< Jeremija 49 >
1 Za sinove Amonove: ovako veli Gospod: zar Izrailj nema sinova? zar nema našljednika? zašto Malhom naslijedi zemlju Gadovu? i zašto se narod njegov naseli u njegovijem gradovima?
Deɛ ɛfa Amonfoɔ ho no nie: Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Israel nni mmammarima anaa? Ɔnni wɔn a wɔbɛdi nʼadeɛ? Ɛnneɛ adɛn enti na Molek afa Gad ayɛ ne dea yi? Adɛn enti na ne nkurɔfoɔ tete ne nkuro mu?
2 Zato evo idu dani, govori Gospod, kad æu uèiniti da se èuje vika ubojna u Ravi sinova Amonovijeh, i ona da bude gomila razvalina, i sela njezina popaljena ognjem; i Izrailj æe obladati onima koji bjehu njim obladali, govori Gospod.
Nanso nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mɛbobom de afrɛ ɔko atia Raba a ɛwɔ Amonfoɔ; ɛbɛyɛ nkunkumaboɔ sie, wɔbɛto nkuraaseɛ a atwa ne ho ahyia no mu ogya. Na Israel bɛpamo wɔn a wɔpamoo noɔ no,” sei na Awurade seɛ.
3 Ridaj Esevone, jer je Gaj opustošen; vièite sela Ravska; pripašite oko sebe kostrijet, narièite i trèite oko plotova; jer æe Malhom otiæi u ropstvo, sveštenici njegovi i knezovi njegovi skupa.
“Twa adwo Ao, Hesbon, ɛfiri sɛ, wɔasɛe Ai! Monteam Ao, mo a mowɔ Raba! Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ; mommɔ nnyenyen wɔ afasuo no mu, ɛfiri sɛ Molek bɛkɔ nnommumfa mu, ɔne nʼasɔfoɔ ne nʼadwumayɛfoɔ.
4 Što se hvališ dolinama? Rastopila se dolina tvoja, kæeri odmetnico! koja se uzdaš u blago svoje: ko bi udario na me?
Adɛn enti na wode wo bɔnhwa ahodoɔ hoahoa wo ho? Sɛdeɛ ɛso aba bebree enti anaa? Ao ɔbabaa a ɔnni nokorɛ, wode wo ho to wʼahonya so na woka sɛ, ‘Hwan na ɔbɛto ahyɛ me so?’
5 Evo ja æu pustiti na te strah otsvuda unaokolo, govori Gospod Gospod nad vojskama, i raspršaæete se svi, i neæe biti nikoga da sakupi bježan.
Mede ehu bɛba wo so; ɛbɛfiri wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no nyinaa,” Awurade na ɔseɛ, Asafo Awurade no. “Wɔbɛpam mo nyinaa, na obiara remmoaboa akobɔfoɔ ano.
6 Ali æu poslije povratiti roblje sinova Amonovijeh, govori Gospod.
“Nanso, akyire no, mɛsane de Amonfoɔ adenya ama wɔn,” sei na Awurade seɛ.
7 Za Edoma, ovako veli Gospod nad vojskama: zar nema više mudrosti u Temanu? nesta li svjeta razumnima? išèilje li mudrost njihova?
Deɛ ɛfa Edom ho no nie: Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Nyansa nni Teman bio anaa? Afutuo ayera wɔ anyansafoɔ mu anaa? Wɔn nyansa no aporɔ anaa?
8 Bježite, obratite pleæi, zavrite se duboko, stanovnici Dedanski, jer æu pustiti na Isava pogibao njegovu u vrijeme kad æu ga pohoditi.
Monnane mo ho na monnwane monkɔtetɛ abodan a emu dɔ mu, mo a motete Dedan, ɛfiri sɛ, mede amanehunu bɛba Esau so wɔ ɛberɛ a mɛtwe nʼaso no.
