< Psalmi 56 >

1 Smiluj se na me, Bože, jer èovjek hoæe da me proguta, neprijatelj me svaki dan pritješnjuje.
Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a Filistifoɔ kyeree no wɔ Gat no. Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibereɛ so; da mu nyinaa, wɔmia mmirika a wɔtu wɔtaa me no mu.
2 Neprijatelji moji svaki dan traže da me progutaju; jer mnogi napadaju na me oholo.
Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa; wɔn a wɔma wɔn ho so tia me dɔɔso.
3 Kad me je strah, ja se u tebe uzdam.
Sɛ mebɔ hu a, mede me ho bɛto wo so.
4 Bogom se hvalim za rijeè njegovu; u Boga se uzdam, ne bojim se; šta æe mi uèiniti tijelo?
Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro. Ɛdeɛn na onipa dasani bɛtumi ayɛ me?
5 Svaki dan izvræu rijeèi moje; što god misle, sve meni o zlu.
Ɛda mu nyinaa wɔgye mʼano si bɔne; ɛberɛ biara wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛteetee me.
6 Skupljaju se, prikrivaju se, paze za petama mojima; jer traže dušu moju.
Wɔbɔ pɔ, na wɔtetɛ, wɔhwɛ mʼanammɔntuo, na wɔpere sɛ wɔbɛkum me.
7 Kod ovake zloæe izbavi od njih, u gnjevu obori narode, Bože.
Ɛkwan biara so, mma wɔmfa wɔn ho nni; Ao Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuo mu.
8 U tebe je izbrojeno moje potucanje, suze se moje èuvaju u sudu kod tebe, one su u knjizi tvojoj.
Twerɛ me kwadwom to hɔ; sese me nisuo wɔ wo nwoma mmobɔeɛ no mu. Ɛnni deɛ woatwerɛ ato hɔ no mu anaa?
9 Neprijatelji moji ustupaju natrag, kad tebe prizivljem; po tom znam da je Bog sa mnom.
Sɛ mepɛ mmoa firi wo hɔ a, mʼatamfoɔ bɛsane wɔn akyi. Yei bɛma mahunu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.
10 Bogom se hvalim za rijeè njegovu, Gospodom se hvalim za rijeè njegovu.
Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, Awurade a mekamfo nʼasɛm no,
11 U Boga se uzdam, ne bojim se; šta æe mi uèiniti èovjek?
mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro. Ɛdeɛn na ɔdasani bɛtumi ayɛ me?
12 Tebi sam se, Bože, zavjetovao; tebe æu hvaliti;
Ao Onyankopɔn, mehyɛ ɛbɔ a mahyɛ wo no ase, mede mʼaseda afɔdeɛ bɛbrɛ wo.
13 Jer si izbavio dušu moju od smrti, noge moje od spoticanja, da bih hodio pred licem Božjim, u svjetlosti živijeh.
Ɛfiri sɛ, woagye me afiri owuo mu, woamma me nan ansunti, sɛdeɛ mɛtumi anante Onyankopɔn anim wɔ nkwa hann mu. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No.”

< Psalmi 56 >