< Isaija 44 >

1 Ali sada èuj, Jakove, slugo moj, i Izrailju, kojega izabrah.
“Na afei tie, Yakob me somfo, Israel, nea mapaw no.
2 Ovako veli Gospod, koji te je stvorio i sazdao od utrobe materine, i koji ti pomaže: ne boj se, slugo moj Jakove, i mili, kojega izabrah.
Sɛɛ na Awurade se, nea ɔnwen wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu, ɔno na ɔbɛboa wo: Nsuro Yakob, me somfo, Yeshurun, a mapaw no.
3 Jer æu izliti vodu na žednoga i potoke na suhu zemlju, izliæu duh svoj na sjeme tvoje i blagoslov svoj na tvoje natražje.
Na mehwie nsu agu asase a awo no so, ne nsuten wɔ asase kesee so; mehwie me Honhom agu wo mma so, ne me nhyira agu wʼasefo so.
4 I procvjetaæe kao u travi, kao vrbe pokraj potoka.
Wobefifi sɛnea sare fifi wɔ mmoa adidibea, te sɛ mpampuro a ɛwɔ asuten ho.
5 Ovaj æe reæi: ja sam Gospodnji, a onaj æe se zvati po imenu Jakovljevu, a drugi æe se pisati svojom rukom Gospodnji, i prezivaæe se imenom Izrailjevijem.
Obi bɛka se, ‘Meyɛ Awurade de’; ɔfoforo bɛfrɛ ne ho se Yakob; afoforo bɛkɔ so akyerɛw wɔn nsa ho se, ‘Awurade de,’ na wɔafa din Israel.
6 Ovako govori Gospod car Izrailjev i izbavitelj njegov, Gospod nad vojskama: ja sam prvi i ja sam pošljednji, i osim mene nema Boga.
“Sɛɛ na Awurade Israelhene ne Ogyefo, Asafo Awurade se: Mene odikanfo ne okyikafo; Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me.
7 I ko kao ja oglašuje i objavljuje ovo, ili mi ureðuje otkako naselih stari narod? Neka im javi što æe biti i što æe doæi.
Hena na ɔne me sɛ? Ma ɔmpae mu nka. Ma ɔnka na ɔnkyerɛ wɔ mʼanim nea asisi fi bere a migyee me tete nkurɔfo sii hɔ, ne nea ɛrebɛba. Yiw, ma ɔnhyɛ nea ɛreba ho nkɔm.
8 Ne bojte se i ne plašite se; nijesam li ti davno kazao i objavio? vi ste mi svjedoci; ima li Bog osim mene? Da, nema stijene, ne znam ni jedne.
Mommma mo ho mpopo, munnsuro. Mampae mu anka eyi, manhyɛ ho amfi teteete ana? Mone me nnansefo. Onyankopɔn foforo bi ka me ho ana? Dabi, Ɔbotan foforo bi nni hɔ; minnim baako mpo.”
9 Koji grade rezane likove, svi su ništa, i mile stvari njihove ne pomažu ništa, i one su im svjedoci da ne vide i ne razumiju, da bi se posramili.
Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee, na nneɛma a ɛsom wɔn bo no so nni mfaso. Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afura; wonnim wɔn ankasa animguase ho hwee.
10 Ko gradi boga i lije lik, nije ni na kaku korist.
Hena na ɔbɔ onyame na ogu ohoni, a ne so mma no mfaso biara?
11 Gle, svi æe se drugovi njegovi posramiti, i umjetnici više od drugih ljudi; neka se skupe svi i stanu, biæe ih strah i posramiæe se svi.
Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim begu ase; adwumfo nyɛ hwee sɛ nnipa. Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina, ehu ne animguase na ɛbɛka wɔn.
12 Kovaè kliještima radi na živom ugljevlju, i kuje èekiæem, i radi snagom svoje ruke, gladuje, te iznemogne, i ne pije vode, te sustane.
Ɔtomfo fa nʼatonnade ɔde hyehyɛ nnyansramma mu; ɔde asae bobɔ so yɛ no ohoni, ɔde nʼabasa mu ahoɔden mmoroso na ɛyɛ; ɔkɔm de no na ɔyɛ mmrɛw; ɔnnom nsu nti ɔtɔ beraw.
13 Drvodjelja rasteže vrvcu i bilježi crvenilom, teše i zaokružuje, i naèinja kao lik èovjeèji, kao lijepa èovjeka, da stoji u kuæi.
Duadwumfo de hama susuw na ɔde kyerɛwdua sensan; na ɔde pɛe yiyi ho afei ɔde kɔmpaase hyɛ no agyirae. Osen na ɛyɛ sɛ onipa sɛso, ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanuonyam nyinaa mu, sɛ wɔde besi abosonnan mu.
14 Sijeèe sebi kedre, i uzima èesvinu i hrast ili što je najèvršæe meðu drvljem šumskim; sadi jasen, i od dažda raste.
Otwitwaa sida, anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔre anaa odum. Ɔma enyinii wɔ kwae mu, anaa oduaa ɔpepaw, na osu ma enyinii.
15 I biva èovjeku za oganj, i uzme ga, te se grije; upali ga, te peèe hljeb; i još gradi od njega boga i klanja mu se; gradi od njega lik rezan, i pada na koljena pred njim.
Ɛyɛ nea onipa de sɔ ogya; ɔde bi ka ne ho hyew, ɔde bi sɔ ogya to brodo. Nanso ɔde bi sen onyame na ɔsɔre no; ɔyɛ ohoni na ɔkotow no.