9 Da ti doðu beraèi, ne bi li ti ostavili pabiraka? da doðu lupeži noæu, ne bi li odnijeli koliko im je dosta?
Sɛ wɔn a wɔtete bobe no baa mo nkyɛn a anka wɔrennya bobe no kakra? Sɛ akorɔmfoɔ baa ɔdasuo mu a, anka wɔrenwia deɛ wɔpɛ nko ara?
10 Ali ja ogoluznih Isava, otkrih potaje njegove da se ne može sakriti; propade sjeme njegovo, braæa njegova i susjedi njegovi, niko ne osta.
Na mɛma Esau ada adagya. Mɛda ne hintabea ahodoɔ adi, sɛdeɛ ɔrentumi mfa ne ho nsuma. Ne mma, nʼabusuafoɔ ne ne mfɛfoɔ bɛwuwu, na wɔrenhunu no bio.
11 Ostavi sirote svoje, ja æu im život saèuvati, i udovice tvoje neka se uzdaju u me.
‘Monnya mo nwisiaa, na mɛbɔ wɔn nkwa ho ban. Mo akunafoɔ nso bɛtumi de wɔn ho ato me so.’”
12 Jer ovako veli Gospod: evo, koji ne bi trebalo da piju iz èaše, doista æe piti; a ti li æeš ostati bez kara? neæeš ostati bez kara, nego æeš zacijelo piti.
Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛ wɔtwe wɔn a wɔmfata sɛ wɔtwe wɔn aso mpo a, ɛnneɛ adɛn enti na ɛnsɛ sɛ wɔtwe mo aso? Wɔbɛtwe mo aso!
13 Jer sobom se zaklinjem, govori Gospod, da æe Vosora biti pustoš, rug, èudo i prokletstvo, i svi æe gradovi njezini biti pustinja vjeèna.
Meka me ho ntam sɛ wɔbɛsɛe Bosra na ayɛ ahodwiredeɛ, ahohoradeɛ ne nnomedeɛ; na ne nkuro nyinaa bɛsɛe afebɔɔ,” Awurade na ɔseɛ.
14 Èuh glas od Gospoda, i glasnik bi poslan k narodima da reèe: skupite se i idite na nju, i dignite se u boj.
Mate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn: wɔsomaa ananmusini bi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ amanaman no sɛ, “Mommoaboa mo ho ano nkɔto nhyɛ ne so! Monsɔre nkɔ ɔko!”
15 Jer gle, uèiniæu te da budeš mali meðu narodima i prezren meðu ljudima.
“Na mɛyɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu, na wɔabu wo animtia.
16 Obijest tvoja i ponositost srca tvojega prevari tebe, koji živiš u rasjelinama kamenijem i držiš se visokih humova; da naèiniš sebi gnijezdo visoko kao orao, i odande æu te svaliti, govori Gospod.
Ehu a wobɔ nkurɔfoɔ akoma mu no adaadaa wo, wo a wote abotan ntokuro mu, na wote kokoɔ no sorɔnsorɔmmea. Ɛwom sɛ woyɛ wo pirebuo wɔ soro tɛ sɛ ɔkɔdeɛ deɛ, nanso ɛhɔ na mɛfiri de wo aba fam,” Awurade na ɔseɛ.
17 I zemlja æe Edomska biti pustinja, ko proðe mimo nju, svak æe se èuditi i zviždati radi svijeh rana njezinijeh.
“Edom bɛyɛ ahodwiredeɛ; wɔn a wɔtwam hɔ nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti.
18 Kao kad se zatr Sodom i Gomor i susjedstvo njihovo, veli Gospod, neæe se naseliti ondje niko niti æe se baviti ondje sin èovjeèji.
Sɛdeɛ wɔdanee Sodom ne Gomora ne wɔn nkurotoɔ guiɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “saa ara na obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.
