< Лука 7 >

1 А кад сврши све речи своје пред народом, дође у Капернаум.
Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfoɔ no wieeɛ no, ɔkɔɔ Kapernaum.
2 У капетана пак једног беше слуга болестан на умору који му беше мио.
Saa ɛberɛ no ara mu na Roma ɔsraani panin bi ɔsomfoɔ a ɔpɛ nʼasɛm yie yare dendeenden a ɔreyɛ awu.
3 А кад чу за Исуса, посла к Њему старешине јудејске молећи Га да би дошао да му исцели слугу.
Ɔsraani panin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafoɔ mpanimfoɔ bi sɛ wɔnkɔsrɛ no na ɔmmɛsa ne ɔsomfoɔ no yadeɛ mma no.
4 А они дошавши к Исусу мољаху Га лепо говорећи: Достојан је да му то учиниш;
Wɔduruu Yesu nkyɛn no, wɔde asɛm no too nʼanim srɛɛ no sɛ, ɔmmoa ɔsraani panin no, ɛfiri sɛ, ɔyɛ onipa pa.
5 Јер љуби народ наш, и начини нам зборницу.
Wɔkaa sɛ, “Ɔyɛ obi a ɔdɔ yɛn ɔman na wasi hyiadan ama yɛn.”
6 А Исус иђаше с њима. И кад већ беху близу куће, посла капетан к Њему пријатеље говорећи Му: Господе! Не труди се, јер нисам достојан да уђеш под моју стреху;
Yesu ne wɔn siim. Wɔreyɛ aduru efie hɔ no, ɔsraani panin no somaa ne nnamfo bi sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yesu sɛ, “Awurade, nha wo ho, na mensɛ sɛ woba me fie.
7 Зато и не држах себе достојног да Ти дођем, него само реци реч, и оздравиће слуга мој.
Saa ara na memfata sɛ meba baabi a wowɔ. Kasa, na me ɔsomfoɔ no ho bɛyɛ no den.
8 Јер и ја сам човек под власти, и имам под собом војнике, па кажем једном: Иди, и иде; и другом: Дођи, и дође; и слузи свом: Учини то, и учини.
Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafoɔ bebree hyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ, ‘Kɔ’ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ, ‘Bra’ a, ɔba. Na mehyɛ me ɔsomfoɔ sɛ, ‘Yɛ yei’ a, ɔyɛ.”
9 А кад то чу Исус, зачуди му се, и окренувши се народу који иђаше за Њим рече: Кажем вам: ни у Израиљу толике вере не нађох.
Yesu tee asɛm yi no, ne ho dwirii no na ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nnipakuo a wɔdi nʼakyi no sɛ, “Anokwa, Israelman mu nyinaa, menhunuu obiara a ɔwɔ gyidie sɛ saa ɔbarima yi da.”
10 И вративши се послани нађоше болесног слугу здравог.
Ɛberɛ a abɔfoɔ no sane kɔduruu efie hɔ no, wɔhunuu sɛ ɔsomfoɔ no ho ayɛ no den.
11 И потом иђаше у град који се зови Наин, и с Њим иђаху многи ученици Његови и мноштво народа.
Yei akyi no, Yesu ne nʼasuafoɔ ne nnipakuo bi a wɔka ne ho no kɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Nain mu.
12 Кад се приближише к вратима градским, и гле, изношаху мртваца, јединца сина матере његове, и она беше удовица и народа из града много иђаше с њом.
Wɔduruu kurotia no, ɔhunuu sɛ wɔrekɔsie obi. Na owufoɔ no yɛ ɔbaa kunafoɔ bi a ɔwɔ kuro no mu no ba barima korɔ. Na adɔfoɔ bebree di amu no akyi.
13 И видевши је Господ сажали Му се за њом, и рече јој: Не плачи.
Na Awurade hunuu no no, nʼasɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyae su!”
14 И приступивши прихвати за сандук; а носиоци стадоше, и рече: Момче! Теби говорим, устани.
Yesu kɔsɔɔ efunu adaka no mu maa wɔn a ɛyɛ wɔn dea no gyinaeɛ. Ɔka kyerɛɛ owufoɔ no sɛ. “Aberanteɛ, mese wo sɛ, nyane!”
15 И седе мртвац и стаде говорити; и даде га матери његовој.
Aberanteɛ no sɔre tenaa ase na ɔkasaeɛ. Afei, Yesu de no maa ne maame.
16 А страх обузе све, и хваљаху Бога говорећи: Велики пророк изиђе међу нама, и Бог походи народ свој.
Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn yie na wɔyii Onyankopɔn ayɛ kaa sɛ, “Odiyifoɔ kɛseɛ bi asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn asiane aba ne manfoɔ mu.”
17 И отиде глас овај о Њему по свој Јудеји и по свој околини.
Deɛ Yesu yɛeɛ yi ho asɛm trɛ kɔduruu Yudea ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa mu.
