< Brojevi 8 >

1 I reèe Gospod Mojsiju govoreæi:
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 Kaži Aronu i reci mu: kad zapališ žiške, sedam žižaka neka svijetli sprijed na svijetnjaku.
“Ka kyerɛ Aaron se, ‘Sɛ wosɔ akanea ason a ɛwɔ kaneadua no so no a, sɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a, ɛbɛtow ne hann no akɔ kaneadua no nʼanim.’”
3 I uèini Aron tako, i zapali žiške da svijetle sprijed na svijetnjaku, kao što Gospod zapovjedi Mojsiju.
Aaron yɛɛ saa; ɔsɔɔ akanea no ma ɛtow hann kɔɔ kaneadua no anim, sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
4 A svijetnjak bješe skovan od zlata, i stupac mu i cvijeæe skovano; po prilici koju pokaza Gospod Mojsiju tako bješe naèinio svijetnjak.
Sɛnea Wosi yɛɛ kaneadua no ni: Sikakɔkɔɔ a wɔaboro na wɔde yɛ fii nʼase kosi ne soro. Wɔyɛɛ no sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no ara pɛ.
5 Još reèe Gospod Mojsiju govoreæi:
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
6 Uzmi Levite izmeðu sinova Izrailjevijeh, i oèisti ih.
“Yi Lewifo no fi Israelfo no mu na tew wɔn ho.
7 A uèini im ovo da ih oèistiš: pokropi ih vodom oèišæenja, a oni neka obriju sve tijelo svoje i operu haljine svoje, i oèistiæe se.
Sɛ ɛbɛyɛ a wɔn ho ni yɛ eyi: Fa ahodwira nsu pete wɔn so. Ma wonyi wɔn ho nwi nyinaa, na wɔnhoro wɔn nneɛma nyinaa, na ama wɔn ho atew.
8 Potom neka uzmu tele s darom uz njega, bijelim brašnom pomiješanim s uljem; i drugo tele uzmi za grijeh.
Afei, ma wɔmfa nantwinini ba ne aduan afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra a nantwinini ba baako ka ho a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre mmra.
9 Pa dovedi Levite pred šator od sastanka, i sazovi sav zbor sinova Izrailjevijeh.
Frɛ Israelfo no nyinaa hyia na fa Lewifo no bra Ahyiae Ntamadan no pon ano.
10 I dovedi Levite pred Gospoda, i neka metnu sinovi Izrailjevi ruke svoje na Levite.
Ɛhɔ na mpanyimfo a wotuatua mmusuakuw no ano no de wɔn nsa begu wɔn so.
11 I Aron neka prinese Levite Gospodu za prinos od sinova Izrailjevijeh da vrše službu Gospodu.
Ɛsɛ sɛ Aaron yɛ nsɛnkyerɛnne bi sɛ ɔde wɔn rema Awurade sɛ akyɛde a efi Israel manfo nyinaa nkyɛn, na asiesie Lewifo no ama wɔayɛ Awurade adwuma.
12 A Leviti neka metnu ruke svoje na glave teocima, pa prinesi jedno tele za grijeh a drugo na žrtvu paljenicu Gospodu da se oèiste Leviti.
“Afei, Lewifo mpanyimfo no de wɔn nsa begu nantwimma no apampam na wɔde wɔn ama Awurade. Wɔde ɔbaako bɛbɔ bɔne ho afɔre na wɔde ɔbaako nso abɔ ɔhyew afɔre de ayɛ mpata ama Lewifo no.
13 I postavi Levite pred Aronom i sinovima njegovijem, i prinesi ih za prinos Gospodu.
Afei, wɔde Lewifo no bɛma Aaron ne ne mma te sɛnea wɔde afɔrebɔde biara fa asɔfo so de ma Awurade no.”
14 I odvoj Levite izmeðu sinova Izrailjevijeh da budu moji Leviti.
Mobɛfa saa kwan yi so ayi Lewifo no afi Israelfo no mu ama me, na wɔayɛ me dea.
15 A poslije neka doðu Leviti da služe u šatoru od sastanka, kad ih oèistiš i prineseš za prinos.
“Sɛ motew wɔn ho na mofa saa kwan yi so de wɔn ma me a, afei, wobedi ahyɛmfiri wɔ Ahyiae Ntamadan no mu, adi wɔn dwuma.