19 Gle, kao lav izaæi æe podižuæi se više nego Jordan na stan silnoga; ali æu ga brzo otjerati iz te zemlje, i postaviæu nad njom onoga ko je izabran; jer ko je kao ja? i ko æe se preti sa mnom? i koji æe mi pastir odoljeti?
“Sɛdeɛ gyata firi Yordan nkyɛkyerɛ mu kɔ adidibea frɔmfrɔm no, saa ara na mɛtaa Edom so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu. Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei? Hwan na ɔte sɛ me na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie? Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?”
20 Zato èujte namjeru Gospodnju što je naumio za Edomce i misli njegove što je smislio za stanovnike Temanske: zaista najmanji iz stada razvlaèiæe ih, zaista æe opustjeti stan s njima.
Enti tie deɛ Awurade ahyehyɛ atia Edom, deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia wɔn a wɔte Teman nie: Nnwankuo no mu nkumaa no mpo, wɔbɛtwe wɔn akɔ; wɔn enti wɔbɛsɛe adidibea no koraa.
21 Od praske padanja njihova zemlja æe se tresti, i vika æe se njihova èuti na Crvenom Moru.
Wɔn asehweɛ nnyegyeeɛ bɛma asase awoso; wɔn nteateam bɛgyegye akɔduru Ɛpo Kɔkɔɔ ho.
22 Gle, doæi æe i doletjeæe kao orao i raširiæe krila svoja nad Vosorom, i biæe srce u junaka Edomskih kao srce u žene koja se poraða.
Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ bi bɛtu akɔ soro na wato hoo aba fam a watrɛtrɛ ne ntaban mu wɔ Bosra so. Saa ɛda no, Edom nnɔmmarima akoma bɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem wɔ awoɔ so.
23 Za Damasak. Posrami se Emat i Arfad, jer èu zle glase; rastopiše se, strah je na moru, ne može se umiriti.
Deɛ ɛfa Damasko ho no nie: “Hamat ne Arpad aba mu abu, ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne. Wɔn akoma aboto te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ.
24 Damasak klonu, obrati se da bježi, drhat ga poduze, tuga i bolovi osvojiše ga kao porodilju.
Damasko ayɛ mmerɛ, wayɛ sɛ ɔrebɛdwane; wabɔ huboa; ahoyera ne ɔyea akyekyere no, ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrekyem wɔ awoɔ so deɛ.
25 Kako se ne ostavi slavni grad? grad radosti moje?
Adɛn enti na wɔnnyaa kuropɔn a agye din yi ntoo hɔ, kuro a mʼani gye muo?
26 Zato æe popadati mladiæi njegovi na ulicama njegovijem, i svi æe vojnici njegovi izginuti u onaj dan, govori Gospod nad vojskama.
Ampa ara ne mmeranteɛ bɛhwehwe ase wɔ mmɔntene so; wɔbɛma nʼasraafoɔ nyinaa aka wɔn ano atom saa ɛda no,” sɛi na Asafo Awurade seɛ.
27 I raspaliæu oganj u zidovima Damaštanskim, i proždrijeæe dvore Ven-Adadove.
“Mede ogya bɛto Damasko afasuo mu; na ɛbɛhye Ben-Hadad aban.”
28 Za Kidar i za carstva Asorska, koja razbi Navuhodonosor car Vavilonski, ovako veli Gospod: ustanite, idite na Kidar, i zatrite sinove istoène.
Deɛ ɛfa Kedar ne Hasor ahennie a Babiloniahene Nebukadnessar to hyɛɛ soɔ no nie. Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɔre na kɔto hyɛ Kedar so na sɛe nnipa a wɔwɔ apueeɛ fam no.
29 Uzeæe im šatore i stada, zavjese njihove i sudove njihove i kamile njihove oteæe, i vikaæe na njih strašno otsvuda.
Wɔbɛfa wɔn ntomadan ne wɔn nnwankuo; wɔbɛfa wɔn nkatasoɔ, ne wɔn ho nneɛma ne nyoma akɔ. Nnipa bɛteateam sɛ, ‘Ehu wɔ baabiara!’
