< Dela apostolska 19 >

1 Dogodi se pak, kad bješe Apolos u Korintu, da Pavle prolažaše gornje zemlje, i doðe u Efes, i našavši neke uèenike
Bere a Apolo wɔ Korinto no, Paulo tuu kwan faa ɔmantam no atifi koduu Efeso. Ɛhɔ na ohuu agyidifo bi
2 Reèe im: jeste li primili Duha svetoga kad ste vjerovali? A oni mu rekoše: nijesmo ni èuli da ima Duh sveti.
bisaa wɔn se, “Bere a mugye dii no, munyaa Honhom Kronkron no ana?” Wobuaa no se, “Yɛntee mpo da sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.”
3 A on im reèe: na što se dakle krstiste? A oni rekoše: na krštenje Jovanovo.
Paulo bisaa wɔn bio se, “Ɛno de na asubɔ bɛn na wɔbɔɔ mo?” Wobuae se, “Asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no.”
4 A Pavle reèe: Jovan krsti krštenjem pokajanja, govoreæi narodu da vjeruju onoga koji æe za njim doæi, to jest, Hrista Isusa.
Paulo ka kyerɛɛ wɔn se, “Yohane asubɔ no yɛ asu a wɔbɔ wɔn a wɔsakra wɔn adwene. Ɔka kyerɛɛ Israelfo no se, wonnye onipa a odi nʼakyi a ɔreba a ɔne Yesu no nni.”
5 A kad to èuše, krstiše se u ime Gospoda Isusa.
Wɔtee saa asɛm no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu.
6 A kad Pavle metnu ruke na njih, siðe Duh sveti na njih, i govorahu jezike i proricahu.
Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so ma wɔkaa kasa foforo, hyɛɛ nkɔm.
7 A bijaše ljudi svega oko dvanaest.
Na wɔn dodow bɛyɛ mmarima dumien.
8 I ušavši u zbornicu govoraše slobodno tri mjeseca uèeæi i uvjeravajuæi za carstvo Božije.
Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ hyiadan mu asram abiɛsa pɛɛ sɛ ɔsakra nnipa no adwene.
9 I kad neki bijahu otvrdnuli i svaðahu se huleæi na put Gospodnji pred narodom, otstupi od njih i odluèi uèenike, pa se prepiraše svaki dan u školi nekoga Tirana.
Nanso nnipa no mu bi pirim wɔn koma, annye anni, kasa tiaa asɛm no wɔ atiefo no anim. Enti Paulo fii hɔ de agyidifo no kaa ne ho kɔe. Na Paulo kyerɛkyerɛ wɔ obi a wɔfrɛ no Tirano asuadan mu daa.
10 I ovo je bivalo dvije godine, tako da svi koji življahu u Aziji, i Jevreji i Grci, èuše rijeè Gospoda Isusa.
Saa nkyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfe abien; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu a Yudafo ne Helafo ka ho no tee Awurade asɛm no.
11 I Bog èinjaše ne mala èudesa rukama Pavlovijem,
Onyankopɔn nam Paulo so yɛɛ anwonwade akɛseakɛse,
12 Tako da su i èalme i ubrušèiæe znojave od tijela njegova nosili na bolesnike, i oni se iscjeljivahu od bolesti, i duhovi zli izlažahu iz njih.
maa mpo ne nnukuu ne nʼatade nsɛnanim a wɔde guu nnipa so no tumi saa nyarewa, tuu ahonhommɔne nso.
13 I poèeše neki od Jevreja, koji se skitahu i zaklinjahu ðavole, spominjati nad onima u kojima bijahu zli duhovi ime Gospoda Isusa govoreæi: zaklinjemo vas Isusom koga Pavle propovijeda.
Yudafo bi a wɔnam asumansɛm so tu ahonhommɔne pɛɛ sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahonhommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahonhommɔne no se, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no sɛ, muntu mfi ne mu!”
14 A bijahu nekijeh sedam sinova Skeve Jevrejina, poglavara sveštenièkoga, koji ovo èinjahu.
Yudafo sɔfopanyin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ eyi.
15 A duh zli odgovarajuæi reèe: Isusa poznajem, i Pavla znam; ali vi ko ste?
Honhommɔne no buae se, “Minim Yesu, na minim Paulo; na mo nso mo ne hefo?”
