< 2 Kraljevima 4 >

1 A jedna izmeðu žena sinova proroèkih povika k Jelisiju govoreæi: sluga tvoj, muž moj, umrije, i ti znaš da se sluga tvoj bojao Gospoda; pa sada doðe rukodavalac da mi uzme dva sina u roblje.
Da bi, Elisa mfɛfo adiyifo no mu baako kunafo baa ne nkyɛn, besu kyerɛɛ no se, “Me kunu a na ɔsom wo no awu. Na wunim sɛnea na osuro Awurade. Nanso mprempren obi a mede no ka aba rehunahuna se, ɔbɛfa me mmabarima baanu sɛ nkoa.”
2 A Jelisije joj reèe: što æu ti? kaži mi šta imaš u kuæi? A ona reèe: sluškinja tvoja nema u kuæi ništa do sudiæ ulja.
Elisa bisaa no se, “Dɛn na metumi ayɛ de aboa wo? Kyerɛ me nneɛma a wowɔ wɔ fie.” Obuae se, “Minni hwee sɛ ngo ahina baako.”
3 A on joj reèe: idi, išti u naruè praznijeh sudova u svijeh susjeda svojih, nemoj malo da išteš.
Elisa ka kyerɛɛ no sɛ “Kɔfɛm nhina dodow biara a wubenya afi wo nnamfonom ne wo mfɛfo nkyɛn.
4 Pa otidi, i zatvori se u kuæu sa sinovima svojim, pa onda naljevaj u sve sudove, i kad se koji napuni, kaži neka uklone.
Afei, fa wo mmabarima no kɔ wo fi, na to pon mu. Hwie ngo no fi wʼahina no mu, gugu nhina no mu. Nea ɛbɛyɛ ma biara, yi si nkyɛn.”
5 I ona otide od njega, i zatvori se u kuæu sa sinovima svojim; oni joj dodavahu a ona naljevaše.
Enti ɔyɛɛ saa. Ne mmabarima no de nhina bebree brɛɛ no, ma ɔhyehyɛɛ no amaama.
6 A kad se sudovi napuniše, ona reèe sinu svojemu: daj još jedan sud. A on joj reèe: nema više. Tada stade ulje.
Ankyɛ na emu biara yɛɛ ma tɛnn. Ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no mu baako se, “Brɛ me ahina foforo.” Ɔka kyerɛɛ no se, “Ebi nni hɔ bio.” Na afei ngo no a ɔrehwie no sae.
7 Potom ona otide i kaza èovjeku Božijemu; a on joj reèe: idi, prodaj ulje, i oduži se; a što preteèe, onijem se hrani sa svojim sinovima.
Bere a ɔkaa asɛm a asi no kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no, ɔka kyerɛɛ no se, “Afei, tɔn ngo no, na fa tua wʼaka, na sika no bi bɛka ama wode ahwɛ wo ho ne wo mmabarima no.”
8 Poslije toga jednom iðaše Jelisije kroz Sunam, a ondje bijaše bogata žena, koja ga ustavi da jede hljeba; i od tada kad god prolažaše, uvraæaše se k njoj da jede hljeba.
Da koro bi, Elisa kɔɔ Sunem kurow mu. Na ɔbea ɔdefo bi te kurow no mu. Ɔtoo nsa frɛɛ Elisa sɛ ommedidi. Efi saa bere no, bere biara a obetwa mu wɔ hɔ no, ɔfa hɔ kodidi.
9 I ona reèe mužu svojemu: gle, vidim da je svet èovjek Božji ovaj što sve prolazi ovuda.
Ɔka kyerɛɛ ne kunu se, “Migye di sɛ saa ɔbarima yi a ɔtaa ba ha yi yɛ Onyankopɔn nipa kronkron.
10 Da naèinimo malu klijet, i da mu namjestimo postelju i sto i stolicu i svijetnjak, pa kad doðe k nama, neka se tu skloni.
Ma yensiesie ɔdan bi mma no wɔ soro hɔ na yɛmfa mpa, ɔpon, akongua ne kanea nsi mu mma no. Na bere biara a ɔbɛba ha no, wanya baabi asoɛ.”