30 Bježite, selite se daleko, zavrite se duboko, stanovnici Asorski, govori Gospod, jer je Navuhodonosor car Vavilonski namjerio namjeru protiv vas, i smislio misao protiv vas.
“Monnwane nkɔ ntɛm ntɛm! Monhyehyɛ abodan a emu dɔ mu, mo a motete Hasor,” Awurade na ɔseɛ. “Babiloniahene Nebukadnessar apam mo tiri so; wayɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo.
31 Ustanite, idite k narodu mirnome, koji živi bez straha, govori Gospod, koji nema vrata ni prijevornica, žive sami.
“Sɔre kɔto hyɛ ɔman bi so a woremmrɛ, ɔman a wɔte ahotosoɔ mu,” Awurade na ɔseɛ, “ɔman a wɔnni apono anaa akwansideɛ, na emu nnipa nko ara na wɔte hɔ.
32 I kamile æe njihove biti plijen, i mnoštvo stoke njihove grabež, i rasijaæu ih u sve vjetrove, one što se s kraja strigu; i dovešæu pogibao na njih sa svijeh strana, govori Gospod.
Wɔn mfunumu bɛyɛ afodeɛ, na wɔn anantwikuo akɛseɛ no bɛyɛ asadeɛ. Mɛbɔ saa nnipa a wɔtete akyirikyiri no ahwete ama mframa no, na mede amanehunu bɛfiri afa nyinaa aba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ.
33 I Asor æe biti stan zmajevski, pustinja dovijeka: niko se neæe ondje naseliti, niti æe se baviti u njemu sin èovjeèji.
“Hasor bɛdane sakraman atuo, ɛbɛda mpan afebɔɔ. Obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.”
34 Rijeè Gospodnja koja doðe Jeremiji proroku za Elam, u poèetku carovanja Sedekije cara Judina, govoreæi:
Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa Elam ho, wɔ Yudahene Sedekia adedie mfitiaseɛ:
35 Ovako veli Gospod nad vojskama: evo, ja æu slomiti luk Elamu, glavnu silu njegovu;
Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛbubu Elam agyan mu, deɛ wɔn ahoɔden gyina soɔ no.
36 I dovešæu na Elam èetiri vjetra s èetiri kraja nebesa, i u sve te vjetrove rasijaæu ih, tako da neæe biti naroda kuda neæe otiæi prognanici Elamski.
Mede mframa ɛnan no bɛba Elam so afiri ɔsorosoro afanan; mɛbɔ wɔn ahwete mframa ɛnan no mu, na Elam atukɔfoɔ akɔ ɔman biara so.
37 I uplašiæu Elamce pred neprijateljima njihovijem, i pred onima koji traže dušu njihovu; i pustiæu zlo na njih, žestinu gnjeva svojega, govori Gospod, i pustiæu za njima maè dokle ih ne zatrem.
Mɛbɔ Elam ahwete wɔ wɔn atamfoɔ anim, wɔ wɔn a wɔrepɛ wɔn akum wɔn no anim; mede amanehunu bɛba wɔn so mpo mʼabufuhyeɛ no,” Awurade na ɔseɛ. “Mede akofena bɛtaa wɔn kɔsi sɛ mɛwie wɔn korakora.
38 I namjestiæu prijesto svoj u Elamu, i istrijebiæu odande cara i knezove, govori Gospod.
Mɛsi mʼahennwa wɔ Elam na masɛe ne ɔhene ne nʼadwumayɛfoɔ,” Awurade na ɔseɛ.
39 Ali u pošljednje vrijeme povratiæu roblje Elamsko, govori Gospod.
“Nanso, mɛsane de Elam adenya ama no nna a ɛreba no mu,” Awurade na ɔseɛ.