< Levitski Zakonik 5 >

1 I kad ko zgriješi što èuje kletvu i bude joj svjedok vidjevši ili èuvši, pa ne kaže, nosiæe svoje bezakonje.
“‘Obiara a ɔnka bɔne bi a onim ho biribi ho hwee no di ho fɔ.
2 Ili kad se ko dotakne neèiste stvari, strva od neèiste zvijerke ili strva od neèista živinèeta ili strva od neèiste životinje koja gamiže, ako i u neznanju uèini, ipak æe se oskvrniti, i biæe kriv.
“‘Obiara a ɔde ne nsa ka ade bi a amanne kwan so no ɛho ntew, te sɛ aboa bi a ne ho ntew funu, sɛ ɔyɛ wuram aboa, sɛ ɔyɛ afieboa anaa aboa a ɔwea wɔ fam no, mpo sɛ onnim sɛ ne ho agu fi na akyiri no ogye nʼafɔdi to mu,
3 Ili kad se dotakne neèistote èovjeèije, bila neèistota njegova kaka mu drago, kojom se oskvrni, znajuæi ili ne znajuæi, kriv je.
anaa sɛ obi anhyɛ da na ɔde ne nsa ka biribi a efi onipa mu a ɛho ntew na ɔte ne ho ase sɛ odi ho fɔ,
4 Ili kad se ko zakune govoreæi svojim ustima da æe uèiniti što zlo ili dobro, a za koju god stvar za koju èovjek govori zaklinjuæi se, znao ili ne znao, kriv je za jednu od tijeh stvari.
anaa sɛ obi annwene ho na ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ biribi a eye anaa ennye na akyiri no ohu nʼafɔdi;
5 Kad bude kriv za koju od tijeh stvari, neka prizna grijeh svoj.
sɛ obi ani ba ne ho so wɔ eyinom biara mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka ne bɔne a wayɛ.
6 I neka dovede na žrtvu Gospodu za grijeh, što je zgriješio, žensko od sitne stoke, jagnje ili jare, za grijeh; i sveštenik æe ga oèistiti od grijeha njegova.
Ɛsɛ sɛ ɔde oguammere anaa abirekyibere bɔ afɔre ma Awurade wɔ ne bɔne ho asotwe ho. Ɔsɔfo na ɔbɛbɔ onipa ko no bɔne no ho afɔre ama no. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama no.
7 Ako li ne bi mogao prinijeti jagnjeta ili jareta, onda neka donese na žrtvu Gospodu za prijestup, kojim je zgriješio, dvije grlice ili dva golubiæa, jedno na žrtvu za grijeh a drugo na žrtvu paljenicu.
“‘Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya oguamma mfa mma Awurade a, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien mmra sɛ ne bɔne ho afɔrebɔde. Nnomaa no mu baako bɛyɛ ne bɔne no afɔrebɔde na ɔbaako ayɛ ne hyew afɔrebɔde.
8 Neka donese svešteniku, a on neka prinese prvo ono što je za grijeh, i noktom neka mu zasijeèe glavu k šiji, ali da ne razdvoji.
Ɔde bɛma ɔsɔfo no na ɔde anomaa a odi kan no abɔ bɔne afɔre no. Obekyim aboa no kɔn nanso ɔrentew ne ti mfi so,
9 I krvlju od žrtve za grijeh neka pokropi strane oltaru; a što ostane krvi neka se iscijedi na podnožje oltaru. To je žrtva za grijeh.
na wapete ne mogya no bi agu afɔremuka no ho. Mogya no nkae no, obehwie agu afɔremuka no ase. Eyi ne afɔrebɔ kwan a ɛpepa bɔne.
10 A od drugoga neka naèini žrtvu paljenicu po obièaju; tako æe ga oèistiti sveštenik od grijeha njegova, koji je uèinio, i oprostiæe mu se.
Na ɔsɔfo no de anomaa a ɔto so abien no bɛbɔ ɔhyew afɔre sɛnea ɔbɔɔ afɔre a edi kan no ara pɛ. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama nea wayɛ bɔne no, na ɛnam so ama wɔde ne bɔne akyɛ no.
