< Јован 9 >
1 И пролазећи виде човека слепог од рођења.
Yesu nam no, ɔhunuu aberanteɛ bi a wɔwoo no onifirani,
2 И запиташе Га ученици Његови говорећи: Рави! Ко сагреши, или овај или родитељи његови, те се роди слеп?
Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, saa onifirani yi awofoɔ bɔne a wɔyɛeɛ anaa ɔno ankasa bɔne enti na ama nʼani afira yi?”
3 Исус одговори: Ни он сагреши ни родитељи његови, него да се јаве дела Божија на њему.
Yesu buaa sɛ, “Ɛnyɛ nʼawofoɔ anaa nʼankasa bɔne enti na nʼani afira. Na mmom, nʼani afira sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma.
4 Мени ваља радити дела Оног који ме посла док је дан: доћи ће ноћ кад нико не може радити.
Esiane sɛ adesaeɛ nkyɛre ba no enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ adeɛ sa a, obiara ntumi nyɛ adwuma.
5 Док сам на свету видело сам свету.
Ɛberɛ a mewɔ ewiase yi deɛ, mene ewiase hann no.”
6 Рекавши ово пљуну на земљу и начини као од пљувачке, и помаза калом очи слепоме,
Ɔkaa saa no, ɔtee ntasuo guu fam de fotɔɔ dɔteɛ na ɔde dɔteɛ no sraa onifirani no ani so.
7 И рече: Иди умиј се у бањи силоамској (које значи послан). Отиде, дакле, и уми се, и дође гледајући.
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ ɔtadeɛ Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim.” Onifirani yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san baeɛ a, afei deɛ ohunu adeɛ.
8 А суседи и који га беху видели пре да беше слеп говораху: Није ли ово онај што сеђаше и прошаше?
Onifirani no afipamfoɔ a wɔhunuu no sɛ ɔte ɛkwan ho srɛsrɛ adeɛ no hunuu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛnyɛ aberanteɛ a na ɔsrɛsrɛ adeɛ no ni?”
9 Једни говораху: Он је; а други: Налик је на њ. А он говораше: Ја сам.
Ebinom kaa sɛ, “Ɛyɛ ɔno,” na afoforɔ nso kaa sɛ, “Dabi, ɛnyɛ ɔno, na mmom, sɛ na ɔsɛ no.” Aberanteɛ yi kaa sɛ, “Ɛyɛ me.”
10 Тада му говораху: Како ти се отворише очи?
Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na afei wohunu adeɛ yi?”
11 Он одговори и рече: Човек који се зове Исус начини као, и помаза очи моје, и рече ми: Иди у бању силоамску и умиј се. А кад отидох и умих се, прогледах.
Ɔbuaa wɔn sɛ, “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fotɔɔ dɔteɛ na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ ɔtadeɛ Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Enti, mekɔeɛ. Mehohoroo mʼanim wieeɛ pɛ na mehunuu adeɛ.”
12 Тада му рекоше: Где је он? Рече: Не знам.
Wɔsane bisaa no bio sɛ, “Saa Yesu no wɔ he?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mennim.”
13 Тада га поведоше к фарисејима, оног што беше некад слеп.
Wɔde aberanteɛ a na nʼani afira no brɛɛ Farisifoɔ no.
14 А беше субота кад начини Исус као и отвори му очи.
Ɛda a Yesu saa onifirani no yadeɛ no, na ɛyɛ homeda.
15 Тада га опет питаху и фарисеји како прогледа. А он им рече: Као метну ми на очи, и умих се и видим.
Farisifoɔ no nso bisaa aberanteɛ no sɛdeɛ ɛyɛeɛ a afei deɛ ɔhunuu adeɛ. Aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ Yesu de dɔteɛ a wɔafɔtɔ sraa nʼani so na ɔkɔhohoroeɛ na ɔhunuu adeɛ no.
16 Тада говораху неки од фарисеја: Није овај човек од Бога јер не светкује суботе. Други говораху: Како може човек грешан таква чудеса чинити? И поста распра међу њима.
Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ yi mfiri Onyankopɔn hɔ, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda mmara no so.” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔte sɛɛ yi bɛtumi ayɛ saa anwanwadwuma yi?” Saa akyinnyeɛ yi maa mpaapaemu baa wɔn mu.
17 Рекоше, дакле, опет слепцу: Шта кажеш ти за њега што ти отвори очи твоје? А он рече: Пророк је.
Afei Farisifoɔ yi sane bisaa aberanteɛ no sɛ, “Wo na wose ɔma wohunuu adeɛ, ɛdeɛn asɛm na woka fa ne ho?” Aberanteɛ yi buaa sɛ, “Megye di sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn.”
18 Тада Јевреји не вероваше за њега да беше слеп и прогледа, док не дозваше родитеље оног што је прогледао,
Yudafoɔ no annye anni ara da sɛ, na saa aberanteɛ no yɛ onifirani a afei deɛ ɔhunu adeɛ, kɔsi sɛ wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ nʼawofoɔ baeɛ
19 И запиташе их говорећи: Је ли ово ваш син за кога ви говорите да се роди слеп? Како, дакле, сад види?
ma wɔbisaa wɔn sɛ, “Mo ba ni anaa? Mokyerɛ sɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifirani anaa? Ɛyɛɛ dɛn na afei deɛ ɔhunu adeɛ yi?”
20 А родитељи његови одговорише им и рекоше: Знамо да је ово син наш и да се роди слеп,
Nʼawofoɔ no buaa sɛ, “Yɛgye tom sɛ ɔyɛ yɛn ba, na yɛwoo no no nso, na ɔyɛ onifirani.
21 А како сад види не знамо: или ко му отвори очи ми не знамо; он је велики, питајте њега, нека сам каже за себе.
Nanso yɛnnim deɛ enti a afei deɛ ɔhunu adeɛ yi. Saa ara nso na yɛnnim onipa ko a ɔma ɔhunuu adeɛ no. Ɔno ara ni, nʼani nso afi a ɔbɛtumi akasa ama ne ho enti mommisa no.”
22 Ово рекоше родитељи његови, јер се бојаху Јевреја; јер се Јевреји беху договорили да буде искључен из зборнице ко Га призна за Христа.
Deɛ ɛmaa nʼawofoɔ no kaa saa ne sɛ, na wɔsuro Yudafoɔ mpanimfoɔ no a wɔaka sɛ, obiara a ɔbɛka sɛ Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afiri asɔredan no mu hɔ no.
23 Зато рекоше родитељи његови: Он је велики, питајте њега.
Yei enti na nʼawofoɔ no kaa sɛ, “Nʼani afi a ɔbɛtumi akasa ama ne ho enti mommisa no” no.
24 Тада, по други пут дозваше човека који је био слеп и рекоше му: Дај Богу славу; ми знамо да је човек овај грешан.
Wɔsane frɛɛ aberanteɛ a na ɔyɛ onifirani no ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, asɛm a yɛrebɛbisa wo yi wobɛdi nokorɛ. Yɛnim sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.”
25 А он одговори и рече: Је ли грешан не знам; само знам да ја бејах слеп, а сад видим.
Aberanteɛ no buaa wɔn sɛ, “Me deɛ, sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ o, sɛ nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno deɛ, mennim. Deɛ menim ara ne sɛ, kane no na meyɛ onifirani na afei deɛ mehunu adeɛ.”
26 Тада му опет рекоше: Шта ти учини, како отвори очи твоје?
Wɔbisaa no bio sɛ, “Ɛdeɛn na ɔyɛɛ wo ma wohunuu adeɛ?”
27 Одговори им: Ја вам већ казах, и не слушасте; шта ћете опет слушати? Већ ако и ви хоћете ученици његови да будете?
