< Jezekilj 5 >
1 Potom, sine èovjeèji, uzmi nož oštar, britvu brijaèku uzmi, i pusti je po glavi svojoj i po bradi svojoj, pa uzmi mjerila i razdijeli.
“Afei onipa ba, fa akofena nnamnnam yi yɛ sɛ obi a ɔyi ti yiwan na fa yi wo tirinwi ne wʼabɔgyesɛ. Fa nsania na kyekyɛ nwi no mu.
2 Treæinu sažezi ognjem usred grada, kad se navrše dani opsade, a drugu treæinu uzmi i isijeci maèem oko njega, a ostalu treæinu razmetni u vjetar, i ja æu izvuæi maè za njima.
Sɛ wo otua nna no ba awieeɛ a, fa ogya hye nwi no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wɔ kuropɔn no mu. Fa akofena twitwa nkyɛmu mmiɛnsa no mu baako wɔ kuropɔn no afanan nyinaa. Na hwete nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wɔ mframa mu, ɛfiri sɛ mɛtwe akofena ataa wɔn.
3 Ali uzmi malo, i zaveži u skut svoj.
Nanso fa nwi no kakra bi kyekyere wʼatadeɛ ano.
4 I od toga još uzmi i baci u oganj i sažezi ognjem; odatle æe izaæi oganj na sav dom Izrailjev.
Afei nso, fa saa nwi no kakra bi na to gu ogya mu na hye. Ogya no bɛtrɛ afiri hɔ akɔ Israel efie nyinaa.
5 Ovako veli Gospod Gospod: ovo je Jerusalim koji postavih usred naroda i optoèih ga zemljama.
“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Yei ne Yerusalem a mede asi amanaman no ntam na nsase atwa ho ahyia.
6 Ali promijeni zakone moje na bezakonje veæma nego narodi, i uredbe moje veæma nego zemlje što su oko njega, jer odbaciše moje zakone, i ne hodiše po mojim uredbama.
Nanso, nʼamumuyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛeɛ asene aman ne nsase a atwa ne ho ahyia. Wapo me mmara, na wanni mʼahyɛdeɛ so.
7 Zato ovako veli Gospod Gospod: što postaste gori od naroda koji su oko vas, ne hodiste po mojim uredbama i ne izvršivaste mojih zakona, pa ni po uredbama naroda koji su oko vas ne èiniste,
“Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Woayɛ asoɔden asene amanaman a wɔatwa wo ho ahyia na woanni mʼahyɛdeɛ anaa me mmara so. Woanyɛ sɛdeɛ aman a atwa wo ho ahyia no yɛ mpo.
8 Zato ovako veli Gospod Gospod: evo i mene na te, i izvršiæu usred tebe sudove na vidiku narodima;
“Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Yerusalem, na mede asotwe bɛba wo so wɔ amanaman no anim.
9 I uèiniæu ti što još nijesam uèinio niti æu više uèiniti za sve gadove tvoje.
Esiane wʼahoni nyinaa a ɛyɛ akyiwadeɛ no enti, mɛyɛ wo deɛ menyɛɛ bi da, na merenyɛ bi bio nso da.
10 Zato oci æe jesti sinove usred tebe, i sinovi æe jesti oce svoje, i izvršiæu na tebi sudove i rasijaæu sav ostatak tvoj u sve vjetrove.
Enti, wɔ mo mu, agyanom bɛdi wɔn mma nam na mma adi wɔn agyanom nam. Mɛtwe wʼaso na mahwete wo nkaeɛfoɔ akɔ mmaa nyinaa.
11 Zato, tako ja živ bio, veli Gospod Gospod, što si oskvrnio moju svetinju svakojakim neèistotama svojim i svakojakim gadovima svojim, zato æu i ja tebe potrti, i neæe oko moje žaliti, niti æu se smilovati.
Enti sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, ɛsiane sɛ wode nsɛsodeɛ tantan ne akyiwadeɛ nneyɛɛ agu me kronkronbea ho fi enti, mʼankasa mɛyi mʼadom afiri wo so; merenhunu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo.
12 Treæina æe tvoja pomrijeti od pomora, i od gladi æe izginuti usred tebe, a druga æe treæina pasti od maèa oko tebe, a treæinu æu rasijati u sve vjetrove, i izvuæi æu maè za njima.
Wo nkurɔfoɔ no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛwuwu wɔ ɔyaredɔm no mu, anaasɛ ɛkɔm bɛkunkum wɔn; nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛtotɔ wɔ akofena ano wɔ wʼafasuo akyi, na mabɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso ahwete mmaa nyinaa, na matwe akofena ataa wɔn.
13 I tako æe se izvršiti gnjev moj i namiriæu jarost svoju na njima i zadovoljiæu se, i oni æe poznati da sam ja Gospod govorio u revnosti svojoj kad izvršim gnjev svoj na njima.
“Afei me bo bɛdwo na mʼabufuhyeɛ a ɛtia wɔn no nso ano bɛbrɛ ase na matɔ were. Na sɛ meda mʼabufuhyeɛ adi kyerɛ wɔn a, wɔbɛhunu sɛ ɛyɛ me Awurade na akasa wɔ me tumi mu.
14 I uèiniæu od tebe pustoš i rug meðu narodima koji su oko tebe pred svakim koji prolazi.
“Mɛyɛ wo mmubuiɛ ne ahohora wɔ amanaman a atwa wo ho ahyia no mu, ne wɔn a wɔtwam hɔ no ani so.
15 I biæeš rug i sramota i nauk i èudo narodima što su oko tebe kad izvršim sudove na tebi gnjevom, jarošæu i ljutijem karanjem; ja Gospod rekoh;
Wobɛyɛ ahohora ne fɛdideɛ, kɔkɔbɔ ne ahodwiredeɛ ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, wɔ ɛberɛ a mede abufuo ne abufuhyeɛ ne animka a ano yɛ den mɛtwe wʼaso. Me Awurade na maka.
16 Kad pustim na vas ljute strijele gladi, koje æe biti smrtne, koje æu pustiti da vas zatrem, i kad glad navalim na vas i slomim vam potporu u hljebu,
Sɛ meto me kɔm agyan a, borɔ wɔ ano, na ɛbɛsɛe wo. Mede ɛkɔm a emu yɛ den bɛba wo so, na masi wʼaduane a wonya ho ɛkwan.
17 Kad pustim na vas glad i ljute zvijeri, koje æe ti djecu izjesti; i kad pomor i krv proðu kroza te, i kad pustim maè na te. Ja Gospod rekoh.
Mede ɛkɔm ne nkekaboa bɛba wo mu, na wo mma bɛsa ama woayɛ sɛ obi a na ɔnni mma. Ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛfa wo mu, na mɛtwe akofena wɔ wo so. Me Awurade na maka.”