11 Ako li ne bi mogao prinijeti ni dvije grlice ili dva golubiæa, onda neka za žrtvu za to što je zgriješio donese desetinu efe bijeloga brašna da bude žrtva za grijeh, a neka ne dodaje ulja i ne meæe kada, jer je žrtva za grijeh.
“‘Sɛ ɔyɛ ohiani buruburoo a ɔrentumi mfa nturukuku anaa mmorɔnomamma mmɛbɔ ne bɔne ho afɔre a, ɔde asikresiam muhumuhu lita abien ne fa bɛba sɛ ne bɔne ho afɔrebɔde. Ɛnsɛ sɛ ɔde ɔsra ngo fra. Ɛnsɛ sɛ ɔde aduhuam nso gu so, efisɛ ɛyɛ bɔne afɔre.
12 I kad donese k svešteniku, neka uzme sveštenik punu šaku za spomen njezin, i neka zapali na oltaru pored žrtve ognjene Gospodu. To je žrtva za grijeh.
Ɔde bɛma ɔsɔfo no. Na ɔsɔfo no asaw ne nsa ma de asi ne nyinaa anan na wahyew no wɔ afɔremuka no so ama Awurade sɛ afɔrebɔde biara. Eyi bɛyɛ ne bɔne ho afɔrebɔ.
13 I oèistiæe ga sveštenik od grijeha, kojim se ogriješio u èem god od ovoga, i oprostiæe mu se; a ostatak æe biti svešteniku kao od dara.
Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa no na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. Asikresiam a aka no, wɔde bɛma ɔsɔfo no te sɛ nnɔbae afɔrebɔde no ara pɛ.’”
14 Opet reèe Gospod Mojsiju govoreæi:
Awurade hyɛɛ mmara maa Mose se,
15 Ko se prevari, te se ogriješi nehotice o stvari posveæene Gospodu, neka prinese na žrtvu Gospodu za prijestup svoj ovna zdrava s cijenom, kojom ti precijeniš svetu stvar na sikle srebrne, po siklima svetim, prema prijestupu.
“Sɛ obi anhyɛ da na ogu ade kronkron ho fi a, ɔde odwennini a ne ho nni dɛm a ɔfata sɛ mpata wɔ nʼafɔdi no ho bɛba abɛbɔ Awurade afɔre.
16 I tako koliko se ogriješio o svetu stvar neka naknadi, i na to još neka dometne peti dio, i neka da svešteniku; a sveštenik æe ga oèistiti ovnom prinesenijem na žrtvu za prijestup, i oprostiæe mu se.
Ade kronkron a nipa no guu ho fi no nso, ɔde foforo besi anan na watua dekode no bo ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho sɛ asotwe. Ɔde ne nyinaa bɛma ɔsɔfo na ɔde Odwennini no abɔ bɔne afɔre no na wɔde ne bɔne akyɛ no.
17 Ko zgriješi i uèini štogod što je Gospod zabranio da se ne èini, ako i nije znao, ipak je kriv, i nosiæe svoje bezakonje.
“Sɛ obi anhyɛ da na obu Awurade mmara no bi so a, odi fɔ nti ɛsɛ sɛ otua afɔbude a Mose bɛhyɛ no.
18 Neka dovede k svešteniku ovna zdrava s cijenom kojom precijeniš prijestup; i oèistiæe ga sveštenik od grijeha njegova, koji je uèinio ne znajuæi, i oprostiæe mu se.
Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini anaa ɔpapo a onni dɛm brɛ ɔsɔfo sɛ ne bɔne no ho afɔrebɔde. Na ɔsɔfo no de ayɛ mpata ama no wɔ bɔne biara a ɔyɛe a wanhyɛ da no ho, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.
19 Prijestup je; zgriješio je Gospodu.
Ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa afɔre no sɛ afɔdi afɔre, efisɛ odi fɔ pefee wɔ Awurade anim.”

< Levitski Zakonik 5 >