16 I skoèivši na njih èovjek u kome bješe zli duh nadvlada ih, i pritište ih poda se tako da goli i izranjeni utekoše iz one kuæe.
Afei ɔbarima a honhommɔne ahyɛ no ma yi tow hyɛɛ wɔn so, pirapiraa wɔn ma wɔde adagyaw guan fii fie hɔ.
17 I ovo doznadoše svi koji življahu u Efesu, i Jevreji i Grci; i uðe strah u sve njih, i velièaše se ime Gospoda Isusa.
Yudafo ne amanamanmufo a wɔte Efeso no tee asɛm no, wɔbɔɔ hu na woyii Awurade Yesu ayɛ.
18 I mnogi od onijeh što vjerovahu, dolažahu te se ispovijedahu i kazivahu šta su uèinili.
Agyidifo no mu bebree baa bagua mu bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kokoamsɛm.
19 A mnogi od onijeh koji èarahu, sabravši knjige svoje spaljivahu ih pred svima; i proraèuniše i naðoše da su vrijedele pedeset hiljada groša.
Wɔn mu nkonyaayifo pii de wɔn nkonyaayi nhoma ba maa wɔhyew wɔ nnipa no nyinaa anim. Wobuu nhoma a wɔhyew no bo no na ɛyɛ nnwetɛbona mpem aduonum.
20 Tako zdravo rastijaše i nadvlaðivaše rijeè Gospodnja.
Saa anwonwade ahorow yi maa Onyankopɔn asɛm no trɛw tumi so.
21 I kad se ovo svrši, namisli Pavle da proðe preko Maæedonije i Ahaje, i da ide u Jerusalim, i reèe: pošto budem tamo, valja mi i Rim vidjeti.
Eyinom nyinaa akyi no, Paulo yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkae se, “Midu Yerusalem a, akyiri no mɛkɔ Roma nso.”
22 I posla u Maæedoniju dvojicu od onijeh koji ga služahu, Timotija i Erasta; a on osta neko vrijeme u Aziji.
Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ nʼaboafo no dii nʼanim kan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛɛ kakra.
23 A u ono vrijeme podiže se ne mala buna puta radi Gospodnjega,
Saa bere yi ara mu na basabasa a emu yɛ den a ɛfa Awurade asɛm no ho no sii wɔ Efeso.
24 Jer nekakav zlatar, po imenu Dimitrije, koji graðaše Dijani srebrne crkvice i davaše majstorima ne mali posao,
Dwetɛdwumfo bi a wɔfrɛ no Demetrio yɛɛ Artemi abosonnan sɛso. Nʼadwuma no maa nʼadwumayɛfo nyaa wɔn ho sɛɛ tam.
25 On skupi ove i drugijeh ovakovijeh stvari majstore, i reèe: ljudi! vi znate da od ovoga posla mi imamo dobitak za svoje življenje;
Ɔfrɛfrɛɛ nʼadwumayɛfo no ne wɔn a wodi saa dwuma ahorow no ara bi no ka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, munim sɛ yɛn ahonya nyinaa gyina saa dwumadi yi so.
26 I vidite i èujete da ne samo u Efesu nego gotovo po svoj Aziji ovaj Pavle odvrati narod mnogi, govoreæi: to nijesu bogovi što se rukama èovjeèijim grade.
Mo ara moahu na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka se anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adan nnipa bebree adwene wɔ Efeso ha ne Asia nyinaa.
27 I ne samo što æe ova nesreæa doæi na naš zanat da ne prolazi, nego se neæe mariti ni za crkvu velike boginje Dijane, i propašæe velièanstvo one koju sva Azija i vasioni svijet poštuje.
Sɛ yɛanhwɛ no yiye a, yɛn adwuma yi begye dimmɔne. Saa ara na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no wɔ Asia ne wiase nyinaa no nyɛ hwee bio na nʼanim agu ase.”