11 Potom on doðe jednom onamo, i ušav u klijet poèinu ondje.
Da bi, Elisa san baa Sunem. Ɔkɔɔ ne soro dan no mu kɔsoɛe.
12 I reèe momku svojemu Gijeziju: zovi Sunamku. I on je dozva; i ona stade pred njim.
Ɔka kyerɛɛ ne somfo Gehasi se, “Ka kyerɛ ɔbea no se, mepɛ sɛ meka asɛm bi kyerɛ no.” Ɔbea no bae no,
13 I on reèe Gijeziju: kaži joj: eto staraš se za nas svakojako; šta hoæeš da ti uèinim? imaš li što da govorim caru ili vojvodi? A ona reèe: ja živim usred svojega naroda.
Elisa ka kyerɛɛ Gehasi se, “Ka kyerɛ no se, yɛn ani asɔ ne som pa a wasom yɛn no. Na bisa no nea yɛn so yebetumi ayɛ ama no. Ɔpɛ sɛ midi ne ho adanse kyerɛ ɔhene anaa asraafo sahene no?” Obuae se, “Dabi, efisɛ mʼabusuafo hwɛ me yiye.”
14 A on reèe: šta bih joj dakle uèinio? A Gijezije reèe: eto nema sina, a muž joj je star.
Akyiri no, Elisa bisaa Gehasi se, “Dɛn na wugye di sɛ yebetumi ayɛ ama no?” Ɔtow maa no se, “Onni babarima na ne kunu nso abɔ akwakoraa.”
15 A on reèe: zovi je. I on je dozva, i ona stade na vratima.
Elisa ka kyerɛɛ no se, “Frɛ no bra bio.” Ɔbea no bae no, Elisa ka kyerɛɛ no wɔ ɔpon no ano se,
16 A on reèe: do godine u ovo doba grliæeš sina. A ona reèe: nemoj gospodaru moj, èovjeèe Božji, nemoj varati sluškinje svoje.
“Afe sesɛɛ saa bere yi ara mu, na ɔbabarima da wo srɛ so.” Ɔteɛɛ mu se, “Dabi, me wura, mesrɛ wo, ntwa me nkontompo saa. Onyankopɔn nipa.”
17 I zatrudnje žena, i rodi sina druge godine u isto doba, kao što joj reèe Jelisije.
Na ampa ara, bere tiaa bi akyi no, ɔbea no nyinsɛnee. Na afe saa bere no ara, ɔwoo ɔbabarima sɛnea Elisa kae no pɛpɛɛpɛ.
18 I dijete odraste. I jednom izide k ocu svojemu k žeteocima;
Ne ba no nyin no, da bi, ɔkɔsraa nʼagya a na ɔne nʼapaafo reyɛ adwuma.
19 I reèe ocu svojemu: jaoh glava, jaoh glava! A on reèe momku: nosi ga materi.
Prɛko pɛ, ɔkae se, “Me ti pae me! Me ti pae me!” Nʼagya ka kyerɛɛ nʼapaafo no mu baako se, “Fa no kɔ fie kɔma ne na.”
20 I on ga uze i odnese materi njegovoj, i leža na krilu njezinu do podne, pa umrije.
Ɔpaani no de no kɔɔ fie. Ne na gyee no too ne srɛ so. Nanso, eduu owigyinae mu no, owui.
21 Tada otide ona gore, i namjesti ga u postelju èovjeka Božijega, i zatvorivši ga izide.
Ɔpagyaw no de no kɔtoo Onyankopɔn nipa no mpa so. Ɔtoo pon no mu gyaw no hɔ kɔe.
22 Potom viknu muža svojega i reèe mu: pošlji mi jednoga momka i jednu magaricu da otrèim do èovjeka Božijega i da se vratim.
Ɔsomaa ɔbɔfo kɔbɔɔ ne kunu amanneɛ se, “Soma apaafo no baako na ɔmfa afurum mmra, sɛnea metumi akodu Onyankopɔn nipa no hɔ ntɛm, asan aba.”
23 A on reèe: zašto danas hoæeš da ideš k njemu? niti je mladina ni subota. A ona reèe: ne brini se.
Obisae se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ nnɛ yi ara? Ɛnyɛ Ɔsram Foforo Afahyɛ, na ɛnyɛ homeda nso.” Nanso ɔkae se, “Ɛwɔ mu saa.”
