< Второе послание к Коринфянам 9 >

1 О службе бо, яже ко святым, лишше ми есть писати вам,
Ɛho nhia sɛ mekyerɛw mo fa mmoa a ɛsɛ sɛ wɔboa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Yudea no ho.
2 вем бо усердие ваше, имже о вас хвалюся Македоняном, яко Ахаиа приготовися от мимошедшаго лета: и яже от вас ревность раздражи множайших.
Minim sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa nti mede mo ahoahoa me ho akyerɛ nnipa a wɔwɔ Makedonia no. Mekae se, “Anuanom a wɔwɔ Hela no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛboa afe a etwaa mu no mu.” Mo ahokeka no akanyan wɔn mu fa kɛse no.
3 Послах же братию, да не похваление наше, еже о вас, испразднится в части сей, но да, якоже глаголах, приготовани будете:
Afei merema anuanom yi aba mo nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no nyɛ nsɛnkeka kwa. Na sɛnea mekae no, mubesiesie mo ho aboa.
4 да не како, аще приидут со мною Македоняне и обрящут вас неприготованных, постыдимся мы, да не глаголем вы, в части сей похваления.
Sɛ anyɛ saa na sɛ nnipa no ne me fi Makedonia ba behu sɛ munsiesiee mo ho a yɛn anim begu ase. Mo nso mo anim begu ase bi sɛ mudii yɛn nhuammɔ.
5 Потребно убо умыслих умолити братию, да прежде приидут к вам и предуготовят прежде возвещенное благословение ваше, сие готово быти тако, якоже благословение, а не яко лихоимство.
Enti midwen ho huu sɛ eye sɛ anuanom bi di mʼanim kan kɔhwehwɛ akyɛde a mohyɛɛ me ho bɔ no gu hɔ. Ɛba saa a, bere a medu hɔ no na ɛwɔ hɔ na ama adi adanse sɛ mo na momae, efisɛ na mopɛ sɛ moma nti, na mmom, ɛnyɛ sɛ na ɛsɛ sɛ moma.
6 Се же глаголю: сеяй скудостию, скудостию и пожнет: а сеяй о благословении, о благословении и пожнет.
Monkae saa asɛm yi: Onipa a ogu aba kakraa bi no, betwa so kakraa bi, na nea ogu aba bebree no, betwa so bebree.
7 Кийждо якоже изволение имать сердцем, не от скорби, ни от нужды: доброхотна бо дателя любит Бог.
Mo mu biara mma sɛnea wadwene ho no, a ɛnyɛ sɛ ɔyaw anaa ɔhyɛ mu, efisɛ Onyankopɔn pɛ obi a ɔde anigye ma akyɛde no asɛm.
8 Силен же Бог всяку благодать изюбиловати в вас, да о всем всегда всяко довольство имуще, избыточествуете во всяко дело благо,
Na Onyankopɔn betumi ama wo aboro nea ɛho hia wo no so; enti daa na wowɔ nea ɛho hia wo, na wubenya bi nso adi dwuma foforo a ɛfata sɛ wudi.
9 якоже есть писано: расточи, даде убогим: правда его пребывает во век века. (aiōn g165)
Kyerɛwsɛm no ka se “Ofi ne koma mu ma ahiafo nea wohia; nʼadɔe no tena hɔ daa.” (aiōn g165)
10 Даяй же семя сеющему и хлеб в снедь, да подаст и умножит семя ваше, и да возрастит жита правды вашея,
Na Onyankopɔn a ɔma ogufo no aba ne brodo sɛ aduan di no bɛma wo nso aba a ehia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyin na wʼadɔe no nti, asow bebree.
11 да о всем богатящеся во всяку простоту, яже содевает нами благодарение Богу.
Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔe, na ɛnam so ama dodow no ara ada Onyankopɔn ase wɔ akyɛde a yenya fi mo nkyɛn no ho.
12 Яко работа сего служения не токмо есть исполняющая лишения святых, но и избыточествующая многими благодареньми Богови:
Saa adɔe a moyɛ yi, monnyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfo nko, na mmom, anam so ama nnipa bebree ada Onyankopɔn ase.
13 искушением служения сего славяще Бога о покорении исповедания вашего в Благовествовании Христове, и о простоте союбщения к ним и ко всем,
Esiane dwuma a moadi de adi mo ho adanse pa no nti, nnipa gyina nokware a moadi wɔ Kristo asɛnka no ne mo adɔe a moyɛ maa obiara no so bɛkamfo Onyankopɔn.
14 и о тех молитве о вас, возжелеющих вас за премногую благодать Божию на вас.
Enti wɔde ɔdɔ bɛbɔ mpae ama mo, efisɛ Onyankopɔn ama mo adom a ɛboro so.
15 Благодарение же Богови о неисповедимем Его даре.
Yɛda Onyankopɔn ase wɔ nʼakyɛde a enni kabea no ho.

< Второе послание к Коринфянам 9 >