< Isaija 59 >

1 Gle, nije okraèala ruka Gospodnja da ne može spasti, niti je otežalo uho njegovo da ne može èuti.
Ampa ara Awurade nsa nyɛ tiaa sɛ ɛrennye nkwa, na nʼasom nyɛ den sɛ ɛrente asɛm.
2 Nego bezakonja vaša rastaviše vas s Bogom vašim, i grijesi vaši zakloniše lice njegovo od vas, da ne èuje.
Nanso mo amumɔyɛ na atetew mo ne mo Nyankopɔn ntam; mo bɔne ama nʼanim ahintaw mo, a enti ɔrente.
3 Jer su ruke vaše oskvrnjene krvlju i prsti vaši bezakonjem; usne vaše govore laž i jezik vaš izrièe opaèinu.
Na mogya akeka mo nsa ho, afɔdi asra mo nsateaa ho. Mo ano akeka atosɛm, mo tɛkrɛma de amumɔyɛsɛm di nseku.
4 Nema nikoga da vièe za pravdu, niti ima koga da se pre za istinu; uzdaju se u ništavilo, i govore laž; zaèinju nevolju, i raðaju muku.
Obiara nhwehwɛ atɛntrenee; obiara mfa nokwaredi mmɔ ne nkurow. Wɔde wɔn ho to nsɛnhuhuw so na wotwa nkontompo; wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.
5 Nose jaja aspidina i tkaju pauèinu; ko pojede jaje njihovo umre, i ako koje razbije, ižljeze guja.
Wosow nhurutoa nkesua na wɔnwen ananse ntontan. Nea odi wɔn nkesua biara bewu, mu baako nso bɔ a, ɛpae ahurutoa.
6 Platno njihovo nije za haljine, niti æe se oni odjesti svojim poslom; posao je njihov bezakonje i u rukama je njihovijem nasilje.
Wɔn ntontan nye mma adurade; wɔrentumi mfa nea wɔyɛ nkata wɔn ho. Wɔn nneyɛe yɛ nneyɛe bɔne, na wodi akakabensɛm.
7 Noge im trèe na zlo i brze su na proljevanje krvi prave; misli su njihove bezakonje; na putovima je njihovijem pustoš i rasap.
Wotu mmirika kɔyɛ bɔne; wɔnkyɛ opira ne awudi ho. Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa.
8 Puta mirnoga ne znaju, i na putovima njihovijem nema pravde; naèinili su sebi krive staze; ko god ide po njima, ne zna za mir.
Asomdwoe kwan no, wonnim; atɛntrenee nni wɔn akwan so. Wɔadan wɔn akwan kɔntɔnkye obiara a ɔnantew so no rennya asomdwoe.
9 Zato je sud daleko od nas, i pravda ne dolazi do nas; èekamo vidjelo, a ono, eto mrak; svjetlost, a ono hodimo po tami.
Enti atɛntrenee ne yɛn ntam aware, na adetrenee mmɛn yɛn. Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ sum; nea ɛhyerɛn, nanso yɛnam sum kabii mu.
10 Pipamo kao slijepci zid, kao oni koji nemaju oèiju pipamo; spotièemo se u podne kao u sumraèje; u obilju smo kao mrtvi.
Te sɛ anifuraefo no, yɛkeka wɔ afasu ho hwehwɛ ɔkwan te sɛ nnipa a wonni ani. Owigyinae no yehintihintiw sɛnea onwini adwo; yedu ahoɔdenfo mu a yɛte sɛ awufo.
11 Rièemo svikoliki kao medvjedi, i jednako uèemo kao golubice; èekamo sud, a njega nema, spasenje, a ono je daleko od nas.
Yɛn nyinaa woro so te sɛ sisi; yɛde awerɛhow kurum sɛ mmorɔnoma. Yɛhwehwɛ atɛntrenee nso yenhu bi; ogye, nanso ɛwɔ akyirikyiri.
