “Menyɛɛ ɔsoro ne asase so ma ana?” Awurade na ose.
25 Слышах, яже глаголют пророцы, пророчествующе во имя Мое лжу и глаголюще: видех сон, (видех сон).
“Mate nea adiyifo a wɔde me din hyɛ atoro nkɔm no keka. Wɔkeka se, ‘Mesoo dae! Mesoo dae!’
26 Доколе будет в сердцы пророков прорицающих лжу и пророчествующих льщения сердца своего,
Eyi bɛkɔ so akosi da bɛn wɔ atoro adiyifo yi koma mu? Wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nnaadaa nkɔm?
27 мыслящих, да забвен будет закон Мой в сониих их, яже вещают кийждо искреннему своему, якоже забыша отцы их имя Мое ради Ваала?
Wodwen sɛ dae a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me nkurɔfo werɛ afi me din, sɛnea Baal som nti wɔn agyanom werɛ fii me din no.
28 Пророк, иже имать сновидение, да вещает сновидение свое, а иже имать слово Мое, да глаголет слово Мое во истине. Что плевы ко пшенице? Тако слово Мое, рече Господь.
Ma odiyifo a waso dae no nka nʼadaeso, na ma nea ɔwɔ mʼasɛm no nka no nokware mu. Na dɛn na ntɛtɛ ne awi wɔ yɛ?” Awurade na ose.
29 Еда словеса Моя не суть якоже огнь горящь, рече Господь, и яко млат сотрыющь камень?
“Na mʼasɛm nte sɛ ogya,” Awurade na ose, “ɛnte sɛ asae a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete ana?
30 Сего ради, се, Аз ко пророком, рече Господь, иже крадут словеса Моя кийждо от искренняго своего.
“Ɛno nti,” Awurade na ose, “mikyi adiyifo a wɔfa nsɛm a efi wɔn yɔnkonom nkyɛn, na wɔpae mu ka no sɛnea efi me nkyɛn no.
31 Се, Аз на пророки, глаголет Господь, износящыя пророчествия языком и дремлющыя дремание свое.
Yiw,” Awurade asɛm ni, “mikyi saa adiyifo a wɔde wɔn ankasa tɛkrɛmawo ka se, ‘Awurade na ose.’
32 Се, Аз на пророки, прорицающыя соние лживо, рече Господь, и провещаша та, и прельстиша люди Моя во лжах своих и во прелестех своих, Аз же не послах их, ни заповедах им, и пользою не упользуют людий сих, (рече Господь).
Nokware, mikyi wɔn a wɔhyɛ adaeso ho atoro nkɔm,” Awurade na ose. “Wɔka kyerɛ wɔn na wɔde atoro nsɛm daadaa me nkurɔfo ma wɔfom kwan, nso mensomaa wɔn na minnyii wɔn. Wɔn so nni mfaso mma saa nnipa yi koraa,” Awurade na ose.
33 И аще вопросят людие сии, или пророк, или священник, рекуще: кое (есть) бремя Господне? И речеши к ним: вы есте бремя, и повергу вас, рече Господь.
“Sɛ saa nnipa yi, anaa odiyifo anaa ɔsɔfo bisa mo se, ‘Dɛn ne Awurade adiyisɛm no a?’ Monka nkyerɛ wɔn se, ‘Adiyisɛm bɛn? Mɛpo mo, Awurade na ose.’
34 И пророк, и священник, и людие, иже рекут: бремя Господне, посещу местию на мужа того и на дом его.
Sɛ odiyifo bi, ɔsɔfo bi anaa obi foforo si so dua se, ‘Awurade adiyisɛm ni’ a, mɛtwe saa ɔbarima no ne ne fifo aso.
35 Сице рцыте кийждо ко искреннему и ко брату своему: что отвеща Господь? И что глагола Господь?
Eyi ne nea mo mu biara kɔ so ka kyerɛ ne yɔnko anaa ne busuani: ‘Awurade mmuae ne dɛn?’ Anaa ‘Dɛn na Awurade aka?’
36 И бремя Господне не помянется ктому, ибо бремя будет комуждо слово его: и превратисте словеса Бога живаго, Господа Сил, Бога нашего.
Nanso ɛnsɛ sɛ mobɔ ‘Awurade adiyisɛm’ so bio; efisɛ obiara asɛm bɛyɛ nʼadiyisɛm, ne saa nti modannan nsɛm a efi Onyankopɔn, Ɔteasefo, Asafo Awurade yɛn Nyankopɔn nkyɛn no mu.
37 Сия рцы ко пророку: что отвеща тебе Господь? И что глагола Господь?
Eyi ne nea mokɔ so ka kyerɛ odiyifo: ‘Mmuae bɛn na Awurade de ama mo?’ Anaa ‘Asɛm bɛn na Awurade aka?’
38 Аще же речете: бремя Господне: сего ради тако рече Господь: понеже рекли есте глагол сей бремя Господне, и послах к вам, рекий: не глаголите бремя Господне:
Ɛwɔ mu, musi so dua se, ‘Eyi ne Awurade adiyisɛm’ nanso sɛɛ na Awurade ka: Mokae se, ‘Eyi yɛ Awurade adiyisɛm,’ wɔ bere a maka akyerɛ mo se monnka saa nsɛm yi bio.
39 сего ради, се, Аз возму и повергу вас и град, егоже дах вам и отцем вашым, от лица Моего,
Afei, nokware, me werɛ befi mo, na mapam mo ne kuropɔn a mede maa mo ne mo agyanom afi mʼani so.
40 и дам вас в поношение вечное и в срамоту вечную, яже никогда забвением загладится.
Na mede daa animguase, ne daa ahohora a werɛ remfi da bɛba mo so.”

< Книга пророка Иеремии 23 >