18 И јавише Јовану ученици његови за све ово.
Yohane asuafoɔ kɔbɔɔ no deɛ asi no nyinaa ho amaneɛ.
19 И дозвавши Јован два од ученика својих посла их к Исусу говорећи: Јеси ли ти Онај што ће доћи, или другог да чекамо?
Yohane somaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yesu nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?”
20 Дошавши пак људи к Њему рекоше: Јован крститељ посла нас к теби говорећи: Јеси ли ти Онај што ће доћи, или другог да чекамо?
Asuafoɔ no duruu Yesu nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yohane Osubɔni asoma yɛn wo nkyɛn sɛ yɛmmɛbisa wo sɛ, wone deɛ ɔreba no anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?”
21 А у тај час исцели многе од болести и од мука и од злих духова, и многима слепима дарова вид.
Saa ɛberɛ no ara mu, Yesu saa nyarewa bebree; ɔtuu ahonhommɔne na ɔmaa anifirafoɔ hunuu adeɛ.
22 И одговарајући Исус рече им: Идите и кажите Јовану шта видесте и чусте: слепи прогледају, хроми ходе, губави чисте се, глуви чују, мртви устају, сиромашнима проповеда се јеванђеље.
Yesu buaa wɔn sɛ. “Monkɔka deɛ moahunu na moate yi nkyerɛ Yohane sɛ, mema anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, mesa akwatafoɔ yadeɛ, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, meka asɛmpa kyerɛ honhom mu ahiafoɔ.
23 И благо ономе који се не саблазни о мене.
Nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua.”
24 А кад отидоше ученици Јованови, поче народу говорити за Јована: Шта сте изишли у пустињи да видите? Трску, коју љуља ветар?
Yohane asuafoɔ no firii Yesu nkyɛn kɔeɛ no, Yesu dii Yohane ho adanseɛ kyerɛɛ nnipakuo no. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mokɔɔ ɛserɛ so no, ɛdeɛn na mohunuiɛ? Ɛserɛ a mframa rehim no anaa?
25 Шта сте, дакле, изашли да видите? Човека у меке хаљине обучена? Ето, који господске хаљине носе и у сластима живе по царским су дворовима.
Na ɛnneɛ na ɛdeɛn na mohunuiɛ? Anaa na mosusu sɛ mobɛhunu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfie?
26 Шта сте дакле изишли да видите? Пророка? Да, ја вам кажем, и више од пророка;
Anaa Onyankopɔn odiyifoɔ? Ɛnneɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ.
27 Јер је ово онај за кога је писано: Ето ја шаљем анђела свог пред лицем Твојим који ће приправити пут Твој пред Тобом.
Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho sɛ, “‘Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan, ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.’
28 Јер вам кажем: Ниједан између рођених од жена није већи пророк од Јована крститеља; а најмањи у царству Божијем већи је од њега.
Meka kyerɛ mo sɛ onipa biara nni hɔ a wɔawo no a ɔyɛ kɛse sene Yohane. Nanso, deɛ ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahennie mu no yɛ ɔkɛseɛ sene no!”
29 И сви људи који слушаху и цариници оправдаше Бога, и крстише се крштењем Јовановим;
Na wɔn a wɔtee deɛ ɔkaeɛ no nyinaa a ɔtogyefoɔ mpo ka ho bi gye too mu sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔteneneeni; na wɔsakyeraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu.
30 А фарисеји и књижевници одбацише савет Божји за њих, И не хтеше да их он крсти.
Na Farisifoɔ ne Mmaranimfoɔ no deɛ, wɔpoo Onyankopɔn asɛm enti, wɔamma Yohane ammɔ wɔn asu.
31 А Господ рече: Какви ћу казати да су људи овог рода? И какви су?
Yesu bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na menka mfa nnɛmmafoɔ yi ho; na ɛdeɛn ho na memfa wɔn ntoto?
32 Они су као деца која седе по улицама и дозивају једно друго и говоре: Свирасмо вам, и не играсте, жалисмо вам се, и не плакасте.
Wɔte sɛ mmɔfra bi a wɔregoro wɔ agodibea na wɔn mu bi reka akyerɛ afoforɔ sɛ, “‘Yɛtoo anigyeɛ nnwom maa mo, nanso moansa; Yɛtoo awerɛhoɔ nnwom nso maa mo, nanso moansu.’
33 Јер дође Јован крститељ који ни једе хлеб ни пије вино, а ви кажете: Ђаво је у њему;
Yohane Osubɔni aba a ɔnnidi na ɔnnom nsã, nso mose, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’
34 Дође Син човечији који и једе и пије, а ви кажете: Гле човека изелице и пијанице, друга цариницима и грешницима.
Onipa Ba no nso aba a ɔdidi na ɔnom a mose, ‘Monhwɛ odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ a ɔyɛ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!’
