< Izlazak 18 >

1 A Jotor sveštenik Madijamski, tast Mojsijev, èu sve što uèini Gospod Mojsiju i Izrailju narodu svojemu, kako izvede Gospod Izrailja iz Misira;
Ankyɛ biara na Mose ase, Midian sɔfo Yetro, tee anwonwade a Onyankopɔn ayɛ ama ne nkurɔfo Israelfo ne Mose, ne sɛnea wayi wɔn afi Misraim asase so no.
2 I uze Jotor tast Mojsijev Seforu ženu Mojsijevu, koju bješe poslao natrag,
Mose de ne yere Sipora kɔe no, nʼase Yetro gyee no
3 I dva sina njezina, od kojih jednom bješe ime Girsam, jer reèe: tuðin sam u zemlji tuðoj,
a na ne mmabarima baanu ka ne ho. Mose too ne babarima a na ɔyɛ nʼabakan no din Gersom a ɔkyerɛ ase se, “Mabɛyɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.”
4 A drugom bješe ime Eliezer, jer, reèe, Bog oca mojega bi mi u pomoæi i ote me od maèa Faraonova.
Na ne babarima a ɔto so abien no nso, ɔtoo ne din Elieser a ɔkyerɛ ase se “Mʼagyanom Nyankopɔn no yɛ me boafo. Ogyee me fii Farao afoa ano.”
5 I poðe Jotor tast Mojsijev sa sinovima njegovijem i sa ženom njegovom k Mojsiju u pustinju, gdje bješe u okolu pod gorom Božijom.
Yetro kɔsraa Mose. Ɔde Mose yere ne ne mmabarima baanu no kaa ne ho. Wodui no, na Mose ne nnipa no abɔ atenae wɔ Onyankopɔn bepɔw no ho.
6 I poruèi Mojsiju: ja tast tvoj Jotor idem k tebi i žena tvoja i oba sina njezina s njom.
Wɔka kyerɛɛ Mose se, “Wʼase Yetro reba abɛsra wo. Wo yere ne wo mmabarima baanu no ka ne ho.”
7 I Mojsije izide na susret tastu svojemu i pokloni mu se i cjeliva ga; i upitaše se za zdravlje, pa uðoše pod šator njegov.
Mose sɔre kohyiaa nʼase. Ɔkotow no nidi mu gyee no fɛw so. Wokyiakyiaa wɔn ho wɔn ho na wɔkɔɔ Mose ntamadan mu.
8 I pripovjedi Mojsije tastu svojemu sve što uèini Gospod Faraonu i Misircima radi Izrailja, i sve nevolje, koje ih nalaziše putem, i kako ih izbavi Gospod.
Mose kaa nsɛm a asisi nyinaa kyerɛɛ nʼase no. Ɔkaa nea Awurade ayɛ atia Farao ne Misraimfo a ɔnam so agye Israelfo, ayi wɔn afi Misraim, asan ayi wɔn afi ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu no nso kyerɛɛ no.
9 I radovaše se Jotor svemu dobru što uèini Gospod Izrailju izbavivši ga iz ruke Misirske;
Yetro tee nea Awurade ayɛ ama Israel, ne titiriw no, sɛnea oyii wɔn fii Misraim no, nʼani gyee yiye.
10 I reèe Jotor: blagosloven da je Gospod, koji vas izbavi iz ruke Misirske i iz ruke Faraonove, koji izbavi narod iz ropstva Misirskoga.
Yetro kae se, “Nhyira nka Awurade sɛ wagye mo afi Misraimfo ne Farao nsam, na wagye ɔman Israel nso.
11 Sad vidim da je Gospod veæi od svijeh bogova, jer èim se ponošahu onijem ih samijem nadvisi.
Afei, mahu sɛ Awurade yɛ ɔkɛse sen onyame foforo biara, efisɛ wayɛ eyi ama wɔn a wɔde ahantan di wɔn so no.”
12 I uze Jotor tast Mojsijev i prinese Bogu žrtvu paljenicu i prinos; i doðe Aron i sve starješine Izrailjske, i jedoše s tastom Mojsijevijem pred Bogom.
Yetro de ɔhyew afɔrebɔde bae, na ɔbɔɔ afɔre maa Onyankopɔn. Akyiri no, Aaron ne Israel mpanyimfo no baa Yetro nkyɛn. Wɔn nyinaa too nsa dii afɔreguan no wɔ Awurade anim.
13 A sjutradan sjede Mojsije da sudi narodu; i stajaše narod pred Mojsijem od jutra do veèera.
Ade kyee no, Mose tenaa ase fii anɔpa kosii anwummere tiee ntawntaw a asisi wɔ nnipa no mu.
