< Књига пророка Исаије 64 >
1 О да би раздро небеса и сишао, да се растопе горе од Тебе,
Ao, sɛ anka wubesunsuane ɔsorosoro mu, asian aba fam a, ɛno na anka mmepɔw no ho bɛpopo wɔ wʼanim!
2 Као што се на огњу разгори грање и вода узаври од огња, да име Твоје познају непријатељи Твоји и да народи дрхћу од Тебе.
Sɛnea ogya ma mmabaa dɛw na ɛma nsu huru no, sian bra fam na ma wʼatamfo nhu wo din, na ma amanaman no ho mpopo wɔ wʼanim!
3 Кад си чинио страхоте којима се не надасмо, Ти си силазио, и горе се растапаху од Тебе.
Na bere a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yɛanhwɛ anim no, wusian baa fam na mmepɔw no ho popoo wɔ wʼanim.
4 Откако је века не чу се, нити се ушима дозна, нити око виде Бога осим Тебе да би тако учинио онима који Га чекају.
Efi teteete obiara ntee, entwaa obiara aso mu, ani biara nhuu Onyankopɔn bi sɛ wo, nea odi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no no.
5 Сретао си оног који се радује творећи правду; помињу Те на путевима Твојим; гле, Ти си се разгневио што грешисмо; да на њима једнако остасмо, бисмо се спасли.
Woboa wɔn a wɔde anigye yɛ nea ɛteɛ, wɔn a wɔkae wʼakwan. Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wɔn no, wo bo fuwii. Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa?
6 Али сви бејасмо као нечисто шта, и сва наша правда као нечиста хаљина; зато опадосмо сви као лист, и безакоња наша као ветар однесоше нас.
Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho ntew, na yɛn trenee nneyɛe nyinaa te sɛ ntamagow fi; yɛn nyinaa akisa te sɛ ahaban, na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa.
7 Никога не би да призива име Твоје, да устане да се Тебе држи, јер си сакрио лице своје од нас и растопио си нас безакоњем нашим.
Obiara mmɔ wo din, na obiara mpere sɛ obeso wo mu; efisɛ wode wʼanim ahintaw yɛn na yɛn bɔne nti woama yɛasɛe.
8 Али сада, Господе, Ти си наш Отац; ми смо као, а Ти си наш лончар, и сви смо дело руку Твојих.
Nanso wo, Awurade, ne yɛn Agya. Yɛyɛ dɔte, na wo ne ɔnwemfo no; yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.
9 Господе, не гневи се веома, и не помињи довека безакоње; ево, погледај; ми смо сви Твој народ.
Mma wo bo mfuw ntra so, Awurade; nkae yɛn bɔne da biara da. Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo, efisɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfo.
10 Градови светости Твоје опустеше; Сион опусте, Јерусалим поста пустош.
Wo nkuropɔn kronkron no adan nweatam; Sion mpo ayɛ nweatam, Yerusalem ada mpan.
11 Дом наше светиње и наше красоте, у коме Те славише оци наши, изгоре огњем, и све што нам беше драго потрвено је.
Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ anuonyam, faako a yɛn nenanom yii wo ayɛ no, wɔde ogya ahyew, na nea ɛsom bo ma yɛn no, abubu.
12 Хоћеш ли се на то уздржати, Господе, и ћутати, и једнако нас мучити?
Eyi nyinaa akyi, Awurade, wode wo ho bɛkame yɛn ana? Wobɛkɔ so ayɛ komm atwe yɛn aso aboro so ana?