Aberanteɛ no de abufuo buaa wɔn sɛ, “Maka nokorɛ no akyerɛ mo, nanso moantie. Ɛdeɛn bio na mopɛ sɛ meka kyerɛ mo? Anaasɛ mo nso mopɛ sɛ mobɛyɛ nʼasuafoɔ?”
28 А они га укорише, и рекоше му: Ти си ученик његов, а ми смо ученици Мојсијеви.
Mpanimfoɔ no yeyaa no sane kaa sɛ, “Wo mmom na woyɛ saa akoa no suani; na yɛn deɛ, yɛyɛ Mose asuafoɔ.
29 Ми знамо да с Мојсијем говори Бог; а овог не знамо откуда је
Yɛnim pefee sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose, nanso saa Yesu yi deɛ, faako a ɔfiri mpo, yɛnnim!”
30 А човек одговори и рече им: То и јесте за чудо што ви не знате откуд је, а Он отвори очи моје.
Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ me nwanwa yie sɛ obi a ɔtumi ma onifirani hunu adeɛ no, motumi ka sɛ monnim faako a ɔfiri.
31 А знамо да Бог не слуша грешника; него ако ко поштује Бога и вољу Његову твори, оног слуша.
Yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfoɔ asɛm; na mmom ɔtie nnipa a wɔdi no ni na wɔyɛ nʼapɛdeɛ no.
32 Откако је света није чувено да ко отвори очи рођеном слепцу. (aiōn )
Ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ yɛntee da sɛ obi ama onifirani ahunu adeɛ da; (aiōn )
33 Кад Он не би био од Бога не би могао ништа чинити.
sɛ ɔbarima yi mfiri Onyankopɔn hɔ a, anka ɔrentumi nyɛ anwanwadeɛ a ɛte sei.”
34 Одговорише и рекоше му: Ти си се родио сав у гресима, па зар ти нас да учиш? И истераше га напоље.
Mpanimfoɔ no nso de abufuo buaa no sɛ, “Ɔdebɔneyɛfoɔ te sɛ wo na wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn?” Wɔsunsum no firii asɔredan no mu hɔ.
35 Исус чу да га истераше напоље; и нашавши га рече му; верујеш ли ти Сина Божијег?
Ɛberɛ a Yesu tee sɛ wɔsunsum aberanteɛ no firii asɔredan no mu hɔ no no, ɔhwehwɛɛ no bisaa no sɛ, “Wogye Onipa Ba no di anaa?”
36 Он одговори и рече: Ко је, Господе, да Га верујем?
Aberanteɛ no buaa no sɛ, “Me wura, kyerɛ me saa Onipa Ba no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛgye no adi!”
37 А Исус му рече: и видео си га, и који говори с тобом Га је.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woahunu no dada; ɔno na ɔne wo rekasa yi.”
38 А он рече: Верујем Господе! И поклони Му се.
Aberanteɛ no de anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade, megye medi.” Afei, ɔkotoo Yesu.
39 И рече Исус: Ја дођох на суд на овај свет, да виде који не виде, и који виде да постану слепи.
Yesu kaa sɛ, “Mebaa ewiase ha sɛ merebɛbu atɛn, na mama wɔn a wɔyɛ anifirafoɔ no ahunu adeɛ, na makyerɛ wɔn a wɔgye di sɛ wɔhunu adeɛ no sɛ, wɔyɛ anifirafoɔ.”
40 И чуше ово неки од фарисеја који беху с Њим, и рекоше Му: Еда ли смо ми слепи?
Farisifoɔ a na wɔgyinagyina hɔ no bisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ yɛyɛ anifirafoɔ anaa?”
41 Рече им Исус: Када бисте били слепи не бисте имали греха, а сад говорите да видите, тако ваш грех остаје.
Yesu buaa wɔn sɛ. “Sɛ mogye tom sɛ moyɛ anifirafoɔ a, ɛnneɛ anka monni deɛ maka no ho fɔ. Esiane sɛ mogye to mu sɛ mohunu adeɛ enti motena afɔbuo mu.”