< Isaija 56 >

1 Ovako veli Gospod: pazite na sud, i tvorite pravdu, jer æe skoro doæi spasenje moje, i pravda æe se moja objaviti.
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Monkɔ so mmu atɛntenenee na monyɛ deɛ ɛyɛ, ɛfiri sɛ me nkwagyeɛ abɛn na ɛrenkyɛre me tenenee bɛda adi.
2 Blago èovjeku koji tako èini, i sinu èovjeèijemu koji se drži toga èuvajuæi subotu da je ne oskvrni, èuvajuæi ruku svoju da ne uèini zla.
Nhyira nka onipa a ɔyɛ yeinom, onipa a ɔkura mu denden: deɛ ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron, na ɔkame ne ho firi bɔneyɛ ho.”
3 I neka ne govori tuðin koji pristane uz Gospoda: Gospod me je odluèio od svoga naroda; i neka ne govori uškopljenik: gle, ja sam suho drvo.
Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka sɛ, “Ampa ara Awurade renkane me mfra ne nkurɔfoɔ mu.” Na opiani biara nso nwiinwii sɛ, “Meyɛ duawuiɛ.”
4 Jer ovako veli Gospod za uškopljenike: koji drže subote moje i izbiraju što je meni ugodno, i drže zavjet moj,
Sei na Awurade seɛ, “Apiafoɔ a wɔkae me home nna, wɔn a wɔyɛ deɛ ɛsɔ mʼani na wɔkura mʼapam mu denden,
5 Njima æu dati u domu svom i meðu zidovima svojim mjesto i ime bolje nego sinova i kæeri, ime vjeèno daæu svakome od njih, koje se neæe zatrti.
mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ɛho afasuo no mu, nkaedeɛ ne edin a ɛkyɛn mmammarima ne mmammaa; mɛma wɔn edin a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ, edin a ɛrentwam.
6 A tuðine koji pristanu uz Gospoda da mu služe i da ljube ime Gospodnje, da mu budu sluge, koji god drže subotu da je ne oskvrne i drže zavjet moj,
Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awurade sɛ wɔbɛsom no, sɛ wɔbɛdɔ Awurade din, na wɔasɔre no, wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa, na wɔkura mʼapam mu denden;
7 Njih æu dovesti na svetu goru svoju i razveseliæu ih u domu svojem molitvenom; žrtve njihove paljenice i druge žrtve biæe ugodne na oltaru mom, jer æe se dom moj zvati dom molitve svijem narodima.
yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so na mama wɔn anigyeɛ wɔ me mpaeɛbɔ efie. Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no, mɛgye wɔ mʼafɔrebukyia so; na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ a aman nyinaa bɔ mpaeɛ.”
8 Gospod Gospod govori, koji sabira prognanike Izrailjeve: još æu mu sabrati osim onijeh koji su sabrani.
Otumfoɔ Awurade, deɛ ɔboaboa Israel atukɔfoɔ ano no ka sɛ: “Mɛkɔ so aboaboa afoforɔ ano aka wɔn ho aka wɔn a maboa wɔn ano dada no ho.”
9 Sve zvijeri poljske, hodite da jedete, sve zvijeri šumske.
Mommra, mo wiram mmoadoma nyinaa, mommɛdidi, mo kwaeɛm mmoa nyinaa!
10 Svi su mu stražari slijepi, ništa ne znaju, svi su psi nijemi, ne mogu lajati, sanljivi su, leže, mio im je drijemež.
Israel awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ, wɔn mu biara nni nimdeɛ; wɔn nyinaa yɛ nkraman mum, wɔntumi mmobɔ mu; wɔdeda hɔ na wɔsoso daeɛ, nna yɛ wɔn dɛ.
11 I psi su proždrljivi, koji ne znaju za sitost; i pastiri su koji ne znaju za razum, svaki se okreæe svojim putem, svaki za svojom korišæu sa svoga kraja.
Wɔyɛ nkraman a wɔpɛ aduane yie; wɔnnidi mmee da. Wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nteaseɛ; wɔn nyinaa fa wɔn ɛkwan, obiara pɛ nʼankasa mfasoɔ.
12 Hodite, uzeæu vina i napiæemo se silovita piæa, i sjutra æe biti kao danas, i još mnogo više.
“Mommra,” obiara team sɛ, “momma me nsã! Momma yɛnnom nsaden mmoro! Na ɔkyena bɛyɛ sɛ ɛnnɛ, ebia ɛbɛsene ɛnnɛ koraa.”

< Isaija 56 >