16 Polovinu loži na oganj, uz polovinu jede meso ispekavši peèenje, i biva sit, i grije se i govori: aha, ogrijah se, vidjeh oganj.
Ɔde dua no mu fa sɔ ogya; so na ɔnoa nʼaduan, ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee. Afei ɔka ne ho hyew na ɔka se, Aa! mahu ogya; me ho ayɛ me hyew.
17 A od ostatka gradi boga, rezan lik svoj, pada pred njim na koljena i klanja se, i moli mu se i govori: izbavi me, jer si ti bog moj.
Nkae no ɔde yɛ onyame, ne ohoni; ɔkotow no na ɔsɔre no. Ɔbɔ no mpae se, “Gye me; wo ne me nyame.”
18 Ne znaju, niti razumiju, jer su im oèi zaslijepljene da ne vide, i srca, da ne razumiju.
Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase; wɔatare wɔn ani so nti wonhu ade, wɔato wɔn adwene mu nti wɔnte hwee ase.
19 Niti uzimaju na um, nema znanja ni razuma da bi koji rekao: polovinu ovoga spalih na oganj, i na uglju od njega ispekoh hljeb, ispekoh meso i jedoh; i od ostatka eda li æu naèiniti gad, i panju drvenom hoæu li se klanjati?
Obiara nna nnwen ho, obiara nni nimdeɛ anaa nhumu a ɔde bɛka se, “Mede fa sɔɔ ogya; na mpo metoo brodo wɔ ne nnyansramma so; metotoo nam wɔ so wee. Ɛsɛ sɛ mede nkae no yɛ akyiwade ana? Ɛsɛ sɛ mekotow gyentia ana?”
20 Taki se hrani pepelom, prevareno srce zavodi ga da ne može izbaviti duše svoje, niti reæi: nije li laž što mi je u desnici?
Saa onipa no di nsõ, nnaadaa koma ma no to kwan; ɔrentumi nnye ne ho, anaa nka se, “Nea mikura wɔ me nsa nifa yi nyɛ atoro ana?”
21 Pamti to, Jakove i Izrailju, jer si moj sluga; ja sam te sazdao, sluga si moj, Izrailju, neæu te zaboraviti.
“Kae saa nneɛma yi, Yakob, efisɛ, woyɛ me somfo, Israel. Me na meyɛɛ wo, woyɛ me somfo; Ao Israel, me werɛ remfi wo.
22 Rasuæu kao oblak prijestupe tvoje, i grijehe tvoje kao maglu; vrati se k meni, jer sam te izbavio.
Mapra wo mfomso agu te sɛ omununkum ne wo bɔne te sɛ anɔpa bosu. San bra me nkyɛn, efisɛ magye wo.”
23 Pjevajte, nebesa, jer Gospod uèini, podvikujte, nizine zemaljske, popijevajte, gore, šume i sva drva u njima, jer izbavi Gospod Jakova i proslavi se u Izrailju.
Momfa ahosɛpɛw nto dwom, ɔsorosoro, na Awurade na wayɛ eyi. Mommɔ ose, asase ase. Momma nnwonto so, mo mmepɔw, mo kwae ne emu nnua nyinaa, na Awurade agye Yakob, wada nʼanuonyam adi wɔ Israel.
24 Ovako govori Gospod, izbavitelj tvoj, koji te je sazdao od utrobe materine: ja Gospod naèinih sve: razapeh nebo sam, rasprostrijeh zemlju sam sobom;
“Sɛɛ na Awurade se, wo Gyefo a ɔnwen wo wɔ awotwaa mu no: “Mene Awurade, nea wayɛ nneɛma nyinaa, nea ɔno nko ara trɛw ɔsoro mu nea ɔno nko ara twee asase mu,
25 Uništujem znake lažljivcima, i vraèe obezumljujem, vraæam natrag mudarce, i pretvaram mudrost njihovu u ludost;
nea ɔsɛe atoro adiyifo nsɛnkyerɛnne na ɔma nkɔmhyɛfo yɛ nkwaseafo, nea otutu anyansafo adenim gu na ɔdan no nkwaseasɛm,
26 Potvrðujem rijeè sluge svojega, i navršujem savjet glasnika svojih; govorim Jerusalimu: naseliæeš se; i gradovima Judinijem: sazidaæete se; i pustoline njihove podignuæu;
nea ɔma nʼasomfo nsɛm ba mu nea ɔhyɛ nʼasomafo nkɔmhyɛ mu ma, “nea ɔka fa Yerusalem ho se, ‘Wɔbɛtena mu,’ ne Yuda nkurow ho se, ‘Wɔbɛkyekye,’ ne mmubui ho se, ‘Mɛyɛ no foforo,’
27 Govorim dubini: presahni i isušiæu rijeke tvoje;
nea ɔka kyerɛ asubun se, ‘Yow, na mɛma wo nsuwa ayoyow,’
28 Govorim Kiru: pastir si moj; i izvršiæe svu volju moju, i kazaæe Jerusalimu: sazidaæeš se; i crkvi: osnovaæeš se.
nea ɔka wɔ Kores ho se, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfo na obewie nea mepɛ nyinaa yɛ; ɔbɛka afa Yerusalem ho se, “Ma wɔnkyekyere bio,” na waka afa asɔredan no ho se, “Ma wɔnto ne fapem.”’”

< Isaija 44 >