28 A kad oni ovo èuše, napuniše se gnjeva, i vikahu govoreæi: velika je Dijana Efeska!
Nnipadɔm no tee saa asɛm a Demetrio kae no, wɔn bo fuw fii ase yɛɛ basabasa, teɛteɛɛ mu se, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”
29 I sav se grad napuni bune: i navalivši jednodušno na zborište uhvatiše Gaja i Aristarha iz Maæedonije, drugove Pavlove.
Basabasayɛ no trɛw wɔ kurow no mu nyinaa. Dɔm no kyeree Makedoniafo baanu a wɔn din de Gaio ne Aristarko a na wɔne Paulo retu kwan no de wɔn kɔɔ aguabɔbea.
30 A kad Pavle šæaše da ide meðu narod, ne dadoše mu uèenici.
Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔ aguabɔbea hɔ kohyia dɔm no, nanso asuafo no amma no kwan.
31 A neki i od Azijskijeh poglavara koji mu bijahu prijatelji, poslaše k njemu svjetujuæi ga da ne izlazi na zborište.
Ɔmantam no mu mpanyimfo bi a na wɔyɛ Paulo nnamfo no soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔnkɔ aguabɔbea hɔ.
32 Jedni pak vikahu jedno a drugi drugo; jer bijaše sabor smuæen, i najviše ih ne znadijahu zašto su se skupili.
Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teɛteɛɛ mu kaa nsɛm bi na ebinom nso teɛɛ mu kaa nsɛm foforo bi, efisɛ na wɔn mu dodow no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abehyia mu.
33 A jedni od naroda izvukoše Aleksandra, kad ga Jevreji izvedoše. A Aleksandar mahnuvši rukom šæaše da odgovori narodu.
Yudafo no piapiaa Aleksandro kogyinaa dɔm no anim sɛ ɔnkasa. Eyi maa nnipa no bi susuw sɛ Aleksandro nti na wɔahyia hɔ. Afei Aleksandro nyamaa dɔm no pɛɛ sɛ ɔkasa yi ɔno ne ne nkurɔfo ano.
34 A kad ga poznaše da je Jevrejin, povikaše svi u glas, i vikahu oko dva sahata: velika je Dijana Efeska.
Dɔm no huu sɛ Aleksandro yɛ Yudani no, wɔteɛteɛ mu nnɔnhwerew abien se, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”
35 A pisar utišavši narod reèe: ljudi Efesci! Ko je taj èovjek koji ne zna da grad Efes slavi veliku boginju Dijanu i njezin kip nebeski?
Kurow no sohwɛfo no bɔɔ mmɔden maa dɔm no tɛm dinn. Afei ɔkasa kyerɛɛ wɔn se, “Efeso mmarima, obiara nim sɛ Efeso kurow yi na ɛhwɛ Artemi hyiadan ne ohoni a efi ɔsoro beduruu no so.
36 Kad dakle to ne može niko odreæi, valja vi da budete mirni, i ništa naglo da ne èinite;
Obiara rentumi nnye eyi ho akyinnye enti monyɛ komm, monnyɛ basabasa biara.
37 Jer dovedoste ove ljude koji niti su crkvu Dijaninu pokrali, niti hule na vašu boginju.
Mode saa nnipa yi aba ha wɔ bere a wonwiaa biribiara mfii yɛn hyiadan mu, nkaa asɛmmɔne biara ntia yɛn nyame no.
38 A Dimitrije i majstori koji su s njim ako imaju kakvu tužbu, imaju sudovi, i imaju namjesnici, neka tuže jedan drugoga.
Sɛ Demetrio ne adwumfo a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asennii ne mpanyin wɔ hɔ, wɔmfa mmɛto gua.
39 Ako li što drugo ištete, neka se izvidi na pravoj skupštini.
Nanso sɛ mowɔ biribi foforo bi ka a, ɛsɛ sɛ ɔmanfo hyia na wɔfa mmara kwan so ka ho asɛm.
40 Jer se bojimo da ne budemo tuženi za današnju bunu; a nijednoga uzroka nema kojijem bismo se mogli opravdati za ovu bunu.
Sɛ yɛanhwɛ yiye a, wɔbɛka se saa nnɛ basabasayɛ yi fi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wobisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyi biara.”
41 I ovo rekavši raspusti narod koji se bješe sabrao.
Ɔkasa wiei no, otuu gua no.

< Dela apostolska 19 >