< Izlazak 10 >

1 A Gospod reèe Mojsiju: idi k Faraonu, jer sam ja uèinio da otvrdne srce njegovo i srce sluga njegovijeh, da uèinim ove znake svoje meðu njima,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sane kɔ Farao nkyɛn na kɔbisa no deɛ mahyɛ sɛ ɔnyɛ mma wo no. Nanso, mapirim ɔne ne mpanimfoɔ nyinaa akoma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi ayɛ anwanwadeɛ bebree akyerɛ wɔn ama wɔahunu me tumi.
2 I da pripovijedaš sinovima svojim i unucima svojim šta uèinih u Misiru i kakve znake svoje pokazah na njima, da biste znali da sam ja Gospod.
Na ɛnam so ma woatumi aka anwanwadeɛ a mayɛ wɔ Misraim asase so no akyerɛ wo mma ne wo mmanananom. Ka sɛdeɛ memaa Misraimfoɔ no yɛɛ wɔn adeɛ sɛ nkwaseafoɔ wɔ mʼanim no ne sɛdeɛ mema wɔhunuu sɛ mene Awurade no kyerɛ wɔn.”
3 I otide Mojsije i Aron k Faraonu, i rekoše mu: ovako veli Gospod Bog Jevrejski: dokle æeš se protiviti da se ne poniziš preda mnom? Pusti narod moj da mi posluži.
Enti, Mose ne Aaron kɔhunuu Farao ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade a ɔyɛ Hebrifoɔ Onyankopɔn se memmisa wo sɛ, ‘Nna dodoɔ sɛn na wopɛ sɛ wode bu me animtia? Ma me nkurɔfoɔ nkɔ na wɔnkɔsom me.
4 Jer ako neæeš pustiti naroda mojega, evo sjutra æu nanijeti skakavce na zemlju tvoju;
Na sɛ woamma wɔn ankɔ a, ɔkyena nko ara mɛma ntutummɛ aba wʼasase yi so.
5 I pokriæe svu zemlju da se neæe vidjeti zemlje, i poješæe ostatak što se saèuvao, koji vam je ostao iza grada, i poješæe sva drveta što vam rastu u polju.
Wɔbɛkata asase no ani nyinaa. Na wɔbɛsɛe biribiara a ɛkaeɛ a asukɔtweaa a ɛtɔeɛ no ansɛe no no nyinaa a wiram nnua nyinaa ka ho.
6 I napuniæe ih se kuæe tvoje i kuæe svijeh sluga tvojih i kuæe svijeh Misiraca, što nijesu vidjeli oci tvoji ni oci otaca tvojih, otkako su postali na zemlji do danas. I okrenuv se otide od Faraona.
Mmoa no bɛhyɛ wʼahemfie hɔ, wo mpanimfoɔ afie mu ne Misraimfoɔ afie nyinaa ma tɔ. Ɛbɛyɛ ɔhaw a, ɛfiri ɛberɛ a mo agyanom bɛtenaa asase yi so de bɛsi ɛnnɛ no, ebi nsii saa da.’” Na Mose firii Farao anim kɔeɛ.
7 A sluge rekoše Faraonu: dokle æe nas taj muèiti? Pusti ih neka posluže Gospodu Bogu svojemu. Zar još ne vidiš gdje propade Misir?
Afei, mpanimfoɔ a wɔwɔ Farao asɛnniiɛ no bɛbisaa no sɛ, “Nkɔsi da bɛn na wobɛma saa ɔbarima yi afa yɛn nnommum? Wonhunuu sɛ Misraim nyinaa adane amamfo? Ma nnipa no ɛkwan na wɔnkɔ nkɔsom Awurade wɔn Onyankopɔn!”
8 I dozvaše opet Mojsija i Arona pred Faraona, i reèe im: idite, poslužite Gospodu Bogu svojemu. A koji su što æe iæi?
Enti, wɔsane de Mose ne Aaron baa Farao anim bio bɛbisaa Farao ɛkwan. Farao kaa sɛ, “Ɛyɛ, monkɔsom Awurade, mo Onyankopɔn no. Na ɛhefoɔ na mo ne wɔn bɛkɔ?”
9 A Mojsije reèe: s djecom svojom i sa starcima svojim iæi æemo, sa sinovima svojim i sa kæerima svojim, sa stokom svojom sitnom i krupnom iæi æemo, jer imamo praznik Gospodnji.
Mose buaa Farao sɛ, “Yɛde mmɔfra ne mpanin, yɛn mmammarima, yɛn mmammaa, yɛn nnwan ne yɛn anantwie na ɛbɛkɔ. Yɛde yɛn agyapadeɛ nyinaa na ɛbɛtu saa ɛkwan no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ Awurade afahyɛ no.”
10 A on im reèe: tako bio Gospod s vama, kako æu vas ja pustiti s djecom vašom! Vidite da zlo mislite.
Farao de abufuo buaa sɛ, “Sɛ mɛma mode mmɔfra nketewa yi kɔ a, ɛnneɛ Awurade ankasa nka mo ho. Mahunu sɛ mowɔ adwemmɔne.
11 Neæe biti tako; nego vi ljudi idite i poslužite Gospodu, jer to ištete. I otjera ih od sebe Faraon.
Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Mo mmarima no, monkɔsom Awurade, ɛfiri sɛ, ɛno na mobisaa me.” Farao pamoo wɔn firii nʼahemfie hɔ.
12 Tada reèe Gospod Mojsiju: pruži ruku svoju na zemlju Misirsku, da doðu skakavci na zemlju Misirsku i pojedu sve bilje po zemlji, što god osta iza grada.