24 I ona osamarivši magaricu reèe momku svojemu: vodi i idi i nemoj zastajati mene radi na putu dokle ti ne kažem.
Enti ɔhyehyɛɛ afurum no, ka kyerɛɛ ɔpaani no se, “Ka wo ho. Ɛnyɛ me nti na wobɛtɔ wo bo ase, na mmom, kɔ ara, gye sɛ maka sɛ tɔ wo bo ase.”
25 Tako pošavši doðe k èovjeku Božijemu na goru Karmilsku. A kad je èovjek Božji ugleda gdje ide k njemu, reèe Gijeziju sluzi svojemu: evo Sunamke.
Ɔrebedu Onyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ bepɔw Karmel so no, Elisa huu no wɔ akyirikyiri. Ɔka kyerɛɛ Gehasi se, “Hwɛ, ɔbea a ofi Sunem no reba.
26 Trèi sad pred nju i reci joj: jesi li zdravo? je li zdravo muž tvoj? je li zdravo sin tvoj? A ona reèe: zdravo smo.
Tu mmirika kohyia no, na bisa no se, ‘Wo ne wo kunu ne wo ba ho ye ana?’” Ɔbea no buae Gehasi se, “Yɛn nyinaa ho ye.”
27 A kad doðe k èovjeku Božijemu na goru, zagrli mu noge, a Gijezije pristupi da je otjera; ali èovjek Božji reèe: ostavi je, jer joj je duša u jadu, a Gospod sakri od mene i ne javi mi.
Nanso ɔbaa Onyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ bepɔw no so no, ɔhwee ne nan ase, soo nʼanammɔn mu. Gehasi sum no, nanso Onyankopɔn nipa no kaa se, “Gyaa no. Biribi reteetee no, na Awurade nso nkyerɛɛ me dekode no.”
28 A ona reèe: jesam li iskala sina od gospodara svojega? nijesam li kazala: nemoj me varati?
Na ɔbea no kae se, “Wo ara me wura, wo na wokae se, menya ɔbabarima. Na manka ankyerɛ wo sɛ mma memfa mʼani nto so?”
29 A on reèe Gijeziju: opaši se i uzmi štap moj u ruku, pa idi; ako sretneš koga, nemoj ga pozdravljati, i ako te ko pozdravi, nemoj mu odgovarati, i metni moj štap na lice djetetu.
Na Elisa ka kyerɛɛ Gehasi se, “Boa wo ho, na mensoma wo, fa me pema no, na kɔ. Nkasa obiara ho wɔ ɔkwan so. Kɔ na fa pema no kɔto abofra no anim.”
30 A mati djetinja reèe: tako da je živ Gospod i tako da je živa duša tvoja, neæu te se ostaviti. Tada on usta i poðe za njom.
Na abarimaa no na kae se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merenkɔ fie gye sɛ woka me ho.” Enti Elisa san ne no kɔe.
31 A Gijezije otide naprijed i metnu štap na lice djetetu, ali ne bi glasa ni osjeæanja. Tada se vrati preda nj, i javi mu govoreæi: ne probudi se dijete.
Gehasi yɛɛ ntɛm dii kan, de pema no kɔtoo abofra no anim, nanso biribiara ansi. Nkwa ho nsɛnkyerɛnne biara amma. Ɔsan nʼakyi kohyiaa Elisa, bɔɔ no amanneɛ se, “Abofra no nnyanee ɛ.”
32 I Jelisije uðe u kuæu, i gle, dijete mrtvo leži na njegovoj postelji.
Bere a Elisa duu hɔ no, ampa na abofra no awu da odiyifo no mpa so.
33 I ušav zatvori se s djetetom, i pomoli se Gospodu.
Ɔno nko kɔɔ hɔ, too ne ho pon mu, bɔɔ Awurade mpae.
34 Potom stade na postelju i leže na dijete metnuv usta svoja na usta djetetu, i oèi svoje na oèi njegove, i dlanove svoje na njegove dlanove, i pruži se nad njim, te se zagrija tijelo djetetu.
