< Књига пророка Исаије 49 >

1 Послушајте ме, острва, и пазите народи далеки. Господ ме позва од утробе; од утробе матере моје помену име моје.
Muntie me, mo mpoano aman; monyɛ aso mo akyirikyiri aman ansa na wɔrebɛwo me no, Awurade frɛɛ me ɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me.
2 И учинио је уста моја да су као оштар мач, у сену руке своје сакри ме; учинио ме је сјајном стрелом, и тулу свом сакри ме.
Ɔyɛɛ mʼano sɛ afoa nnamnam, Ɔde me hintaw ne nsa ase nwini mu; ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam na ɔde me hyɛɛ ne boha mu.
3 И рече ми: Ти си слуга мој, у Израиљу ћу се тобом прославити.
Ɔka kyerɛɛ me se, “Woyɛ me somfo, Israel, wo mu na mɛda mʼanuonyam adi.”
4 А ја рекох: Узалуд се трудих, узалуд и напразно потроших силу своју; али опет суд је мој у Господа и посао мој у Бога мог.
Nanso mekae se, “Mabrɛ agu masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee nanso nea ɛwɔ me wɔ Awurade nsam na mʼakatua wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.”
5 А сада говори Господ, који ме је саздао од утробе материне да сам Му слуга, да Му доведем натраг Јакова; ако се Израиљ и не сабере, опет ћу се прославити пред Господом, и Бог ће мој бити сила моја.
Na afei, Awurade kasa se, nea ɔnwen me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne somfo sɛ memfa Yakob nsan mmra ne nkyɛn na me mmoaboa Israel ano mma no no, wahyɛ me anuonyam wɔ Awurade ani so na me Nyankopɔn ayɛ mʼahoɔden.
6 И рече ми: Мало је да ми будеш слуга да се подигне племе Јаковљево и да се врати остатак Израиљев, него те учиних виделом народима да будеш моје спасење до крајева земаљских.
Ɔka se, “Ɛyɛ ade ketewa bi ma wo sɛ wobɛyɛ me somfo sɛ wode Yakob mmusuakuw bɛsan aba na wode Israelfo a mede wɔn asie bɛsan aba. Mɛma moayɛ amanamanmufo nyinaa kanea, ɛnam mo so na wobegye wiasefo nyinaa nkwa.”
7 Овако вели Господ, Избавитељ Израиљев, Светац његов, ономе кога презиру, на кога се гади народ, слузи оних који господаре: цареви ће видети и устати, и кнезови ће се поклонити ради Господа, који је веран, ради Свеца Израиљевог, који те је изабрао.
Sɛɛ na Awurade se, Ogyefo ne Israel ɔkronkronni no de kɔma nea aman buu no animtiaa na wokyii no, ahemfo somfo no; “Ahene behu wo na wɔasɔre ahenemma behu wo na wɔakotow wo esiane Awurade a ɔyɛ ɔnokwafo, Israel ɔkronkronni a wayi wo no nti.”
8 Овако вели Господ: У време милосно услиших те, и у дан спасења помогох ти; и чуваћу те и даћу те да будеш завет народу да утврдиш земљу и наследиш опустело наследство;
Sɛɛ na Awurade se: “Bere a ɛsɛ mu no, mebua wo, na nkwagyeda no, mɛboa wo; mɛkora wo na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfo no, de agye asase no asi hɔ akyekyɛ agyapade ahorow a asɛe no bio,
9 Да кажеш сужњима: Изађите; онима који су у мраку: Покажите се. Они ће покрај путева пасти, и паша ће им бити по свим високим местима.
wobɛka akyerɛ nneduafo se, ‘Mumfi mmra!’ ne wɔn a wɔwɔ sum mu se, ‘Momfa mo ho nni!’ “Wobedidi wɔ akwan ho wobenya adidibea wɔ koko kesee biara so.
10 Неће бити гладни ни жедни, неће их бити врућина ни сунце; јер коме их је жао, он ће их водити, и покрај извора водених проводиће их.
Ɔkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn; nweatam so hyew ne owia ano hyew renka wɔn, nea ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan na ɔde wɔn akɔ nsuaniwa ho.
11 И све горе своје обратићу у путеве, и стазе ће моје бити повишене.
Mɛyɛ me mmepɔw nyinaa akwan, na mʼatempɔn nso mɛma akrɔn.
12 Гле, ови ће из далека доћи, гле, и они од севера и од запада, и они из земље синске.
Hwɛ, wufi akyirikyiri bɛba ebinom befi atifi fam, ebinom befi atɔe fam ebinom nso befi Sinin mantam mu.”
13 Певајте, небеса, и весели се, земљо, подвикујте, горе, весело; јер Господ утеши свој народ, и на невољнике своје смилова се.
Momfa anigye nteɛ mu, ɔsoro; di ahurusi, asase; mompae mu nnwonto mu, mmepɔw! Na Awurade kyekye ne nkurɔfo werɛ, na obehu nʼamanehunufo mmɔbɔ.