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa wɔ Misraim so na ntutummɛ mmɛkata asase no nyinaa so, na wɔnni biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no no.”
13 I pruži Mojsije štap svoj na zemlju Misirsku, i Gospod navede ustoku na zemlju, te duva cijeli dan i cijelu noæ; a kad svanu, donese ustoka skakavce.
Enti Mose maa ne poma so kyerɛɛ Misraim asase so maa Awurade bɔɔ mframa bi firii apueeɛ fam awia ne anadwo. Adeɛ kyeeɛ no, na apueeɛ mframa no de ntutummɛ no abɛgu asase no so nyinaa.
14 I doðoše skakavci na svu zemlju Misirsku, i popadaše po svijem krajevima Misirskim silni veoma, kakih prije nigda nije bilo niti æe kad biti onakih.
Ntutummɛ no kataa Misraim asase no so mmaa nyinaa. Misraim abakɔsɛm kyerɛ sɛ, ntutummɛ mmaa ɔman no mu saa da na ebi nso remma saa bio.
15 I pokriše svu zemlju, da se zemlja ne viðaše, i pojedoše svu travu na zemlji i sav rod na drvetima, što osta iza grada, i ne osta ništa zeleno od drveta i od bilja poljskoga u svoj zemlji Misirskoj.
Mmoa no kataa asase ani nyinaa ma wɔsii owia ani enti wɔmaa esum duruu asase no so. Wɔwee biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no no; biribiara a ɛyɛ ahahammono anka; sɛ ɛyɛ dua anaa afifideɛ a ɛwɔ ɔman no mu baabiara no.
16 Tada Faraon brže dozva Mojsija i Arona, i reèe: zgriješih Gospodu Bogu vašemu i vama.
Ntɛm pa ara Farao tuu abɔfoɔ kɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade, mo Onyankopɔn no, ne mo nyinaa.
17 Ali mi još sada samo oprosti grijeh moj, i molite se Gospodu Bogu svojemu da ukloni od mene samo ovu smrt.
Me nkotosrɛ a ɛdi akyire nie; momfa saa bɔne no nkyɛ me na monsrɛ Awurade mo Onyankopɔn sɛ ɔnyi owuo yi mfiri yɛn so.”
18 I otide Mojsije od Faraona, i pomoli se Gospodu.
Enti, Mose firii Farao anim kɔsrɛɛ Awurade.
19 I okrenu Gospod vjetar od zapada vrlo jak, koji uze skakavce i baci ih u Crveno More, i ne osta nijedan skakavac u cijeloj zemlji Misirskoj.
Awurade bɔɔ atɔeɛ fam mframa denden bi ma ɛpiaa ntutummɛ no nyinaa kɔguu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu, a anka ɔbaako pɛ koraa wɔ Misraim asase no so.
20 Ali Gospod uèini te otvrdnu srce Faraonu, i ne pusti sinova Izrailjevijeh.
Nanso, Awurade pirim Farao akoma enti wamma Israelfoɔ no ankɔ.
21 I reèe Gospod Mojsiju: pruži ruku svoju k nebu, i biæe tama po zemlji Misirskoj taka da æe je pipati.
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa kyerɛ ɔsoro ma esum kabii mmɛduru Misraim asase so.”
22 I Mojsije pruži ruku svoju k nebu, i posta gusta tama po svoj zemlji Misirskoj za tri dana.
Enti, Mose tenee ne nsa hwɛɛ soro maa esum kabii bɛduruu Misraim asase no so nnansa.
23 Ne viðahu jedan drugoga, i niko se ne maèe s mjesta gdje bješe za tri dana; ali se kod svijeh sinova Izrailjevijeh vidjelo po stanovima njihovijem.
Esum no duruu saa no, na obiara ntumi ntu ne nan, nanso Israelfoɔ no deɛ, na deɛ wɔte hɔ yɛ hann.
24 Tada Faraon dozva Mojsija, i reèe: idite, poslužite Gospodu; samo stoka vaša sitna i krupna neka ostane, a djeca vaša neka idu s vama.
Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔsom Awurade. Wobɛtumi de wo mma aka wo ho akɔ; nanso wo nnwan ne wʼanantwie no deɛ, ma wɔnka ha.”
25 A Mojsije reèe: treba da nam daš i što æemo prinijeti i sažeæi na žrtvu Gospodu Bogu svojemu;
Nanso, Mose buaa sɛ, “Dabi, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nnwan ne yɛn anantwie kɔ na yɛde wɔn mu bi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade yɛn Onyankopɔn.
26 Zato i stoka naša nek ide s nama, da ne ostane ni papka, jer izmeðu nje treba da uzmemo èim æemo poslužiti Gospodu Bogu svojemu, a ne znamo kojim æemo poslužiti Gospodu dokle ne doðemo onamo.
Aboa tɔte koraa yɛrennya wɔ ha; ɛsɛ sɛ yɛbɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn no afɔdeɛ. Yɛnnim deɛ ɔbɛpɛ gye sɛ yɛduru hɔ.”
27 Ali Gospod uèini te otvrdnu srce Faraonu, i ne htje ih pustiti.
Nanso, Awurade pirim Farao akoma enti wamma wɔn ankɔ.
28 I reèe mu Faraon: idi od mene, i èuvaj se da mi više ne doðeš na oèi, jer ako mi doðeš na oèi, poginuæeš.
Farao teateaa Mose sɛ, “Firi ha kɔ ntɛm. Mma menhunu wo ha bio. Ɛda a wobɛba ha bio no, wobɛwu.”
29 A Mojsije reèe: pravo si kazao; neæu ti više doæi na oèi.
Mose buaa sɛ, “Ɛyɛ, merenhunu wo bio.”

< Izlazak 10 >