16 Jer su meni dani izmeðu sinova Izrailjevijeh; za sve što otvora matericu, za sve prvence izmeðu sinova Izrailjevijeh uzeh njih.
Israelfo mu nyinaa, wɔn na wɔyɛ me nkurɔfo, na magye wɔn ato mu asi Israelfo mmakan nyinaa anan, Israelni bea biara abakan barima.
17 Jer je moj svaki prvenac meðu sinovima Izrailjevijem i od ljudi i od stoke; onaj dan kad pobih sve prvence u zemlji Misirskoj, posvetio sam ih sebi.
Israel abakan biara yɛ me de; nnipa ne mmoa nyinaa. Bere a mikunkum Misraimfo mmakan nyinaa no ara na mefaa wɔn de wɔn yɛɛ me nkurɔfo.
18 A Levite uzeh za sve prvence sinova Izrailjevijeh.
Mafa Lewifo no asi Israelfo mmakan nyinaa anan mu.
19 I dadoh Levite na dar Aronu i sinovima njegovijem izmeðu sinova Izrailjevijeh, da služe mjesto sinova Izrailjevijeh u šatoru od sastanka, i da budu otkup za sinove Izrailjeve, da ne bi dolazio pomor na sinove Izrailjeve, kad bi pristupali k svetinji sinovi Izrailjevi.
Na mede Lewifo no bɛkyɛ Aaron ne ne mmabarima. Lewifo no na wɔbɛyɛ Ahyiae Ntamadan no mu nnwuma kronkron a anka ɛsɛ sɛ Israelfo no na wɔyɛ, na wɔn na wɔbɛbɔ afɔre ama nkurɔfo de ayɛ mpata ama wɔn sɛnea sɛ Israelfo no kɔ kronkronbea hɔ a ɔyaredɔm biara renka wɔn.”
20 I uèini Mojsije i Aron i sav zbor sinova Izrailjevijeh Levitima sve što zapovjedi Gospod Mojsiju za Levite, tako im uèiniše sinovi Izrailjevi.
Mose ne Aaron ne Israelfo no nyinaa faa ɔkwan a Awurade kyerɛɛ Mose no so pɛpɛɛpɛ de Lewifo no maa Awurade.
21 I oèistiše se Leviti, i opraše haljine svoje, i prinese ih Aron za prinos pred Gospodom, i oèisti ih Aron da bi bili èisti.
Lewifo no dwiraa wɔn ho, horoo wɔn nneɛma. Na Aaron de wɔn hyɛɛ Awurade nsa sɛ ohim afɔre na ɔyɛɛ wɔn ho mpata adwuma de tew wɔn ho.
22 I onda tek pristupiše Leviti da vrše službu svoju u šatoru od sastanka pred Aronom i pred sinovima njegovijem; kao što zapovjedi Gospod Mojsiju za Levite, tako im uèiniše.
Ɛno akyi no, Lewifo no kɔyɛɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu a na Aaron ne ne mmabarima no hwɛ wɔn so Wɔyɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no.
23 I opet reèe Gospod Mojsiju govoreæi:
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
24 I ovo je za Levite: od dvadeset i pet godina i više neka stupaju u službu da služe u šatoru od sastanka.
“Eyi kɔ ma Lewifo no: Sɛ Lewini barima biara di mfe aduonu anum a, ma no nsom wɔ Ahyiae Ntamadan mu,
25 A kad kome bude pedeset godina, neka izlazi iz te službe i više neka ne služi.
na sɛ wodi mfe aduonum a, ɛsɛ sɛ wɔapɔn fi adwuma mu a wɔnnyɛ adwuma bio.
26 Ali neka služi braæi svojoj u šatoru od sastanka radeæi što treba raditi, a sam neka ne vrši službe. Tako uèini Levitima za poslove njihove.
Sɛ wɔpɔn a, wotumi adi dwuma wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ de boa wɔn nuanom, mmom wɔn ankasa de, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ da yɛ adwuma. Eyi ne ɔkwan a momfa so mma Lewifo no adwuma nyɛ.”

< Brojevi 8 >