< Psalmi 44 >
1 Bože, svojim ušima slušasmo, oci nam naši pripovijedaše djelo koje si uèinio u njihovo vrijeme, u staro vrijeme.
Koramma “maskil” dwom. Ao, Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate; yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn; nea woyɛɛ wɔ wɔn bere so, wɔ tete mmere no mu.
2 Rukom svojom izgnao si narode, a njih posadio; iskorijenio si plemena, a njih namnožio.
Wode wo nsa pam amanaman no na wobɔɔ yɛn agyanom atenase; wodwerɛw nnipa no na womaa yɛn agyanom dii yiye.
3 Jer ne zadobiše zemlje svojim maèem, niti im mišica njihova pomože, nego tvoja desnica i tvoja mišica, i svjetlost lica tvojega, jer ti bijahu omiljeli.
Ɛnyɛ wɔn afoa na wɔde nyaa asase no, na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdi; ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa, ne wʼanim hann, efisɛ na wodɔ wɔn.
4 Bože, care moj, ti si onaj isti, pošlji pomoæ Jakovu!
Woyɛ me Hene ne me Nyankopɔn, nea ɔhyɛ nkonimdi ma Yakob.
5 S tobom æemo izbosti neprijatelje svoje, i s imenom tvojim izgaziæemo one koji ustaju na nas.
Ɛnam wo so na yɛpam yɛn Atamfo; wo din mu na yetiatia wɔn a wokyi yɛn no so.
6 Jer se ne uzdam u luk svoj, niti æe mi maè moj pomoæi.
Memmfa me ho nto mʼagyan so, mʼafoa remfa nkonimdi mmrɛ me;
7 Nego æeš nas ti izbaviti od neprijatelja našijeh, i nenavidnike naše posramiæeš.
na wo na woma yedi yɛn atamfo so wugu wɔn a wɔtan yɛn no anim ase.
8 Bogom æemo se hvaliti svaki dan, i ime tvoje slaviæemo dovijeka.
Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa, na yɛbɛkamfo wo din no daa daa.
9 Ali sad si nas povrgao i posramio, i ne ideš s vojskom našom.
Nanso mprempren woapo yɛn abrɛ yɛn ase; wone yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio.
10 Obraæaš nas te bježimo ispred neprijatelja, i neprijatelji nas naši haraju.
Woma yeguan fii dɔm anim, ma yɛn atamfo fom yɛn agyapade.
11 Dao si nas kao ovce da nas jedu, i po narodima rasijao si nas.
Wuyii yɛn maa sɛ wonkum yɛn sɛ nguan na woahwete yɛn wɔ amanaman no mu.
12 U bescjenje si prodao narod svoj, i nijesi mu podigao cijene.
Wotɔn wo nkurɔfo fofoofow, na woannya mfaso biara amfi mu.
13 Dao si nas na potsmijeh susjedima našijem, da nam se rugaju i sramote nas koji žive oko nas.
Woayɛ yɛn ahohorade ama yɛn afipamfo, animtiaabude ne aserewde ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.
14 Naèinio si od nas prièu u naroda, gledajuæi nas mašu glavom tuðinci.
Woayɛ yɛn kasabebui wɔ aman no mu na nnipa no wosow wɔn ti de gu yɛn so.
15 Svaki je dan sramota moja preda mnom, i stid je popao lice moje
Mʼanimguase di mʼanim daa, na aniwu akata mʼanim,
16 Od rijeèi potsmjevaèevih i rugaèevih, i od pogleda neprijateljevih i osvetljivèevih.
esiane wɔn a wɔbɔ me ahohora na wɔkasa tia me de yi me ahi, esiane ɔtamfo a nʼani abere sɛ ɔbɛtɔ were no nti.
17 Sve ovo snaðe nas; ali ne zaboravismo tebe, niti prestupismo zavjeta tvojega.
Eyinom nyinaa too yɛn de, nanso yɛn werɛ mfii wo, na yemmuu wʼapam no nso so ɛ.
18 Ne otstupi natrag srce naše, i stope naše ne zaðoše s puta tvojega.
Yɛn koma ntwe mfii wo ho; na yɛn anan nso mman mfii wo kwan so ɛ.
19 Kad si nas bio u zemlji zmajevskoj, i pokrivao nas sjenom smrtnijem,
Nanso wodwerɛw yɛn yɛɛ yɛn sakraman tu na wode sum kabii kataa yɛn so.
20 Onda da bijasmo zaboravili ime Boga svojega i podigli ruke svoje k Bogu tuðemu,
Sɛ na yɛn werɛ afi yɛn Nyankopɔn din anaa sɛ yɛatrɛw yɛn nsam akyerɛ ananafo nyame a,
21 Ne bi li Bog iznašao to? Jer on zna tajne u srcu.
anka Onyankopɔn behu, efisɛ onim koma mu ahintasɛm.
22 A ubijaju nas za tebe svaki dan; s nama postupaju kao s ovcama klanicama.
Nanso wo nti wokum yɛn daa nyinaa; wobu yɛn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn.
23 Ustani, što spavaš, Gospode! Probudi se, nemoj odbaciti zasvagda.
Nyan, Awurade! Adɛn nti na woada? Keka wo ho! Nnyaw yɛn hɔ afebɔɔ.
24 Zašto kriješ lice svoje? zaboravljaš nevolju i muku našu?
Adɛn nti na wode wʼanim ahintaw na wo werɛ fi yɛn ahohia ne nhyɛso?
25 Duša naša pade u prah, tijelo je naše baèeno na zemlju.
Wɔabrɛ yɛn ase kɔ dɔte mu na yɛn nipadua aka afam dɔte.
26 Ustani, pomoæi naša, i izbavi nas radi milosti svoje.
Sɔre bɛboa yɛn; wʼadɔe a ɛnsa da no nti, gye yɛn. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “lilie” sanku dwontobea na ɛtoe.