Afei, obutuw abofra no so, de nʼano tuaa abofra no ano, de nʼani fam abofra no ani, de ne nsa susoo abofra no nsa. Afei, abofra no ho fitii ase yɛɛ hyew bio.
35 Potom usta, i prijeðe po kuæi jednom tamo i jednom amo, potom otide opet i pruži se nad djetetom. I kihnu dijete sedam puta, i otvori dijete oèi svoje.
Elisa sɔre, dii akɔneaba wɔ ɔdan no mu kakra. Afei, ɔdaa abofra no so bio. Saa bere no, abofra no nwansii mpɛn ason, na ɔtew nʼani.
36 Tada dozva Gijezija i reèe mu: zovi Sunamku. I on je dozva, te doðe k njemu. I on joj reèe: uzmi sina svojega.
Afei, Elisa somaa Gehasi se, “Frɛ abofra no na bra.” Ne na no bae no, Elisa ka kyerɛɛ no se, “Wo ba no ni, fa no kɔ.”
37 I ona ušavši pade k nogama njegovijem, i pokloni mu se do zemlje, i uzevši sina svojega otide.
Ofi ahodwiriw mu hwee ne nan ase daa no ase. Afei, ɔfaa ne ba no, de no sian kɔɔ fam.
38 Potom vrati se Jelisije u Galgal. A bijaše glad u onoj zemlji, i sinovi proroèki sjeðahu pred njim; a on reèe momku svojemu: pristavi veliki lonac i skuhaj zelja sinovima proroèkim.
Elisa san kɔɔ Gilgal, nanso na ɔkɔm asi asase no so. Da bi a adiyifokuw tete nʼanim no, ɔka kyerɛɛ ne somfo se, “Fa ɔsɛn kɛse si gya so, na yɛ abɔmu ma saa mmarima yi.”
39 A jedan otide u polje da nabere zelja, i naðe divlju lozu i nabra s nje divljih tikvica pun plašt, i došavši sasijeèe ih u lonac gdje bješe zelje, jer ih ne poznavahu.
Wɔn mu baako kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔpɛ atosode, na onyaa ɛfere kotoku ma de bae. Otwitwa de guu ɔsɛn no mu a na onnim sɛ awuduru wɔ mu.
40 I usuše ljudma da jedu; a kad stadoše jesti onoga zelja, povikaše govoreæi: smrt je u loncu, èovjeèe Božji! I ne mogahu jesti.
Na wodii kakraa bi pɛ, wɔteɛteɛ mu se, “Onyankopɔn nipa, awuduru wɔ abɔmu no mu!” Ɛno nti, wɔanni bio.
41 A on reèe: donesite brašna. I sasu brašno u lonac, i reèe: uspi ljudma, neka jedu. I ne bi više nikakoga zla u loncu.
Elisa kae se, “Mommrɛ me asikresiam kakra.” Ɔde guu ɔsɛn no mu, kae se, “Afei, ayɛ yiye nti munkodi.” Na anhaw wɔn bio.
42 A doðe neko iz Val-Salise, i donese èovjeku Božijemu hljeba od prvina, dvadeset hljebova jeèmenijeh, i novijeh zrna u klasu. A on reèe: postavi narodu, neka jedu.
Da bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Baal-Salisani brɛɛ Onyankopɔn nipa no atoko foforo kotoku ma, ne brodo mua aduonu. Elisa kae se, “Fa ma adiyifokuw no, na wonni.”
43 A sluga mu reèe: kako æu to postaviti pred sto ljudi? Opet reèe: postavi narodu, neka jedu; jer je tako kazao Gospod: ješæe, i preteæi æe.
Ɔsomfo no teɛɛ mu se, “Wuse dɛn? Kakra yi na yɛmfa mma nnipa ɔha yi ana?” Nanso Elisa tii mu se, “Fa ma adiyifokuw no na wonni, na Awurade ka se, ‘Obiara bedi amee, na bi mpo bɛka akyi.’”
44 A on im postavi, te jedoše; i preteèe po rijeèi Gospodnjoj.
Na ampa ara, obiara didi mee ma bi mpo kae, sɛnea Awurade hyɛɛ ho bɔ no.

< 2 Kraljevima 4 >