35 И оправдаше премудрост сва деца њена.
Nanso, wɔn a wɔdi Onyankopɔn akyi nokorɛ mu no deɛ, wɔn ɔbra di adanseɛ sɛ, nʼakwan nyinaa yɛ.”
36 Мољаше Га пак један од фарисеја да би обедовао у њега; и ушавши у кућу фарисејеву седе за трпезу:
Farisini bi frɛɛ Yesu adidie ma ɔpenee so kɔeɛ.
37 И гле, жена у граду која беше грешница дознавши да је Исус за трпезом у кући фарисејевој, донесе скленицу мира;
Ɔte hɔ redidi no, ɔbaa bi a ɔbu ɔbra bɔne wɔ kuro no mu tee ne nka no, ɔde aduhwam bi a ɛsom bo tumpan ma kɔɔ hɔ.
38 И ставши састраг код ногу Његових плакаше, и стаде прати ноге Његове сузама, и косом од своје главе отираше, и целиваше ноге Његове, и мазаше миром.
Ɔkotoo Yesu nan ase suiɛ, maa ne nisuo no fɔɔ Yesu nan ase. Afei, ɔde ne tirinwi pepaa nisuo no, sɔɔ ne nan de aduhwam no sraa ho.
39 А кад виде фарисеј који Га је дозвао, рече у себи говорећи: Да је он пророк, знао би ко и каква га се жена дотиче: јер је грешница.
Farisini a ɔfrɛɛ Yesu adidi no hunuu deɛ ɔbaa no yɛeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ saa onipa yi yɛ odiyifoɔ ampa ara a, anka ɔbɛhunu sɛ saa ɔbaa yi bu ɔbra bɔne.”
40 И одговарајући Исус рече му: Симоне! Имам ти нешто казати. А он рече: Учитељу! Кажи.
Yesu hunuu Farisini no adwene ma ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Simon, mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.” Simon nso ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka ɛ.”
41 А Исус рече: Двојица беху дужни једном дужнику, један беше дужан пет стотина динара, а други педесет.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Osikani bi bɔɔ nnipa baanu bi bosea. Ɔmaa ɔbaako denare aha enum; ɛnna ɔbaako no nso ɔmaa no denare aduonum.
42 А кад они не имадоше да му врате, поклони обојици. Кажи који ће га од њих двојице већма љубити.
Wɔn mu biara antumi antua ne ka a ɔde no no enti, ɔde kyɛɛ wɔn. Wɔn mu hwan na wogye di sɛ ɔbɛpɛ osikani no asɛm yie?”
43 А Симон одговарајући рече: Мислим онај коме највише поклони. А Он му рече: Право си судио.
Simon buaa sɛ, “Megye di sɛ deɛ ɔde ne ka kɛseɛ kyɛɛ no no.” Yesu kaa sɛ, “Woabua no yie.”
44 И окренувши се к жени рече Симону: Видиш ли ову жену? Ја уђох у твоју кућу, ни воде ми на ноге ниси дао; а она сузама обли ми ноге, и косом од главе своје отре.
Afei, Yesu danee nʼani kyerɛɛ ɔbaa no bisaa Simon sɛ, “Woahunu saa ɔbaa yi? Mebaa wo fie, woamma me nsuo anhohoro me nan ase; nanso saa ɔbaa yi de ne nisuo ahohoro me nan ase, asane de ne tirinwi apepa.
45 Целива ми ниси дао; а она откако уђох не преста целивати ми ногу.
Mebaeɛ yi, woanyɛ me atuu amfa amma me akwaaba; nanso ɛfiri ɛberɛ a ɔbaa yi bɛtoo me wɔ ha yi, ɔnnyaee me nan mu sɔ.
46 Уљем ниси помазао главе моје; а она миром помаза ми ноге.
Woamfa ngo amfɔ me tirim; nanso ɔbaa yi de aduhwam a ɛsom bo asra me nan ase.
47 Зато кажем ти: опраштају јој се греси многи, јер је велику љубав имала; а коме се мало опрашта има малу љубав.
Yei enti mereka akyerɛ wo sɛ, deɛ ɔbaa yi ayɛ enti, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ no, ɛfiri sɛ, wayi ɔdɔ kɛseɛ bi adi akyerɛ. Na deɛ wɔde ne bɔne a ɛsua akyɛ no no, ne dɔ nso sua.”
48 А њој рече: Опраштају ти се греси.
Afei, Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”
49 И стадоше у себи говорити они што сеђаху с Њим за трпезом: Ко је Овај што и грехе опрашта?
Wɔn a ɔne wɔn te adidiiɛ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Hwan ne saa onipa yi a ɔtumi de bɔne kyɛ?”
50 А жени рече: Вера твоја поможе ти; иди с миром.
Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Wo gyidie agye wo nkwa. Fa asomdwoeɛ kɔ.”

< Лука 7 >