14 A tast Mojsijev gledajuæi sve šta radi s narodom, reèe: šta to radiš s narodom? zašto sjediš sam, a vas narod stoji pred tobom od jutra do veèera?
Mose ase no huu brɛ a ɔrebrɛ nnipa no ho no, obisaa no se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ wo nko ara wudi dwuma kɛse yi a enti nnipa gyina wo so saa ara fi anɔpa kosi anwummere yi?”
15 A Mojsije reèe tastu svojemu: jer dolazi narod k meni da pita Boga.
Mose buae se, “Nnipa no de akasakasa bi a asisi wɔn ntam bɛtoo mʼanim sɛ mimmisa Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ.
16 Kad imaju što meðu sobom, dolaze k meni, te im sudim i kazujem naredbe Božje i zakone njegove.
Sɛ ntawntaw bi ba wɔn ntam a, wɔba ma misiesie. Mekyerɛ wɔn Onyankopɔn mmara ne nʼapɛde.”
17 A tast Mojsijev reèe mu: nije dobro što radiš.
Nʼase no kae se, “Nea woreyɛ no nye.
18 Umoriæeš se i ti i narod koji je s tobom; jer je to teško za tebe, neæeš moæi sam vršiti.
Worekum wo ho na sɛ wuwu a, nnipa yi bɛyɛ dɛn? Mose, adwuma yi so dodo sɛ wo nko ara wobɛyɛ.
19 Nego poslušaj mene; ja æu te svjetovati, i Bog æe biti s tobom; ti budi pred Bogom za narod, i stvari njihove javljaj Bogu;
Tie fo a merebetu wo yi na Onyankopɔn behyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim.
20 I uèi ih naredbama i zakonima njegovijem, i pokazuj im put kojim æe iæi i šta æe raditi.
Kyerɛ wɔn Onyankopɔn akwan a wɔmfa so ntena ase.
21 A iz svega naroda izberi ljude poštene, koji se boje Boga, ljude pravedne, koji mrze na mito, pa ih postavi nad njima za poglavare, tisuænike, stotinike, pedesetnike i desetnike;
Na hwehwɛ nnipa bi a wɔyɛ nyamesurofo na wɔyɛ nokwafo a wɔmpɛ adanmudegye, na wɔn mu baako biara nyɛ nnipa apem so otemmufo. Ɛsɛ sɛ saa onipa no nya atemmufo du hyɛ nʼase na wɔn mu baako biara ahwɛ nnipa ɔha so. Na wɔn ase no, wobeyi atemmufo baanu a wɔbɛhwɛ nnipa aduonum so, na wɔn nso, atemmufo baanum bɛhyɛ wɔn mu biara ase na wɔatu nnipa du fo.
22 Oni neka sude narodu u svako doba; pa svaku stvar veliku neka javljaju tebi, a svaku stvar malu neka raspravljaju sami; tako æe ti biti lakše, kad i oni stanu nositi teret s tobom.
Ma saa nnipa yi nni wɔn ho ni na wonni nokware daa. Asɛm biara a ɛho hia anaa ɛkyere adwene no, wɔmfa mmra wʼanim. Wɔn ankasa nhwɛ nka nsɛm nketenkete a ɛbɛba wɔn anim no. Sɛ wofa saa kwan yi so a, adwuma no bɛyɛ mmerɛw ama wo, efisɛ woakyekyɛ nnwuma no ama wɔn.
23 Ako to uèiniš, i Bog ti zapovjedi, možeš se održati, i sav æe narod doæi mirno na svoje mjesto.
Sɛ wutie afotu no na Onyankopɔn nso pene so a, wubetumi agyina asɛm biara ano na asomdwoe aba.”
24 I Mojsije posluša tasta svojega, i uèini sve što reèe.
Mose tiee nʼase afotu no dii so pɛpɛɛpɛ.
25 I izabra Mojsije iz svega Izrailja ljude poštene, i postavi ih za poglavare nad narodom, tisuænike, stotinike, pedesetnike i desetnike,
Oyiyii nnipa pa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa de wɔn yɛɛ atemmufo—apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne du du.
26 Koji suðahu narodu u svako doba, a stvari teške javljahu Mojsiju, a male stvari raspravljahu sami.
Na wobuu ɔman no atɛn bere nyinaa mu. Wɔde nsɛm akɛse no maa Mose na wɔn nso dii nsɛm nketenkete no.
27 Poslije otpusti Mojsije tasta svojega, koji se vrati u svoju zemlju.
Akyiri no, Mose gyaa nʼase kwan ma ɔkɔɔ ne kurom.

< Izlazak 18 >