< Књига пророка Наума 2 >
1 Изађе затирач на те, чувај град, пази на пут, утврди бедра, укрепи се добро.
Ɔtohyɛsoɔni reba wo so, Ninewe bɔ aban no ho ban, wɛn ɛkwan no, bɔ wo ho so na boa wʼahoɔden nyinaa ano!
2 Јер Господ поврати славу Јаковљеву као славу Израиљеву, јер их пустошници опустошише и лозе им потрше.
Awurade de Yakob animuonyam bɛsane ama no te sɛ Israel deɛ no, ɛwom sɛ, asɛefoɔ no ama ada mpan na wɔasɛe ne bobe mfuo.
3 Штит је јунака његових црвен, војници су у скерлету; кола ће му бити као запаљени лучеви на дан кад се уврста, и јеле ће се љуљати страшно.
Asraafoɔ no akokyɛm yɛ kɔkɔɔ; akofoɔ no hyehyɛ kɔben akotaadeɛ. Nnadeɛ a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no twa nyinam nyinam sɛ da a wɔyɛeɛ no; mpea a wapoma wɔ nnua so no rehim.
4 Кола ће праскати по улицама и ударати једна о друга по путевима, биће као лучеви, и трчаће као муње.
Nteaseɛnam no twi fa mmɔntene so, na wɔdi akɔneaba. Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ; wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.
5 Помињаће јунаке своје, а они ће падати идући, похитаће к зидовима његовим, и заклон ће бити готов.
Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofoɔ a wodi mu nanso wɔsuntisunti wɔ ɛkwan mu. Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasuo ho; na wɔyɛ wɔn akokyɛm krado.
6 Врата ће се рекама отворити, и двор ће се развалити.
Wɔbuebue asubɔnten apono no, na ahemfie no dwiri gu fam.
7 И која стоји, заробиће се и одвешће се, девојке њене пратиће је уздишући као голубице, бијући се у прси.
Wɔhyɛ mmaraden sɛ wɔmfa kuropɔn no nnommum na wɔmfa wɔn nkɔ. Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so su te sɛ mmorɔnoma.
8 Ниневија беше као језеро водено откако јесте; али беже. Станите, станите. Али се нико не обзире.
Ninewe te sɛ ɔtadeɛ a emu nsuo resene korɔ. Woteam sɛ, “Monnyina hɔ! Monnyina hɔ!” Nanso, obiara ansane nʼakyi.
9 Грабите сребро, грабите злато; благу нема краја, мноштво је свакојаких драгих заклада.
Momfom dwetɛ no! Momfom sikakɔkɔɔ no! Ahonyadeɛ a ɛwɔ akoradan mu nyinaa! Na ahonyadeɛ no dɔɔso.
10 Испразни се, и оголе, и опусте; и срце се растопи, колена ударају једна о друго, и бол је у свим бедрима, и лица су свима поцрнела.
Wɔabɔ Ninewe korɔno, wɔayɛ no pasaa! Akoma boto, na nkotodwe woso woso, nnipa ho popo na wɔn anim to hoa.
11 Где је ложа лавовима и пасиште лавићима, куда иђаше лав и лавица и лавић, и никога не беше да плаши.
Seesei ɛhe na gyatabuo no wɔ, baabi a wɔma wɔn mma aduane no, baabi a gyatanini ne gyatabereɛ korɔ na wɔn mma nso kɔ a wɔnsuro?
12 Лав ловљаше својим лавићима доста, и дављаше лавицама својим, и пуњаше пећине своје лова и ложе своје грабежа.
Gyata akum deɛ ɛbɛmee ne mma. Wabobɔ ahaboa ama gyatabereɛ no. Ɔde deɛ wakum ahyɛ ne bɔn ma na ɔde ahaboa ahyɛ nʼatuo mama.
13 Ево ме на те, говори Господ над војскама, и попалићу кола твоја у дим, и мач ће прождрети лавиће твоје, и истребићу са земље грабеж твој, и неће се чути глас посланика твојих.
“Me ne wo nnka,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni, “Mɛhye wo nteaseɛnam na adane wisie na akofena bɛkunkum wʼagyata mma. Merennya wo ahaboa biara wɔ asase so. Wɔrente wʼasomafoɔ no nne bio.”