< Psalmi 97 >

1 Gospod caruje: nek se raduje zemlja! nek se vesele ostrva mnoga.
Awurade di ɔhene, ma asase ani nnye; ma nsupɔ ahodoɔ nsɛpɛ wɔn ho.
2 Oblak je i mrak oko njega; blagost i pravda podnožje prijestolu njegovu.
Omununkum ne esum kabii atwa ne ho ahyia; tenenee ne atɛntenenee yɛ nʼahennwa no fapem.
3 Oganj pred njim ide, i pali naokolo neprijatelje njegove.
Ogya di nʼanim na ɛhye nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa.
4 Munje njegove sijevaju po vasiljenoj; vidi i strepi zemlja.
Nʼanyinam hran ewiase; asase ahunu, na ne ho popo.
5 Gore kao vosak tope se od lica Gospodnjega, od lica Gospoda svoj zemlji.
Mmepɔ nane sɛ nku wɔ Awurade anim, Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim.
6 Nebesa kazuju pravdu njegovu, i svi narodi vide slavu njegovu.
Ɔsoro pae mu ka ne tenenee kyerɛ na aman nyinaa hunu nʼanimuonyam.
7 Nek se stide svi koji se klanjaju kipovima, koji se hvale idolima svojim. Poklonite mu se svi bogovi.
Ahonisomfoɔ nyinaa anim agu ase, wɔn a wɔde abosomhuhuo hoahoa wɔn ho no, anyame nyinaa monsɔre no.
8 Èuje i raduje se Sion, i kæeri se Judejske vesele radi sudova tvojih, Gospode!
Sion te, na ne ho sɛpɛ no na Yuda nkuraase ani gye Ao Awurade, ɛsiane wʼatɛntenenee enti.
9 Jer si ti, Gospode, visok nad svom zemljom i nadvišuješ sve bogove.
Wo, Ao Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa; wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.
10 Koji ljubite Gospoda, mrzite na zlo. On èuva duše svetaca svojih; iz ruku bezbožnièkih otima ih.
Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyiri bɔne, ɔbɔ ne nkurɔfoɔ a wɔyɛ nokwafoɔ no ho ban na ɔgye wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam.
11 Svjetlost se prosipa na pravednika, i veselje na one koji su prava srca.
Hann to gu teneneefoɔ so na anigyeɛ ba wɔn a wɔn akoma mu teɛ so.
12 Radujte se pravedni o Gospodu, i slavite sveto ime njegovo.
Momma mo ani nnye Awurade mu, mo teneneefoɔ nyinaa, na monkamfo ne din kronkron no.

< Psalmi 97 >