14 Али Сион рече: Остави ме Господ, и заборави ме Господ.
Nanso Sion kae se, “Awurade agyaw me hɔ, Awurade werɛ afi me.”
15 Може ли жена заборавити пород свој да се не смилује на чедо утробе своје? А да би га и заборавила, ја нећу заборавити тебе.
“Ɛna werɛ betumi afi ne ba a otua nufu ano a ɔrennya ayamhyehye mma ɔba a waturu no no ana? Ebia ne werɛ befi, na me werɛ remfi wo!
16 Гле, на длановима сам те изрезао; зидови су твоји једнако преда мном.
Hwɛ, makurukyerɛw wo din agu me nsa yam wʼafasu wɔ mʼani so daa.
17 Похитаће синови твоји, а који те раскопаваше и пустошише, отићи ће од тебе.
Mo mmabarima resan aba ntɛm so; na wɔn a wɔsɛe mo no refi mo nkyɛn akɔ.
18 Подигни очи своје унаоколо, и види: сви се они скупљају и иду к теби. Тако био ја жив, вели Господ, свима њима као накитом заоденућеш се, и уресићеш се њима као невеста.
Momma mo ani so nhwɛ mo ho nhyia; mo mmabarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn. Sɛ mete ase yi” sɛnea Awurade se, “mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛde ama mo ho mubefura wɔn sɛ ayeforokunu.
19 Јер развалине твоје и пустолине и потрвена земља твоја биће тада тесна за становнике кад се удаље они који те прождираше.
“Ɛwɔ mu sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa maa mo asase daa mpan, afei nnipa bɛhyɛ wo so ma, ama aboro wo so, na wɔn a wɔsɛee wo no bɛkɔ akyirikyiri.
20 И деца коју ћеш имати, пошто си била без деце, рећи ће да чујеш: Тесно ми је ово место, помакни се да се могу настанити.
Mmofra a wɔwoo wɔn wɔ mo nna bɔne mu no bɛka ama moate sɛ, ‘Ɛha sua ma yɛn dodo; momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’
21 А ти ћеш рећи у срцу свом: Ко ми их роди, јер бејах сирота и инокосна, заробљена и прогнана? И ко их отхрани? Ето, ја бејах остала сама, а где они беху?
Na wobɛka wɔ wo koma mu se, ‘Hena na ɔwoo eyinom maa me? Na meyɛ ɔwerɛhowni ne obonin; wotuu me kɔɔ asase foforo so na wɔpoo me. Hena na ɔtetew eyinom? Wogyaw me nko ara na eyinom, he na wofi bae?’”
22 Овако вели Господ Господ: Ево, подигнућу руку своју к народима, и к племенима ћу подигнути заставу своју, и донеће синове твоје у наручју, и кћери твоје на раменима ће се носити.
Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Hwɛ, menyama amanamanmufo, mɛma me frankaa no so akyerɛ nkurɔfo no wobeturu wo mmabarima wɔ wɔn nsa so aba na wɔbɛsoa wo mmabea wɔ wɔn mmati so.
23 И цареви ће бити хранитељи твоји и царице њихове твоје дојкиње, и клањаће ти се лицем до земље, и прах с ногу твојих лизаће, и познаћеш да сам ја Господ, и да се неће осрамотити они који мене чекају.
Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu, na wɔn ahemmea ayɛ ɛnanom a wɔbɛhwɛ mo. Wɔbɛkotow mo a wɔn anim butubutuw fam; wɔbɛtaforo mo nan ase mfutuma. Afei mubehu sɛ mene Awurade. Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn huammɔ.”
24 Хоће ли се јунаку узети плен и хоће ли се отети робље праведноме?
Wobetumi agye asade afi akofo nsam; anaa wobetumi agye nnommumfo afi otirimɔdenfo nsam?
25 Јер овако говори Господ: и робље јунаку узеће се и плен јакоме отеће се, јер ћу се ја прети с онима који се с тобом пру, и синове твоје ја ћу избавити;
Nanso, sɛɛ na Awurade se: “Yiw, wobegye nnommumfo afi akofo nsam na wɔagye asade afi otirimɔdenfo nsam; me ne wɔn a wɔne wo nya no benya na megye wo mma nkwa.
26 И који ти криво чине, нахранићу их њиховим месом и опиће се својом крвљу као новим вином; и познаће свако тело да сам ја Господ Спаситељ твој и Избавитељ твој, јаки Бог Јаковљев.
Mema wɔn a wɔhyɛ wo so no awe wɔn ankasa honam; wɔn mogya bɛbow wɔn sɛnea wɔanom nsa. Afei adesamma nyinaa behu sɛ me, Awurade, me ne wʼAgyenkwa no, wo Gyefo, Yakob Tumfo No.”

< Књига пророка Исаије 49 >