< Псалми 46 >

1 Бог нам је уточиште и сила, помоћник, који се у невољама брзо налази.
Koramma dwom. Wɔto no “alamot” sanku nne so. Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden, amanehunu mu boafo a ɔwɔ hɔ bere biara.
2 Зато се нећемо бојати, да би се земља поместила, и горе се превалиле у срце морима.
Enti sɛ asase ani dan butuw, na mmepɔw tutu kogu po ase a, yɛrensuro,
3 Нека бучи и кипи вода њихова, нек се планине тресу од вала њихових;
sɛ po bɔ asorɔkye na ehuru na ɛma nkoko wosow mpo a, yɛrensuro.
4 Потоци веселе град Божји, свети стан Вишњег.
Asuten bi wɔ hɔ a ne nsuwansuwa de anigye ba Onyankopɔn kuropɔn mu, beae kronkron a Ɔsorosoroni no te.
5 Бог је усред њега, неће се поместити, Бог му помаже од зоре.
Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase; Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.
6 Узбучаше народи, задрмаше се царства; али Он пусти глас свој и земља се растапаше.
Amanaman yɛ hoo, na ahenni hwehwe ase; ɔma ne nne so ma asase nan.
7 Господ над војскама с нама је, бранич је наш Бог Јаковљев.
Asafo Awurade ka yɛn ho. Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban.
8 Ходите и видите дела Господа, који учини чудеса на земљи,
Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma, ɔsɛe a ɔde aba asase no so.
9 Прекиде ратове до краја земље, лук преби, копље сломи, и кола сажеже огњем.
Ɔma akodi gyae kosi asase ano. Obubu agyan mu na ɔsɛe peaw; ɔde ogya hyew nkatabo.
10 Утолите и познајте да сам ја Бог; ја сам узвишен по народима, узвишен на земљи.
Monyɛ komm na munhu sɛ me ne Onyankopɔn; wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu, wɔbɛma me so wɔ asase so.
11 Господ над војскама с нама је, бранич је наш Бог Јаковљев.
Asafo Awurade ka yɛn ho; Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

< Псалми 46 >