12 Jer se prijestupi naši umnožiše pred tobom i grijesi naši svjedoèe na nas; jer su prijestupi naši kod nas i bezakonja svoja znamo,
Efisɛ, yɛn mfomso adɔɔso wɔ wʼani so, na yɛn bɔne di adanse tia yɛn. Yɛn mfomso da yɛn anim daa, na yegye yɛn amumɔyɛ to mu:
13 Da nevjeru uèinismo i slagasmo Gospodu, i otstupismo od Boga svojega, govorismo o nasilju i odmetu, da sastavljasmo i iznosismo iz srca rijeèi lažne.
atuatew ne nkontompo a etia Awurade, yɛn akyi a yɛdan kyerɛ yɛn Nyankopɔn, nhyɛso ne atuatew a yɛfoa so, atosɛm a efi koma mu a yɛka.
14 Zato sud otstupi natrag, i pravda stoji daleko; jer istina pade na ulici i pravda ne može da proðe.
Enti wɔapam atɛntrenee kɔ nʼakyi, na adetrenee akogyina baabi; nokware ahwe ase wɔ mmɔnten so nokwaredi ntumi mma mu.
15 I istine je nestalo, i ko se uklanja oda zla, postaje plijen. To vidje Gospod, i ne bi mu milo što nema suda.
Nokware nni baabiara, obiara a ɔtwe ne ho fi bɔne ho no bɛyɛ ɔtamfo. Awurade hwɛe na ansɔ nʼani sɛ atɛntrenee nni hɔ.
16 I vidje gdje nema èovjeka, i zaèudi se što nema posrednika; zato uèini mu spasenje mišica njegova, i pravda njegova poduprije ga.
Ohuu sɛ obiara nni hɔ, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata; enti ɔno ankasa basa dii nkwagye ho dwuma maa no, na ne trenee wowaw no.
17 Jer se obuèe u pravdu kao u oklop, i šljem spasenja metnu na glavu; odjede se osvetom kao odijelom, i ogrte se revnošæu kao plaštem.
Ɔhyɛɛ trenee sɛ nkatabo, ne nkwagye dadekyɛw wɔ ne ti so. Ɔhyɛɛ aweretɔ ntade na ofuraa mmɔdemmɔ sɛ ntama.
18 Po djelima, po djelima da vrati gnjev protivnicima svojim, platu neprijateljima svojim, ostrvima da plati.
Obegyina nea wɔayɛ so atua so ka nʼatamfo benya nʼabufuwhyew wɔn a wɔne no ayɛ dɔm benya so akatua; nsupɔw no nso obetua wɔn ka sɛnea ɛfata wɔn.
19 I bojaæe se imena Gospodnjega sa zapada, i slave njegove s istoka sunèanoga; jer æe neprijatelj navaliti kao rijeka, a duh æe Gospodnji podignuti zastavu suprot njemu.
Efi atɔe fam, nnipa besuro Awurade din na efi apuei, wɔde nidi bɛma nʼanuonyam. Na ɔbɛba sɛ asu a ayiri tɛnn na Awurade ahomegu repia no.
20 I doæi æe izbavitelj u Sion i k onima od Jakova koji se obraæaju od grijeha, veli Gospod.
“Ogyefo no bɛba Sion, na obeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi Yakob asefo mu,” sɛɛ na Awurade se.
21 A ovo æe biti zavjet moj s njima, veli Gospod: duh moj, koji je u tebi, i rijeèi moje, koje metnuh u usta tvoja, neæe otiæi od usta tvojih ni od usta sjemena tvojega, ni od usta sjemena sjemena tvojega, veli Gospod, otsele i dovijeka.
“Me de, eyi yɛ me ne wɔn apam,” sɛnea Awurade se ni. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom, remfi mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefo anom, efi saa bere yi kosi daa apem,” sɛɛ na Awurade se.

< Isaija 59 >